Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 43


Ɔfã 43

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith Nkɔmhyɛni no so, wɔ Kirtland, Ohio, Ogyefuo bosome mu, 1831. Saa berɛ yi, na asɔremma binom wɔ haw fa nkorɔfoɔ atorɔ nsɛmkaeɛ sɛ wɔyɛ adiyifoɔ ho. Nkɔmhyɛni no bisaa Awurade na ɔnyaa saa nkitahodie yi a ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ Asɔre mpaninfoɔ no. Ɔfã a ɛdi kan no fa Asɔre no nhyehyɛeɛ ho; deɛ ɛtɔ so no yɛ kɔkɔbɔ a ɛsɛ sɛ mpaninfoɔ no de ma asase so aman no.

1–7, Wɔde adiyisɛm ne mmaransɛm ma nam deɛ wɔayi no pɛ so; 8–14, Wɔnam kronkronyɛ so te Ahoteɛfoɔ no ho wɔ Awurade anim; 15–22, Wɔsoma mpaninfoɔ no sɛ wɔnkɔbɔ nsakyeraeɛ ho dawuro na wɔnsiesie nnipa mma Awurade da kɛseɛ no; 23–28, Awurade nam n’ankasa Ne nne so ne abɔdeɛ tumi so frɛ nnipa; 29–35, Mfenhyia apem no ne Satan nkyekyereɛ no bɛba.

1 O montie, mo, m’asɔre mpaninfoɔ, na monyɛ aso mma me nsɛm a mɛka akyerɛ mo.

2 Ɛfiri sɛ hwɛ, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ mo nsa aka mmaransɛm a ɛyɛ m’asɔre mmara, nam deɛ mayi no ama mo sɛ ɔnye mmaransɛm ne adiyisɛm mfiri me nsam no so.

3 Na yei bɛma mo ahunu ampa ara—sɛ wɔnyii obi foforɔ biara sɛ ɔnye mmaransɛm ne adiyisɛm kɔsi sɛ ɔbɛwu, sɛ ɔgyina wɔ me mu a.

4 Nanso, nokorɛ, nokorɛ, mese mo, sɛ wɔremmfrɛ obiara mma saa akyɛdeɛ yi gye sɛ ɛnam ne so; ɛfiri sɛ sɛ wɔgye firi ne hɔ a, ɔrennya tumi biara gye sɛ ɔyi nipa foforɔ si n’anan mu.

5 Na yei bɛyɛ mmara ama mo, sɛ monnye obiara nkyerɛkyerɛ a ɛbɛba mo anim no nntom sɛ adiyisɛm anaa mmaransɛm.

6 Na mema yei ama wɔannaadaa mo, ma moahunu sɛ wɔmmfiri me.

7 Ɛfiri sɛ nokorɛ mese mo sɛ, deɛ mahyɛ no sɔfoɔ no bɛfa pono no mu aba mu, na wɔahyɛ no sɔfoɔ sɛdeɛ maka akyerɛ mo dada no, ama wakyerɛkyerɛ adiyisɛm a moanya ne deɛ mobɛnya nam deɛ mayi no no so.

8 Na afei, hwɛ, mema mo mmarasɛm bi sɛ, mohyia bɔ mu a mobɛkyerɛkyerɛ na moahyehyɛ mo ho mo ho den, ama moahunu ɔkwan a monam so bɛdi dwuma na mobɛkyerɛkyerɛ m’asɔre no nsɛm a ɛfa me mmara ne mmaransɛm, a mede ama no ho.

9 Na saa na mobɛnya nkyerɛkyerɛ wɔ m’asɔre mmara mu, na monam deɛ moanya no so de ate mo ho, na moayɛ apam sɛ mobɛ- nante kronkronyɛ mu wɔ m’anim—

10 Ama mpɛn dodoɔ a moyɛ yei no, wɔde animuonyam aka ahemman a moanya no ho. Na mmerɛ dodoɔ a monnyɛ yei no, wɔbɛgye afiri mo hɔ, mpo deɛ moanya no.

11 Monyi amumuyɔ a ɛwɔ mo ntam no mfiri hɔ; monte mo ho wɔ m’anim;

12 Na sɛ mopɛ ahemman no animuonyam a, monyi m’akoa Joseph Smith, Jun., na momfa gyedie mpaebɔ ntaa n’akyi wɔ m’anim.

13 Na bio, mese mo sɛ, sɛ mopɛ ahemman no ahintasɛm no a, momma no aduane ne ntaadeɛ, ne biribiara a ɔhia de ayɛ adwuma a mahyɛ no sɛ ɔnyɛ no;

14 Na sɛ moannyɛ yei a, ɔbɛtena hɔ ama wɔn a wɔagye no, sɛdeɛ mɛtumi akora nkorɔfoɔ a wɔn ho te wɔ m’anim.

15 Na bio mese, montie, m’asɔre mpaninfoɔ, a mayi mo: Wɔnnsomaa mo sɛ monkɔgye nkyerɛkyerɛ, na mmom monkɔkyerɛ nnipa mma nneɛma a menam me Honhom tumi so de agu mo nsam no;

16 Na wɔfiri soro akyerɛkyerɛ mo. Monte mo ho na wɔbɛma mo tumi afiri soro, ama moatumi akyerɛkyerɛ mpo sɛdeɛ maka no.

17 Montie, ɛfiri sɛ, hwɛ, Awurade da kɛseɛ no abɛn pa ara.

18 Na da no reba a Awurade de ne nne bɛkasa afiri soro; ɔsorosoro bɛwoso na asase ahinhim, na Onyankopɔn totorobɛnto bɛbɔ mu denden akyɛre, na ɛbɛka akyerɛ aman a wɔadeda no sɛ: Mo, ahoteɛfoɔ, monsɔre na mon-nya nkwa; mo, nnebɔneyɛfoɔ montwɛn na monna nkɔsi sɛ mɛfrɛ bio.

19 Ɛno nti mommɔ mo asene mu, anyɛ saa a wɔbɛhunu mo wɔ atirimuɔdenfoɔ ntam.

20 Momma mo nne so na mma monntwentwɛn mo nan ase. Momfrɛ aman no sɛ wɔnsakyera, ɔpanin ne abɔfra, ɔdɔnkɔni ne ɔdehyeɛ, na monka sɛ: Monsiesie mo ho mma Awurade da kɛseɛ no;

21 Ɛfiri sɛ, sɛ me a meyɛ onipa yi, mema me nne so na mefrɛ mo sɛ monsakyera, na sɛ mo- tan me a, deɛn na mobɛka berɛ a da no bɛba a apranaa bɛma wɔn nne so afiri asase ano, akasa agu wɔn a wɔte ase nyina ara aso mu, na wɔaka sɛ—Monsakyera, na monsiesie mo ho mma Awurade da kɛseɛ no?

22 Aane, na bio, berɛ a anyinam bɛpae afiri apueɛ akɔsi atɔeɛ, na wɔbɛma wɔn nne so akyerɛ wɔn a wɔte ase, na wɔbɛma aso nyina ara ayɛ kyeww, na wɔaka sɛ—Monsakyera, ɛfiri sɛ Awurade da kɛseɛ no aba?

23 Na bio, Awurade de ne nne bɛkasa afiri soro, aka sɛ: Montie, O, mo, asase so aman, na montie Onyankopɔn a ɔbɔɔ mo no nsɛm.

24 O, mo, asase so aman, mprɛ ahe na mepɛɛ sɛ meboaboa moano sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano wɔ ne ntaban ase, nanso moammpɛ!

25 Mprɛ ahe na mafrɛ mo nam me nkoa ano so, ne abɔfoɔ som so, ne me nne so, ne apranaa nne so, ne anyinam nne so, ne ahum nne so, ne asasewosoɔ nne so, ne asukɔtweaa mframa kɛseɛ so, ne ɔkɔm ne ɔyaredɔm ahodoɔ nyina ara nne so, ne totorobɛnto nnyegyeɛ kɛsɛe so, ne atemmuo nne so, ne mmɔborɔhunu nne so da mũ no nyina ara, ne animuonyam ne anidie ne nkwa a ɛnni awieɛ ahonya so, na mepɛɛ sɛ mede daapem nkwagyeɛ gye mo nkwa, nanso moammpene!

26 Hwɛ, da no aba, a m’abufuhyeɛ abufuo kuruwa no ayɛ mã.

27 Hwɛ, nokorɛ mese mo, sɛ yeinom yɛ Awurade mo Nyankopɔn nsɛm.

28 Ɛno nti, monyɛ adwuma, monyɛ adwuma wɔ me bobeturo no mu berɛ a ɛtwa toɔ no—berɛ a ɛtwa toɔ no momfrɛ asase sotefoɔ.

29 Ɛfiri sɛ me ara me mmerɛ a ɛsɛ mu no mɛba asase so wɔ atemmuo mu, na wɔbɛgye me nkorɔfoɔ na wɔne me bɛdi hene wɔ asase so.

30 Na Mfenhyia Apem kɛseɛ no, deɛ menam me nkoa ano so aka ho asɛm no, bɛba.

31 Na wɔbɛkyekyere Satan, na mmerɛ a wɔbɛsane no bio no ɔbɛdi hene berɛ tiawa bi pɛ, na afei asase awieɛ bɛba.

32 Na deɛ ɔte tenenee mu no bɛsesa mpofirim, na asase bɛtwa mu akɔ tesɛ deɛ wɔde gya ahye no.

33 Na abɔnefoɔ bɛkɔ ogya a ɛnnum da mu, na wɔn awieɛ no, nipa biara nnim wɔ asase so, na wɔrennhunu da, kɔsi sɛ wɔbɛba m’anim wɔ atemmuo mu.

34 Montie me nsɛm yi. Hwɛ, mene Yesu Kristo, wiase Agyenkwa no. Monkora saa nneɛma yi wɔ moakoma mu, na momma mmerɛsanten duruyɛ ntena moadwene mu.

35 Momma mo ani nna hɔ. Monni me mmaransɛm nyina ara so. Mpo saa ara. Amen.