Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 117


Ɔfa 117

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Far West, Missouri, Kitawonsa 8, 1838, ɛfa Williams Marks, Newel K. Whitney, ne Oliver Granger mprenpren asɛdeɛ ho.

1–9, Ɛnnsɛ sɛ Awurade nkoa anibere honam mu nneɛma, “ɛfiri sɛ agyapadeɛ yɛ deɛn ma Awurade?”; 10–16, Ɛwɔ sɛ wɔpa mmɔfrasɛm akyi, na wɔn afɔrebɔ abɛyɛ kronkron ama Awurade.

1 Nokorɛ sɛdeɛ Awurade se m’akoa William Marks, ne m’akoa Newel K. Whitney nso nie, momma wɔnhwɛ nhyehyɛ wɔn dwumadie ntɛm pa ara so na wɔntu kwan mfiri Kirtland asase so, ansa na me, Awurade, masoma asukɔtweaa aba asase so bio.

2 Momma wɔnyane, na wɔnsɔre, na wɔmfiri adi, na mma wɔnntena hɔ, ɛfiri sɛ, me, Awurade, na mehyɛ.

3 Ne saa nti, sɛ wɔtena hɔ a ɛrennsi wɔn yie.

4 Momma wɔnsakyera mfiri wɔn bɔne ho, ne wɔn akɔnnɔ bɔne nyina ara ho, wɔ m’anim, Awurade na ɔseɛ; ɛfiri sɛ agyapadeɛ yɛ deɛn ma me? Awurade na ɔseɛ.

5 Momma wɔntɔn Kirtland agyapadeɛ no mfa ntua aka, Awurade na ɔseɛ. Momma wɔnkɔ, Awurade na ɔseɛ, na deɛ ɛbɛka biara no, momma ɛnka mo nsa mu, Awurade na ɔseɛ.

6 Na ewiem nnomaa, ne ɛpo mu mpataa nso, ne mmepɔ so mmoa nnyɛ me dea anaa? Ɛnyɛ me na meyɛɛ asase? Ɛnyɛ me na mekura aman asraafoɔ a wɔn wɔ asase so nyina ara nkrabea?

7 Ne saa nti, so memma mmeammea a ada mpan mfefɛ na ɛnhane, na ɛnso aba pii? Awurade na ɔseɛ.

8 So daberɛ pii nni Adam-ondi-Ahman mmepɔ so, ne Olaha Sineha asasetamaa so, anaa asase a Adam tenaa so no, a moani bɛbere deɛ ɛyɛ ketewa koraa, na mobu moani gu nsɛm a ɛho hia so?

9 Ne saa nti, mommra me nkorɔfoɔ yi asase so ha, mpo Sion.

10 Ma m’akoa William Marks nyɛ nokorɛfoɔ wɔ nneɛma kakra bi ho, na ɔbɛyɛ sodifoɔ wɔ pii so. Ma ɔnyɛ titenani wɔ me nkorɔfoɔ no mfinfini wɔ Far West kuropɔn no mu, na ma wɔmfa me nkorɔfoɔ nhyira nhyira no.

11 Ma m’akoa Newel K. Whitney ani nwu wɔ Nicolaitane kuo no ne wɔn kokoa mu akyiwadeɛ nyina ara ho, ne ne mmɔfrasɛm nyina ara ho wɔ m’anim, Awurade na ɔseɛ, na ɔmforo mmara Adam-ondi-Ahman asase so, na ɔnyɛ ɔhwɛfoɔ mma me nkorɔfoɔ, Awurade na ɔseɛ, nnyɛ din mu ara kwa mmom wɔ nneyɛe mu, Awurade na ɔseɛ.

12 Na bio, mese mo, mekae m’akoa Oliver Granger; hwɛ, nokorɛ mese no sɛ wɔbɛnya ne din ho nkaeɛ kronkron firi awoɔntoatoasoɔ so akɔ awoɔntoatoasoɔ so, daa afebɔɔ, Awurade na ɔseɛ.

13 Ne saa nti, momma ɔmfa nsiyɛ nni asie mma m’Asɔre no Titenafoɔ a Wɔdi Kan no gyeɛ, Awurade na ɔseɛ; na sɛ ɔhwe ase a ɔbɛsɔre bio, ɛfiri sɛ n’afɔrebɔ bɛyɛ kronkron pa ara ama me sene ne nkɔsoɔ, Awurade na ɔseɛ.

14 Ne saa nti, ma no mmra Sion asase so ha ntɛm so; na wɔ berɛ a ɛsɛ mu no wɔbɛyɛ no odwadini ama me din, Awurade na ɔseɛ, ama me nkorɔfoɔ anya mfasoɔ.

15 Ne saa nti mma onipa biara mmu m’akoa Oliver Granger animtia, mmom momma me nkorɔfoɔ nhyira mmra ne so daa afebɔɔ.

16 Na bio, nokorɛ mese mo, momma me nkoa a wɔn wɔ Kirtland asase so nyina ara nkae Awurade wɔn Nyankopɔn, ne me fie nso, na wɔnhwɛ so na wɔnkora no kronkron, na wɔntu sikasesafoɔ no ngu wɔ me ara ankasa me berɛ a ɛsɛ mu, Awurade na ɔseɛ. Mpo saa ara. Amen.