Twerɛnsɛm
Alma 57


Ti 57

Helaman ka Antiparu mfaɛ ne wɔn ho a wɔde maae, na akyire yi wɔkɔbɔ Kumenae ho ban ho asɛm—Ne mmeranteɛ Amonfoɔ no ko akokoɔduro so; na wɔpirapira wɔn nyina ara, na mmom wɔankum wɔn mu biara—Gid ka Lamanfoɔ nnɛduafoɔ no kumeɛ ne wɔn dwanee ho asɛm. Bɛyɛ mfinhyia 63 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ me nsa kaa krataa firi Amoron, ɔhene no hɔ a na ɛrekyerɛ sɛ, sɛ mede saa ɔko mu nnɛduafoɔ a yɛafa wɔn no ma a, ɛneɛ ɔde Antiparu kuropɔn no bɛma yɛn.

2 Na mmom mesoma maa wɔde krataa kɔmaa ɔhene no sɛ megyedi sɛ yɛn asraafoɔ no yɛ ara sɛ yɛbɛtumi de yɛn ahoɔden afa Antiparu kuropɔn no; na sɛ yɛgyae yɛn nnɛduafoɔ no de agye saa kuropɔn no a na yɛsusu ma yɛn ho sɛ yɛnnim nyansa, na mmom sɛ wɔde yɛn nso yɛn nnɛduafoɔ bɛma yɛn de ahyɛ anan mu a.

3 Na Amoron ampene me krataa no so, ɛfiri sɛ ɔrensesa nnɛduafoɔ; ɛno nti yɛhyɛɛ aseɛ sɛ yɛreyɛ ahoboa akɔ Aniparu kuropɔn no so.

4 Na mmom Antiparu nkurɔfoɔ no firii kuropɔn no mu, dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn nkaaɛ no mu sɛ wɔrekɔbɔ ho ban; na yei maa Antiparu kuropɔn no bɛdii yɛn nsa mu.

5 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie no afe a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe no baa awieɛ.

6 Na ɛbaa sɛ afe aduonu nkron no mfitiaseɛ mu no, wɔde nnuane brɛɛ yɛn, na wɔde marima a wɔn dodoɔ bɛyɛ mpem nsia nso firii Sarahɛmla asaase ne asaase a atwa ho ahyia no bɛkaa yɛn asraafoɔ kuo ketewewa mpem mmienu no ho, na Amonfoɔ mmammarima aduosia nso bɛkaa wɔn nuanom ho. Na afei hwɛ, yɛn ho yɛɛ den, aane, na wɔde nnuane pii nso brɛɛ yɛn.

7 Na ɛbaa sɛ na yɛpɛ sɛ yɛne asraafoɔ no a wɔde wɔn atena hɔ sɛ wɔmmɔ Kumenae kuropɔn no ho ban no kɔko.

8 Na afei hwɛ, mekyerɛ wo sɛ ankyɛre koraa na yɛn nsa kaa deɛ yɛrehwehwɛ; aane, yɛfaa yɛn asraafoɔ ahoɔdenfoɔ no, anaa sɛ yɛn asraafoɔ ahoɔdenfoɔ no mu bi na anadwo mmerɛ mu no, yɛtwaa Kumenae kuropɔn no ho hyiae, wɔ mmerɛ a na aka kakra ama wɔde wɔn nnuane abrɛ wɔn no.

9 Na ɛbaa sɛ yɛsisii yɛn nsraban twaa kuropɔn no ho hyiae anadwo mmerɛ mprɛ pii, na mmom yɛdedaa yɛn akofena so wɛnn sɛ ɛbɛyɛ a Lamanfoɔ no ntumi mma yɛn so anadwo mɛkumkum yɛn, na mmerɛ pii na wɔbɔɔ mmɔden ara sɛ wɔbɛyɛɛ sei; na mmerɛ dodoɔ no ara a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ sei no, wɔkaa wɔn mogya guui.

10 Ankyɛre na wɔn nnuane baaɛ, na aka kakra ama wɔabɛwura kuropɔn no mu anadwo no. Na ɛnam sɛ yɛnnyɛ Lamanfoɔ na yɛyɛ Nifaefoɔ nti, yɛfaa wɔne wɔn nnuane no.

11 Na yɛtwaa Lamanfoɔ no firii akwan hodoɔ nyina ara ho nyina ara akyiri no ma wɔn nsa anka wɔn mmoa nyina no ara, wɔwe taa so sɛ wɔbɛkuta kuropɔn no; ɛno nti ɛho hiaa sɛ yɛfa saa nnuane no de kɔ Yuda, na yɛn nnɛduafoɔ no nso wɔde wɔn kɔ Sarahɛmla asaase so.

12 Na ɛbaa sɛ anni nna dodoɔ biara na Lamanfoɔ no anidasoɔ saae wɔ wɔn mmoa ho; ɛno nti wɔgyaee kuropɔn no mu maa yɛn; na sei na ɛmaa yɛn nsa kaa Kumenae kuropɔn no.

13 Na mmom ɛbaa sɛ na yɛn nnɛduafoɔ no dɔɔso yie, ara, maa yei nyina ara akyiri no yen dodoɔ no mpo antumi ammoa yɛn, ɛno nti ɛkɔbaa sɛ yɛde yɛn asraafoɔ no nyina ara behwɛɛ nnɛduafoɔ noso, anaa sɛ yebɛkumkum wɔn.

14 Na hwɛ wɔn mu dodoɔ no ara na anka wɔbɛfiri adwane, na wɔde aboɔ ne nkontibaa, anaa sɛdeɛ wɔn nsa bɛsɔ mu biara ako, yei maa wɔde wɔn ho maa sɛ ɛko mu nnɛduafoɔ maa yɛkumkum wɔn mu deɛ ɛboro mpem mmienu.

15 Ɛno nti ɛho hiaa sɛ yɛtwa wɔn nkwa so anaa sɛ yɛkura akofena de wɛn wɔn de kɔsi Sarahɛmla asaase so; na afei nso na yɛn nnuane nso yɛn ara yɛn nkurɔfoɔ no, ɛmfa ho mpo sɛ yɛagye bi afiri Lamanfoɔ no nsa mu.

16 Na afei wɔsaa ahokyerɛ mmerɛ yi mu, no ɛbɛyɛɛ asɛm kɛseɛ sɛ yebɛtumi akyerɛ deɛ yɛnyɛ mfa saa ako mu nnɛduafoɔ yi, nanso yɛyɛɛe adwene sɛ yɛde wɔn bɛkɔ Sarahɛmla asaase so; ɛno nti yɛyii yɛn marima no mu bi sɛ wɔn hwɛ na wɔmfa yɛn nnɛduafoɔ no nkɔ Sarahɛmla asaase no so.

17 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no wɔsan wɔn akyiri baae. Na afei hwɛ yɛammisa wɔn biribiara amfa nnɛduafoɔ no ho; na hwɛ Lamanfoɔ no aba yɛn so, na wɔsan wɔn akyiri mmerɛ pa mu bɛgye yɛn, ama yɛankɔ di wɔn nsa mu. Na hwɛ, na Amoron de nnuane foforɔ ne asraafoɔ bebree aba de rebɛboa wɔn.

18 Na ɛbaa sɛ marima a yɛsomaa wɔn maa wɔde nnɛduafoɔ no kɔɔe no baa mmerɛ pa mu maa wɔgyaee deɛ wɔreyɛ no mmerɛ a anka wɔreyɛ abɛdi yɛn so nkunim no.

19 Nanso hwɛ, me kuo ketewa mpem mmienu ne aduosia no koo anibereɛ so ara yie; aane, wɔgyinaae pintinn wɔ Lamanfoɔ no anim, na wɔkumm wɔn a wɔne wɔnnyɛ adwene no nyina ara.

20 Na mmerɛ a yɛn asraafoɔ nkaaɛ no reyɛ apa aba wɔ Lamanfoɔ no anim no, saa mpem mmienu ne aduosia no nyina ara gyinaa pintinn na wɔansuro.

21 Aane, na wɔdii mmera no so na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdi mmera biara so pɛpɛɛpɛ; aane, na mpo sɛdeɛ wɔn gyedie teɛ no ɛyɛɛ hɔ maa wɔn; na mekaae nsɛm a wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔn nanom akyerɛkyerɛ wɔn no.

22 Na afei hwɛ, ɛyɛ saa me mmammarima yi, ne marima no a woyii wɔn sɛ wɔmfa nnɛduafoɔ no nkɔ no so na yɛdii saa nkunim kɛseɛ yi; ɛfiri sɛ wɔn na wɔhwee Lamanfoɔ no; ɛno nti wɔpamoo wɔn maa wɔsane kɔɔ Mantae kuropɔn no mu.

23 Na yɛsan faa yɛn kuropɔn Kumenae, na nnyɛ yɛn nyina ara na yɛwuu akofena ano, nanso na yɛahwere nnipa bebree.

24 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no dwane kɔɔɛ no akyire yi no, ntɛm pa ara na mehyɛɛ wɔn sɛ wɔnyiyi me marima no a wɔapirapira no mfiri awufoɔ no mu, na wɔn kyekyere wɔn kro no.

25 Na ɛbaa sɛ me mpem mmienu ne aduosia no mu ɔha mmienu na wɔtɔree mmum ɛnam mogya a wɔhweree no nti; nanso ɛnam sɛdeɛ Onyankopɔn papayɛ teɛ nti, na deɛ ɛyɛɛ yɛn nnwa na ɛyɛ yɛn asraafoɔ no ɛdɛ ne sɛ, ɔkra baako mpo annwu wɔ wɔn mu; aane, na ɔkra baako mpo nni wɔn mu a wɔampira.

26 Na afei wɔn banbɔ no yɛɛ yɛn asraafoɔ no nyina ara nnwa, aane, sɛ ɛmma wɔnkum wɔn wɔ mmerɛ a na wɔakumkum yɛn nuanom mu apem. Na yɛka no nokware mu sɛ ɛfiri Onyankopɔn tumi a ɛyɛ nnwa no, ɛnam wɔn gyedie mmorosoɔ a wɔnyaae wɔ wɔn n’anom nkyerɛkyerɛ no ho nti—Sɛ wɔnnye nni sɛ Onyankopɔn nokwarefoɔ no wɔ hɔ, na obiara a wɔanye akyinnyeɛ no, ne tumi a ɛyɛ nnwa no bɛgye wɔn.

27 Afei yei ne gyedie a wɔn a maka wɔn ho nsɛm no wɔ; wɔsusua, na wɔn adwene si pi, na wɔde wɔn gyedie hyɛ Onyankopɔn mu mmerɛ nyina ara.

28 Na afei ɛbaa sɛ yɛhwɛɛ yɛn marima a wɔapirapira no, na yɛsiee yɛn awufoɔ ne Lamanfoɔ awufoɔ nso a na wɔdɔɔso wieeɛ no, hwɛ yɛbɛbisaa Gid nnɛduafoɔ no a wɔahyɛ aseɛ ne wɔn rekɔ Sarahɛmla asaase so no ho nsɛm.

29 Afei Gid ne awɛmfoɔ sahene panin a ɔhwɛɛ nkurɔfoɔ kuo no a wɔyii wɔn maa wɔn ne wɔn kɔɔ asaase no so no.

30 Na afei, yei ne nsɛm a Gid ka kyerɛɛ me: Hwɛ, yɛsii mu sɛ yɛne yɛn nnɛduafoɔ no rekɔ Sarahɛmla asaase so. Na ɛbaa sɛ yɛhyiaa yɛn asraafoɔ akwansrafoɔ a wɔasoma wɔn sɛ wɔn nkɔwɛn baabi a Lamanfoɔ asisi wɔn nsraban no.

31 Na wɔteaa mu frɛɛ yɛn kaa sɛ: Hwɛ, Lamanfoɔ asraafoɔ no asi mu rekɔ Kumenae kuropɔn no mu; na hwɛ, wɔbɛto ahyɛ wɔn so, aane, na wɔbɛsɛe yɛn nkurɔfoɔ no.

32 Na ɛbaa sɛ yɛn nnɛduafoɔ no tee wɔn nteateamuu no, na yei hyɛɛ wɔn nkuran; na wɔsɔre tee atua tiaa yɛn.

33 Na ɛbaa sɛ ɛnam wɔn atuateɛ nti no yɛmaa yɛn akofena so kɔɔ wɔn so. Na ɛbaa sɛ wɔyɛɛ ekuo baako twifaa yɛn akofena so, ɛno mu na yɛkumkum wɔn mu dodoɔ no ara; na wɔn a wɔkaae no fa ara nso dwanee.

34 Na hwɛ, mmerɛ a wɔdwanee na yɛantumi ankyere wɔn no, yɛde yɛn nsrabɔ no kyerɛɛ Kumenae kuropɔn no mu ahoɔhareso na hwɛ, yɛduruu hɔ ntɛm sɛ yɛbɛtumi aboa yɛn nuanom ama wɔabɔ kuropɔn no ho ban.

35 Na hwɛ, yɛanya ɔgyeɛ afiri yɛn atamfoɔ nsa mu bio. Na nhyira nka yɛn Nyankopɔn din; na hwɛ, ɔno na wagye yɛn; aane, ɔno na wɔagye yɛn; aane na ayɛ saa ade kɛseɛ yi ama yɛn.

36 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a me, Hɛlaman, metee Gid nsɛm yi no, ɛdɛ mmorosoɔ hyɛɛ me ma ɛnam Onyankopɔn papayɛ a ɔde akora yɛn, sɛ ɛbɛyɛ a yɛn nyina ara nnyera; aane, na megyedi sɛ, wɔn a wɔkumkum wɔn no akra awura wɔn Nyankopɔn ahomegyeɛ mu.