Twerɛnsɛm
Alma 41


Ti 41

Nnipa bɛnya anigyeɛ a ɛnni awieɛ anaa mɔborɔyɛ a ɛnni awieɛ tebea wɔ Owusɔreɛ no mu—Atirimuɔdensɛm nnyɛ anigyeɛ ara da—Nnipa a wɔte honam mu no ne Nyankopɔn nni twaka wɔ wiase yi mu—Nnipa biara bɛnya ne nneɛ ne ne su a na anka ɔwɔ no wɔ saa asaase yi a ɛrenkyerɛ boɔ a yɛwɔ mu yi bio wɔn tebea a biribiara bɛyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ no. Bɛyɛ mfinhyia 74 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, me babarima, mewɔ biribi ka kyerɛ wo wɔ tebea a biribiara bɛyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ a wɔaka ho asɛm no ho; na hwɛ ebinom adanedane twerɛsɛm no, na wɔayɛ mfomsoɔ kɛseɛ atwe wɔn ho afiri ho ɛnam saa adeɛ yi ho nti. Na mesusu sɛ wo nso w’adwene aha wo kakra wɔ saa adeɛ yi ho. Mmom hwɛ, mɛkyerɛkyerɛ mu akyerɛ wo.

2 Mese wo, me babarima sɛ tebea a biribiara yɛ sɛdeɛ na ɛteɛ pɛpɛɛpɛ no nhyehyɛeɛ yi hia Nyankopɔn atɛntenenee no; ɛfiri sɛ ehia sɛ nneɛma nyina ara kɔ ne tebea a na ɛwɔ mu dada no. Hwɛ, ɛhia, na ɛtene sɛdeɛ Kristo tumi ne ne wusɔreɛ no kyerɛ, sɛ ɛsɛ sɛ wɔde nipa kra san ma ne honamdua, na ɛsɛ sɛ wɔde honamdua no baabi ara ma ɛyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ pɛpɛɛpɛ.

3 Na ɛhia ma Nyankopɔn atɛntenenee no sɛ wɔbu nnipa atɛn sɛdeɛ wɔn nwuma teɛ; na sɛ wɔn nwuma yɛ wɔ saa abrabɔ yi mu, na sɛ wɔn akoma mu pɛ yɛ papa a, wɔde wɔn bɛsi tebea a na wɔwɔ mu dada no wɔ ɛda a ɛdi akyire no ama deɛ ɛyɛ.

4 Na sɛ wɔn nwuma yɛ bɔne a wɔde wɔn bɛkɔ tebea a ɛyɛ bɔne mu pɛpɛɛpɛ. Ɛno nti, nneɛma nyina ara bɛkɔ tebea a na ɛwɔ mu pɛpɛɛpɛ, biribiara bɛyɛ sɛdeɛ na ɛte dada no pɛpɛɛpɛ—deɛ ɛwuo no bɛsɔre abɛyɛ deɛ ɛnwuo, deɛ ɛporɔ abɛyɛ deɛ ɛmporɔ—wɔbɛnyane wɔn ama wɔakɔ anigyeɛ a ɛnni awieɛ ama wɔakɔdi Nyankopɔn aheman no, anaa wɔbɛkɔ mmɔborɔyɛ a ɛnni awieɛ mu akɔdi ɔbonsam ahennie no, baako bɛkɔ fa, na baako no nso akɔ fa—

5 Ɛkoro bɛsɔre akɔ anigyeɛ mu sɛdeɛ ne pɛ a ɔwɔ wɔ anigyeɛ ho te no, anaa ɔbɛkɔ baabi a ɛyɛ sedeɛ ne pɛ a ɔwɔ no wɔ papayɛ ho teɛ; na baako no nso bɛkɔ baabi a ɛyɛ bɔne sɛdeɛ ne pɛ wɔ bɔne ho teɛ no, na sɛdeɛ ɔpɛɛ sɛ ɔbɛyɛ bɔne da nyina ara no, saa ara nso mpo na sɛ anadwo ba a ɔbɛnya n’akatua a ɛyɛ bɔne.

6 Na saa ara nso na ɛteɛ wɔ ɛfa baako nso. Sɛ wasakyera afiri ne bɔne ho, na ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɛtene de akɔsi ne nkwa nna awieɛ a, saa ara nso na wɔde tenenee bɛtua no ka.

7 Yeinom ne wɔn a Awurade adi ama wɔn; aane, yeinom ne wɔn a wayi wɔn afiri mu, wayi wɔn afiri saa anadwo sum a ɛnni awieɛ no mu; na sei na wɔbɛgyina anaa wɔbɛhwe ase; na hwɛ, wɔyɛ wɔn ankasa wɔn atɛmmuafoɔ, sɛ wɔbɛyɛ papa anaasɛ wɔbɛyɛ bɔne.

8 Afei, Nyankopɔn mmara a ɔbɛhyɛ no nsesa da; ɛno nti, wasiesie ɛkwan no ato hɔ sɛ obiara a ɔbɛfa so no bɛnya nkwa.

9 Na afei hwɛ, me babarima, nyɛ bɔne koro mpo bio mfa ntia Nyankopɔn wɔ nkyerɛkyerɛ yi ho, saa bɔne a wayɛ pɛn no.

10 Ɛnnwene sɛ wɔaka biribi afa sɛ biribiara bɛyɛ pɛpɛɛpɛ sɛdeɛ na ɛteɛ dada no nti, ɛno bɛma wafiri bɔne tebea mu ama waba anigyeɛ tebea mu. Hwɛ mese wo sɛ, na atirimuɔdensɛm nnyɛ anigyeɛ da.

11 Na afei, me babarima, nnipa a wɔwɔ honam tebea mu no nyina ara, anaa mɛka sɛ wɔyɛ honam nwuma no, wɔte bɔnwono nwononwono mu ne amumuyɛ mpokyerɛ mu; na wɔnni Nyankopɔn wɔ wiase yi mu, wɔnne Nyankopɔn su bɔ abira; ɛno nti, wɔwɔ tebea a ɛne anigyeɛ tebea bɔ abira mu.

12 Na afei hwɛ, anaa asɛm sɛ biribi bɛyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ pɛpɛɛpɛ asekyerɛ ne sɛ wɔbɛsesa adeɛ bi su ayɛ no foforɔ anaa sɛ wɔbɛyi adeɛ bi afiri ne siberɛ akɔsi baabi foforɔ bi so anaa?

13 O, me babarima, ɛnnyɛ sei na ɛteɛ; mmom kasafua sɛ biribi bɛyɛ sɛdeɛ na ɛteɛ pɛpɛɛpɛ no asekyerɛ ne sɛ wɔbɛma bɔne abɛyɛ bɔne bio, anaa honam abɛyɛ honam, anaa ɔbonsamsɛm—papa abɛyɛ tenenee; nokware abɛyɛ nokware; mmɔborɔhunu abɛyɛ mmɔborɔ hunu bio.

14 Ɛno nti, me babarima, hwɛ sɛ wo bɛhunu wo nuanom mmɔbɔ; yɛ obiara pɛpɛɛpɛ, bu atɛn tenenee, na yɛ papa mmerɛ nyina ara na sɛ wo yɛ yei nyina ara a ɛna wo nsa bɛka w’akatua; aane, na wɔde ahummɔborɔ asan abrɛ wo bio; wɔde atɛntenenee abrɛ wo bio, na wɔde tenenee atɛmmuo abrɛ wo bio; na wɔde papa atua wo ka.

15 Na deɛ wo de ma no bɛsan aba wo hɔ bio, na abɛyɛ sɛdeɛ ɛteɛ; ɛno nti, asɛmfua biribi bɛyɛ sɛdeɛ ɛteɛ pɛpɛɛpɛ no, bu ɔdebɔneyɛni fɔ, na ɛmmu no bem ɛkwan biara so koraa.