Twerɛnsɛm
Alma 60


Ti 60

Moronae kasa fa aban no ani a wabu agu asraafoɔ so ho kyerɛ Pahoran—Awurade ma kwan ma wɔkum ateneneefoɔ—Ɛwɔ sɛ Nifaefoɔ no de wɔn tumi nyina ara, na wɔfa ɔkwan biara so de gye wɔn ho firi wɔn atamfo nsam—Moronae hunahuna aban no sɛ, sɛ wamfa mmoa ammerɛ n’asraafoɔ no a, ɔbɛba ne so ne no abɛko. Bɛyɛ mfinhyia 62 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ ɔsan twerɛɛe krataa de kɔmaa Pahoran a na ɔyɛ ammrado wɔ asaase no so no, na yei ne nsɛm a ɔtwerɛe: Hwɛ, mede me krataa yi rema Pahoran a ɔwɔ Sarahɛmla asaase so no, a ɔyɛ ɔtɛmmuafoɔ panin ne ammrado a ɔhwɛ asaase no so no, ne wɔn nso a saa nkurɔfoɔ yi ayi wɔn sɛ wɔmu ɔman no, na wɔnhyehyɛ dwumadie biara a ɛfa saa ɔko yi ho no.

2 Na hwɛ, mewɔ nsɛm bi ka de bu wɔn fɔ; na hwɛ, mo ankasa monim sɛ wɔyii mo sɛ mommoaboa marima ano na momfa akofena, ne mpea ne akodeɛ ahodoɔ nyina ara a wɔde kɔ ako biara mfa mma wɔn nkuta, na momma wɔne Lamanfoɔ nkɔko, wɔ yɛn nsaase no fa biara a wɔbɛba so no.

3 Na afei hwɛ, mese mo sɛ me ara, ne me marima nso, ne Hɛlaman nso ne ne marima, ahunu amane kɛseɛ yie; aane, mpo ɛkɔm, nsukɔm, ne ɔbrɛ, ne amanehunu a ɛsɛ ahodoɔ nyina ara bi.

4 Mmom hwɛ, sɛ yei nko ara ne amane a yɛahunu a anka yerenwiinwii anaa sɛ anka yerenka ho asɛm.

5 Nanso hwɛ, wɔakum yɛn nkurɔfoɔ no mu dodoɔ no ara yie; aane, mpempem atotɔ wɔ akofena ano, wɔ mmerɛ a anka ɛremma saa sɛ anka mo brɛɛ yɛn asraafoɔ no ɛdɔm a wɔdɔɔso ne mmoa a ɛdɔɔso a. Aane, moabu mo ani agu yɛn so dodo.

6 Na afei hwɛ, yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ nti a ama moabu mo ani agu yɛn so dodo sei no; aane, yɛpɛ sɛ yɛhunu deɛ nti a ama mo nnwene obiara ho yi.

7 Modwene sɛ mobɛtumi atena mo ahennwa so tebɔɔ wɔ mmerɛ a mo atamfo redi dwuma a ɛde owuo retwa mo ho hyia yi? Aane, mmerɛ a wɔrekumkum mo nuanom mpempem.

8 Aane, wɔn a wɔn ani da mo so mpo sɛ mobɛbɔ wɔn ho ban no, aane, wɔde mo agyina saa gyinabea yi sɛ mobɛyɛ wɔn mmoa, aane, anka ɛwɔ sɛ mokɔma wɔn asraafoɔ ma wɔkɔboa wɔn, na ama wɔagye wɔn mu mpempem ama wɔantotɔ wɔ akofena ano.

9 Mmom hwɛ, nnyɛ ne nyina ara nie—mo de mo nnuane akame wɔn ara ama dodoɔ no ara ahwere wɔn nkwa ɛnam sɛ wɔpɛ nkurɔfoɔ yi yiedie nti; aane, na wɔyɛɛ sei wɔ mmerɛ a na ɛkɔm rekum wɔn, ɛnam sɛ moabu mo ani agu wɔn yiedie so nti.

10 Na afei, me nuanom adɔfoɔ—anka ɛwɔ sɛ monya ɔdɔ; aane, anka ɛwɔ sɛ mokanyan mo ho anibereɛ so de hwehwɛ saa nkurɔfoɔ yi yiedie ne wɔn fawohodie; nanso hwɛ, moabu mo ani agu wɔn yiedie so ara ama mpempem mogya ɛbɛgu mo tiri so de apɛ awerɛtɔ; aane ɛfiri sɛ wɔn suu, ne wɔn amanehunu nyina ara no Onyankopɔn nim.

11 Hwɛ, mosusu sɛ mo bɛtena mo ahennwa so, na ɛnam Onyankopɔn papayɛ a ɛdɔɔso no nti, sɛ moannyɛ hwee koraa mpo a ɔbɛgye mo anaa? Hwɛ, sɛ sei na moasusu deɛ a, na mo nsusuɛ no ayɛ kwa.

12 Modwene sɛ mo nuanom bebree a wɔakum wɔn no, ɛnam wɔn atirimuɔden nti anaa? Mese mo sɛ, sɛ sei na mo asusu deɛ a ɛnneɛ mo nsusueɛ no ayɛ kwa; na mese mo sɛ, dodoɔ ara na na atotɔ wɔ akofena ano; na monhwɛ, ɛyɛ mo afɔdie nti;

13 Na Awurade ma kwan ma wɔkum ateneneefoɔ ama n’atɛntenenee ne n’atɛmmuo aba atirimuɔdenfoɔ so; ɛno nti ɛnsɛ sɛ mosusu sɛ ɛnam sɛ wɔakumkum wɔn no nti ateneneefoɔ no ayera; mmom hwɛ, wɔwura Awurade wɔn Nyankopɔn ahomegyeɛ mu.

14 Na afei hwɛ, mese mo sɛ, mesuro yie sɛ Onyankopɔn ntɛmmuo no bɛba saa nkurɔfoɔ yi so ɛnam wɔn akwadworɔ mmorosoɔ nti, aane, yɛn aban mpo akwadworɔ, ne wɔn ani a wɔabu no mmorosoɔ agu wɔn nuanom yiedie so no, aane, wɔ wɔn a wɔakum wɔn no so.

15 Na sɛ ɛnnyɛ atirimuɔden a na ahyɛ aseɛ no a ɛkɔɔ so wɔ yɛn mpanimfoɔ no mu no a, anka yɛbɛtumi agyina yɛn atamfoɔ anim ama wɔantumi annya tumi wɔ yɛn so.

16 Aane, sɛ anka ɛnnyɛ ɛko a ɛsii wɔ yɛn mu no a; aane, sɛ ɛnyɛ saa wɔn a wɔpɛ ɔhene amanmuo no a, wɔmaa mogyahwieguo pii baa yɛn mu no; aane, wɔ mmerɛ a na apereapereɛ asi yɛn mu no, sɛ anka yɛde yɛn ahoɔden bɔɔ mu sɛdeɛ yɛyɛɛe no dada no a; aane, sɛ nnyɛ saa wɔn a wɔpɛ ɔhene amanmuo no a wɔpɛ tumi ne sɛ wɔbɛnya ho kwan adi yɛn so no a; sɛ anka wɔdii nokware de maa yɛn fawohodie, na wɔne yɛka bɔɔ mu, na wɔne yɛn atamfo kɔkooe, kyɛn sɛ wɔfaa akofena ne yɛn bɛkoe maa yɛkaa yɛn ankasa yɛn mogya pii guiɛ; aane, sɛ yɛkɔɔ wɔn so wɔ Awurade ahoɔden mu a, anka yɛbɔɔ yɛn atamfo hwetee, na anka ɛbɛyɛ hɔ, sɛdeɛ n’asɛm bɛba mu pɛpɛɛpɛ no.

17 Mmom hwɛ, afei Lamanfoɔ no reba yɛn so abɛfa yɛn nsaase, na wɔde akofena rekumkum yɛn nkurɔfoɔ, aane, yɛn mmaa ne yɛn mma, na wɔfa wɔn nnɔmum nso de wɔn kɔ, na wɔbɛma wɔahunu amane ahodoɔ nyina ara, na yei nyina ara firi wɔn a wɔrehwehwɛ tumi ne akwanya no atirimuɔdensɛm, aane, mpo saa wɔn a wɔpɛ ɔhene amanmuo no.

18 Na adɛn nti na ɛwɔ sɛ meka saa adeɛ yi ho asɛm pii? Ɛfiri sɛ na yɛnnim deɛ nti a mo ara ankasa morepere hwehwɛ sɛ mobɛnya kwan yi. Yɛnnim; na mmom yɛnim sɛ moyɛ mo man no fatwafoɔ.

19 Anaa sɛ moabu mo ani agu yɛn yiedie so ɛfiri sɛ mohyɛ yɛn man yi akoma mu na awɛmfoɔ atwa mo ho ahyia nti na momma wɔmfa aduane mmerɛ yɛn yi, ne marima mmɛka yɛn asraafoɔ ho yi?

20 Mo werɛ afiri Awurade mo Nyankopɔn mmaransɛm no anaa? Aane, mo werɛ afiri yɛn agyanom nnɔmum no anaa? Mo werɛ afiri dodoɔ a wagye yɛn afiri yɛn atamfo nsa mu no anaa?

21 Anaa sɛ mosusu sɛ Awurade bɛkɔ so agye yɛn, wɔ mmerɛ a yɛte yɛn ahendwa so na yɛmmfa deɛ Awurade de ama yɛn no nni dwuma anaa?

22 Aane, mobɛtena ase akwadworɔ mu wɔ mmerɛ a mpempem atwa mo ho ahyia a wɔn nso wɔte akwadworɔ mu, mmerɛ a mpemdu du atwa mo ho ahyia wɔ asaase no hyeɛso a wɔretotɔ wɔ akofena ano, aane, wɔapirapira na mogya retu wɔn?

23 Mosusu sɛ Onyankopɔn bɛhwɛ mo sɛ mo nni fɔ wɔ mmerɛ a moda ho te hɔ rehwɛ saa nneɛma yi? Monhwɛ mese mo sɛ, Daabi. Afei mepɛ sɛ mokae sɛ Onyankopɔn aka sɛ ɔbɛdi kan ahohoro ɛhyɛn no mu ansa na wɔahohoro ne nkyɛnkyɛn no nso.

24 Na afei, gye sɛ mosakyera firi deɛ moayɛ no ho, na mohyɛ aseɛ sɔre gyina hɔ yɛ biribi na mode aduane ne marima brɛ yɛn, ne Hɛlaman nso, ama ɔde aboa yɛn man no fa no a ne nsa asan aka no, na ama yɛn nso yɛatumi agye yɛn ahodeɛ wɔ baabi a aka no nso, hwɛ ɛbɛhia sɛ yɛne Lamanfoɔ no nko bio kɔsi sɛ yɛbɛdikan ahohoro yɛn hyɛn no mu ansa, aane, yɛn aban no mpanimfoɔ no mpo ho.

25 Na gye sɛ woyɛ deɛ mabisa wɔ me krataa no mu no, na moda fawohodie honhom mapa adi kyerɛ me, na mobɔ mmɔden sɛ mobɛhyɛ yɛn asraafoɔ no den na mobɔ wɔn ho ban, na moma wɔn aduane na moboa wɔn, hwɛ mɛgyae me nkurɔfoɔ a wɔwɔ wɔn fawohodiefoɔ mu yi fa no ama wɔahwɛ yɛn asaase yi fa, na mɛsrɛ Onyankopɔn ahoɔden ne ne nhyira agu wɔn so, ama tumi foforɔ biara antumi anko antia wɔn.

26 Na sei ɛnam wɔn gyedie mmorosoɔ, ne wɔn abotare wɔ wɔn ahohiahia mu nti—

27 Na mɛba mo nkyɛn, na sɛ obi wɔ mo mu a ɔpɛ fawohodie a, aane, fawohodie kakraa bi mpo aka a, hwɛ mɛkanyan atuateɛ wɔ mo mu, akɔsi sɛ wɔn a wɔpre hwehwɛ tumi no mpo ase bɛtu koraa.

28 Aane, hwɛ mensuro mo tumi anaa akwanya a mo wɔ, na mmom me Nyankopɔn na mesuro no; na ɛnam sɛdeɛ ne mmaransɛm teɛ nti na me faa m’akofena sɛ mede rebɔ me man ho ban, na ɛnam mo amumuyɛ nti na yɛahwere nnipa bebree yi.

29 Hwɛ mmerɛ aso, aane, mmerɛ no abɛn, na gye sɛ mokɛntene mo ho sɛ mobɛbɔ mo man ne mo nkwadaa nketewa ho ban, anyɛ saa deɛ a atɛntenenee akofena no bɛsensɛn mo so; aane, na ɛbɛte atɔ mo so na aba mo so kɔsi sɛ mobɛsɛe koraa mpo.

30 Hwɛ, meretwɛn mmoa afiri mo hɔ; na, gye sɛ mo boa yɛn, hwɛ, meba mo hɔ, wɔ Sarahɛmla asaase so mpo, na mede akofena abɛtwitwa mo ara sɛ ɛbɛyɛ a monnya tumi bio mfa nsi nkurɔfoɔ yi fawohodie nkɔsoɔ ho kwan.

31 Na hwɛ, Awurade remma kwan mma montena ase, na mo ho nnyɛ den wɔ mo amumuyɛ mu mfa nsɛe ne nkurɔfoɔ a wɔtene no.

32 Hwɛ, mobɛtumi asusu sɛ Awurade bɛgye mo na wabua Lamanfoɔ atɛn, wɔ mmerɛ a wɔn agyanom amammerɛ nti ama wɔanya ɔtan, aane, ne wɔn a wɔtee wɔn ho firii yɛn mu no nso nti no, wɔama ɔtan yi ayɛ kɛseɛ, mmera a ɛnam ɔdɔ a mowɔ ma animuonyam ne wiase nneɛma hunu nti mo ayɛ amumuyɛsɛm yi?

33 Monim sɛ moto Onyankopɔn mmara, na monim nso sɛ motiatia so wɔ mo nan ase. Hwɛ, Awurade ka kyerɛɛ me sɛ: Sɛ wɔn a moayi wɔn sɛ wɔnyɛ mo amankrado no ansakyeraɛ amfiri wɔn bɔne ne wɔn amumuyɛ ho a, ɛnneɛ monkɔ ne wɔn nkɔko.

34 Na afei hwɛ, Me, Moronae, sɛdeɛ apam a mafa sɛ mɛdi me Nyankopɔn mmaransɛm no so; ɛno nti mepɛ sɛ mobɛtie Onyankopɔn asɛm, na mo asoma ntɛmpa ara ma wɔde nnuane ne mo marima abrɛ me, ne Hɛlaman nso.

35 Na hwɛ, sɛ moannyɛ saa adeɛ yi a, meba mo so ntɛmntɛm; na hwɛ; Onyankopɔn renhwɛ sɛ ɛkɔm nkum yɛn; ɛno nti ɔbɛma yɛn mo aduane no bi, sɛ ɛba no sɛ akofena ano mpo a. Afei hwɛ sɛ mobɛma Onyankopɔn asɛm no aba mu.

36 Hwɛ, me ne Moronae, mo asraafoɔ sahene panin no. Menhwehwɛ tumi, na mmom merehwehwɛ sɛ mɛtwe ahwe fam. Menhwehwɛ wiase animuonyam, na mmom me Nyankopɔn animuonyam, ne me man fawohodie ne ne yiedie. Na sei na mede me krataa yi ba awieɛ.