Twerɛnsɛm
Alma 18


Ti 18

Ɔhene Lamonae susu sɛ Amon yɛ Honhom Kɛseɛ—Amon kyerɛkyerɛ ɔhene no deɛ ɛfa abɔdeɛ ho, sɛdeɛ Onyankopɔn ne nnipa di nkutaho, ne sɛdeɛ ɛnam Kristo so ma ɔdi ma yɛn—Lamonae gyedi na ɔhwe ase sɛ owufoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 90 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ ɔhene Lamonae maa n’asomfoɔ no gyinaae dii adanseɛ wɔ nneɛma a wɔhunuiɛ nyina ara wɔ asɛm no ho.

2 Na mmerɛ a wɔn nyina ara dii adanseɛ wɔ nneɛma a wɔahunu no ho no, na ɔtee Amon nokwaredie a ɔdi de bɔɔ ne nnwan ho ban ne ne tumi kɛseɛ nso a ɔne wɔn a wɔpɛɛ sɛ wɔkum no no de sii ani no, ne ho dwirii no yie, na ɔkaa sɛ: Ampa, yei so sene nnipa. Hwɛ, na nnyɛ yei ne Honhom Kɛseɛ no a ɔde asotweɛ baa saa nkurɔfoɔ yi so no, ɛnam wɔn awudie no nti?

3 Na wɔbuaa ɔhene no see no sɛ: Sɛ ɔno ne Honhom Kɛseɛ no, anaa sɛ ɔyɛ nnipa a, yɛnnim; na mmom sei na yɛnim sɛ, ɔhene no atamfo no rentumi nkum no; ɛna sɛ ɔka yɛn ho a wɔrentumi mmɔ ɔhene no nnwan mpete, ɛnam ne nimdeɛ ne n’ahoɔden kɛseɛ no nti; ɛno nti, yɛnim sɛ ɔyɛ ɔhene no adamfo. Na afei, O ɔhene, yɛnnye nni sɛ nnipa bɛtumi anya tumi kɛseɛ sei, ɛfiri sɛ yɛnim sɛ wɔrentumi nkum no.

4 Na afei, mmerɛ a ɔhene no tee saa nsɛm yi no, ɔsee wɔn sɛ: Afei menim sɛ ɔyɛ Honhom Kɛseɛ; na waba fam saa mmerɛ yi mu sɛ ɔrebɛbɔ mo nkwa ho ban, ama mankum mo sɛdeɛ mede yɛɛ mo nuanom no. Afei yei ne Honhom Kɛseɛ no a yɛn agyanom aka ne ho asɛm no.

5 Afei yei ne Lamonae amammerɛ a ɔnya firii n’agya hɔ sɛ Honhom Kɛseɛ bi wɔ hɔ. Yei nyina ara akyiri no wɔgyee Honhom Kɛseɛ dii, na wɔdwene sɛ biribiara a wɔyɛɛ no yɛ; nanso, ehuu kɛseɛ hyɛɛ aseɛ kaa Lamonae, ɔsuroo sɛ ebia wayɛ bɔne sɛ ɔkumm n’asomfoɔ no;

6 Na ɔkumm wɔn mu bebree ɛfiri sɛ wɔn nuanom bɔɔ wɔn nnwan no petee wɔ baabi a nsuo no wɔ no; na sei ɛnam sɛ wɔbɔɔ wɔn nnwan no petee nti, wɔkumm wɔn.

7 Afei yei yɛ adeɛ a Lamanfoɔ no taa yɛ sɛ wɔgyina asubɔntene Sebus ho na wɔbɔ nkurɔfoɔ no nnwan hwete ama wɔnam so aka dodoɔ no ara a wɔabɔ wɔn apete no akɔ wɔn ankasa wɔn asaase so, ɛfiri sɛ saa kwan yi so na wɔtaa fa de fom nnwan.

8 Na ɛbaa sɛ ɔhene Lamonae bisaa n’asomfoɔ no sɛ: Barima no a ɔwɔ tumi kɛseɛ a ɛte sei yi no wɔ hene?

9 Na wɔbuaa no sɛ: Hwɛ, ɔrema wo mpɔnkɔ no aduane. Afei, na ansa na ɔhene no rebɛse n’asomfoɔ no sɛ wɔn nkɔma ne nnwan no nsuo no, na wɔase wɔn sɛ wɔnsiesie ne mpɔnkɔ ne nteaseɛnam, na wɔne no nkɔ Nifae asaase so; ɛnam sɛ na Lamonae agya a ɔyɛ ɔhene wɔ asaase no nyina ara so no ato pono kɛseɛ bi wɔ Nifae asaase no so hɔ.

10 Afei mmerɛ a ɔhene Lamonae tee sɛ Amon resiesie ne mpɔnkɔ ne ne nteaseɛnam no ne ho dwirii no yie, ɛnam Amon nokwaredie nti, na ɔkaa sɛ: Ampa sɛ ɔsomfoɔ biara nni m’asomfoɔ yi mu a ɔyɛ nokwarefoɔ sɛ saa ɔbarima yi; ɛfiri sɛ ɔkae me mmaransɛm nyina ara na ɔdi so.

11 Afei menim ampa ara sɛ yei ne Honhom Kɛseɛ no, na mɛpɛ sɛ ɔbɛba me hɔ, na mmom me suro koraa.

12 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Amon yɛɛ mpɔnkɔ ne nteaseɛnam no krado de maa ɔhene no ne n’asomfoɔ no wieeɛ no, ɔkɔɔ ɔhene no nkyɛn, na ɔhunuu sɛ ɔhene no anim asesa; ɛno nti anka ɔrefiri n’anim asan akɔ.

13 Na ɔhene no asomfoɔ no mu baako see no sɛ, Rabbana, a asekyerɛ ne sɛ, otumfoɔ anaa sɛ ɔhene kɛseɛ, na wɔfa no sɛ wɔn ahemfo yɛ atumfoɔ; na yei maa ɔsee no sɛ: Rabana, ɔhene no pɛ sɛ wotwɛn.

14 Ɛno nti Amon danee ne ho hwɛɛ ɔhene no, na ɔsee no sɛ: O ɔhene ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo? Na ɛbɛyɛ dɔnhwere baako ntam na ɔhene no mmuaa no, sɛdeɛ wɔn mmerɛ teɛ, ɛfiri sɛ na onnim asɛm a ɔnka nkyerɛ no.

15 Na ɛbaa sɛ Amon see no bio sɛ; ɛdeɛn na wo rehwehwɛ afiri me hɔ? Nanso ɔhene no ammua no.

16 Na ɛbaa sɛ Amon, ɛnam sɛ Onyankopɔn Honhom ahyɛ Amon ma nti, ɔhunuu ɔhene n’adwene. Na ɔsee no sɛ: Adɛn, wate sɛ me bɔɔ w’asomfoɔ ne wo nnwan ho ban anaa, na mede ntommoɔ ne akofena kumm wɔn nuanom mu nson na metwitwaa ebinom nso abasa firii hɔ, sɛdeɛ ɛbɛma mabɔ wo ne w’asomfoɔ nnwan ho ban; hwɛ, yei na ama woho adwiri wo yi?

17 Mese wo sɛ, ɛdeɛn na ama wo ho adwiri wo kɛseɛ sei yi? Hwɛ, meyɛ nnipa, na meyɛ wo somfoɔ; ɛno nti; biribiara a wopɛ a ɛyɛ no, ɛno na mɛyɛ.

18 Afei mmerɛ a ɔhene no tee saa nsɛm yi no, ne ho dwirii no bio, ɛfiri sɛ ɔhunuu sɛ Amon ahunu n’adwene; na mmom yei nyina ara akyiri no ɔhene Lamonae buee n’ano mu na ɔsee no sɛ: Wo ne hwan? Wo ne saa Honhom Kɛseɛ no a ɔnim adeɛ nyina ara no?

19 Amon bua see no sɛ: Ɛnnyɛ me a.

20 Na ɔhene no kaa sɛ: ɛyɛɛ dɛn na wo hunuu m’akoma mu nsusuɛ? Wo bɛtumi akasa akokoɔduro so, na waka deɛ ɛfa saa nneɛma yi ho akyerɛ me; na afei nso ka tumi a wo nam so de kumiɛ na wode twitwaa me nuanom no a wɔbɔɔ me nnwan hweteeɛ no abasa firii hɔ no kyerɛ me—

21 Na afei, sɛ wo bɛka deɛ ɛfa saa nneɛma yi ho akyerɛ me a, ɛnneɛ biribiara a wopɛ no mede bɛma wo; na sɛ wo bɛhia mpo a mɛma m’asraafoɔ abɔ wo ho ban; nanso menim sɛ wo wɔ tumi kɛseɛ kyɛn wɔn nyina ara; nanso biribiara a wopɛ sɛ meyɛ ma wo no mɛyɛ ama wo.

22 Afei ɛnam sɛ Amon yɛ nyansafoɔ, nanso ne ho dwo nti no, ɔsee Lamonae sɛ: Na sɛ meka tumi a menam so de yɛ saa nneɛma yi kyerɛ wo a, wo bɛtie m’asɛm? Na yei ne adeɛ a merehwehwɛ afiri wo hɔ.

23 Na ɔhene no buaa no sɛ: Aane, mɛgye wo nsɛm nyina ara adi: Na sei na ɔde ne nyansa nyaa no.

24 Na Amon hyɛɛ aseɛ de akokoɔduro kasa kyerɛɛ no, na ɔsee no sɛ: Wogyedi sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ?

25 Na ɔbuaa see no sɛ: Mente deɛ woreka no ase.

26 Na Amon kaa sɛ: Na wogyedi sɛ Honhom Kɛseɛ bi wɔ hɔ?

27 Na ɔkaa sɛ Aane.

28 Na Amon kaa sɛ: Yei ne Onyankopɔn no. Na Amon see no bio sɛ: Na wogyedi sɛ saa Honhom Kɛseɛ yi a, ɔyɛ Onyankopɔn no na ɔbɔɔ nneɛma nyina ara a ɛwɔ ɔsoro ne asaase so no anaa?

29 Na ɔkaa sɛ: Aane, megyedi sɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma a ɛwɔ asaase so nyina ara; na mmom mennim ɔsoro hɔ.

30 Na Amon buaa no sɛ: Ɔsoro hɔ ne baabi a Onyankopɔn ne n’abɔfoɔ kronkron nyina ara teɛ no.

31 Na ɔhene Lamonae buaa sɛ: ɛwɔ asaase no soro anaa?

32 Na Amon kaa sɛ: Aane, na ɔhwɛ nnipa mma nyina ara so wɔ fam; na ɔnim adwene ne nsusuɛ a ɛwɔ akoma nyina ara mu; ɛfiri sɛ ɛnam ne nsa so na ɛfiri ahyɛaseɛ no ɔde bɔɔ wɔn nyina ara.

33 Na ɔhene Lamonae kaa sɛ: Megye deɛ waka no nyina ara di. Na Onyankopɔn na ɔsomaa wo anaa?

34 Amon buaa no sɛ: Mɛyɛ nnipa; na ahyɛaseɛ no wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn sɛso, na ne Honhom Kronkron no na ɛfrɛɛ me sɛ me mɛkyerɛkyerɛ saa nneɛma yi nkyerɛ nkurɔfoɔ yi, ama wɔabɛhunu deɛ ɛtene ne nokware;

35 Na saa Honhom no mu bi te me mu, a ɛma me nimdeɛ, ne tumi nso sɛdeɛ me gyedie ne mɛpɛ a ɛwɔ Onyankopɔn mu teɛ no.

36 Afei mmerɛ a Amon kaa saa nsɛm yi no, ɔhyɛɛ aseɛ kaa sɛdeɛ wɔsi bɔɔ wiase, ne sɛdeɛ wɔsi bɔɔ Adam nso, na ɔkaa sɛdeɛ esi maa adasamma hwee ase kyerɛɛ no, na ɔsii nsɛm no so bio na ɔde twerɛtohɔsɛm no ne twerɛsɛm kronkron no a wɔatwerɛ a ɛfa nkurɔfoɔ no ho no a nkɔmhyɛfoɔ aka ho asɛm no, mpo de rekɔsi mmerɛ no a wɔn agya, Lihae, firii Yerusalem no.

37 Na ɔsan nso bobɔɔ so bio kyerɛɛ wɔn (de maa ɔhene no ne n’asomfoɔ) wɔn agyanom akwantuo wɔ ɛserɛ no so, ne wɔn amanehunu a ɛfa ɔkɔm ne nsukɔm ho, ne wɔn berɛ, ne deɛ ɛkeka ho.

38 Na ɔbobɔɔ deɛ ɛfa Laman ne Lemuel, ne Ismael mmammarima no atuateɛ ho asɛm so kyerɛɛ wɔn, aane wɔn atuateɛ nyina ara no ɔkakyerɛɛ wɔn; na ɔkyerɛkyerɛɛ twerɛtohɔsɛm ne twerɛsɛm no nyina ara mu yie kyerɛɛ wɔn, fiti mmerɛ a Lihae firii Yerusalem de bɛsi saa mmerɛ yi mu.

39 Mmom nnyɛ ne nyina ara nie; ɛfiri sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ nhyehyɛeɛ a ɛwɔ hɔ ma dima no mu yie kyerɛɛ wɔn, deɛ wasiesie ato hɔ fiti wiase fapem no; na ɔsan maa wɔn hunuu deɛ ɛfa Kristo mmaeɛ no nso ho, na Awurade nwuma nyina ara nso no, ɔdaa n’adi kyerɛɛ wɔn.

40 Na ɛbaa sɛ ɔkaa saa nsɛm yi nyina ara wieeɛ no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu yie kyerɛɛ ɔhene no, ɔhene no gyee nsɛm no nyina ara diiɛ.

41 Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔresu afrɛ Awurade sɛ: O Awurade, hu me mmɔbɔ; sɛdeɛ w’ahummɔborɔ dodoɔ no a wode hunuu Nifae nkurɔfoɔ no mmɔbɔ teɛ no, hunu me nso me ne me nkurɔfoɔ mmɔbɔ.

42 Na afei, mmerɛ a ɔkaa saa no, ɔhwee fam sɛdeɛ wawuo no.

43 Na ɛbaa sɛ n’asomfoɔ no maa no so soaa no de no kɔmaa ne yere, na wɔde no too mpa so; na ɔdaa hɔ te sɛdeɛ wɔawuo no bɛyɛ naanu ntam, adekyeɛ ne anadwo mmienu; na ne yere, ne ne mmammarima, ne ne mmammaa suu no, sɛdeɛ Lamanfoɔ yɛ no, na wɔbɔɔ abooboo yie wɔ ne wuo no ho.