Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 25


Ɔfã 25

Adiyisɛm a wɔde maae nam Joseph Smith, Nkɔmhyɛni no so, wɔ Pennsylvania, Kutawonsa 1830 (hwɛ atifi asɛm ma ɔfa 24). Saa adiyisɛm yi da Awurade pɛ adi kyerɛ Emma Smith, Nkɔmhyɛni no yere no.

1–6, Wɔfrɛ, Emma Smith, ɔbaa a wɔayi no, sɛ ɔmmoa ne kunu na ɔnkyekye ne werɛ; 7–11, Wɔfrɛ no nso sɛ ɔntwerɛ, ɔnkyerɛ twerɛsɛm no ase, na ɔmmoaboa nnwom ano; 12–14, ateneneefoɔ dwom yɛ mpaeɛ ma Awurade; 15–16, Setie ho mmara kɔ ma obiara.

1 Tie Awurade wo Nyankopɔn nne, berɛ a me ne wo rekasa, Emma Smith, me babaa; ɛfiri sɛ, nokorɛ mese wo sɛ, wɔn a wɔgye m’asɛmpa no nyina ara yɛ mma mmarima ne mma mmaa wɔ m’ ahemman mu.

2 Adiyisɛm bi na mede rema wo ɛfa me pɛ ho; na sɛ woyɛ nokorɛfoɔ na wonante ahonidie akwan mu wɔ m’ anim a, mɛkora wo nkwa, na wobɛnya apɛgyadeɛ wɔ Sion.

3 Hwɛ, wɔde wo bɔne akyɛ wo, na woyɛ ɔbaa a wɔayi no, a mafrɛ woɔ.

4 Mannwiinwii ɛsiane nneɛma no a wonhunuuiɛ no nti, ɛfiri sɛ wɔde asie wiasefoɔ, na ɛyɛ nyansa wɔ me mu wɔ berɛ a ɛbɛba mu.

5 Na wo frɛ diberɛ ne sɛ, wode awerɛkyekyerɛ, ne abotɔyam nsɛm, bɛma m’akoa, Joseph Smith, Jr., wo kunu, wɔ n’amanehunu mu, wɔ ɔdwoɔ honhom mu.

6 Na wo ne no bɛkɔ wɔ n’adifiri mu, na woayɛ ne twerɛtwerɛfoɔ, berɛ a obiara nni hɔ sɛ twerɛtwerɛfoɔ ma no no, na mɛsoma m’akoa, Oliver Cowdery, akɔ baabiara a mepɛ.

7 Na ɔde ne nsa bɛgu wo so ayi wo asi hɔ sɛ kyerɛ twerɛsɛm no ase, na tu asɔre no fo, sɛdeɛ Honhom no bɛkyerɛ woɔ no.

8 Na ɔde ne nsa bɛgu wo so, na wobɛnya Honhom Kronkron, na wode wo mmerɛ bɛtwerɛ, na wode asua adeɛ pa ara.

9 Na ɛnnsɛ sɛ wosuro, ɛfiri sɛ wo kunu bɛtaa wo akyi wɔ asɔre no mu; ɛfiri sɛ yeinom nti na wɔfrɛɛ no, sɛdeɛ wɔbɛyi nneɛma nyina ara adi akyerɛ no, biribiara a mepɛ, sɛdeɛ ne gyedie teɛ.

10 Na nokorɛ mese wo sɛ fa wiase nneɛma to nkyɛn, na hwehwɛ nneɛma papa.

11 Na wɔbɛma woahwehwɛ mu ayiyi nnwom kronkron, nso, sɛdeɛ wɔde bɛma wo, a ɛsɔ m’ani sɛ wɔnya no wɔ m’asɔre fie.

12 Ɛfiri sɛ me kra anigye dwom a ɛfiri akoma mu; aane, ateneneefoɔ dwom yɛ mpaeɛ ma me, na wɔde nhyira bɛgu wɔn tiri so ama wɔn mmuaeɛ.

13 Ɛno nti, ma wo akoma so na di ahurisie, na di apam a woayɛ no so.

14 Kɔso wɔ ɔdwoɔ honhom mu, na hwɛ yie wɔ ahantan ho. Ma wo kra ani nnye wo kunu ho, ne animuonyam a ɛbɛba ne so no ho.

15 Di me mmaransɛm so daa, na tenenee abotire na wobɛnya. Na gye sɛ woyɛ yei, faako a me wɔ no worenntumi mma hɔ.

16 Na nokorɛ, nokorɛ, mese wo sɛ, me nne kɔ ma obiara. Amen.