Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 64


Ɔfã 64

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so de maa Asɔre mpaninfoɔ no, wɔ Kirtland, Ohio, Ɛbɔ 11, 1831. Na Nkɔmhyɛni no reboaboa ne ho akɔ Hiram Ohio, akɔhyɛ Twerɛ Kronkron nkyerɛase no ase, a na wɔde ato nkyɛn berɛ a na ɔwɔ Missouri no. Anuanom asafo bi a na wɔahyɛ wɔn sɛ wɔn ntu kwan nkɔ Sion (Missouri) no de nsiyɛ gu so reyɛ ahoboa sɛ wɔbɛkɔ Ahinime mu. Saa berɛ yi a na adaagyeɛ nni hɔ no, na wɔnyaa adiyisɛm yi.

1–11, Wɔhyɛ Ahoteɛfoɔ no sɛ wɔmfa bɔne nkyɛ wɔn ho wɔn ho, anyɛ saa a bɔne kɛseɛ bɛka wɔn mu; 12–22, Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn a wɔnsakyera no ba Asɔre no anim; 23–25, Wɔrennhye onii a ɔtua ntotosoɔ du no wɔ Awurade mmaeɛ no mu; 26–32, Wɔbɔ Ahoteɛfoɔ no kɔkɔ fa ɛka ho; 33–36, Wɔbɛtwa atuatefoɔ atwene afiri Sion; 37–40, Asɔre no bɛbu amanaman atɛn; 41–43, Sion bɛyɛ frɔmfrɔm.

1 Hwɛ, sei na Awurade mo Nyankopɔn se mo nie, O m’asɔre mpaninfoɔ, monyɛ aso na montie, na monnye me pɛ a ɛfa mo ho.

2 Na nokorɛ mese mo, mɛpɛ sɛ mobɛdi wiase so nkonim; ɛno nti mɛnya ayamhyehyeɛ wɔ mo so.

3 Ebinom wɔ hɔ wɔ mo ntam a wɔayɛ bɔne, nanso nokorɛ, saa berɛ yi pɛ, ɛnam me ara m’animuonyam nti, ne mo akra nkwagyeɛ nti, mede mo bɔne akyɛ mo.

4 Mɛhunu mo mmɔbɔ, ɛfiri sɛ mede ahemman no ama mo.

5 Na ahemman n’ahintasɛm nsafoa no, wɔremmfa kwan a mayi no so, rennye mmfiri m’akoa Joseph Smith Jun. nsam, berɛ a ɔte aseɛ yi, mmerɛ dodoɔ a ɔbɛdi m’ayɛyɛdeɛ so no.

6 Ebinom wɔ hɔ a wɔahwehwɛ ne ho mfomsoɔ wɔ berɛ a ɔnyɛɛ hwee.

7 Nanso, wayɛ bɔne; nanso, nokorɛ mese mo, Me, Awurade, mede bɔne kyɛ wɔn a wɔka wɔn bɔne na wɔsrɛ bɔnefakyɛ wɔ m’anim, a wɔannyɛ bɔne a ɛde kɔ owuo mu no.

8 M’asuafoɔ, wɔ tete nna mu no, hwehwɛɛ mfomsoɔ tiaa wɔn ho wɔn ho wɔammfa bɔne annkyɛ wɔn ho wɔn ho wɔ wɔn akoma mu; na ɛnam saa bɔne yi nti wɔnyaa amanehunu na wɔkaa wɔn anim pa ara.

9 Ɛno nti, mese mo, sɛ ɛsɛ mo sɛ mode bɔne kyɛ mo ho mo ho; ɛfiri sɛ deɛ ɔmmfa ne nua mfomsoɔ nnkyɛ no no gyina afɔbuo mu wɔ Awurade anim; na bɔne kɛseɛ paa ara na ɛbɛka wɔ ne mu.

10 Me, Awurade, mede bɔne bɛkyɛ deɛ mede bɛkyɛ no, nanso mo deɛ wɔhyɛ mo sɛ momfa nkyɛ nnipa nyina ara.

11 Na ɛsɛ sɛ moka no mo akoma mu sɛ—ma Onyankopɔn mmu me ne wo ntam atɛn, na ɔntua wo ka sedeɛ wo nneyɛɛ teɛ.

12 Na deɛ ɔnnsakyera mmfiri ne bɔne ho, na ɔrennka nkyerɛ no, mode no bɛba asɔre n’anim, na mobɛyɛ no sɛdeɛ twerɛsɛm no ka kyerɛ mo, sɛ ɛyɛ mmarasɛm kwan so anaa adiyisɛm so.

13 Na mobɛyɛ yei sɛdeɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn animuonyam—ɛnnyɛ bɔne a mommfa nnkyɛ, ne ahummɔborɔ a monni nti, na mmom sɛ wɔbɛbu mo bem wɔ mmara no ani so, ama mo ammfom deɛ ɔyɛ mo mmarahyɛfoɔ no—

14 Nokorɛ mese, yei nti na mobɛyɛ saa nneɛma yinom.

15 Hwɛ, Me, Awurade, me bo fuu Ezra Booth, ɔno a na ɔyɛ m’akoa, ne m’akoa Isaac Morley nso, ɛfiri sɛ wɔanni mmara, anaa me mmarasɛm no so;

16 Wɔhwehwɛɛ bɔne wɔ wɔn akoma mu, na Me, Awurade, de me Honhom kameeɛ.

17 Na m’akoa Edward Partridge nso, hwɛ, wayɛ bɔne, na Satan rehwehwɛ sɛ ɔbɛsɛe ne kra; nanso sɛ wɔda saa nneɛma yinom adi kyerɛ wɔn, na wɔsakyera firi bɔne no ho a, wɔde bɛkyɛ wɔn.

18 Na afei, nokorɛ mese ɛfata ma me sɛ m’akoa Sidney Gilbert, nnawɔtwe kakra akyi no, bɛsan akɔ n’adwuma so, na wakɔyɛ ɔnanmusifoɔ wɔ Sion asase no so;

19 Na deɛ wahunu na wate no, wɔbɛtumi ada no adi akyerɛ m’akyidifoɔ no, ama wɔannwuwu. Na yei nti na maka saa nsɛm yinom.

20 Na bio, mese mo sɛ, sɛdeɛ wɔnnsɔ m’akoa Isaac Morley nnhwɛ mmoro deɛ ɔbɛtumi so, na ama wanntu fo bɔne annha mo no nti na memaa mmarasɛm sɛ wɔntɔn n’afuo no.

21 Ɛnnyɛ me pɛ sɛ m’akoa Frederick G. Williams bɛtɔn n’afuo no, ɛfiri sɛ Me, Awurade, mepɛ sɛ mɛkɔ so ayɛ Kirtland asase no abankɛseɛ mfeɛ nnum mu, na ɛno mu no merennka atirimuɔdenfoɔ no nngu, ama wɔagye ebinom nkwa.

22 Na saa da no kyi no, Me, Awurade, meremmu obiara a ɔbɛbue n’akoma mu akɔ Sion asase no so no fɔ; ɛfiri sɛ, Me, Awurade, mehwehwɛ nnipa mma akoma.

23 Hwɛ, seesei wɔfrɛ no ɛnnɛ kɔsi sɛ Onipa Ba no bɛba, na nokorɛ ɛyɛ afɔrebɔ da, ne ntotosoɔ du du da ma me nkorɔfoɔ; ɛfiri sɛ deɛ ɔtua ntotosoɔ du no, wɔrennhye no wɔ ne mmaeɛ no.

24 Ɛfiri sɛ ɛnnɛ akyiri no na ɔhyeɛ no bɛba—na yei yɛ sɛdeɛ Awurade kasa—na nokorɛ mese, ɔkyena, ahantanfoɔ nyina ara ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdenneɛ bɛyɛ sɛ ɛsrɛdwanneɛ; na mɛhye wɔn, ɛfiri sɛ Mene asafo Awurade; na merennyae obiara a ɔbɛka wɔ Babel.

25 Ɛno nti, sɛ mogye me di a, mobɛyɛ adwuma saa berɛ yi a wɔfrɛ no nnɛ yi.

26 Na ɛmmfata sɛ me nkoa, Newel K. Whitney ne Sidney Gilbert, bɛtɔn wɔn adwadidan ne ahodeɛ wɔ ha; ɛfiri sɛ ɛnnyɛ nyansa kɔsi sɛ asɔremma, a wɔaka wɔ saa bea yi, bɛkɔ Sion asase so.

27 Hwɛ, wɔaka no wɔ me mmara mu, anaa wɔabara, sɛ wobɛde w’atamfo ka;

28 Nanso hwɛ, wɔnkaa no berɛ biara sɛ Awurade mmfa berɛ a ɔpɛ biara, na ɔtua sɛdeɛ ɛyɛ ma no.

29 Ɛno nti esiane sɛ moyɛ ananmusifoɔ nti, mowɔ Awurade adwuma mu; na biribiara a mobɛyɛ sɛdeɛ Awurade pɛ teɛ no, ɛyɛ Awurade adwuma.

30 Na wayi mo sɛ monyɛ n’ahoteɛfoɔ mmoa wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mu, ama wɔanya apɛgyadeɛ wɔ Sion asase so.

31 Na hwɛ, Me, Awurade, meka kyerɛ mo sɛ wɔbɛnya, na me nsɛm no yɛ nokorɛ na ɛrenni nhwammɔ.

32 Nanso ɛsɛ sɛ nneɛma nyina ara ba mu wɔ wɔn berɛ mu.

33 Ɛno nti, mma mo mmrɛ wɔ papayɛ mu, ɛfiri sɛ moreto adwuma kɛseɛ bi fapem. Na nneɛma nketewa mu na deɛ ɛyɛ kɛseɛ firi ba.

34 Hwɛ, Awurade hwehwɛ akoma ne ɔpɛ-adwene; na wɔn a wɔn wɔ ɔpɛ na wɔyɛ setie no bɛdi nnepa a ɛwɔ Sion asase so wɔ saa nna a ɛtwa toɔ yi mu.

35 Na wɔbɛtwa atuatefoɔ no atwene wɔ Sion asase so, na wɔbɛpam wɔn afiri hɔ, na wɔrennya asase no nni.

36 Na nokorɛ, mese mo sɛ, atuatefoɔ no nnka Efraim mogya ho, ɛno nti wɔbɛyi wɔn afiri mu.

37 Hwɛ, Me, Awurade, mayɛ m’asɔre wɔ nna a ɛtwa toɔ yi mute sɛ otemmuafoɔ a ɔte pampa so, anaa sorɔnsorɔmmea so, sɛ ɔmmu aman no atɛn.

38 Na ɛbɛba sɛ Sion mutefoɔ bɛbu nneɛma nyina ara a ɛfa Sion ho atɛn.

39 Na wɔbɛsɔ atorofoɔ ne nyaatwomfoɔ ahwɛ, wɔbɛhunu wɔn a wɔnnyɛ asomafoɔ ne nkɔmhyɛfoɔ.

40 Na ɔhwɛfoɔ no mpo, a ɔyɛ ɔtemmuafoɔ, ne n’afotufoɔ no, sɛ wɔannyɛ nokorɛfoɔ wɔ wɔn sohwɛadwuma ho a, wɔbɛbu wɔn fɔ, na wɔde afoforɔ bɛsi wɔn ananmu.

41 Na, hwɛ, mese mo sɛ Sion bɛyɛ frɔmfrɔm, na Awurade animuonyam bɛba ne so;

42 Na ɔbɛyɛ frankaa ama nkorɔfoɔ no, na wɔbɛfiri ɔman biara a ɛwɔ ɔsoro ase aba ne hɔ.

43 Na da no bɛba a, ɔno nti, asase so aman no ho bɛpopo, na wɔbɛsuro esiane ne mma a wɔn ho yɛhu kɛseɛ nti. Awurade na waka. Amen.