Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 53


Ɔfã 53

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Algernon Sidney Gilbert, wɔ Kirtland, Ohio, Ayɛwohomumɔ 8, 1831. Ɛsiane Sidney Gilbert adesrɛ nti, Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade faa Ɔnua Gilbert adwuma ne ne frɛ ho wɔ Asɔre no mu.

1–3, Sidney Gilbert frɛ ne ne yie wɔ Asɔre no mu ne sɛ wɔbɛhyɛ no sɔfoɔ sɛ panin; 4–7, Ɔbɛsan nso asom sɛ ɔhwɛfoɔ no nanmusifoɔ.

1 Hwɛ, mese wo, m’akoa Sidney Gilbert, sɛ mate wo mpaebɔ; na woafrɛ me sɛ wɔmma wonhunu, mfiri Awurade wo Nyankopɔn hɔ, deɛ ɛfa wo frɛ ne wo yie ho wɔ asɔre a mama so wɔ saa nna a ɛtwa toɔ yi mu no.

2 Hwɛ, Me, Awurade, a wɔbɔɔ me asɛnnua mu maa wiase bɔne no, ma wo mmarasɛm sɛ ɛwɔ sɛ wo pa wiase akyi.

3 Fa m’asɔfohyɛ to wo ho so, mpo ɔpanin deɛ no, na ka gyedie ne nsakyeraeɛ ne bɔne fafiri ho asɛm, sɛdeɛ m’asɛm teɛ, ne Honhom Kronkron no nya a ɛnam nsa a wɔde gu soɔ no so;

4 Na bio sɛ wobɛyɛ ɔnanmusifoɔ ama saa asɔre yi wɔ bea a ɔhwɛfoɔ no bɛkyerɛ no, sɛdeɛ mmaransɛm a wɔde bɛma akyire no teɛ.

5 Na bio, nokorɛ mese wo, ɛsɛ sɛ wone me nkoa Joseph Smith Jun., ne Sidney Rigdon bɛtu mo kwan.

6 Hwɛ, yeinom ne m’ayɛyɛdeɛ a ɛdikan a wobɛnya; na nkaeɛ no wɔbɛda no adi wɔ berɛ bi a ɛbɛba no mu, sɛdeɛ w’adwuma wɔ me bobeturo mu teɛ.

7 Na bio, mɛpɛ sɛ mobɛhunu sɛ deɛ ɔpere kɔsi awieɛ nko ara na wɔbɛgye no. Mpo saa ara. Amen.