Twerɛnsɛm
Alma 3


Ti 3

Amlisaefoɔ no hyɛɛ wɔn ho nso sɛdeɛ nkɔmhyɛsɛm no teɛ—Wadome Lamanfoɔ no ɛnam wɔn atuateɛ nti—Nnipa ara na ɛde nomee ba wɔn so—Nifaefoɔ no di Lamanfoɔ asraafoɔ foforɔ so nkunim. Bɛyɛ mfinhyia 87–86 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ Nifaefoɔ no a wɔanwu wɔ akodeɛ ano no siee wɔn a wɔawuwuo no wieeɛ no—afei wɔn a wɔakumkum wɔn no wɔantumi ankan wɔn dodoɔ, ɛfiri sɛ na wɔdɔɔso dodo—wɔsiee wɔn awufoɔ wieeɛ no, wɔn nyina ara sann wɔn akyi kɔɔ wɔn nsaase so, ne wɔn afie mu, ne wɔn yerenom hɔ, ne wɔn mma hɔ.

2 Afei mmaa ne nkwadaa bebree wuwuui wɔ akofena ano, ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie nso bebree; na nnipa dɔm tiatiaa wɔn aburofuo bebree so sɛee no.

3 Na afei Lamanfoɔ ne Amlisaefoɔ bebree a wɔkumm wɔn wɔ asubɔntene Sidon kokoɔ so no, wɔtoo wɔn guu Sidon nsuwa no mu; na hwɛ wɔn nnompe wɔ ɛpo ase, na ɛdɔɔso ara yie.

4 Na nsonsonoɛ bɛdaa Amlisaefoɔ ne Nifaefoɔ ntam, ɛfiri sɛ wɔde adekɔkɔɔ bi kekaa wɔn momaso te sɛdeɛ Lamanfoɔ no ayɛ pɛpɛɛpɛ no; nanso wɔanwerɛ wɔn tiri ho sɛ Lamanfoɔ no.

5 Afei Lamanfoɔ no werɛɛ wɔn tiri ho; na sɛ ɛnyɛ aboa nwoma a wɔde twaa wɔn asene mu, ne akodeɛ a ɛsensɛn wɔn ho, ne wɔn tadua, ne wɔn agyan, ne wɔn aboɔ, ne wɔn ntweneduro, ne deɛ ɛkeka ho a, na anka wɔda adagya.

6 Na Lamanfoɔ no honam ani biri, sɛdeɛ wɔn agyanom ahyɛnso teɛ no, na ɛyɛ nomee a ɛwɔ wɔn so ɛnam wɔn mmaratoɔ ne wɔn atuateɛ wɔ wɔn nuanom a, wɔn ne Nifae, Yakob, ne Yosef, ne Sam a wɔyɛ nnipa tenenee ne kronkron so.

7 Na wɔn nuanom pɛɛ sɛ wɔsɛe wɔn, ɛno nti wɔdomee wɔn; na Awurade maa wɔn ahyɛnso, aane, wɔ Laman ne Lemuel, ne Ismael mmammarima no nso, ne Ismaelfoɔ mmaa no.

8 Na wɔyɛɛ sei maa nsonsonoɛ bɛdaa wɔn ase ne wɔn nuanom asefoɔ ntam, ama Awurade Nyankopɔn nam yei so de akora ne nkurɔfoɔ, ama wɔankɔfra wɔn mu na wɔanye wɔn amammerɛ bɔne a ɛde ɔsɛee bɛba wɔn so no anni.

9 Na ɛbaa sɛ obiara a ɔne Lamanfoɔ asefoɔ no bɛdi afera no de saa nomee no ba n’asefoɔ so.

10 Ɛno nti, obiara a ɔmaa ne ho kwan maa Lamanfoɔ twee no kɔɔɛ no, wɔde saa din no frɛɛ no na ɔnyaa ahyɛnsoɔ wɔ ne ho.

11 Na ɛbaa sɛ obiara a wɔanye Lamanfoɔ amammerɛ anni no; na ɔgyee saa twerɛtohɔsɛm no a wɔde firi Yerusalem asaase so baeɛ no, ne wɔn agyanom amammerɛ no a ɛyɛ nokware no nso diiɛ no ne wɔn a wɔgyee Onyankopɔn mmaransɛm no diiɛ no, na wɔdii so no wɔfrɛɛ wɔn Nifae nkurɔfoɔ, ɛfiri saa mmerɛ no de rekorɔ no.

12 Na yeinom ne wɔn a wɔde wɔn nkurɔfoɔ ho twerɛtohɔsɛm a ɛyɛ nokware ne deɛ ɛfa Lamanfoɔ nso ho asie no.

13 Afei yɛbɛsan yɛn akyi akɔ Amlisaefoɔ so bio, ɛfiri sɛ wɔn nso wɔwɔ ahyɛnso wɔ wɔn ho; aane, wɔhyɛɛ wɔn ho nso, aane, ade kɔkɔɔ mpo a na wɔde akeka wɔn momaso no.

14 Yei ama Onyankopɔn asɛm ahyɛ ma, ɛfiri sɛ nsɛm a ɔka kyerɛɛ Nifaefoɔ no nie: Na hwɛ, madome Lamanfoɔ no, na mama wɔn ahyɛnso ama nsonsonoɛ abɛda wɔn asefoɔ ne w’asefoɔ ntam, ɛfiri saa mmerɛ yi derekɔsi afebɔɔ, na gye sɛ wɔsakyera firi wɔn bɔne ho, na wɔsan ba me hɔ ma mehunu wɔn mmɔbɔ.

15 Na bio: Mɛma ahyɛnso aba wɔn a wɔne n’asefoɔ ne wo nuanom bɛdi afra, ama, nomee aba wɔn so nso.

16 Na bio: Mɛma ahyɛnso aba deɛ ɔne wo ne w’asefoɔ bɛko so.

17 Na bio, mese deɛ ɔbɛfiri wo nkyɛn akɔ no, wɔremferɛ no w’aseni bio; na mɛhyira wo, ne obiara a wɔbɛfrɛ no w’aseni, akɔsi afebɔɔ; na yei ne bɔhyɛ a Awurade de bɔɔ Nifae ne n’asefoɔ no.

18 Afei Amlisaefoɔ no nnim sɛ wɔrehyɛ Nyankopɔn nsɛm no ma mmerɛ a wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrehyɛ wɔn ho nso wɔ wɔn momaso no; nanso wɔate Nyankopɔn so atua wɔ badwam, ɛno nti ɛho hiaa sɛ nomee ba wɔn so.

19 Afei mepɛ sɛ wo hunu sɛ wɔde nomee no aba wɔn ankasa wɔn so; na saa nso mpo na nipa biara a wadome no no de ɛfɔdie ma ne ho.

20 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Lamanfoɔ ne Amlisaefoɔ bɛkoe wɔ Sarahɛmla asaase so no, ankyɛre biara na Lamanfoɔ asraafoɔ foforɔ bi nso baa Nifae nkurɔfoɔ so wɔ baabi korɔ no a asraafoɔ a edikan no hyiaa Amlisaefoɔ no.

21 Na ɛbaa sɛ wɔtuu asraafoɔ maa wɔkɔpamoo wɔn firii wɔn asaase so.

22 Afei na Alma no ara apira nti saa mmerɛ no wankɔ wɔne Lamanfoɔ ako no bi.

23 Na mmom ɔtuu asraafoɔ bebree maa wɔkɔɔ wɔn so; na wɔkɔkumkumm Lamanfoɔ no bebree, na wɔpamoo nkaeɛ no firii wɔn asaase no hyeɛso.

24 Na afei wɔsan baa bio na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrenya asomdwoeɛ wɔ asaase no so, na wɔn atamfo biara ammɛha wɔn saa mmerɛ no bio.

25 Afei wɔyɛɛ saa nneɛma yi nyina ara, aane, saa akokoakoko ne apereapereɛ yi nyina ara hyɛɛ aseɛ na ɛbaa awieɛ wɔ mfie nnum mu wɔ atɛmmuafoɔ ahennie no mu.

26 Na afe korɔ mu no wɔmaa akra mpem ne mpem mpem kɔɔ wiase a ɛnniawieɛ no mu, ama wɔanya wɔn akatua sɛdeɛ wɔn nwuma teɛ, sɛ ɛyɛ anaa sɛ ɛnnyɛ, ama wɔanya anigyeɛ a ɛnniawieɛ anaa mmɔborɔyɛ a ɛnniawieɛ, sɛdeɛ honhom a wɔpɛ tiee no teɛ, sɛ ɛyɛ honhom pa anaa sɛ honhom bɔne.

27 Ɛfiri sɛ nnipa biara nya akatua firi deɛ ɔtie no no hɔ, na yei ne nsɛm a nkɔmhyɛ honhom no da n’adi; ɛno nti momma ɛnyɛ hɔ sɛdeɛ nokware no teɛ. Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie afe a ɛtɔ so num de baa awieɛ.