Twerɛnsɛm
Alma 6


Ti 6

Wɔte asɔre a ɛwɔ Sarahɛmla no ho na wɔhyehyɛ ɛmu dwumadie yie—Alma kɔ Gideon kɔka nsɛmpa no. Bɛyɛ mfinhyia 83 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ Alma kasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ asɔre a wɔate wɔ Sarahɛmla kuropɔn no mu wieeɛ no, ɔde ne nsa guu ebinom so hyɛɛ wɔn asɔfoɔ ne asɔre mpanimfoɔ sɛdeɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ no teɛ, sɛ wɔnhwɛ asɔre no so, na ɔnyaa ho kwan nso sɛ ɔhwɛ asɔre no so yie.

2 Na ɛbaa sɛ wɔn a wɔnka asɔre no ho no a wɔsakyeraae firii wɔn bɔne ho no na ɛnyaa nsakyeraɛ asubɔ, na wɔgyee wɔn too asɔre no mu.

3 Na ɛbaa nso sɛ obiara a ɔwɔ asɔre no mu a wansakyera amfiri wɔn atirimuɔden ho na wɔammerɛ wɔn ho ase wɔ Onyankopɔn anim no—Me kyerɛ sɛ wɔn a wɔmaa wɔn ho so ahomasoɔ mu wɔ wɔn akoma mu no—wɔn na wɔpoo wɔn, na wɔpopaa wɔn din, ɛno nti wɔankan wɔn din amfera ateneneefoɔ no.

4 Na sei na wɔhyɛɛ aseɛ de hyehyɛɛ asɔre no mu dwumadie wɔ Sarahɛmla kuropɔn no mu.

5 Afei mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ Onyankopɔn asɛm wɔ hɔ ma obiara, na obiara nni hɔ a wɔsi no kwan sɛ mma wɔnka wɔn ho mmɔ mu sɛ wɔretie Onyankopɔn asɛm.

6 Nanso wɔahyɛ Onyankopɔn mma no sɛ wɔntaa nka wɔn ho mmɔ mu, na wɔn nhyia wɔ akɔmkyene ne mpaebɔ den mu mma wɔn a wɔnnim Onyankopɔn no yiedie.

7 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Alma yɛɛ saa mmara yi no, ɔfirii wɔn mu kɔɔe, aane, ɔfirii asɔre a na ɛwɔ Sarahɛmla kuropɔn no mu no, na ɔkɔɔ asubɔntene Sidon apueɛ fa mu, kɔɔ Gideon bɔnhwa no mu, na wɔakyekyere kuropɔn bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Gideon kuropɔn a na ɛwɔ bɔnhwa no a wɔfrɛ no Gideon no mu, deɛ wɔde too ɔbarima no a Nehɔ de n’akofena kum no no.

8 Na Alma kɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreda Onyankopɔn asɛm no adi akyerɛ asɔre a wɔtee no wɔ Gideon bɔnhwa no mma no, sɛdeɛ asɛm no nokware ho yikyerɛ a n’agyanom aka ho asɛm no, ne sɛdeɛ nkɔmhyɛ honhom a ɛwɔ ne mu teɛ, sɛdeɛ Yesu Kristo a ɔyɛ Nyankopɔn Ba no ho adanseɛ teɛ, deɛ ɔbɛba abɛdi ama ne nkurɔfoɔ afiri wɔn bɔne mu, ne nhyehyɛeɛ kronkron no a wɔde frɛɛ no no. Na sei na wɔatwerɛ. Amen.