Twerɛnsɛm
Alma 44


Ti 44

Moronae bɛhyɛ Lamanfoɔ sɛ wɔ ne wɔn mfa asomdwoeɛ apam anyɛ saa a ɔbɛsɛe wɔn—Sarahemna po nhyehyɛeɛ no, na ɔko no hyɛ aseɛ—Moronae asraafoɔ no di Lamanfoɔ no so nkonim. Bɛyɛ mfinhyia 74–73 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ wɔgyaee na wɔtwee wɔn ho kɔɔ akyiri maa kwan kakra bɛdaa wɔn ntam mu. Na Moronae see Sarahemna sɛ: Hwɛ, Sarahemna, yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ marima a wɔyɛ mogyahwieguofoɔ. Monim sɛ mowɔ yɛn nsa mu, nanso yɛmpɛ sɛ yɛkum mo.

2 Hwɛ, yɛamma sɛ yɛ ne mo rebɛko ama yɛaka mo mogya agu de apɛ tumi; ɛna yɛmpɛ sɛ yɛde mo mu biara bɛkɔ nkoasom nkɔnua ase. Na mmom yei ho nti na mo aba ne yɛn rebɛko yi; aane, na mo bo afu yɛn ɛnam yɛn som nti.

3 Mmom afei, moahunu sɛ Awurade ka yɛn ho; na moahunu sɛ ɔde moahyɛ yɛn nsa. Na afei mepɛ sɛ mote aseɛ sɛ ɛnam yɛn som ne yɛn gyedie a ɛwɔ Kristo mu nti. Na afei moahunu sɛ monntumi nsɛe yɛn gyedie yi.

4 Afei moahunu sɛ yei ne Onyankopɔn nokware gyedie no; aane, moahunu sɛ Onyankopɔn bɛboa yɛn, na wakora yɛn, na wabɔ yɛn ho ban wɔ mmerɛ tentene a yɛbɛdi nokware ama no, de ama yɛn gyedie, ne yɛn som; na Awurade remma kwan mma wɔnsɛe yɛn, na gye sɛ yɛhwease kɔ mmaratoɔ mu na yɛpo yɛn gyedie.

5 Na afei, Sarahemna, mehyɛ mo, wɔ saa otumfoɔ Nyankopɔn no a wama yɛn sa mu ayɛ den ama yɛanya tumi wɔ mo so no din mu, wɔ yɛn gyedie mu, wɔ yɛn som mu, ne yɛn som mu amaneɛ mu, ne yɛn asɔre, ne yɛn mmoa kronkron a ɛwɔ sɛ yɛde ma yɛn yerenom ne yɛn mma, wɔ saa fawohodie a ɛka yɛn bɔ mu wɔ yɛn nsaase ne yɛn man mu; aane, ne Onyankopɔn asɛm kronkron no nso a yɛakora no, deɛ ne mu na yɛn anigyeɛ nyina ara ne adeɛ nyina ara a ɛsom bo kɛseɛ ma yɛn—

6 Aane, na nnyɛ ne nyina ara nie; mehyɛ mo wɔ mo pɛ a mo wɔ nyina ara wɔ mo nkwa ho, sɛ mo nnyae mo akodeɛ mu mfa ma yɛn, na yɛrenhwehwɛ mo mogya, na mmom yɛde mo nkwa bɛkyɛ mo, sɛ mobɛkɔ mo baabi na moremma ne yɛn mmɛko bio deɛ a.

7 Na afei, sɛ moannyɛ sei a, hwɛ, mowɔ yɛn nsa mu, na mɛhyɛ me marima no sɛ wɔnto nhyɛ mo so, na wɔatwitwa mo nipadua mu ama moawuwu ama mo ase ahye; na yɛbɛhwɛ deɛ ɔbɛnya tumi wɔ saa nkurɔfoɔ yi so; aane, yɛbɛhwɛ deɛ wɔde no bɛba nkoasom mu.

8 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Sarahemna tee saa nsɛm yi no ɔbaae na ɔde n’akofena ne ne sekankoaɛ ne ne tadua hyɛɛ Moronae nsa, na ɔsee no sɛ: Hwɛ, yɛn akodeɛ nie; yɛde bɛma wo, na mmom yɛrenni nse nkyerɛ mo a yɛnim sɛ yɛbɛbu so, ɛne yɛn mma nso, na mmom fa yɛn akodeɛ, na ma yɛn kwan ma yɛn mfiri ha nkɔ ɛserɛ no so; anyɛ saa a yɛbɛfa yɛn akofena, na yɛbɛyera anaa sɛ yɛbɛdi nkonim.

9 Hwɛ, yɛnni mo gyedie no mu bi; yɛnnye nni sɛ ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde yɛn ahyɛ mo nsa; na mmom, yɛgye di sɛ mo nyansa na akora mo afiri yɛn akofena ano. Hwɛ, ɛyɛ mo nkataboɔ ne mo akokyɛm na akora mo.

10 Na afei mmerɛ a Sarahemna kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, Moronae de akofena ne akodeɛ no a wagyeɛ no san maa Sarahemna na ɔkaa sɛ: Hwɛ yɛde ɛko no bɛba awieɛ.

11 Afei merentumi ntwe nsɛm no a maka no nsan, ɛno nti sɛ Awurade te aseɛ yi, more mfiri ha nkɔ gye sɛ moadi nse sɛ mo ne yɛn remmɛko bio. Afei, sɛ yɛ nsa aka mo yi yɛbɛhwie mo mogya agu fam, anaa mobɛdi nhyehyɛeɛ a masusu yi so.

12 Na afei mmerɛ a Moronae kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, Sarahemna faa n’akofena na ne bo fuu Moronae na ɔbɔ pinii kan sɛ ɔrekɔ kum Moronae; na mmerɛ a ɔmaa n’akofena so ara pɛ, na hwɛ, Moronae asraafoɔ no mu baako bɔ twenee fam, maa ne nsa no bueɛ, na ɔsan nso bɔɔ Sarahemna yii ne tiri so nwoma too fam. Na Sarahemna dwanee firii wɔn anim kɔhyɛɛ n’asraafoɔ no mu.

13 Na ɛbaa sɛ asraani no a na ɔbɛn deɛ ɔyii Sarahemna tiri so nwoma no sɔɔ nwoma no so nwii mu maa so, na ɔde tuaa n’akofena ano, na ɔtene de hwɛɛ wɔn so na ɔde nne kɛseɛ teaa mu see wɔn sɛ:

14 Sɛdeɛ saa tiri ho nwoma yi atɔ fam no, deɛ ɔyɛ mo kandifoɔ tiri ho nwoma yi no, saa ara nso na mo nso mobɛhwe fam gye sɛ mogyae mo akodeɛ mu ma, na mo de asomdwoeɛ apam firi ha.

15 Afei dodoɔ ara na wɔwɔ hɔ mmerɛ a wɔtee saa nsɛm yi, na wɔhunu tiri ho nwoma no a ɛhyɛ akofena no ano no, ɛhuu kaa wɔn; na dodoɔ no ara na ɛbɛtoo wɔn akodeɛ guu Moronae nan ase, na wɔne no bɛfaa asomdwoeɛ ho apam. Na dodoɔ no a wɔfaa apam no, wɔmaa wɔn kwan maa wɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ no so.

16 Afei ɛbaa sɛ Sarahemna bo fuui yie, na ɔkanyan n’asraafoɔ a wɔaka no maa wɔn bo fuui sɛ wɔde ahoɔden kɛseɛ ne Nifaefoɔ bɛko.

17 Na afei Moronae bo fuui, ɛnam Lamanfoɔ asoɔden nti; ɛno nti ɔhyɛɛ ne nkurɔfoɔ no sɛ wɔnto nhyɛ wɔn so na wɔnkumkum wɔn. Na ɛbaa sɛ wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekumkum wɔn; aane, na Lamanfoɔ no de wɔn akofena ne wɔn ahoɔden ne wɔn kooe.

18 Na mmom hwɛ, ɛnam sɛ wɔn ho da so na wɔayi wɔn tiriho nti no ɛmaa Nifaefoɔ akofena namnam no tumi wɔn; aane, hwɛ wɔpirapiraa wɔn na wɔtwitwaa wɔn, aane, na wɔtotɔɔe ntɛmntɛm ara wɔ Nifaefoɔ no akofena ano; na wɔhyɛɛ aseɛ twitwaa wɔn guu fam mpo sɛdeɛ Moronae ɔsraani no hyɛɛ ho nkɔm no.

19 Afei mmerɛ a Sarahemna hunu sɛ wɔre bɛsɛe wɔn nyina ara no, ɔteaa mu denden frɛɛ Moronae hyɛɛ no bɔ sɛ wɔde wɔn a wɔaka no nkwa bɛkyɛ wɔn deɛ a, wɔne no bɛfa apam, ne ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho no nso, ama wɔne wɔn ammɛko bio.

20 Na ɛbaa sɛ Moronae hyɛɛ sɛ mma wɔnkum nkurɔfoɔ no bio. Na ɔgyee akodeɛ no firii Lamanfoɔ no hɔ; na mmerɛ a wɔne wɔn faa asomdwoeɛ ho apam no wieeɛ no, wɔmaa wɔn kwan maa wɔfirii hɔ kɔɔ ɛserɛ no so.

21 Na wɔankan wɔn awufoɔ no, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso dodo; aane, na wɔn awufoɔ no dɔɔso dodo, Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ no nyina ara.

22 Na ɛbaa sɛ wɔtoo wɔn awufoɔ no guu Sidon nsuwa mu, na apia wɔn kɔ kan na wɔasie wɔn wɔ ɛpo no bunu mu.

23 Na Nifaefoɔ asraafoɔ no, anaa sɛ wɔn a wɔyɛ Moronae deɛ no sann wɔn akyiri baa wɔn afiefie mu ne wɔ nsaase so.

24 Na sei na atɛmmuafoɔ ahennie wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so no afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no baa awieɛ. Na sei na Alma twerɛtohɔsɛm a ɔtwerɛɛe wɔ Nifae mprɛte no so no baa awieɛ.