Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 27


Ɔfã 27

Adiyisɛm a wɔde maa Joseph Smith Nkɔmhyɛni, wɔ Harmony, Ɔsanaa 1830. Ɔreyɛ ahoboaboa ama Nyamesurofoɔ som a anka wɔbɛhyira panoo ne nsã no so de ama no, Joseph siim sɛ ɔrekɔtɔ nsã. Ɔsoro somafoɔ bɛhyiaa no na ɔnyaa saa adiyisɛm yi, a wɔatwerɛɛ no fã bi wɔ saa berɛ no mu, na deɛ aka no wɔtwerɛɛeɛ wɔ Ɛbɔ a ɛdi soɔ no. Seesei wɔde nsuo na ɛyɛ asɔre adidi kronkron som no.

1–4, Wɔkyerɛ agyinahyɛdeɛ a wɔmfa nni adidi kronkron; 5–14, Kristo ne Ne nkoa a wɔfiri asɛmpa mmerɛ ano nyina ara bɛdi adidi kronkron no bi; 15–18, Monhyɛ Onyankopɔn akodeɛ nyina ara.

1 Montie Yesu Kristo nne, mo Awurade, mo Nyankopɔn, ne mo Gyefoɔ, a ne nsɛm wɔ nkwa na ahoɔden wɔ mu.

2 Na, hwɛ, mese wo sɛ, ɛmmfa ho deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom berɛ a mofa adidi kronkron no, sɛ mode anikorɔ bɛyɛ wɔ m’animuonyam mu nko ara deɛ a—na mode kae, wɔ Onyankopɔn anim, me honam a wɔdetoo hɔ maa mo, ne me mogya a wɔhwie gu maa mo bɔnefakyɛ nti.

3 Ɛno nti, mmarasɛm a mede ma mo ne sɛ, ɛnnsɛ sɛ mokɔtɔ nsã anaa nsaden firi mo atamfo hɔ;

4 Ɛno nti, ɛnnsɛ sɛ monom bi gye sɛ deɛ mo ara moayɛ a ɛyɛ foforɔ; aane, wɔ saa m’Agya ahemman yi mu a wɔbɛsi wɔ asase so no.

5 Hwɛ, yei yɛ nyansa wɔ me mu; ɛno nti, mma no nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ dɔnhwere no reba a me ne mo bɛnom bobe n’aba no wɔ asase so, ɛne Moroni, a masoma no wɔ mo hɔ sɛ ɔmmɛda Mormon Nwoma no adi, a ɛkura daapem asɛmpa no, ɔno a mede Efraim dua no twerɛtohɔ nsafoa no ahyɛ ne nsa no;

6 Ɛne Elia nso, ɔno a mede nsafoa ahyɛ ne nsa, a ɛde nneɛma nyina ara bɛsan aba bio sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nyina ara de wɔn ano aka ho asɛm firi wiase ahyɛaseɛ no, ɛfa nna a ɛtwa toɔ no ho;

7 Ɛne Yohane Sakaria ba nso, Sakaria no a ɔno (Elia) kɔsraa no na ɔhyɛɛ no bɔ sɛ ɔbɛwo ɔba barima, na ne din bɛyɛ Yohane, na Elia honhom bɛhyɛ no ma no;

8 Ɔno Yohane a masoma no aba mo, me nkoa, Joseph Smith, Jun., ne Oliver Cowdery nkyɛn no, sɛ ɔnhyɛ mo asɔfoɔ mfa asɔfodie a ɛdi kan mma mo, a mo nsa aka no, sɛdeɛ wɔbɛfrɛ mo na wɔahyɛ mo asɔfoɔ mpo te sɛ Aaron;

9 Ɛne Elia nso, ɔno a mede nsafoa a wɔde dane agyanom akoma kɔ mma so, na mma no akoma akɔ agyanom so no, na wɔammfa nnomee ammɔ asase mũ no nyina ara;

10 Ɛne Yosef ne Yakob, ne Isak, ne Abraham nso, mo agyanom, a wɔn nti bɔhyɛ no da so wɔ hɔ;

11 Ɛne Mikael nso, anaa Adam, nnipa nyina ara agya, nnipa nyina ara mu bapɔmma no, deɛ wadi nna pii no;

12 Ɛne Petro nso, ne Yakobo, ne Yohane, wɔn a masoma aba mo nkyɛn, a menam wɔn so ahyɛ mo asɔfoɔ na mahyɛ mo den sɛ asomafoɔ, ne adansefoɔ sononko wɔ me din ho, sɛ mobɛkura mo som no nsafoa ne saa nneɛma no a medaa no adi kyerɛɛ wɔn no;

13 Wɔn a mede m’ahemman nsafoa ahyɛ wɔn nsa, ne berɛ ano asɛmpa no wɔ mmerɛ a ɛtwa toɔ no mu; ne berɛ a awie duru no, ɛno mu a mɛboaboa nneɛma nyina ara ano ayɛ no baako, deɛ ɛwɔ soro, ne deɛ ɛwɔ asase so;

14 Ne wɔn a m’Agya ayi wɔn afiri wiase yi mu ama me no nyina ara.

15 Ɛno nti, momma mo akoma so na monni ahurisie, na mommɔ mo asene abɔsoɔ, na monhyɛ m’akodeɛ nyina ara na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moayɛ ne nyina ara awie no, moatumi agyina.

16 Ɛno nti, monnyina hɔ, momfa nokorɛ mmɔ mo asene, na monhyɛ tenenee nkataboɔ, na momfa asomdwoeɛ asɛmpa no ho ahodasoɔ nhyehyɛ mo nan, deɛ masoma m’abɔfoɔ sɛ wɔmfa nhyɛ mo nsa no;

17 Monkura gyedie kyɛm a mode bɛtumi adum otirimuɔdenfoɔ no bɛmma a ɛredɛre no nyina ara;

18 Na momfa nkwagyeɛ dadeɛ kyɛ, ne honhom afena, a mɛhwie agu mo so no, ne m’asɛm a meda no adi kyerɛ mo no, na momma mo adwene nkɔ bɛnkorɔ mu ɛwɔ nneɛma nyina ara a mobisa me no ho, na monyɛ nokorɛfoɔ nkɔsi sɛ mɛba, na wɔbɛma mo so akɔ soro, na faako a me wɔ no, mo nso moaba hɔ. Amen.