Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 18


Ɔfã 18

Adiyisɛm a wɔde maa Nkɔmhyɛni Joseph Smith, Oliver Cowdery ne David Whitmer, wɔ Fayette, New York, Ayɛwohomumɔ 1829. Sɛdeɛ Nkɔmhyɛni no seɛ no, saa adiyisɛm yi kyerɛɛ “asomafoɔ dumienu no frɛ wɔ nna a ɛdi akyire yi mu, ɛne akwankyerɛ a ɛfa Asɔre no nkyekyereɛ ho.”

1–5, Twerɛsɛm no kyerɛ sɛdeɛ wɔbɛkyekyere Asɔre no; 6–8, Ewiase renyini wɔ amumuyɛ mu; 9–16, Akra somboɔ kɛseɛ; 17–25, Ɛsɛ sɛ nnipa fa Kristo din to wɔn ho so na wɔanya nkwagyeɛ; 26–36, Wɔyi Dumienu a wɔbɛfrɛ wɔn ne wɔn asɛmpatrɛ kyerɛ; 37–39, Ɛwɔ sɛ Oliver Cowdery ne David Whitmer hwehwɛ Dumienu no; 40–47, Ɛsɛ sɛ nnipa sakyera, bɔ asu, di mmaransɛm no so na wɔanya nkwagyeɛ.

1 Afei, hwɛ, ɛsiane adeɛ a wo, m’akoa Oliver Cowdery, apɛ sɛ wohunu firi mehɔ nti no, mede saa nsɛm yi ma wo:

2 Hwɛ, me nam me honhom so mpɛn bebree, ada no adi akyerɛ wo, sɛ nneɛma a woatwerɛ no yɛ nokorɛ; ɛno nti wonim sɛ yeinom yɛ nokorɛ.

3 Na sɛ wonim sɛ yeinom yɛ nokorɛ a, hwɛ, mema wo mmarasɛm, sɛ fa wo ho to nneɛma a wɔatwerɛ no so;

4 Ɛfiri sɛ ɛmu na wɔatwerɛ biribiara a ɛfa m’asɔre no fapem ho, m’asɛmpa, ne me botan no.

5 Ɛno nti, sɛ wobɛsi m’asɔre wɔ m’asɛmpa no fapem ne me botan so a, asamando apono akɛseɛ rennya tumi wɔ wo so.

6 Hwɛ, wiase renyini wɔ amumuyɛ mu; na ɛho hia sɛ wɔnunu nnipa mma mu ma wɔsakyera, amanamanmufoɔ ne Israel fiefoɔ nyina ara nso.

7 Ɛno nti, sɛ wɔabɔ asu wɔ m’akoa Joseph Smith Jun., nsa ase yi, wɔ sɛdeɛ mahyɛ no no, wahyɛ deɛ mehyɛɛ no no mã.

8 Na afei, mma no nnyɛ wo nwanwa sɛ mafrɛ no ama me ankasa me botae, botae a me na menim wɔ me mu; ɛno nti, sɛ ɔde nsiyɛ bɛdi me mmaransɛm so a wɔbɛhyira no akɔ nkwa a enni awieɛ mu; na ne din de Joseph.

9 Na afei, Oliver Cowdery, mekasa kyerɛ wo, ne David Whitmer nso, wɔ mmaransɛm kwan so; afei, hwɛ, mehyɛ nnipa nyina ara a wɔn wɔ baabiara sɛ wɔnsakyera, na mekasa kyerɛ mo, te sɛ deɛ mekasa kyerɛɛ Paulo me somafoɔ no, na mafrɛ mo mpo saa ɔfrɛ no ara a mede frɛɛ no no.

10 Kae sɛ akra somboɔ wɔ Onyankopɔn anim;

11 Afei, hwɛ, Awurade wo Dimafoɔ wuui wɔ honam mu, ɛno nti ɔfaa nnipa nyina ara yawdie ama nnipa nyina ara asakyera na wɔaba ne hɔ.

12 Na wasɔre bio afiri owuo mu, sɛdeɛ ɔde nnipa nyina ara bɛba ne nkyɛn, wɔ nsakyeraeɛ su so.

13 Na sɛdeɛ n’anigyeɛ yɛ kɛseɛ wɔ ɔkra a ɔsakyera ho!

14 Saa nti, wɔafrɛ mo sɛ monka nsakyeraeɛ nkyerɛ saa nkorɔfoɔ yi.

15 Na ɛba sɛ moyɛ adwuma monkwa nna nyina ara ka nsakyeraeɛ kyerɛ saa nkorɔfoɔ yi na mode anka ɔkra baako mpo berɛ me a, anigye kɛseɛ bɛn na mo ne no bɛnya wɔ m’Agya ahemman mu!

16 Na afei, sɛ mo anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ wɔ ɔkra baako a mode no abrɛ me wɔ m’Agya ahemman no mu a, sɛn na mo anigyeɛ bɛyɛ kɛseɛ afa, sɛ mode akra bebree brɛ me a!

17 Hwɛ, moanya m’asɛmpa no da mo anim, ne me botae, ne me nkwagyeɛ.

18 Mommisa Agya no wɔ me din mu, na gyedie mu monnye nni sɛ mobɛnya, na mobɛnya Sunsum Kronkron no, ɔno a ɔda nneɛma a ɛho hia adi kyerɛ nnipa mma nyina ara no.

19 Na sɛ monni gyedie, anidasoɔ, ne ɔdɔ mapa a, monntumi nnyɛ hwee.

20 Monnko nntia asɔre biara, gye sɛ deɛ ɛyɛ ɔbonsam asɔre no.

21 Momfa Kristo din nto mo ho so, na monka nokorɛ wɔ anidahɔ mu.

22 Na dodoɔ no ara a wɔsakyera na wɔbɔ wɔn asu wɔ me din mu, a ɛne Yesu Kristo, na wɔgyina mu kɔsi awieɛ no, wɔn na wɔbɛgye wɔn nkwa.

23 Hwɛ, Yesu Kristo ne din a Agya no de ama, na din biara nni hɔ a wɔde ama a ɛnam so nipa bɛnya nkwa;

24 Saa nti, ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa ara fa din a Agya no de ama no to wɔn ho so, ɛfiri sɛ saa din no na wɔde bɛfrɛ wɔn da a ɛtwa toɔ no mu;

25 Saa nti, sɛ wɔnnim din a wɔde afrɛ wɔn a, wɔnnya tenabea wɔ m’Agya ahemman no mu.

26 Na afei, hwɛ, afoforɔ wɔhɔ a wɔafrɛ wɔn sɛ wɔnna m’asɛmpa no adi, nkyerɛ amanamanmufoɔ ne Yudafoɔ nso;

27 Aane, mpo dumienu; na Dumienu no bɛyɛ m’akyidifoɔ, na wɔbɛfa me din ato wɔn ho so; na Dumienu no ne wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wɔyi wɔn akoma mu nyina ara fa me din to wɔn ho so.

28 Na sɛ wɔpɛ sɛ wɔyi wɔn akoma mu nyina ara fa me din to wɔn ho so a, na wɔafrɛ wɔn sɛ wɔn nkɔ wiase nyina ara nkɔka m’asɛmpa nkyerɛ abɔdeɛ biara.

29 Na wɔn ne wɔn a mahyɛ wɔn asɔfoɔ sɛ wɔmmɔ asu wɔ me din mu, sɛdeɛ wɔatwerɛ no no;

30 Na mowɔ deɛ wɔatwerɛ no da mo anim; ɛno nti, ɛsɛ sɛ moyɛ no sɛdeɛ nsɛm a wɔatwerɛ no teɛ.

31 Na afei mekasa kyerɛ mo, Dumienu no―Hwɛ, m’adom dɔɔso ma mo; nti ɛsɛ sɛ monante nokorɛdie mu wɔ m’anim na mma monnyɛ bɔne.

32 Na, hwɛ, mo ne wɔn a mahyɛ mo asɔfoɔ sɛ monhyɛ asɔfoɔnom nyi akyerɛkyerɛfoɔ; sɛ wɔnna m’asɛmpa no adi, sɛdeɛ Sunsum Kronkron no tumi a ɛwɔ mo mu no teɛ, ne sɛdeɛ Onyankopɔn frɛ a ɔfrɛ ne akyɛdeɛ a ɔde ma nnipa teɛ;

33 Na me, Yesu Kristo, mo Awurade ne mo Nyankopɔn no, na maka yei.

34 Saa nsɛm yi mfiri nnipa anaa onipa hɔ; mmom ɛfiri me hɔ; ɛno nti, mobɛdi ho adanseɛ sɛ ɛfiri me na ɛmmfiri onipa hɔ;

35 Na ɛyɛ me nne na ɛka yeinom kyerɛ mo; na ɛnam me Honhom so na wɔde ama mo, na ɛnam me tumi so mobɛtumi akenkan akyerɛ mo ho mo ho; na sɛ ɛnyɛ me tumi no a anka monntumi nnya yeinom;

36 Saa nti, mobɛtumi adi adanseɛ sɛ moate me nne, na monim me nsɛm.

37 Na afei, hwɛ, mede ma mo, Oliver Cowdery, ne David Whitmer nso, sɛ mobɛhwehwɛ Dumienu no, wɔn a wɔbɛnya ɔpɛ sɛdeɛ maka ho asɛm no;

38 Na wɔn pɛ ne wɔn nnwuma so na mode bɛhunu wɔn.

39 Na berɛ a moahunu wɔn no, mode saa nneɛma yi bɛkyerɛ wɔn.

40 Na mobɛkoto fam na moasom Agya no wɔ me din mu.

41 Na ɛsɛ sɛ moka asɛm no kyerɛ wiase sɛ: Ɛsɛ sɛ mo sakyera na wɔbɔ mo asu, wɔ Yesu Kristo din mu;

42 Na ɛsɛ sɛ nnipa nyina ara sakyera na wɔabɔ asu, nnyɛ mmarima nko ara, mmom mmaa ne nkwadaa a wɔaduru mfeɛ a wɔtumi bu akontaa so.

43 Na afei, moanya yei akyire yi no, ɛsɛ sɛ modi me mmaransɛm so wɔ adeɛ nyina ara mu;

44 Na ɛnam mo nsa so mɛyɛ adwuma a ɛyɛ anwanwa dwuma wɔ nnipa mma ntam, ama dodoɔ no ara ahunu wɔn bɔne, na wɔaba nsakyeraeɛ mu, na wɔaba m’Agya ahemman no mu.

45 Ne saa nti, nhyira a mede ma mo no boro adeɛ nyina ara so.

46 Na moanya yei nyina ara akyire yi no, sɛ moanni me mmaransɛm so a, morennya nkwagyeɛ wɔ m’Agya ahemman no mu.

47 Hwɛ, Me, Yesu Kristo, mo Awurade ne mo Nyankopɔn, ne mo Gyefoɔ, menam me Honhom no tumi so na maka yei. Amen.