Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 94


Ɔfã 94

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, Ohio, Ɔsannaa, 1833. Wɔyii Hyrum Smith, Reynolds Cahoon, ne Jared Carter sɛ Asɔre noadansie apamfoɔ.

1–9, Awurade ma mmarasɛm a ɛfa si a wɔbɛsi dan a wɔde bɛyɛ Titenafoɔ no adwuma no ho; 10–12, Wɔsi dan a wɔbɛtintim nwoma wɔ mu; 13–17, Wɔde apɛgyadeɛ binom ma.

1 Na bio, nokorɛ mese mo, me nnamfo, mmarasɛm a mede ma mo ne sɛ mobɛhyɛ adwuma aseɛ asusu sɛ mobɛyɛ Sion pɛɛwa ahenkuro no mfitiaseɛ ne ne fapem, wɔ Kirtland asase so ha, monhyɛaseɛ mfiri me fie.

2 Na hwɛ, ɛwɔ sɛ wɔyɛ no sɛdeɛ nhwɛsoɔ a mede ama mo no teɛ.

3 Na ma wɔnnwira asase a ɛdi kan wɔ anaafoɔ fam no ho mma me, na wɔmfa nsi dan mma titenafoɔ no, ama titenafoɔ no de ayɛ adwuma, de anya adiyisɛm; de ayɛ titenafoɔ no som adwuma, wɔ nneɛma a ɛfa asɔre ne ahemman no ho nyina ara.

4 Nokorɛ mese mo sɛ wɔnsi mma ne tɛtrɛtɛ nyɛ anammɔn aduonum num na ne tenten nyɛ aduosia num ara, wɔ n’adihɔ hɔ.

5 Na wɔnyɛ abannwa a ɛwɔ fam ne deɛ ɛkorɔn wɔ hɔ, sɛdeɛ nhwɛsoɔ a wɔde bɛma mo akyire yi no teɛ.

6 Na wɔbɛte ho ama Awurade firi ne fapem, sɛdeɛ asɔfodie nhyehyɛeɛ no teɛ, sɛdeɛ nhwɛsoɔ a mede bɛma mo akyire yi teɛ.

7 Na wɔbɛte ne nyina ara ho ama Awurade ama wɔde ayɛ titenafoɔ no adwuma.

8 Na moremma kwan mma adeɛ a ɛho nnteɛ biara mma mu; na m’animuonyam bɛwɔ hɔ, na m’anim bɛwɔ hɔ.

9 Nanso, sɛ adeɛ a ɛho nnteɛ biara ba mu a, m’animuonyam remma hɔ; na me honhom remma mu.

10 Na bio, nokorɛ mese mo, wɔbɛte asase a ɛtɔ so mmienu wɔ anaafoɔ fam no ho de asi dan ama me, ama wɔde atintim me twerɛsɛm a wɔakyerɛ aseɛ adwuma no, ne biribibiara a mɛhyɛ mo.

11 Na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn aduonum num na ne tenten ayɛ aduosia num, wɔ abannwa no mu; na wɔnyɛ abannwa a ɛwɔ fam ne deɛ ɛkorɔn wɔ hɔ.

12 Na wɔbɛte saa dan mũ no nyina ara ho ama Awurade firi ne fapem, ama ntintim adwuma no, wɔ biribibiara a mɛhyɛ mo no mu, sɛ ɛnyɛ kronkron, a efi biara nni ho, sɛdeɛ nhwɛsoɔ no teɛ wɔ nneɛma nyina ara mu, sɛdeɛ wɔde bɛma mo.

13 Na wɔ asase a ɛtɔ so mmiɛnsa no so na m’akoa Hyrum Smith bɛnya n’apɛgyadeɛ.

14 Na wɔ asase a ɛdi kan ne deɛ ɛtɔ so mmienu no so wɔ atifi fam no na me nkoa Reynolds Cahoon ne Jared Carter bɛnya wɔn apɛgyadeɛ—

15 Ama wɔatumi ayɛ adwuma a mayi ama wɔn no, sɛ wɔnyɛ apamfoɔ a wɔbɛsi m’afie, sɛdeɛ mmarasɛm, a me, Awurade Nyankopɔn, de ama mo no teɛ.

16 Wɔrennsi saa adan mmienu yi kɔsi sɛ mɛma mo mmarasɛm afa ho.

17 Na afei meremma mo bio nnka ho saa berɛ yi. Amen.