Twerɛnsɛm
Alma 5


Nsɛm a Ɔsɔfo Panin Alma nam sɛdeɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no teɛ so de maa nkurɔfoɔ no wɔ wɔn nkuropɔn ne nkuraseɛ wɔ asaase no nyina ara so no.

Ne nyina ara wɔ ti 5.

Ti 5

Ansa na nnipa bɛnya nkwagyeɛ no, ɛwɔ sɛ wɔsakyera na wɔdi mmaransɛm no so, na wɔwo wɔn foforɔ, wɔsi wɔn ntoma wɔ Kristo mogya no mu, wɔnyɛ ahobraseɛ na wɔnyi ahomasoɔ ne anibereɛ mfiri wɔn so, na wɔnni dwuma a ɛtene—Odwanhwɛfo Pa no frɛ ne nkurɔfoɔ—Wɔn a wɔdi dwuma bɔne no yɛ ɔbonsam mma—Alma di adanseɛ sɛ ne nkyerɛkyerɛ no yɛ nokware na ɔhyɛ nnipa sɛ wɔnsakyera—Wɔbɛtwerɛ ateneneefoɔ no din wɔ nkwa nwoma no mu. Bɛyɛ mfinhyia 83 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ Alma hyɛɛ aseɛ sɛ ɔreka Onyankopɔn asɛm akyerɛ nkurɔfoɔ no, ɔdii kan kaa no wɔ Sarahɛmla, na ɔfirii hɔ no, ɔkyinkyinii asaase no nyina ara so.

2 Na yei ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ asɔremma a wɔwɔ asɔre a wɔate wɔ Sarahɛmla kuropɔn no mu no, sɛdeɛ ɔno ara ne twerɛtohɔsɛm no seɛ:

3 Me, Alma, m’agya Alma na ɔhyɛɛ me ɔsɔfo panin wɔ Onyankopɔn asɔre no mu, ɔno na Onyankopɔn maa no tumi ne akwanya sɛ ɔnyɛ saa nneɛma yi, hwɛ, mese mo sɛ ɔhyɛɛ aseɛ tee asɔre wɔ asaase a ɛwɔ Nifae asaase no hyeɛso; aane, asaase no a wɔfrɛɛ no Mormon asaase, aane; na ɔbɔɔ ne nuanom asu wɔ Mormon nsuwa no mu.

4 Na hwɛ, mese mo sɛ, Onyankopɔn nam n’ahummɔborɔ ne ne tumi so gyee wɔn firii ɔhene Noa nkurɔfoɔ no nsa mu.

5 Na hwɛ, ɛno akyire yi no, Lamanfoɔ de wɔn baa nkoasom mu, wɔ ɛserɛ no so; aane, mese wo sɛ wɔde wɔn baa nnɔmum mu, na Awurade nam tumi a ɛwɔ n’asɛm mu gyee wɔn firii nkoasom mu bio; na wɔde yɛn baa asaase yi so, na ɛha na yɛhyɛɛ aseɛ tee Onyankopɔn asɔre no nso wɔ asaase no nyina ara so.

6 Na afei monhwɛ, mese mo, me nuanom a mowɔ asɔre yi mu sɛ, moatumi akae moagyanom nnɔmum no yie? Aane, na moakae n’ahummɔborɔ ne n’abodwokyerɛ a na ɔwɔ wɔ wɔn so no yie? Na ɛno akyiri no, moakae yie sɛ wayi wɔn akra afiri asamando?

7 Monhwɛ, ɔsesaa wɔn akoma; aane, ɔnyanee wɔn firii nnahɔɔ mu, na wɔnyanee wɔn maa Nyankopɔn. Monhwɛ, na wɔwɔ ɛsum kabii mu; nanso asɛm a ɛtehɔ daa no hann hyerɛnn wɔn akra mu; aane, ne owuo mpokyerɛ ne asamando nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɔsɛeɛ a ɛtehɔ daa retwɛn wɔn.

8 Na afei mebisa mo, me nuanom, wɔsɛee wɔn anaa? Monhwɛ, mese mo sɛ Daabi, wɔansɛe wɔn.

9 Na mebisa mo bio, owuo mpokyerɛ no mu teteeɛ anaa, ne asamando nkɔnsɔnkɔnsɔn no a ɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ no, ɛmu saneeɛ anaa? Mese mo sɛ, Aane, ɛmu sanesaneeɛ, na wɔn akra ho sɛpɛɛ wɔn, na wɔtoo dima dɔ ho nwom. Na mese mo sɛ wɔagye wɔn nkwa.

10 Na afei mebisa mo sɛ ɛdeɛn na wɔhwɛe ho de gyee wɔn nkwa? Aane, ɛdeɛn na wɔgyina so de nyaa anidasoɔ wɔ nkwagyeɛ ho? Ɛdeɛn na ɛmaa wɔsanesanee wɔn firii owuo mpokyerɛ mu, aane, ne asamando nkɔnsɔnkɔnsɔn nso mu?

11 Monhwɛ, Mɛtumi aka akyerɛ mo—M’agya Alma anye nsɛm a ɛpue firii Abinadae ano mu no anni anaa? Anaa na ɔnnyɛ nkɔmhyɛni kronkron? Na wanka Onyankopɔn nsɛm no, na m’agya Alma gye diiɛ?

12 Na ɛnam ne gyedie nti nsesaɛ kɛseɛ baa n’akoma mu. Monhwɛ mese mo sɛ yei nyina ara yɛ nokware.

13 Na monhwɛ, ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn agyanom, na nsesaɛ kɛseɛ bi nso baa wɔn akoma mu, na wɔbrɛɛ wɔn ho ase na wɔde wɔn werɛ hyɛɛ Nyankopɔn nokwarefoɔ teasefoɔ no mu. Na monhwɛ, wɔdii nokware de kɔsii awieɛ; ɛno nti wɔgyee wɔn nkwa.

14 Na afei monhwɛ, mebisa mo, me nuanom asɔremma, Onyankopɔn awo mo honhom mu anaa? Na moanya ne su wɔ mo anim anaa? Moanya saa nsesaɛ kɛseɛ yi wɔ mo akoma mu anaa?

15 Mo wɔ gyedie wɔ deɛ ɔbɔɔ mo no a ɔdi maa mo no mu anaa? Mode gyedie ani hwɛ kwan, na mo hunu saa honam dua yi a ɛwuo sɛ wanyane no ama abɛyɛ honamdua a ɛnnwuo da, na deɛ ɛyɛ porɔɛ yi abɛyɛ deɛ ɛmporɔ, na ɛgyina Onyankopɔn anim ama wabu n’atɛn wɔ dwuma a odii wɔ honamdua yi mu anaa?

16 Mese mo sɛ, mobɛtumi asusu ama mo ho sɛ mote Awurade nne sɛ ɛrekasa akyerɛ mo saa da no mu sɛ: Mo mmra me nkyɛn mo a wɔahyira mo, na monhwɛ, mo nwuma a moyɛɛe wɔ asaase ani so no yɛ tenenee nwuma anaa?

17 Anaa sɛ mosusu ma mo ho sɛ mobɛtumi adi atorɔ akyerɛ Awurade wɔ saa da no mu, na mo aka sɛ—Awurade, yɛn nwuma a yɛdii wɔ asaase ani so no yɛ nnwuma tenenee—na ɛno w’agye mo nkwa anaa?

18 Anaa sɛ mobɛtumi asusu ama mo ho sɛ mo aba Onyankopɔn asɛnibea na awerɛhoɔ ne nnuho ahyɛ mo akra ma na mo kaekae mo mfomsoɔ nyina ara, aane mo kae moamumuyɛ nyina ara pefee, aane, deɛ ɛkae mo sɛ moabu Onyankopɔn mmaransɛm no animtia no?

19 Mese mo sɛ, mo bɛtumi de akoma a ɛmuteɛ ne nsa a ɛhoteɛ ahwɛ Onyankopɔn anim anaa? Mese mo sɛ, mobɛtumi ahwɛ ɛsoro sɛ wɔakrukyire Onyankopɔn nsɛsoɔ wɔ mo anim?

20 Mese mo sɛ, mobɛtumi adwene sɛ mobɛnya nkwagyeɛ wɔ mmerɛ a moagyae mo ho mu ama moabɛyɛ ɔbonsam nkoa yi?

21 Mese mo sɛ, mobɛhunu no saa da no sɛ montumi nnya nkwagyeɛ; ɛfiri sɛ obiara ntumi nnya nkwagyeɛ gye sɛ wasi ne ntaadeɛ ama ayɛ fitaa; aane, ɛwɔ sɛ ɔte ne ntaadeɛ ho wɔ deɛ yɛn agyanom aka ne ho asɛm sɛ ɔbɛdi ama ne nkurɔfoɔ wɔ wɔn bɔne mu no mogya mu kɔsi sɛ nkekae biara bɛfiri mu.

22 Na afei mebisa mo, me nuanom, sɛn na mo ho bɛyɛ mo, sɛ mokɔgyina Onyankopɔn anim wɔ n’asɛnibea hɔ a, mmerɛ a mogya ne ɛfii ahodoɔ nyina ara akeka mo ntaadeɛ mu? Monhwɛ, ɛdeɛn adanseɛ na saa nneɛma yi bɛdi atia mo?

23 Monhwɛ nti enni adanseɛ sɛ moyɛ awudifoɔ, aane, na mo san difɔ wɔ awudisɛm ahodoɔ nyina ara ho?

24 Monhwɛ me nuanom, modwene sɛdeɛ ɔte saa no bɛtumi ne Abraham, Isak, ne Yakob, ne nkɔmhyɛfoɔ kronkron no nyina ara nso a wɔate wɔn ntaadeɛ ho ama ayɛ fitaa no atena Onyankopɔn aheman no mu anaa?

25 Mese mo sɛ, Daabi; gye sɛ moyɛ yɛn Ɔbɔadeɛ no torofoɔ fiti ahyɛaseɛ, anaa sɛ modwene sɛ ɔyɛ ɔtorofoɔ fiti ahyɛaseɛ, mma mo nnwene sɛ wɔn a wɔte saa no bɛnya baabi wɔ ɔsoro aheman no mu; na mmom wɔbɛto wɔn atwene, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔbonsam aheman mu mma.

26 Na afei monhwɛ, mese mo, me nuanom, sɛ monyaa nsesaɛ wɔ mo akoma mu pɛn, na sɛ monyaa atenka sɛ mo bɛto ɔdɔ a ɔdi maa mo no ho dwom a, mebisa sɛ monyaa saa atenka no seesei?

27 Moanante wɔ Onyankopɔn anim a ɛfɔdie biara nni mo ho anaa? Anaa sɛ ɛba sɛ wɔ frɛ mo sɛ monwu saa mmerɛ yi a, mobɛtumi aka wɔ mo mu sɛ moayɛ ahobraseɛ ara yie? Na moate mo ntadeɛ ho ama ayɛ fitaa wɔ Kristo a ɔbɛba abɛdi ama ne nkurɔfoɔ wɔ wɔn bɔne mu no mogya mu anaa?

28 Monhwɛ, moayi ahomasoɔ afiri mo mu? Mese mo sɛ, sɛ monnyɛɛ saa a na mo nsiesie mo ho sɛ morehyia Onyankopɔn. Monhwɛ ɛwɔ sɛ moyɛ ahoboa ntɛmntɛm; ɛfiri sɛ ɔsoro aheman no abɛn, na deɛ ɔte saa no nni nkwa a ɛnniawieɛ.

29 Monhwɛ, mese, mo mu bi wɔ hɔ a ɔnnyii anibereɛ mfirii ne mu anaa? Mese mo sɛdeɛ ɔte saa no nnyɛɛ ahoboa; na mɛpɛ sɛ ɔsiesie ne ho ntɛmntɛm, ɛfiri sɛ mmerɛ no abɛn, na ɔnnim mmerɛ a mmerɛ no bɛba; na ama deɛ ɔte saa no anni fɔ.

30 Na mese mo bio sɛ, obi wɔ mo mu a ɔdi onua ho fɛw, anaa sɛ ɔtaataa no pii anaa?

31 Deɛ ɔte saa no nue, ɛfiri sɛ ɔnnyɛɛ ahoboa, na mmerɛ no abɛn ama ɛwɔ sɛ ɔsakyera, anyɛ saa a ɔnnya nkwagyeɛ!

32 Aane, mo a mo yɛ amumuyɛ nyina ara nnue; mo nsakyera, mo nsakyera, ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn na akasa!

33 Monhwɛ, wato nsa aferɛ nnipa nyina ara, na waterɛ n’ahummɔborɔ abasa no mu wɔ wɔn so na ɔka sɛ: Monsakyera na mɛgye mo.

34 Aane ɔkaa sɛ: Mo mmra me nkyɛn na mobɛdi nkwadua n’aba no; aane, mobɛdi nkwa paanoo no na moanom nkwa nsuo no kwa.

35 Aane, mo mmra me nkyɛn na momfa nwuma a ɛtene mmra, na wɔrentwa mo nngu na wɔanto mo anngu egya no mu—

36 Na monhwɛ, mmerɛ no abɛn sɛ obiara a wɔanso aba pa no, anaa sɛ obiara a wanyɛ nwuma a ɛtene no, saa nnipa no ara wɔ akwanya sɛ wɔtwa agyaadwoɔ na wɔdi awerɛhoɔ.

37 O mo a moyɛ amumuyɛ; mo a wiase nneɛma hunu ama moayɛ ahomasoɔ, mo a mo gye to mu sɛ monim kwan tenenee no nanso moatwe mo ho afiri ho sɛ odwan a ɔnni hwɛfoɔ, nanso odwanhwɛfoɔ bi afrɛ mo ɔdaso refrɛ mo, nanso montie ne nne!

38 Monhwɛ, mese mo sɛ, odwanhwɛfoɔ pa no refrɛ mo; aane, na ɔno ara ne din a ɛyɛ Kristo din mu na ɔde refrɛ mo; na sɛ moantie odwanhwɛfoɔ pa no nne, ne edin a ɔde frɛ mo no a, monhwɛ, monnyɛ odwanhwɛfoɔ pa no nnwan.

39 Na afei sɛ monnyɛ odwanhwɛfoɔ pa no nnwan a, ɛnneɛ na nnwankuo bɛn ne mo? Monhwɛ, mese mo sɛ, ɔbonsam ne mo dwanhwɛfoɔ, na moyɛ ne nnwankuo; na afei, hwan na ɔbɛtumi agye yei ho akyinnyeɛ? Monhwɛ, mese mo sɛ obiara a ɔbɛgye yei ho akyinnyeɛ no yɛ ɔtorofoɔ ne ɔbonsam ba.

40 Na mese mo sɛ biribiara a ɛyɛ no firi Onyankopɔn hɔ, na biribiara a ɛnnyɛ no firi ɔbonsam hɔ.

41 Ɛno nti, sɛ nnipa bi nwuma yɛ a, na ɔtie odwanhwɛfoɔ pa no nne, na ɔdi n’akyi, na mmom obiara a ne nwuma nnyɛ no, ɔno ara nso bɛyɛ ɔbonsam ba, ɛfiri sɛ ɔtie ne nne, na ɔdi n’akyi.

42 Na obiara a ɔyɛ yei no, ɔnya n’akatua firi ne hɔ, ɛno nti, ɔnya akatua a ɛyɛ owuo, sɛdeɛ nneɛma a ɛyɛ tenenee nwuma pa ho teɛ, ɔyɛ ho owufoɔ.

43 Na afei, me nuanom, mepɛ sɛ mo tie me, ɛfiri sɛ mede ahoɔden a ɛwɔ me kra mu na ɛrekasa; na monhwɛ, m’akasa akyerɛ mo pefee ama montumi mfom, anaa sɛ makasa sɛdeɛ Onyankopɔn mmaransɛm teɛ.

44 Na wafrɛ me sɛ me ankasa wɔ saa kwan yi so sɛdeɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no a ɛwɔ Yesu Kristo mu no teɛ; aane, wahyɛ me sɛ mengyina hɔ na menni adanseɛ nkyerɛ nkurɔfoɔ yi wɔ nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm a ɛfa nneɛma a ɛbɛba no ho.

45 Na nnyɛ ne nyina ara nie. Monnwene sɛ me ara ankasa menim saa nneɛma yi anaa? Mo nhwɛ, medi adanseɛ kyerɛ mo sɛ menim sɛ nneɛma a m’aka ho asɛm yi yɛ nokware. Na ɛyɛ dɛn na mohunu sɛ menim sɛ ɛyɛ nokware?

46 Monhwɛ, mese mo sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Honhom Kronkron no na ɛdaa no adi kyerɛɛ me. Monhwɛ, Mayɛ akɔmkyene na mabɔ mpaeɛ nna bebree sɛdeɛ ɛbɛyɛ a me ara ankasa mɛhunu saa nneɛma yi. Na afei me ara ankasa mehunuu sɛ ɛyɛ nokware; ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada n’adi akyerɛ me; na yei ne yikyerɛ honhom no a ɛwɔ me mu no.

47 Na bio, Mese mosɛ wayi akyerɛ me sɛ nsɛm a yɛn agyanom kaae no yɛ nokware, na nkɔmhyɛ honhom a ɛwɔ me mu no a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no mpo ada no adi akyerɛ me.

48 Mese mo sɛ, me ara ankasa menim sɛ biribiara a mɛka akyerɛ mo a ɛfa deɛ ɛbɛba ho no yɛ nokware; na mese mo sɛ menim sɛ Yesu Kristo bɛba, aane, Ɔba no, Agya no ba no a ɔwoo no korɔ no a adom ne ahummɔborɔ, ne nokware ahyɛ no ma no. Na monhwɛ, ɔno na ɔbɛfa wiase bɔne, aane, nnipa biara a ɔbɛgye ne din adi ampa ara no bɔne.

49 Na afei mese mo sɛ yei ne nhyehyɛeɛ a wɔafrɛ me wɔ mu no, aane, sɛ me menka asɛmpa no nkyerɛ me nuanom adɔfoɔ, aane, ne obiara a ɔte asaase yi so no; aane, sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ obiara, nkwadaa ne mpanin, wɔn a wɔwɔ nkoasom mu ne wɔn a wɔde wɔn ho; aane, Mese mo sɛ nkɔkoraa ne mmeranteɛ, na wɔn a wɔasi onyini kwan so; aane, sɛ me nsu nkyerɛ wɔn sɛ wɔnsakyera na wɔnwo wɔn foforɔ.

50 Aane, sei na Honhom no seɛ: Monsakyera, mo wiase ano nyina ara, na ɔsoro aheman no abɛn; aane, Onyankopɔn Ba no reba wɔ n’animuonyam mu, wɔ n’ahoɔden mu, wɔ n’ahensɛm mu, wɔ ne tumi mu, ne n’anidie mu. Aane, me nuanom adɔfoɔ, mese mo sɛ, Honhom no se: Monhwɛ asaase nyina ara so Hene no animuonyam; na ɛsoro Hene no renkyɛ na w’ahyerɛn wɔ nnipa mma nyina ara mu.

51 Na Honhom no nso ka kyerɛɛ me, aane, ɔde nne denden teaa mu, kaa sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ nkurɔfoɔ yi sɛ—Wɔn nsakyera, na gye sɛ mosakyera anyɛ saa a morennya ɔsoro aheman no nni.

52 Na mese mo bio sɛ; Honhom no se: Monhwɛ, wɔde akuma no ato dua no ase; ɛno nti dua biara a anso aba pa no wɔbɛtwa agu na wɔato agu egya no mu, aane egya a ɛrennhye nnwie, egya a ɛrennum mpo da. Monhwɛ, na monkae sɛ, Kronkroni no na wɔaka.

53 Na afei me nuanom adɔfoɔ, mese mo sɛ, mobɛtumi agyina saa nsɛm yi ano anaa; aane, mobɛtumi abu mo ani agu saa nneɛma yi so, na moatiatia Kronkroni no so wɔ mo nan ase; aane, mobɛtumi ama mo ho so wɔ ahomasoɔ a ɛwɔ mo akoma mu; aane, mobɛkɔ so ahyehyɛ ntaadeɛ a ne boɔ yɛ den na mo de mo akoma ato wiase nneɛma hunu ne mo ahonyadeɛ so anaa?

54 Aane, mobɛkɔ so adwene sɛ moyɛ kyɛn mo mu binom; aane, mobɛkɔ so ataataa mo nuanom, a wɔbrɛ wɔn ho ase, na wɔnante Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no so no, a ɛde wɔn baa asɔre yi mu, na Honhom Kronkron no ate wɔn ho, na wɔn nwuma kyerɛ sɛ wɔanya nsakyeraɛ—

55 Aane, na mobɛkɔ so adane moakyiri akyerɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔwa, na mo de mo ahodeɛ akame wɔn anaa?

56 Na deɛ ɛtwa toɔ, ne sɛ mo a mobɛkɔ so ayɛ atirimuɔdensɛm no, Mese mo sɛ, wɔn na wɔbɛtwa wɔn agu na wɔato agu egya no mu, na gye sɛ wɔsakyeraae ntɛmntɛm.

57 Na afei mese mo sɛ, mo a mopɛ sɛ mo di odwanhwɛfoɔ pa no nne akyiri no, momfiri atirimuɔdenfoɔ no mu mmra, na monte mo ho, na mma mo nsɔ wɔn nneɛma a ɛho nteɛ mu; na mo nhwɛ, wɔbɛpepa wɔn din, na wɔrenkan atirimuɔdenfoɔ no din mfra ateneneefoɔ din ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Onyankopɔn asɛm no bɛhyɛ ma, deɛ ɛka sɛ: Wɔmfa atirimuɔdenfoɔ din mfra me nkurɔfoɔ din mu no;

58 Na wɔbɛtwerɛ ateneneefoɔ no din wɔ nkwa nwoma no mu, na wɔn na mɛma wɔn agyapadeɛ wɔ me nsa nifa so. Na afei, me nuanom, ɛdeɛn na mo wɔ ka de tia yei? Mese mo sɛ, sɛ mo kasa tia a, ɛnnyɛ hwee, ɛfiri sɛ ɛwɔ sɛ Nyankopɔn asɛm no bɛhyɛ ma.

59 Na Odwanhwɛfoɔ bɛn na ɛwɔ mo mu a sɛ n’adwan dɔɔso a ɔnnhwɛ wɔn yie, sɛ mpataku nkɔwura wɔn mu nkɔwe n’adwan no? Na monhwɛ, sɛ ɔpataku bi ba n’adwan mu a, ɔmmpamo no anaa? Aane, na akyire yi no sɛ ɔbɛtumi mpo a ɔbɛkum no.

60 Na afei mese mo sɛ odwanhwɛfoɔ pa no refrɛ mo; na sɛ motie ne nne a, ɔde mo bɛba ne nnwankuo no mu, na moyɛ n’adwan; na ɔhyɛ mo sɛ mo mma kwan mma pataku a ne ho yɛ hu biara mma mo mu, na wɔankumkum mo.

61 Na afei, me Alma, hyɛ mo wɔ deɛ wahyɛ me no kasa mu sɛ, monhwɛ na moni nsɛm a maka akyerɛ mo no so.

62 Menam mmara kwan so kasa kyerɛ mo a mo wɔ asɔre no mu; ne mo a monni asɔre no mu no nso, mekasa to nsa frɛ mo sɛ: Momra na momɛnya nsakyeraɛ asubɔ, ama mo nso moabɛdi nkwadua no aba no bi.