Twerɛnsɛm
Alma 31


Ti 31

Alma di asɛmpatrɛsoma anim kɔgye Soramfoɔ a wɔahwe ase wɔ gyedie mu no—Soramfoɔ po Kristo, wɔgye adwene hunu a ɛwɔ eyie a Nyankopɔn yi obi no di, na wɔgyina mpeabɔ bi a wɔahyehyɛ mu nsɛm ato hɔ dada no so som—Honhom Kronkron no hyɛ asɛmpatrɛfoɔ no ma—Ɛdɛ a wɔwɔ no Kristo mu no mene wɔn amanehunu mmorosoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 74 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ Korihɔ abrabɔ baa awieɛ no akyire no, Alma nsa kaa ɛnkra sɛ Soramfoɔ ɛredanedane Awurade akwan, na Soram a ɔyɛ wɔn kandifoɔ no atwe nkurɔfoɔ no akoma ama wɔabɔ wɔn mu ase asom ahonini mum no, n’akoma hyɛɛ aseɛ sɛ ɛredi yea, ɛnam nkurɔfoɔ no amumuyɛ nti.

2 Na Alma dii awerɛhoɔ kɛseɛ yie mmerɛ a ɔhunu amumuyɛ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ no mu no; ɛno nti ɔdii awerɛhoɔ kɛseɛ wɔ n’akoma mu ɛnam Soramfoɔ ho a wɔate afiri Nifaefoɔ ho no nti.

3 Afei na Soramfoɔ no aboa wɔn ano wɔ asaase bi a wɔfrɛ no Antionum, a ɛwɔ Sarahɛmla asaase no apueɛ afa mu, baabi a aka kakraabi na ɛne ɛpo ano abɔ hyeɛ no. Yɛsɔn asaase no anaafoɔ a ɛno nso da ɛserɛ no anaafoɔ, ɛserɛ no a na Lamanfoɔ ahyɛ so ma no.

4 Afei Nifaefoɔ no surooe yie sɛ anhwɛ a na Soramfoɔ no ne Lamanfoɔ no akɔyɛ baako, na ɛbɛma Nifaefoɔ no ahwere nneɛma bebree.

5 Na afei ɛnam sɛ wɔka asɛm no a ɛtumi ma nkurɔfoɔ no yɛ deɛ ɛyɛ nokware—aane, na ɛnya tumi kɛseɛ wɔ nkurɔfoɔ no adwene so kyɛn akofena, anaa biribifoforɔ biara a ato wɔn—ɛno nti Alma dwenee sɛ ɛbɛhia sɛ wɔde Onyankopɔn asɛm no mu tumi no bɛyɛ adwuma ahwɛ.

6 Ɛno nti ɔfaa Amon, ne Aaron, ne Omna; na ɔgyaa Himnae wɔ Sarahɛmla asɔre no mu; na mmom mmiɛnsa a wɔn di kan no deɛ ɔfaa wɔn kaa ne ho, ne Amulek ne Seesrom nso, a na wɔwɔ Melek; na ɔfaa ne mmammarima no mu mmienu nso.

7 Afei ne mmammarima no mu panin no deɛ wɔamfa no anka ne ho, na ne din de Hɛlaman; na mmom wɔn a ɔfaa wɔn kaa ne ho no, wɔn din de Siblon ne Korianton; na saa nkurɔfoɔ yi maa wɔne wɔn kɔɔ Soramfoɔ no mu sɛ wɔrekɔka asɛm no akyerɛ wɔn.

8 Afei Soramfoɔ yi yɛ Nifaefoɔ a wɔate atua afiri Nifaefoɔ mu; ɛno nti wɔaka Onyankopɔn asɛm no akyerɛ wɔn da.

9 Mmom wɔahwease wɔ mfomsoɔ kɛseɛ mu, ɛfiri sɛ wɔannhwɛ sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm n’ahyɛdeɛ so, sɛdeɛ Mose mmara no teɛ no.

10 Ɛna wɔnni asɔre no dwumadie biara so, sɛ wɔbɛkɔ so abɔ mpaeɛ na wɔasu afrɛ Onyankopɔn dabiara, amma wɔankɔ nsɔhwɛ mu.

11 Aane, ne tia ara ne sɛ wɔdanee Awurade akwan wɔ akwan ahodoɔ bebree mu; ɛno nti, na ɛmaa Alma ne n’asɛmpatrɛfoɔ no kɔɔ asaase no so sɛ wɔrekɔka asɛm no akyerɛ wɔn.

12 Afei, mmerɛ a wɔbaa asaase no so no, hwɛ, wɔn ho dwirii wɔn mmerɛ a wɔhunu sɛ Soramfoɔ no asi nhyiadan, na wɔboa wɔn ano bɔ mu dakoro wɔ dapɛn mu, saa da no wɔfrɛɛ no Awurade da; na wɔsomm wɔ ɛkwan bi so a Alma ne ne nuanom nhunu bi da;

13 Na wɔahyehyɛ baabi wɔn hyiadan no mfinfini, na ɛhɔ na wɔgyina, na ɛhɔ wɔ soro tra etire so; na nipa baako pɛ na ɔtumi kɔ soro hɔ.

14 Ɛno nti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom no ɛwɔ sɛ ɔkɔgyina soro hɔ, na ɔma ne nsa so kɔ soro, na ɔde nne kɛseɛ tea mu sɛ:

15 Kronkron, kronkron Nyankopɔn; yɛgyedi sɛ wo yɛ Onyankopɔn, na yɛgyedi sɛ woyɛ kronkron, na woyɛ honhom, na woda so yɛ honhom, na wobɛyɛ honhom afebɔɔ.

16 Kronkron Nyankopɔn, yɛgyedi sɛ wo na wate yɛne yɛn nuanom ntam; na yɛnnye yɛn nuanom amamerɛ a wɔn agyanom nam nkwadaa adwene so de maa wɔn no nni; na mmom yɛgyedi sɛ wo na wayi yɛn sɛ yɛnyɛ wo mma kronkron; na wada no adi akyerɛ yɛn sɛ Kristo biara remma.

17 Na mmom wote saa ara ɛnora, ɛnɛ, ne afebɔɔ, na wayi yɛn sɛ yɛmɛnya nkwagyeɛ, mmerɛ a wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia nyina ara no wonam wabufuhyeɛ so de wɔn ato asamando, O Nyankopɔn yɛda wo ase wɔ saa kronkron yɛ yi ho; na yɛda wo ase nso sɛ wayi yɛn amma yɛanni yɛn nuanom nkwasea amamerɛ akyiri, deɛ ɛbrɛ wɔn ase ma wɔnya gyedie wɔ Kristo mu, deɛ ɛtwe wɔn akoma firi wo ho koraa, yɛn Nyankopɔn.

18 Na yɛda wo ase bio, O Nyankopɔn, sɛ yɛyɛ nkurɔfoɔ kronkron a wasa mu ayi yɛn. Amen.

19 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Alma ne ne nuanom ne ne mmammarima no tee saa mpeabɔ yi no, wɔn ho dwirii wɔn mmorosoɔ.

20 Na hwɛ, obiara kɔbɔɔ saa mpaeɛ korɔ no ara.

21 Afei wɔfrɛɛ saa baabi no Rameumptom, a n’asekyerɛ ne sɛ kronkron gyinabea.

22 Afei saa baabi yi so na obiara kɔgyina bɔ saa mpaebɔ korɔ yi ara kyerɛ Nyankopɔn, da wɔn Nyankopɔn ase sɛ wasa mu ayi wɔn, na wanyae wɔn amma wɔankɔdi wɔn nuanom amamerɛ akyiri, na wɔantwe wɔn akoma amma wɔanye nneɛma a ɛbɛba a wɔnnim ho hwee no anni.

23 Afei, mmerɛ a nkurɔfoɔ no nyina ara daa ase wɔ saa kwan yi so wiee, wɔsann wɔn akyiri kɔɔ wɔn afiefie mu, na wɔanka hwee a ɛfa wɔn Nyankopɔn ho bio kɔpem sɛ wɔboaa wɔn ano bio wɔ saa kronkron gyinabea hɔ de naaseɛ maa sɛdeɛ wɔyɛ no.

24 Afei mmerɛ a Alma hunu sei no ɛyɛ n’akoma anibereɛ, ɛfiri sɛ ɔhunuu sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔn atirimuɔdenfoɔ na wɔte wɔn bɔne mu saa ara; aane ɔhunu sɛ wɔn akoma di sika kɔkɔɔ, dwetɛ, ne afɛɛfɛdeɛ ahodoɔ nyina ara akyiri.

25 Aane, na ɔhunu nso sɛ wɔamema wɔn ho so ama ahomasoɔ ahyɛ wɔn akoma mu ma.

26 Na ɔmaa ne nne so kɔɔ soro, na ɔteaa mu sɛ: O ɛnkɔsi dabɛn, O Awurade, na wobɛhwɛ ama wo nkoa atena ase ha wɔ honam mu, ahwɛ saa atirimuɔden kɛseɛ sei a ɛwɔ nnipa mma mu yi?

27 Hwɛ, O Nyankopɔn, wɔresu frɛ wo, nanso ahomasoɔ ahyɛ wɔn akoma mu ma. Hwɛ, O Nyankopɔn, wɔde wɔn ano resu frɛ wo, wɔ mmerɛ a wɔde wiase nneɛma hunu hyehyɛ wɔn ho buruburo de mema wɔn ho so.

28 Hwɛ, O me Nyankopɔn, wɔn ntadeɛ aboɔden, ne wɔn mpɛtea, ne wɔn agudeɛ ɛdeda wɔn abakɔn, ne wɔn sika kɔkɔɔ ahyehyɛdeɛ, ne nneɛma a ɛsombo a wɔde siesie wɔn ho; na hwɛ, wɔde wɔn akoma ato so, nanso wɔsu frɛ wo na wɔka sɛ—Yɛda wo ase, O Nyankopɔn, ɛfiri sɛ yɛyɛ nkurɔfoɔ a wasa mu ayi yɛn ama wo ho, mmerɛ a nkaeɛ no bɛyera.

29 Aane, na wɔka sɛ wama wɔn ahunu sɛ Kristo biara remma.

30 O Awurade Nyankopɔn ɛnkɔsi dabɛn na wobɛhwɛ ama saa atirimuɔden ne nokwaredie a ɛnni nkurɔfoɔ yi mu yi bɛkɔ so? O Awurade, wobɛma me ahoɔden ama matumi de agyina me mmerɛyɛ yi ano. Ɛfiri sɛ meyɛ mmerɛ, na saa atirimuɔdensɛm a ɛte nkurɔfoɔ yi mu yi ma me kra di yea.

31 O Awurade, awerɛhoɔ ahyɛ m’akoma ma dodo; wo bɛkyekyere me kra werɛ wɔ Kristo mu. O Awurade, wobɛma manya ahoɔden, ama mede abotare de agyin saa amanehunu a ɛbɛba me so yi, ɛnam nkurɔfoɔ yi amumuyɛ nti.

32 O Awurade, wobɛma me kra awerɛkyekyerɛ, na wama madi nkunim, ne me nuanom apaafoɔ a wɔka me ho yi nso—aane, Amon, ne Aaron, ne Omna, ne Amulek nso ne Seesrom, ne me mmammarima mmienu yi nso—aane, yei nyina ara mpo na wo bɛkyekyere wɔn werɛ, O Awurade. Aane, wo bɛma wɔn akra awerɛkyekyerɛ wɔ Kristo mu.

33 Wo bɛma wɔn anya ahoɔden, ama wɔde agyina amanehunu a ɛbɛba wɔn so ɛnam nkurɔfoɔ yi amumuyɛ nti.

34 O Awurade, wobɛma yɛn nkunimdie ama yɛatwe wɔn ama wo wɔ Kristo mu bio.

35 Hwɛ, O Awurade, wɔn akra sombo, na wɔn mu dodoɔ no ara yɛ yɛn nuanom; ɛno nti, ma yɛn tumi, ne nyansa O Awurade, ma yɛntumi ntwe yɛn nuanom yi mma wo bio.

36 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Alma kaa saa nsɛm yi wieeɛ no ɔde ne nsa guu wɔn a wɔne wɔn wɔ hɔ no nyina ara so. Na hwɛ, mmerɛ a ɔbɔɔ ne nsa mu guu wɔn so no, honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn ma.

37 Na ɛno akyiri no wɔdii mpaepae mu, na obiara kɔɔ ne kwan, a wɔannwenenwene wɔ deɛ wɔbɛdie ho, anaa deɛ wɔbɛnom ho, anaa deɛ wɔbɛfira ho.

38 Na Awurade yɛɛ wɔn mmoa maa ɛkɔm anne wɔn, na nsukɔm anne wɔn; aane, na ɔmaa wɔn ahoɔden nso, na wɔanhunu amane biara, gye sɛ ɛdɛ a wɔwɔ no Kristo mu no mene wɔn amanehunu biara. Afei yeinom sii, ɛnam Alma mpaeɛ a ɔbɔɔ no wɔ gyedie mu no nti.