Twerɛnsɛm
Alma 8


Ti 8

Alma ka asɛmpa na ɔbɔ asu wɔ Melek—Wɔpo no wɔ Amonaeha na ɔfiri hɔ—Ɔbɔfoɔ hyɛ no sɛ ɔnsan na ɔnkɔbɔ nsakyeraɛ ho dawuro nkyerɛ nkurɔfoɔ no—Amulek gye no, na wɔn mmienu ka asɛmpa no wɔ Amonaeha. Bɛyɛ mfinhyia 82 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ Alma kyerɛkyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Gideon nneɛma bebree a wɔntumi ntwerɛ, na ɔhyehyɛɛ asɔre no mu dwumadie, sɛdeɛ ɔyɛe no ahyɛaseɛ no wɔ Sarahɛmla asaase so wieeɛ no, aane, ɔsan n’akyi firii Gideon asaase so baae, aane, ɔsan baa ɔno ara ne fie wɔ Sarahɛmla sɛ ɔrebɛgye n’ahome wɔ dwumadie a ɔkɔdiiɛ no ho.

2 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie no mu afe a ɛtɔ so nkron wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so de baa awieɛ.

3 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie no mu afe a ɛtɔ so du wɔ Nifae nkurɔfoɔ so no ahyɛaseɛ no, Alma firii hɔ tuu ne kwan kɔɔ Melek asaase so, wɔ asubɔntene Sidon atɔɛ, wɔ ɛserɛ no hyeɛ so atɔɛ afa mu.

4 Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Melek asaase no so sɛdeɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no a wɔafrɛ no wɔ ho no teɛ, na ɔhyɛaseɛ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ nkurɔfoɔ no wɔ Melek asaase no nyina ara so.

5 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no firii ɛserɛ no hyeɛ so afa nyina ara baa ne nkyɛn. Na ɔbɔɔ wɔn asu wɔ asaase no nyina ara so;

6 Ɛno nti mmerɛ a ɔwiee ne dwumadie wɔ Melek no, ɔfirii hɔ na ɔtuu kwan nansa de faa Melek asaase no atifi, na ɔbaa kuropɔn bi a wɔfrɛ no Amonaeha mu.

7 Afei na ɛyɛ Nifae nkurɔfoɔ amamerɛ sɛ wɔn nsaase, ne wɔn nkuropɔn, ne wɔn nkuraseɛ, aane, mpo wɔn nkuro nketewa nyina ara sɛ wɔde deɛ odii kan kɔnyaa nsaase no din to so; na saa na Amonaeha asaase no so teɛ.

8 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Alma baa Amonaeha kuropɔn no mu no, ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreka Onyankopɔn asɛm akyerɛ wɔn.

9 Afei na ɔbonsam asɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Amonaeha kuropɔn no akoma mu dendennden; ɛno nti wɔampɛ sɛ wɔbɛtie Alma nsɛm no.

10 Nanso Alma berɛɛ yie wɔ honhom mu na, ɔne Onyankopɔn tentam dendennden wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔnhwie ne Honhom ngu nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuropɔn no mu no so; sɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtumi nso abɔ wɔn asu akɔ nsakyeraɛ mu.

11 Nanso wɔyɛɛ wɔn akoma den, na wɔsee no sɛ: Hwɛ, yɛnim sɛ wone Alma; yɛnim sɛ wone ɔsɔfo panin wɔ asɔre a wɔate no wɔ baabi bebree so sɛdeɛ wo ara w’amammerɛ teɛ; na yɛnnyɛ w’asɔre mma, na yɛnni gyedie wɔ saa nkwasea amammerɛ yi mu.

12 Na afei yɛnim sɛ ɛnam sɛ yɛnnyɛ w’asɔre mma nti no, wonni tumi wɔ yɛn so; na wo de atɛmmuo-adwa no ama Nifaeha; ɛno nti wo nnyɛ ɔtɛmmuafoɔ panin wɔ yɛn so.

13 Afei mmerɛ a nkurɔfoɔ no kaa saa nsɛm no, na wɔkasa tiawa ne nsɛm no, na wɔhunahunaa no, na wɔntoo ntasuo guu ne so, na wɔmaa wɔpamoo no firii wɔn kuropɔn no mu nti, ɔfirii hɔ na ɔtoaa n’akwantuo no so de faa kuropɔn a wɔfrɛ hɔ Aaron no.

14 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔrekɔ saa bea hɔ no na awerɛhoɔ ahyɛ no so, na ɔfaa amanehunu pii mu ne yea a ne kra diiɛ, ɛnam nkurɔfoɔ a wɔwɔ Amonaeha kuropɔn mu no atirimuɔdensɛm nti no, ɛbaa sɛ mmerɛ a awerɛhoɔ abubu Alma no, hwɛ Awurade bɔfoɔ baa ne nkyɛn see no sɛ:

15 Nhyira ne wo, Alma; ɛno nti ma wo tiri so na di dɛ, na wo wɔ ho kwan sɛ wo di dɛ kɛseɛ; ɛfiri sɛ wayɛ nokwarefoɔ na w’adi Onyankopɔn mmaransɛm so fiti mmerɛ a wo nsa kaa w’asɛm a ɛdikan no firii ne hɔ no. Hwɛ, me ne deɛ ɔde maa woɔ no.

16 Na hwɛ, w’asoma me sɛ menka nkyerɛ wo sɛ san wakyiri kɔ Amonaeha kuropɔn no mu, na san ka nsɛmpa no kyerɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ kuropɔn no mu no bio; aane, ka nsɛmpa no kyerɛ wɔn. Aane, ka kyerɛ wɔn sɛ gye sɛ wɔsakyera anyɛ saa Awurade Nyankopɔn bɛsɛe wɔn.

17 Na hwɛ, wɔresua biribi saa mmerɛ yi mu sɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe wo nkurɔfoɔ fawohodie (na sei na Awurade seɛ) na yei ne ne nhyehyɛeɛ, ne ntɛmmuo, ne ne mmaransɛm a ɔde ama ne nkurɔfoɔ no bɔ abira.

18 Afei ɛbaa sɛ Alma nsa kaa asɛm no firii ɔbɔfoɔ no hɔ wieeɛ no ɔsan n’akyiri ntɛmntɛm kɔɔ Amonaeha asaase no so. Na ɔfaa ɔkwan foforɔ so baa kuropɔn no mu, aane, ɔfaa ɔkwan a ɛda Amonaeha kuropɔn n’anaafoɔ so.

19 Na mmerɛ a ɔduruu kuropɔn no mu no, na ɛkɔm de no, na ɔsee ɔbarima bi sɛ: Wo bɛma Onyankopɔn akoa ahobraseɛni biribi adi anaa?

20 Na ɔbarima no see no sɛ: Meyɛ Nifaeni, na menim sɛ wo yɛ Onyankopɔn nkɔmhyɛni kronkron, na wo ne ɔbarima no a ɔbɔfoɔ kaa ne ho asɛm wɔ yikyerɛ mu no: Wo nsa bɛka. Ɛno nti, wo ne me nkɔ me fie na mɛma wo m’aduane no bi; na menim sɛ wobɛyɛ nhyira de ama me ne me fiefoɔ.

21 Na ɛbaa sɛ ɔbarima no de no kɔɔ ne fie; na wɔfrɛ ɔbarima no Amulek; na ɔde paanoo ne ɛnam bɛsii Alma anim.

22 Na ɛbaa sɛ Alma dii paanoo no na ɔmee; na ɔhyiraa Amulek ne ne fiefoɔ, na ɔde naaseɛ maa Nyankopɔn.

23 Na ɔdidi wieeɛ a ɔmeeɛ no, ɔka kyerɛɛ Amulek sɛ: Me ne Alma, na meyɛ ɔsɔfo panin a mehwɛ Onyankopɔn asɔre a ɛwɔ asaase yi nyina ara so.

24 Na hwɛ, wɔafrɛ me sɛ memmɛka Onyankopɔn asɛm wɔ nkurɔfoɔ yi nyina ara mu, sɛdeɛ yikyerɛ honhom ne nkɔmhyɛ no teɛ; na mebaa asaase yi so no wɔanye me, na wɔpamoo me na meyɛɛ m’adwene sɛ meredane m’akyiri de akyerɛ asaase yi afebɔɔ.

25 Na mmom hwɛ, wɔahyɛ me sɛ mensan mmra mmɛhyɛ nkɔm nkyerɛ saa nkurɔfoɔ yi, aane, na menni adanseɛ ntia wɔn wɔ wɔn amumuyɛ ho.

26 Na afei, Amulek, ɛnam sɛ wama me biribi adi na wode me akɔ wo fie nti, nhyira nka wo; na ɛkɔm dee me, ɛnam sɛ na makyere kɔm nna bebree nti.

27 Na Alma tenaa Amulek hɔ nna beberee ansa na ɔrehyɛ aseɛ aka nsɛmpa no akyerɛ nkurɔfoɔ no.

28 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no amumuyɛ yɛɛ kɛse.

29 Na asɛm no baa Alma hɔ sɛ: Kɔ; na kakyerɛ m’akoa Amulek nso sɛ, kɔ na kɔhyɛ nkɔm kyerɛ nkurɔfoɔ yi sɛ—Monsakyera, na sei na Awurade seɛ, gye sɛ mosakyera anyɛ saa a mede m’abufuhyeɛ bɛba saa nkurɔfoɔ yi so; aane, na merennane m’abufuhyeɛ no mfiri mo so.

30 Na Alma ne Amulek nso kɔɔ nkurɔfoɔ no mu sɛ wɔre kɔda Onyankopɔn asɛm no adi akyerɛ wɔn; na Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn ma.

31 Na ɔmaa wɔn tumi ara ma na wɔntumi mfa wɔn nto afiase, ɛna obiara ntumi nkum wɔn; nanso wɔankyerɛ wɔn tumi no kɔsi sɛ wɔde mpokyerɛ kyekyeree wɔn kɔguu afiase. Afei, ɔyɛe sei maa Awurade de kyerɛɛ ne tumi wɔ wɔn mu.

32 Na ɛbaa sɛ wɔkɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔreka nsɛmpa no na wɔahyɛ nkɔm akyerɛ nkurɔfoɔ no, sɛdeɛ honhom ne tumi a Awurade de ama wɔn no teɛ.