Twerɛnsɛm
Nkyerɛkyerɛ ne Apam 128


Ɔfã 128

Krataa a ɛfiri Joseph Smith Nkɔmhyɛni no hɔ de ma Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ, a ɛmaa wɔn akwankyerɛ bio faa awufoɔ asubɔ ho, wɔtwerɛɛ no wɔ Nauvoo, Illinois, Ɛbɔ 6, 1842.

1–5, Ɛwɔ sɛ mantam ne amansan twerɛtohɔfoɔ di adanseɛ fa awufoɔ asubɔ nsɛm ho; 6–9, Wɔn twerɛtohɔ di mu na wɔatwerɛ no wɔ asase so ne soro; 10–14, Asubɔ-bea no yɛ damena nsɛsoɔ; 15–17, Elia san de tumi a ɛfa awufoɔ asubɔ ho ba bio; 18–21, Wɔde asɛmpa mmerɛ a atwa mu no nsafoa, tumi, ne tumidie nyina ara asan aba bio; 22–25, Wɔka anigyeɛ ne animuonyam nsɛm kyerɛ ateasefoɔ ne awufoɔ.

1 Sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo wɔ me krataa no mu ansa na merefiri me tenabea hɔ no, sɛ mɛtwerɛ mo krataa berɛ ano berɛ ano na mama mo nneɛma pii ho nsɛm no, afei meretoa awufoɔ asubɔ ho asɛm no so, ɛfiri sɛ ɛrekame ayɛ sɛ saa asɛm no ayɛ m’adwene mu ma, na ɛhyɛ m’atenka so den pa ara, firi berɛ a m’atamfo dii m’akyiri no.

2 Metwerɛɛ adiyisɛm nsɛm kakra bi de brɛɛ mo ɛfa abasɛm twerɛfoɔ bi ho. Manya nhumu kakra bi aka ho ɛfa saa asɛm yi ho, a afei masi so dua. Ɛne sɛ, mede too dwa wɔ me krataa dada no mu sɛ ɛwɔ sɛ wɔnya abasɛm twerɛfoɔ, deɛ ɔbɛyɛ ɔdansefoɔ a ɔde n’ani ahu, na ɔde n’aso nso bɛtie, ama wayɛ twerɛtohɔ a ɛyɛ nokorɛ wɔ Awurade anim.

3 Afei, ɛfa saa asɛm yi ho no, ɛbɛyɛ den pa ara sɛ abasɛm twerɛfoɔ baako pɛ bɛwɔ hɔ berɛ biara, na wadi dwuma biara. Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔhaw yi bɛfiri hɔ no, wɔbɛtumi ayi abasɛm twerɛfoɔ wɔ ward biara mu wɔ kuropɔn no mu, a wakwadare yie wɔ anodisɛm pɛpɛɛpɛ mu; na ɔmma dwumadie no nyina ara ho nsɛm-twerɛ no nyɛ korakora ne pɛpɛɛpɛ, na ɔnsi so dua wɔ ne twerɛtohɔ mu sɛ ɔde n’ani hunuuiɛ, na ɔde n’aso teeɛ, ɔnkyerɛ da korɔ, ne din, ne deɛ ɛkeka ho, ne deɛ ɛkɔɔ so no nyina ara ho abakɔsɛm; na ɔmmɔ ankorɛankorɛ a wɔn wɔ hɔ no mu baasa nso din, sɛ ebi baaeɛ a, wɔn a wɔfrɛ wɔn berɛ biara a wɔbɛtumi asi adekorɔ no so dua, ama wɔafa adansefoɔ baanu anaa baasa ano mu asɛm so ama asɛm biara agyina.

4 Afei, momma wɔnyi amansan twerɛtohɔfoɔ, a wɔde saa twerɛtohɔ afoforɔ yi bɛhyɛ ne nsa, na wɔmfa adansedie nwoma nka ho a wɔde wɔn nsa ahyɛ aseɛ, na ɛnni adanseɛ sɛ twerɛtohɔ a wɔayɛ no yɛ nokorɛ. Afei asɔre amansan twerɛtohɔfoɔ no bɛtumi atwerɛ twerɛtohɔ no mu nsɛm agu asɔre no amansan nwoma no mu, ne adansedie nwoma no ne adansefoɔ a na wɔn wɔ hɔ no nyina ara, ne ɔno ankasa ne nsɛm a ɛkyerɛ sɛ nokorɛ ɔgye asɛm a aba ne twerɛtohɔ no di sɛ ɛyɛ nokorɛ nokorɛ, ɛnam ne nimdeɛ a ɔwɔ fa saa nnipa no suban ne wɔn frɛ ho wɔ asɔre no mu. Na sɛ wɔyɛ yei wɔ asɔre amansan nwoma no mu wie a, twerɛtohɔ no bɛyɛ kronkron pa ara, na ɛbɛma ayɛyɛdeɛ no adi mũ te sɛ deɛ ɔno ara de n’ani hunuuiɛ na ɔde n’aso teeɛ, na ayɛ tesɛ deɛ ɔno na ɔyɛɛ twerɛtohɔ no wɔ asɔre amansan nwoma no mu.

5 Mobɛdwene sɛ saa nneɛma yi ho nhyehyɛeɛ yɛ sononko; nanso, momma menka nkyerɛ mo sɛ yei bɛhyɛ Onyankopɔn pɛ ma, ɛnam sɛ ɛbɛyɛ sɛdeɛ Awurade ayɛyɛdeɛ ne ne nhyehyɛeɛ a wayi na wasiesie firi wiase fapem no ase, ama awufoɔ nkwagyeɛ, wɔn a wɔbɛwuo wɔ berɛ a wɔnnya asɛmpa no ho nimdeɛ.

6 Na bio, mepɛ sɛ mokae sɛ na Yohane Ɔdiyifoɔ redwennwene saa asɛm yi ara ho ɛfa awufoɔ ho, berɛ a ɔde too dwa sɛ, sɛdeɛ wɔatwerɛ no wɔ Adiyisɛm 20:12Na mehunuu awufoɔ, nketewa ne akɛseɛ, sɛ wɔgyinagyina Onyankopɔn ahennwa no anim; na wɔbuebuee nwoma no mu; na wɔbuee nwoma foforɔ mu, deɛ ɛyɛ nkwa nwoma no; na wɔbuu awufoɔ no atɛn nam saa nneɛma a wɔatwerɛ wɔ nwoma no mu sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ.

7 Mobɛhunu wɔ saa ɔsrɛka yi mu sɛ wɔbuebuee nwoma no mu; na wɔbuee nwoma foforɔ bi mu, deɛ ɛyɛ nkwa nwoma no; nanso wɔbuu awufoɔ atɛn firii nsɛm a na wɔatwerɛ no wɔ nwoma no mu, sɛdeɛ wɔn nnwuma teɛ; ɛno nti, nwoma a wɔaka ho asɛm no bɛtumi ayɛ nwoma a ɛkura wɔn nnwuma ho twerɛtohɔ, na ɛkyerɛ nwoma a wɔkora wɔ asase so. Na nwoma a na ɛyɛ nkwa nwoma no yɛ twerɛtohɔ a wɔkora wɔ soro; saa nyinasosɛm ne nkyerɛkyerɛ a wɔde hyɛɛ mo mmara wɔ adiyisɛm a na ɛwɔ krataa a metwerɛɛeɛ ansa na merefiri me tenabea hɔ no mu no yɛ adwene pɛpɛɛpɛ—sɛ wɔbɛtwerɛ mo twerɛtohɔ nyina ara wɔ soro.

8 Afei, saa ayɛyɛdeɛ fapem yi wɔ asɔfodie no tumi mu, nam Yesu Kristo adiyisɛm so, ɛno mu na wɔama ho kwan sɛ biribibiara a mobɛkyekyere wɔ asase so no wɔbɛkyekyere no wɔ soro, na biribibiara a mosane wɔ asase so no wɔbɛsane no wɔ soro. Anaa, nsɛm foforɔ mu no, sɛ yɛhwɛ no wɔ nkyereaseɛ foforɔ mu a, biribiara a mobɛtwerɛ wɔ asase so no wɔbɛtwerɛ no wɔ soro, na biribibiara a monntwerɛ wɔ asase so no wɔrenntwerɛ no wɔ soro; ɛfiri sɛ, nwoma no mu na wɔbɛbu mo awufoɔ atɛn, sɛdeɛ wɔn ankasa nnwuma teɛ, sɛ wɔnam wɔn ankasa nnipadua hwɛ yɛɛ ayɛyɛdeɛ no, anaa sɛ wɔnam wɔn ara ankasa wɔn ananmusifoɔ so, sɛdeɛ ayɛyɛdeɛ a Onyankopɔn asiesie ama wɔn nkwagyeɛ ansa na wɔrebɛto wiase fapem no teɛ, sɛdeɛ nwoma a wɔakora afa wɔn awufoɔ ho no teɛ.

9 Ɛbinom bɛhunu no sɛ ɛyɛ akokoɔduro pa ara nkyerɛkyerɛ na yɛreka ho asɛm no—tumi a ɛtwerɛ anaa ɛkyekyere wɔ asase so na ɛkyekyere wɔ soro no. Nanso, wɔ wiase mmerɛ nyina ara mu no, berɛbiara a Awurade de asɔfodie no asɛmpa berɛ no ama onipa biara nam adiyisɛm ankasa so, anaa nnipa kuo biara no, wɔde saa tumi yi ma wɔn daa. Ɛno nti, biribibiara a saa nnipa yi yɛɛeɛ wɔ tumidie mu, wɔ Awurade din mu no, a wɔyɛɛ no nokorɛ ne nokorɛdie mu, na wɔkoraa yei ho twerɛtohɔ a ɛdi mũ na ɛyɛ nokorɛ no, ɛbɛyɛɛ mmara wɔ asase so ne soro, na wɔrenntumi mpepa, sɛdeɛ Yehowa kɛseɛ no mmara teɛ. Yei yɛ nokwasɛm. Hwan na ɔbɛtumi atie?

10 Na bio, deɛ ɛfoa deɛ ɛwɔ soro hɔ no so nie, Mateo 16:18, 19: Na me mese wo nso sɛ: Wone Petro, na ɔbotan yi so na mede m’asafo bɛsie; na hɛl pono remmu mmfa so. Na mede ɔsoro ahemman nsafoa bɛma wo, na biribiara a wobɛkyekyere wɔ asase so no, wɔbɛkyekyere no soro, na biribibiara a wobɛsane wɔ asase soɔ no, wɔbɛsane no soro.

11 Afei kokoa mu asɛm kɛseɛ a ɛso wɔ asɛm no nyina ara mu, ne ade papa a ɛkorɔn wɔ asɛm no ho nyina ara da yɛn anim, ɛne sɛ yɛbɛnya Asɔfodie Kronkron no tumi. Ɛfiri sɛ onii a wɔde saa nsafoa yi ama no no, ɛnnyɛ den mma no sɛ ɔbɛnya nsɛm ho nimdeɛ a ɛfa nnipa mma nkwagyeɛ ho, ɛfa awufoɔ ne ateasefoɔ nyina ara ho.

12 Yei mu na animuonyam ne anidie, ne ɔnnwuo da tebea ne nkwa a ɛnni awieɛ wɔ—Asubɔ ayɛyɛdeɛ wɔ nsuo mu, a wɔde obi bɛnu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ owuo nsɛsoɔ, ama nyinasosɛm baako ne foforɔ no ayɛ pɛ; nu a wɔde obi bɛnu nsuo mu na wɔayi no afiri nsuo mu no yɛ awufoɔ wusɔreɛ no nsɛsoɔ, berɛ a wɔfiri nna mu ba no; ɛno nti, wɔhyehyɛɛ saa ayɛyɛdeɛ yi ama ɛne awufoɔ asubɔ ayɛyɛdeɛ no anya twaka, ɛnam sɛ ɛyɛ owuo nsɛsoɔ.

13 Ɛno nti, wɔhyehyɛɛ asubɔ adaka sɛ ɛnyɛ damena nsɛsoɔ, na wɔhyɛɛ sɛ wɔnyɛ wɔ fam wɔ bea a ateasefoɔ no taa hyia mu, na ama nsonsonoeɛ ada ateasefoɔ ne awufoɔ ntam, na ama nneɛma nyina ara atumi anya ne nsɛsoɔ, na ama wɔn ne wɔn ho ayɛ pɛ—ama deɛ ɛwɔ asase so ne deɛ ɛwɔ soro no ayɛ pɛ, sɛdeɛ Paulo aka, wɔ I Korintofoɔ 15:46, 47, ne 48 no:

14 Nanso ɛnnyɛ honhom mu deɛ no na ɛdi kan, mmom deɛ ɛyɛ bɔsu no, na akyire yi deɛ ɛyɛ honhom mu. Onipa a ɔdi kan no firi fam, ɔyɛ famni. Onipa a ɔtɔ so mmienu no ne Awurade a ɔfiri soro. Sɛdeɛ famni no teɛ no, saa ara nso na famfoɔ teɛ; na sɛdeɛ ɔsoroni teɛ no, saa ara nso na ɔsorofoɔ teɛ. Sɛdeɛ asase so twerɛtohɔ a wɔayɛ no nokorɛ mu no ne mo awufoɔ wɔ twaka no, saa ara na twerɛsɛm a ɛwɔ soro teɛ. Ɛno nti, yei yɛ nsɔano ne nkyekyereɛ tumi, na, wɔ nkyerɛkyerɛmu foforɔ mu no, ɛyɛ ahemman no nsafoa, a ɛyɛ nimdeɛ safoa.

15 Na afei, me nuanom mmarima ne mmaa adɔfoɔ, ma mensi no pi nkyerɛ mo sɛ ɛnnsɛ sɛ wɔtoto saa nyinasosɛm yi a ɛfa awufoɔ ne ateasefoɔ, deɛ ɛfa yɛn nkwagyeɛ ho no ase koraa. Ɛfiri sɛ wɔn nkwagyeɛ hia na ɛfata ma yɛn nkwagyeɛ, sɛdeɛ Paulo kaae faa agyanom ho no—sɛ wɔnnka yɛn ho a wɔrenntumi nnyɛ pɛ-na yɛnnka yɛn awufoɔ ho a yɛrenntumi nnyɛ pɛ.

16 Afei, ɛfa awufoɔ asubɔ ho no, mɛma mo Paulo ɔsrɛka foforɔ wɔ, I Korintofoɔ 15:29: Na anka wɔn a wɔma wɔbɔ wɔn asu ma awufoɔ no, wɔyɛ de gye deɛn? Sɛ awufoɔ nnyane koraa a, adɛn nti nso na wɔma wɔbɔ wɔn asu ma wɔn?

17 Na bio, ɛka saa ɔsrɛka yi ho no, mɛma mo ɔsrɛka a ɛfiri nkɔmhyɛfoɔ no mu baako hɔ, ɔno a na ɔde n’ani asi asɔfodie no mmaeɛ bio no so no, animuonyam a wɔbɛda no adi wɔ nna a ɛtwa toɔ no mu no, na wɔ ɔkwan sononko so no, saa asɛm yi a animuonyam wɔ mu sene biribiara no, ka daapem asɛmpa no ho, deɛ ɛyɛ, awufoɔ asubɔ no; ɛfiri sɛ Malaki ka wɔ ti a ɛtwa toɔ, nkyekyɛmu num ne nsia no mu sɛ: Hwɛ meresoma odiyifoɔ Elia mabrɛ mo, ansa na Awurade da kɛseɛ a ɛyɛ hu no aba. Na ɔbɛdanedane agyanom akoma aba mma so, na wadane mma no akoma akɔ agyanom so, na mamma ammɛfa nnome ammɔ asase no.

18 Anka mɛtumi ama nkyerɛaseɛ a ɛmu da hɔ ama yei, nanso ɛmu da hɔ yie a ɛbɛtumi afata me botae yi sɛdeɛ ɛteɛ yi. Ɛyɛ sɛ mobɛhunu, ɛfa saa asɛm yi ho, sɛ wɔde nnome bɛbɔ asase no gye sɛ wɔayɛ nsɔano a ɛmu yɛ den bi wɔ agyanom ne mma no ntam, wɔ asɛm bi ho anaa biribi foforɔ ho—na hwɛ deɛn ne saa asɛm yi? Ɛyɛ awufoɔ asubɔ, ɛfiri sɛ, sɛ wɔnnka yɛn ho a wɔrenntumi mma yɛnnyɛ pɛ; na saa ara nso na yɛnnka wɔn ho a ɛmma wɔnnyɛ pɛ. Na saa nso na wɔn anaa yɛn nntumi nnyɛ pɛ sɛ wɔn a wɔawu wɔ asɛmpa no mu no nso nnka ho a; ɛfiri sɛ ɛho hia ma mmerɛ mahyɛ no mu asɛmpa no nhyɛnmu no, saa asɛmpa berɛ a seesei ahyɛ aseɛ rehyɛn mu no, ama nkabom biara a ɛdi mu na ɛyɛ pɛ, ne asɛmpa mmerɛ nyina ara nsɔano, ne nsafoa, na animuonyam atumi aba, na wɔada no adi afiri Adam nna no mu mpo bɛsi saa berɛ yi. Na ɛnnyɛ yei nko ara, mmom nneɛma a wɔnnaa no adi da firi wiase fapem, na mmom wɔde asie anyansafoɔ ne mmadwemma no, wɔbɛda no adi akyerɛ mmotafowa ne nufomma, mmerɛ mahyɛ no mu asɛmpa.

19 Afei, deɛn na yɛte wɔ asɛmpa no a yɛanya no mu? Anigyeɛ nne! Mmɔborɔhunu nne a ɛfiri soro; ne nokorɛ nne a ɛfiri asase mu; anigyesɛm a ɛkɔ ma awufoɔ; anigyeɛ nne ma ateasefoɔ ne awufoɔ; ɛdɛ kɛseɛ ho anigyesɛm. Sɛdeɛ wɔn a wɔka nneɛma pa ho anigyesɛm no nan si yɛ fɛ wɔ mmepɔ no so, na wɔka kyerɛ Sion sɛ: Hwɛ, wo Nyankopɔn di hene! Sɛdeɛ Karmel bosuo teɛ no, saa ara na Onyankopɔn ho nimdeɛ bɛsiane aba wɔn so!

20 Na bio, deɛn na yɛte? Asɛmpa anigyesɛm a ɛfiri Kumora! Moronae, ɔbɔfoɔ a ɔfiri soro, a ɔde nkɔmhyɛfoɔ no mahyɛ no reto dwa—nwoma a wɔbɛda no adi no. Awurade nne wɔ Fayette serɛ so, Seneca mansin mu, deɛ ɔde adansefoɔ baasa a wɔbɛdi nwoma no ho adanseɛ reto dwa! Mikael nne a ɛwɔ Susquehanna asubɔntene ho, deɛ ɔreda ɔbonsam adi berɛ a ɔyi ne ho kyerɛ sɛ hann bɔfoɔ no! Petro, Yakobo, ne Yohane nne wɔ ɛserɛ a ɛda Harmony, Susquehanna mantam, ne Colesville, Broome mansini mu, wɔ Susquehanna asubɔntene ho, na wɔreda wɔn ho adi sɛ wɔkura ahemman no nsafoa, ne mmerɛ mahyɛ no mu asɛmpa no!

21 Na bio, ɛyɛ Onyankopɔn nne wɔ ɔpanin Agya Whitmer asa so, wɔ Fayette, Seneca mansini mu, ne mmerɛ pii, wɔ mmeammea ahodoɔ nam saa Yesu Kristo Asɔre a Ɛwɔ hɔ ma Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ akwantuo ne amanehunu nyina ara mu! Ɛne Mikael ɔbɔfo-panin no nne; Gabrael, ne Rafael, ne abɔfoɔ ahodoɔ nne, firi Mikael anaa Adam so bɛsi saa berɛ yi, na wɔn nyina ara de wɔn asɛmpa berɛ, wɔn hokwan, wɔn nsafoa, wɔn anidie, wɔn kɛseyɛ ne animuonyam, ne wɔn asɔfodie tumi no reto dwa; wɔde ma nsaneeɛ a ɛdi nsaneeɛ so, ahyɛdeɛ a ɛdi ahyɛdeɛ so; ɛha kakra bi, na ɛhɔ kakra bi; wɔnam deɛ ɛbɛba ho dawurubɔ so ma yɛn awerɛkyekyerɛ, na ɛhyɛ yɛn anidasoɔ den!

22 Anuanom, so yɛrennkɔ so wɔ saa dwumadie kɛseɛ yi mu? Monkɔ mo anim na ɛnnyɛ mo akyi. Monnya akokoɔduro, anuanom; na monkɔso, nkɔdi nkonim! Momma mo akoma nni ahurusie, na mo ani nnye pa ara! Momma asase nhyɛ aseɛ nto dwom! Momma awufoɔ nto ayeyie a ɛnni awieɛ nnwom mma Ɔhene Immanuel, ɔno a, ansa na wɔreyɛ wiase no, wɔahyehyɛ deɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛagye wɔn afiri wɔn afiase no; ɛfiri sɛ nneduafoɔ bɛde wɔn ho.

23 Momma mmepɔ no mfa anigyeɛ ntea mu, na mo, mmonhwa nyina ara, montea mu denden, na mo ɛpo nyina ara ne nsase kesee, monka mo Ɔnniawieɛ Hene no ahodwirideɛ! Na mo nsubɔntene, ne nsuwa, ne nsutene, momfa anigyeɛ ntene nkɔ. Momma kwaeɛ ne wuram nnua nyina ara nyi Awurade ayɛ; ne mo mmotan a ɛtintim hɔ pintinn, momfa anigyeɛ nsu! Na momma owia, ɔsrane, ne anɔpa nsoromma mmɔ mu nto dwom, na momma Onyankopɔn mma nyina ara mfa anigyeɛ ntea mu! Na momma abɔdeɛ a ɛnni awieɛ no mfa ne din nto dwa daa afebɔɔ! Na bio mese, sɛdeɛ ɛnne a yɛte firi soro no si wɔ animuonyam fa, deɛ ɛbɔ animuonyam, ne nkwagyeɛ, ne anidie, ne ɔnnwuo tebea, ne nkwa a ɛnni awieɛ ho dawuro wɔ yɛn aso mu; ahemman, mpaninnie, ne tumi!

24 Hwɛ, Awurade da kɛseɛ no abɛn; na hwan na ɔbɛtumi agyina ne mmaeɛ da no ano, na hwan na sɛ ɔpue a ɔbɛtumi agyina? Ɛfiri sɛ ɔte sɛ ɔnanefoɔ gya, ne ntomasifoɔ samina; na ɔbɛtena ase tesɛ ɔnanefoɔ a ɔte dwetɛ ho, na ɔbɛte Lewi mma mmarima no ho, na wayiyi wɔn mu tesɛ sika kɔkɔɔ ne dwetɛ, ama wɔatumi abɔ tenenee afɔdeɛ ama Awurade. Ne saa nti, momma, yɛn a yɛyɛ asɔre ne nnipa kuo, ne Nna a Ɛdi Akyire Ahoteɛfoɔ no, mmɔ afɔdeɛ mma Awurade wɔ tenenee mu; na momma yɛmfa nwoma a ɛkura yɛn awufoɔ twerɛtohɔ a ɛfata nkamfoɔ nyina ara no nkɔ ne tɛmpol kronkron no mu, berɛ a wɔbɛwie no.

25 Anuanom, mewɔ nneɛma pii ka kyerɛ mo ɛfa saa asɛm yi ho; nanso mede bɛsi ha saa berɛ yi, na mɛtoa asɛm no so berɛ foforɔ. Medaso yɛ mo akoa ahobrɛaseɛni ne ɔyɔnkoɔ nokorɛfoɔ daa,

Joseph Smith.