Twerɛnsɛm
Mormon Nsɛm 1


Mormon Nsɛm No

Ti 1

Mormon twitwa Nifae mprɛte akɛseɛ no so ntiatia—Ɔde mprɛte nketewa no na ɛkaa mprɛte nkaeɛ no ho—Ɔhene Benyamin hwɛ ma asomdwoeɛ ba asaase no so. Bɛyɛ mfinhyia 385 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei me, Mormon, merebɛhyɛ aseɛ de twerɛtohɔsɛm a mede me nsa yɛɛe no ahyɛ me babarima Moronae nsa na hwɛ mahunu ɔsɛee a wɔde asɛe me nkurɔfoɔ Nifaefoɔ no mu dodoɔ no ara.

2 Na Kristo mmaeɛ mfie bebree akyiri no na mede saa twerɛtohɔsɛm yi hyɛɛ me babarima no nsa; na me hunuu sɛ ɔbɛhunu me nkurɔfoɔ no sɛee nyina ara. Mmom Onyankopɔn mmoa mma no ntena ase, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, dabi ɛho bɛba mfasoɔ ama wɔn.

3 Na afei, mereka biribi a ɛfa deɛ matwerɛ ho; na mayɛ nsɛm a ɛwɔ Nifae mprɛte no so ntiatia de akɔsi saa ɔhene Benyamin ahennie so wieeɛ no, deɛ Amalɛkae kaa ne ho nsɛm no, me hwehwɛɛ twerɛtohɔsɛm a wɔde ahyɛ me nsa no mu, na mehunuu saa mprɛte yi a watwerɛ nsɛm kakra bi wɔ so a ɛfa nkɔmhyɛfoɔ no ho, firi Yakob so de kɔsi ɔhene Benyamin yi so ɛne Nifae nsɛm no nso bebree.

4 Na nneɛma a ɛwɔ saa mprɛte yi so yɛ m’anigye, ɛnam nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo maeɛ no ho, na m’agyanom nim sɛ ɛmu dodoɔ no ara aba mu; aane, na me nso menim sɛ nneɛma bebree a wɔahyɛ ho nkɔm a ɛfa wɔn ho de bɛsi nnɛda yi aba mu, ɛmu dodoɔ no ara nso a ɛbɛsisi fiti saa da yi de rekorɔ no nso bɛba mu ampa ara—

5 Ɛno nti, mafa saa nsɛm yi, de rewie me twerɛtohɔsɛm yi, me twerɛtohɔsɛm mu deɛ aka akyire no, mɛfa afiri Nifae mprɛte no so; na sɛ wɔkyɛ me nkurɔfoɔ no ho nsɛm mu ɔha mpo a mentumi ntwerɛ ɛmu baako mpo.

6 Mmom hwɛ, mɛfa saa mprɛte yi a saa nkɔmhyɛ ne adiyisɛm gu so no, na mede aka me twerɛtohɔsɛm a aka no ho, ɛfiri sɛ ɛsombo ma me; na menim sɛ ɛbɛsombo ama me nuanom nso.

7 Na mereyɛ yei ɛfiri sɛ ɛho hia paa; na sei na ɔkaa no brɛɛ kyerɛɛ me, sɛdeɛ Awurade honhom a ɛwɔ me mu no nwuma teɛ. Na afei, mennim nneɛma a ɛbɛba nyina ara; mmom Awurade deɛ ɔnim nneɛma a ɛbɛba nyina ara; ɛno nti, ɔdi dwuma wɔ me mu ama mayɛ ne pɛ.

8 Na mpaebɔ a mebɔ ma Onyankopɔn nyina ara no fa menuanom ho, ama wɔasan aba bio abɛnya Onyankopɔn ho nimdeɛ, aane, Kristo dima no; ama wabɛyɛ nkurɔfoɔ a wɔn ho yɛ anika bio.

9 Na afei me, Mormon, merebɛwie me twerɛtohɔsɛm no a mefa firii Nifae mprɛte no so twerɛeɛ no; na mede nimdeɛ ne nteaseɛ sɛdeɛ Onyankopɔn de maa me no na ɛtwerɛɛe.

10 Ɛno nti, ɛbaa sɛ Amalɛkae de mprɛte yi hyɛɛ ɔhene Benyamin nsa akyire yi no, ɔfa de kaa mprɛte bi a wɔatwerɛ so a ɛyɛ twerɛtohɔsɛm a ahemfo no de too hɔ firii awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so kɔsi ɔhene Benyamin aberɛ so.

11 Na wɔde firii ɔhene Benyamin so, de nam awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so de bɛsi sɛ ɛbɛdii me nsa mu. Na me, Mormon, mebɔɔ Onyankopɔn mpaeɛ sɛ wɔbɛkora fiti saa mmerɛ yi de rekɔ. Na menim sɛ wɔbɛkora no yie; ɛfiri sɛ nneɛma a ɛsombo na wɔatwerɛ wɔ so, ɛno so na wɔde bɛbu me nkurɔfoɔ ne wɔn nuanom atɛn wɔ da kɛseɛ a ɛdi akyire no mu, sɛdeɛ Onyankopɔn asɛm a wɔatwerɛ no teɛ no.

12 Na afei, deɛ ɛfa saa ɔhene Benyamin yi ho–ɔnyaa biribi te sɛ apereapereɛ wɔ ɔnoara ne nkurɔfoɔ ntam.

13 Na ɛbaae nso sɛ Lamanfoɔ asraafoɔ firii Nifae asaase so baa sɛ wɔne ne nkurɔfoɔ rebɛko. Mmom hwɛ, ɔhene Benyamin boaboaa n’asraafoɔ ano, na ɔne wɔn kɔhyiae; na ɔfaa Laban akofena, na ɔde ahoɔden a ɛwɔ ɔno ara n’abasa mu ne wɔn koeɛ.

14 Na wɔnam Awurade ahoɔden so ne wɔn atamfoɔ no dii apereapereɛ sɛ wɔbɛdi wɔn so nkunim kɔpem sɛ wɔkumm Lamanfoɔ no mu mpempem. Na ɛbaa sɛ wɔne Lamanfoɔ no dii apereapereɛ ara kɔsii sɛ wɔpamoo wɔn firii wɔn agyapadeɛ asaase nyina ara so.

15 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Akristofoɔ atorɔfoɔ baeɛ akyiri no, na wɔakeka wɔn ano ato mu, na wɔteaa wɔn sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ.

16 Na nkɔmhyɛfoɔ atorɔfoɔ ne nsɛmpakafoɔ atorɔfoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ a ɛwɔ wɔn mu no baeɛ akyire no na wɔatwe yeinom nyina ara aso sɛdeɛ wɔn bɔne teɛ; na yei akyire na apereapereɛ pii baa wɔn mu, na dodoɔ ara tee atua kɔɔ Lamanfoɔ no mu, hwɛ, ɛbaa sɛ ɔhene Benyamin, ɛne nkɔmhyɛfoɔ kronkron a wɔboa no a wɔwɔ ne nkurɔfoɔ no mu no—

17 Na hwɛ, na ɔhene Benyamin yɛ nipa kronkron, na ɔdii ne nkurɔfoɔ so wɔ tenenee mu; na nnipa bebree wɔ asaase no so a wɔyɛ kronkron, na wɔde tumi ne akwanya kaa n’asɛm; na wɔde abufuo kasaae ɛnam nkurɔfoɔ no kɔn a wasene no nti—

18 Ɛno nti, ɔhene Benyamin nam wɔn mmoa so de ne nipadua nyina ara ɛne ne kra nyina ara yɛɛ adwuma, ne nkɔmhyɛfoɔ no nso maa asomdwoeɛ baa asaase no so bio.