Twerɛnsɛm
Alma 42


Ti 42

Honam a ɛwuo asetena yi yɛ nsɔhwɛ mmerɛ, ama nnipa atumi asakyera na wɔasom Onyankopɔn—Asehweɛ no de honam ne honhom mu wuo baa adasamma nyina ara so—Dima nam nsakyeraɛ so na ɛba—Onyankopɔn no ara de mpata asi wiase bɔne anan—Mmɔborɔ hunu wɔ hɔ ma wɔn a wɔasakyera—Nkaɛfoɔ no nyina ara hyɛ Onyankopɔn atɛntenenee ase—Ɛnam Mpata no nti na mmɔborɔhunu ba—Deɛ wasakyera ampa ara no na wɔbɛgye no nkwa. Bɛyɛ mfinhyia 74 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, me babarima, mehunu sɛ biribi bio wɔ hɔ a ɛha w’adwene a wo ntumi nte aseɛ—deɛ ɛfa Onyankopɔn atɛntenenee wɔ ɔdebɔneyɛni asotweɛ ho; na wo rehwehwɛ akyerɛ sɛ ɛnnyɛ sɛ wɔbɛma ɔdebɔneyɛni akɔ asetena a ɛyɛ mmɔborɔyɛ mu.

2 Afei hwɛ, me babarima, mɛkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi mu akyerɛ wo. Na hwɛ, mmerɛ a Awurade Nyankopɔn pamoo yɛn awofoɔ a wɔdii kan no firii Ɛden turo no mu sɛ wɔnkɔdɔ asaase a wɔ faa wɔn firii mu no—aane, ɔpamoo ɔbarima no na ɔde kerubim ne ogyaframa akofena a ɛdi ahim bɛsii Eden turo no anim apueɛ fa mu sɛ wɔnwɛn nkwadua no—

3 Afei, yɛhunu sɛ ɔbarima no abɛyɛ sɛ Onyankopɔn, na ɛnam sɛ ɔnim papa ne bɔne no nti; na deɛ ɛbɛyɛ na wantene ne nsa, na wante nkwadua no nso bi anni antena ase afebɔɔ nti, Awurade Nyankopɔn de kerubim ne ogyaframa akofena sii hɔ, ama wankɔdi aduaba no bi—

4 Na yei ma yɛhunu sɛ wama nnipa mmerɛ bi sɛ ɔmfa nsakyera, aane, nsɔhwɛ mmerɛ, mmerɛ a wɔmfa nsakyeraɛ na wɔmfa nsom Onyankopɔn.

5 Na hwɛ, sɛ Adam tenee ne nsa ntɛmpa ara na ɔtee nkwadua no bi diiɛ a, anka ɔbɛtena ase afebɔɔ, sɛdeɛ Onyankopɔn asɛm no teɛ no, anka ɔrennya mmerɛ mfa nsakyera; aane, na anka Nyankopɔn asɛm no nso bɛyɛ kwa na nkwagyeɛ ho nhyehyɛeɛ kɛseɛ no nso kwan bɛsi.

6 Na hwɛ, wahyehyɛ sɛ ɛtwa sɛ nnipa wu—Ɛno nti, mmerɛ a ɔtwaa wɔn firii nkwadua no ho no, ɛsɛ sɛ ɔtwa no firi asaase yi ani so—na nnipa yeraae afebɔɔ, aane, na wɔbɛyɛɛ adasamma a wɔahwe ase.

7 Na afei, yei ama wahunu sɛ wɔtwaa yɛn awofoɔ a wɔdii kan no firii Awurade anim wɔ honam ne honhom fa mu nyina ara; na yei ma yɛhunu sɛ wɔbɛyɛɛ nkoa de maa wɔn ara wɔn pɛ.

8 Afei hwɛ, na ɛho nhia sɛ ɔyi adasamma firi honam mu wuo mu, ɛfiri sɛ anka saa bɛsɛe anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ kɛseɛ no.

9 Ɛno nti sɛdeɛ ɔkra no ntumi nwu da no, na asehweɛ no de honhom ne honam mu wuo nyina ara aba adasamma nyina ara so no kyerɛ sɛ watwa wɔn afiri Awurade anim, na na ɛho hia sɛ ɔyi adasamma firi honhom mu wuo yi mu.

10 Ɛno nti, ɛnam sɛ wɔaba honam mu nti, na wɔabɛyɛ ɔkra na wɔyɛ ɔbonsamsɛm nti, ɛnam nipa su no nti, saa nsɔhwɛ mmerɛ tebea yi bɛyɛɛ mmerɛ a ɛno mu wɔde bɛsiesie wɔn ho; ɛbɛyɛɛ ahɔsiesie tebea.

11 Na afei kae, me babarima sɛ ɛnyɛ dima ho nhyehyɛeɛ no a, (sɛ wɔde to nkyɛn a) anka mmerɛ a wɔwueɛ no ara pɛ na wɔn akra yɛɛ mmɔbɔ, ɛfiri sɛ wɔbɛtwa wɔn afiri Awurade anim.

12 Na afei, na ɛkwan biara nni hɔ a wɔbɛfa so de ayi adasamma afiri saa asehweɛ tebea yi mu, deɛ ɔbarima nam asoɔden so de aba ne so no.

13 Ɛno nti, sɛdeɛ atɛntenenee te no, dima ho nhyehyɛeɛ no ntumi mma mu, gye sɛ ɔfa nnipa nsakyeraɛ so wɔ saa nsɔhwɛ mmerɛ tebea yi mu, aane, saa ahɔsiesie tebea yi mu, na gye sɛ ɛnam saa kwan yi so, anyɛ saa a mmɔborɔhunu ntumi nnyɛ n’adwuma sɛdeɛ ɛsɛ, gye sɛ ɛsɛe atɛntenenee adwuma. Afei wɔrentumi nsɛe atɛntenenee adwuma; sɛ ɛba saa a, na Nyankopɔn nnyɛ Nyankopɔn bio.

14 Na yei ma yɛhunu sɛ adasamma nyina ara ahwe ase, na wɔhyɛ atɛntenenee no nsa mu; aane, Nyankopɔn atɛntenenee no a ɛbɛma watwa wɔn afiri n’anim afebɔɔ no.

15 Na afei, mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no ntumi mma mu gye sɛ mpata ba mu. Ɛno nti Nyankopɔn no ara de ne ho yɛɛ mpata maa wiase bɔne, ama mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ no aba mu, abɛma atɛntenenee bo atɔ ne yam, ama Nyankopɔn ayɛ Nyankopɔn a ɔwie pɛ yɛ, Nyankopɔn nokwarefoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Nyankopɔn nso.

16 Afei, nsakyeraɛ ntumi mma nnipa so gye sɛ asotweɛ wɔ hɔ, ɛno nso yɛ adeɛ a ɛnniawieɛ sɛdeɛ ɔkra no nkwa nso wɔ sɛ ɛyɛ no teɛ, na deɛ ɛne anigyeɛ ho nhyehyɛeɛ bɔ abira no nso ɛnniawieɛ sɛdeɛ ɔkra no nkwa nso teɛ.

17 Afei, sɛ nipa nyɛɛ bɔne a ɛbɛyɛ dɛn na wasakyera? Sɛ mmara nni hɔ a ɛbɛyɛ dɛn na wayɛ bɔne? Sɛ mmara nni hɔ a ɛbɛyɛ dɛn na asotweɛ aba?

18 Afei, ɔde asotweɛ abata ho, na ɔde mmara a asisie nni ho ama, deɛ ɛha nnipa adwene mma ne nnya nnuho.

19 Afei, sɛ ɔnhyehyɛeɛ mmara mmaeɛ—na sɛ onipa di awu a ɔbɛwu—sɛ ɔkum onipa a, ɔbɛsuro sɛ ɔbɛwu anaa?

20 Na afei nso, sɛ wɔnhyehyɛeɛ mmara mmaeɛ a etia bɔne a, anka nnipa nsuro sɛ wɔbɛyɛ bɔne.

21 Na sɛ wɔnkyekyere mmara mmaeɛ a, anka sɛ nnipa yɛ bɔne a ɛdeɛn na tenene anaa mmɔborɔhunu bɛyɛ, na wɔwɔ tumi bi wɔ nnipa so anaa?

22 Na mmom wama mmara bi, na asotweɛ bata ho, na wama nsakyeraɛ nso; nsakyeraɛ no a mmɔborɔhunu wɔ so tumi no; anyɛ saa a tenenee nya tumi wɔ nnipa so ma mmara yɛ n’adwuma, na mmara no nso ma asotweɛ no; sɛ nnyɛ saa a, anka tenenee nwuma bɛsɛe, na Nyankopɔn anyɛ Nyankopɔn bio.

23 Mmom Onyankopɔn nnyae sɛ ɔyɛ Nyankopɔn, na mmɔborɔhunu nya tumi wɔ deɛ wasakyera no so, na mmɔborɔhunu nam mpata no so na ɛba; na mpata no na ɛma awufoɔsɔreɛ no ba mu; na awufoɔsɔreɛ no san de nnipa ba Nyankopɔn anim; na yei na ɛbɛma wɔasan akɔ n’anim, ama wabu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn nwuma teɛ, sɛdeɛ mmara no ne teneneeɛ teɛ.

24 Na hwɛ, teneneeɛ hwehwɛ deɛ obisa biara, na mmɔborɔhunu nso gye deɛ ɛyɛ ɔnoara ne deɛ nyina ara; na yei ma wɔn a wɔbɛsakyera nokware mu no nko ara na ɔbɛgye wɔn nkwa.

25 Ɛdeɛn na wo susu sɛ mmɔborɔhunu bɛtumi awia afiri teneneeɛ hɔ? Mese wo sɛ, Daabi; ɛrentumi baako mpo. Sɛ ɛte saa a anka Nyankopɔn nnyɛ Nyankopɔn bio.

26 Na yei ma Nyankopɔn botaee kɛseɛ a ɛnniawieɛ no a ɔyɛe fiti wiase fapem no aba mu. Na sei na ɛbɛma nnipa nkwagyeɛ ne ne dima ne ne sɛee ne mmɔborɔyɛ no nso aba mu.

27 Ɛno nti, O me babarima, obiara a ɔpɛ no ɔmera na ɔmɛnom nkwansuo no kwa; na obiara nso a ɔremma no ɔrennhyɛ no sɛ ɔmera; na mmom ɛda a ɛdi akyire no ɔbɛnya ne dwumadie ho akatua pɛpɛɛpɛ.

28 Sɛ ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ bɔne, na wansakyera wɔ ne nkwa nna mu a, hwɛ, ɔde bɔne bɛhyɛ n’ananmu pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ Nyankopɔn ananmuhyɛ no teɛ.

29 Na afei, me babarima, mempɛ sɛ wo bɛma saa nneɛma yi aha wo bio, na ma wo bɔne nko ara na ɛnha wo, saa ɔhaw no na ɛbɛma waberɛ wo ho ase anya nsakyeraɛ.

30 O me babarima, mempɛ sɛ wo bɛpo Nyankopɔn tenenee no bio. Mma wo bɔne nti, wo bɛpɛ sɛ wo bɛhwehwɛ biribi nketenkete bi agyina so de agye wo ho, sɛ wo bɛgye Nyankopɔn tenenee no ho akyinnyeɛ; na mmom ma Onyankopɔn tenenee, ne n’ahummɔborɔ ne n’abodwo—kyerɛ nya tumi wɔ w’akoma mu; na ma kwan ma ɛmfa wonkɔ nnɛteɛ mu wɔ ahobraseɛ mu.

31 Na afei, O me babarima, Onyankopɔn afrɛ wo sɛ ka n’asɛm no kyerɛ nkurɔfoɔ yi. Na afei, me babarima, kɔ wo kwan, na fa nokware no kɔbɔ asɛm no ho dawuro, ama wode akra abɛnya nsakyeraɛ, ama mmɔborɔhunu nhyehyɛeɛ kɛseɛ no anya wɔn so tumi. Na ma Nyankopɔn nyɛ ma wo sɛdeɛ me nsɛm no teɛ mpo. Amen.