Twerɛnsɛm
Alma 14


Ti 14

Wɔde Alma ne Amulek to afiase na wɔhwe wɔn—Wɔde egya hye agyedifoɔ no ne wɔn twerɛsɛm kronkron no—Awurade gye mogyadansefoɔ no wɔ animuonyam mu—Afiase afasuo no bu na ɛdwiri gu fam—Wɔgye Alma ne Amulek na wɔkum wɔn a wɔtaataa wɔn no. Bɛyɛ mfinhyia 82–81 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ ɔkasa kyerɛɛ nkurɔfoɔ no wieeɛ no, wɔn mu dodoɔ no gyee ne nsɛm no diiɛ, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔresakyera wɔn adwene, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrehwehwɛ twerɛsɛm no mu aniberɛso.

2 Na mmom wɔn mu dodoɔ no ara na wɔpɛɛ sɛ wɔsɛe Alma ne Amulek; ɛfiri sɛ na wɔn bo afu Alma, ɛnam sɛ ne nsɛm a ɔka kyerɛɛ Seesrom no da adi pefee nti no; na wɔkaa nso sɛ Amulek adi atorɔ akyerɛ wɔn, na wakasa atia wɔn mmara ne wɔn mmaranimfoɔ ne atɛmmuafoɔ no nso.

3 Na wɔn bo fuu Alma ne Amulek nso; na ɛnam sɛ wɔdii adanseɛ pefee de tiaa wɔn atirimuɔdensɛm nti no, wɔpɛɛ sɛ wɔkum wɔn ɛsumase.

4 Na mmom ɛbaa sɛ wɔanyɛ; na mmom wɔfaa wɔn na wɔde ntampehoma a ɛmu yɛ den kyekyeree wɔn, na wɔde wɔn kɔɔ ɔtɛmmuafoɔ panin a ɔwɔ asaase no so no anim.

5 Na nkurɔfoɔ no kɔdii adanseɛ tiaa wɔn—wɔn adanseɛ ne sɛ wɔakasa atia mmara no, ne wɔn mmaranimfoɔ ne atɛmmuafoɔ a wɔwɔ asaase no so no, ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no so nso nyina ara; na wɔasan adi adanseɛ nso sɛ Onyankopɔn yɛ baako pɛ, na ɔbɛsoma ne Ba no ama no aba nkurɔfoɔ yi mu, na mmom ɔrennye wɔn nkwa; na nsɛm pii a ɛtete sei no na nkurɔfoɔ no de dii adanseɛ tiaa Alma ne Amulek. Afei saa adeɛ yi na wɔyɛeɛ wɔ ɔtɛmmuafoɔ panin a ɔwɔ asaase no so no anim.

6 Na ɛbaa sɛ Seesrom ho dwirii no wɔ nsɛm a wɔkaae no ho; na ɔnim nso sɛ atorɔsɛm a ɔkaaɛ no na afira nkurɔfoɔ no adwene; nti n’afɔdie ho adwendwene maa ne kra hyɛɛ aseɛ tutui; aane, asamando yea hyɛɛ aseɛ sɛ ɛretwa ne ho ahyia.

7 Na ɛbaa sɛ ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreteatea mu aka akyerɛ nkurɔfoɔ no sɛ: Monhwɛ, medi fɔ na saa marima yi ho nni nkekaawa biara wɔ Onyankopɔn anim. Na ɔhyɛaseɛ sɛ ɔresrɛ ama wɔn fiti saa mmerɛ no derekɔ; na mmom wɔyeyɛɛ no kaa sɛ: Na wo nso honhom bɔne wɔ wo so anaa? Na wɔtee ntasuo guu ne so, na wɔyii no firi wɔn mu, na wɔn nso a wɔgyee nsɛm a Alma ne Amulek kaae no diiɛ no nso; wɔyii wɔn adi, na wɔsomaa marima sɛ wɔnkɔ si wɔn aboɔ.

8 Na wɔde wɔn yerenom ne wɔn mma bɔɔ mu baae, ne obiara a wagye adi anaa sɛ wakyerɛkyerɛ no sɛ ɔbɛgye Onyankopɔn asɛm no adi no sɛ wɔmfa wɔn ngu egya mu; na wɔde wɔn twerɛsɛm kronkron no nso baae na wɔto guu egya no mu, sɛ ɛbɛhyɛe na asɛe.

9 Na ɛbaa sɛ wɔfaa Alma ne Amulek soaa wɔn de wɔn kɔɔ baabi a wɔkum wɔn a wɔdi asɛmpa no ho adanseɛ no, sɛ wɔbɛ hwɛ wɔn a egya no rehye wɔn no.

10 Na Amulek hunuu sɛ mmaa no ne nkwadaa no rehye wɔ egya no mu no, ɔno nso dii yea na ɔsee Alma sɛ: Adɛn nti na yɛbɛtumi ahwɛ adeɛ huhuu sei? Ɛno nti ma yɛn tene yɛn nsa mu na yɛn mfa Onyankopɔn tumi a ɛwɔ yɛn mu no nnye wɔn nkwa mfiri egyaframa yi mu.

11 Na mmom Alma kaa sɛ: Honhom no mma me kwan sɛ me ntene me nsa; na hwɛ Awurade regye wɔn ama ne ho, wɔ animuonyam mu; na ɔpɛ sɛ wɔyɛ saa adeɛ yi, anaa sɛ saa nkurɔfoɔ yi nyɛ wɔn saa adeɛ yi, sɛdeɛ wɔn akoma den teɛ no sɛ, atɛn a ɔde bɛbu wɔn wɔ n’abufuhyeɛ mu no ayɛ pɛpɛɛpɛ; na wɔn a wɔnni fɔ no mogya bɛsɔre adi adanseɛ atia wɔn, aane, na wɔatea mu dendennden atia wɔn wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu.

12 Afei Amulek ka kyerɛɛ Alma sɛ: Hwɛ, anhwɛ a na wɔahye yɛn nso.

13 Na Alma kaa sɛ: Ma Awurade pɛ ɛnyɛ hɔ. Na mmom hwɛ yɛnwiee yɛn adwuma; ɛno nti wɔrennhye yɛn.

14 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔn a wɔde wɔn guu egya mu no nipadua ne wɔn twerɛsɛm no nso a wɔde guu egya no mu bi no hye wieeɛ no, ɔtɛmmuafoɔ panin a ɔwɔ asaase no so bɛgyinaa Alma ne Amulek anim, mmerɛ a na wɔrekyekyere wɔn no; na ɔde ne nsa bɔɔ wɔn aso mu, na ɔsee wɔn sɛ: Deɛ moahunu yi nyina ara akyiri yi no, mobɛka nsɛmpa akyerɛ nkurɔfoɔ yi bio ama wɔato wɔn agu ogya ne sɔfe tadeɛ mu anaa?

15 Monhwɛ, moahunu sɛ monni tumi a modebɛgye wɔn a wɔtoo wɔn guu egya mu no; saa ara nso na Onyankopɔn anye wɔn, ɛfiri sɛ mo gyedie no mu ara na wɔwɔ. Na atɛmmuafoɔ no bɔɔ wɔn sotorɔ bio, na ɔbisaa wɔn sɛ: Moka deɛn ma mo ho?

16 Afei na saa ɔtɛmmuafoɔ no tesɛ Nehɔ nhyehyɛeɛ no ne gyedie deɛ ɔkumm Gideon no.

17 Na ɛbaa sɛ Alma ne Amulek anyi n’ano; na ɔbɔɔ wɔn bio, na ɔde wɔn maa ahwɛsofoɔ no sɛ wɔmfa wɔn nto afiase.

18 Na mmerɛ a wɔde wɔn too afiase nansa no, mmaranimfoɔ bebree, ne atɛmmuafoɔ, ne asɔfoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ bebree a wɔyɛ Nehɔ akyitaafoɔ no bi baa hɔ, na wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔrekɔhwɛ wɔn, na wɔbisabisaa wɔn nsɛm a ɛfa nneɛma bebree ho; na mmom wɔanyi wɔn ano.

19 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no kɔgyinaa wɔn anim, na ɔkaa sɛ: Adɛn nti na mommua nkurɔfoɔ yi? Monnim sɛ mewɔ tumi sɛ mede mo gu ogyaframa no mu? Na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkasa; na mmom wɔanka hwee.

20 Na ɛbaa sɛ wɔfirii hɔ kɔɔ wɔn kwan, na mmom adeɛ kyeeɛ no wɔsan baa hɔ bio; na ɔtɛmmuafoɔ no nso bɔɔ wɔn asom bio. Na dodoɔ no ara nso bɛbobɔɔ wɔn asotorɔ na wɔsee wɔn sɛ: Mobɛsɔre agyina bio abu nkurɔfoɔ yi atɛn, na moato yɛn mmara no atwene anaa? Sɛ mowɔ tumi kɛseɛ sei a adɛn na monye mo ho?

21 Na nneɛma ɛtete saa na wɔka kyerɛɛ wɔn, na wɔtwɛree wɔn se guu wɔn so, na wɔtee ntasuo guu wɔn so, na wɔkaa sɛ: Sɛ wɔbu yɛn fɔ a sɛn na nkurɔfoɔ bɛhwɛ yɛn afa?

22 Na nsɛm bebree a ɛtete sei, aane, nsɛm ahodoɔ nyina ara a ɛtete sei na wɔka kyerɛɛ wɔn; na wɔdii wɔn ho fɛw nna bebree. Na wɔamma wɔn aduane ne nsuo sɛdeɛ ɔkɔm ne nsukɔm bɛde wɔn; na wɔpaa wɔn ho ntoma maa wɔdaa adagya; na wɔde ntampehoma kyekyeree wɔn, na wɔde wɔn too afiase.

23 Na ɛbaa sɛ wɔhunu amane nna bebree akyiri no, (na ɛyɛ da a ɛtɔ so dummienu, wɔ bosomee a ɛtɔ so edu no mu, wɔ atɛmmuafoɔ no ahennie afe a ɛtɔso du wɔ Nifae nkurɔfoɔ so) na ɔtɛmmuafoɔ panin a ɔhwɛ Amonaeha asaase so no ne wɔn akyerɛkyerɛfoɔ no mu bebree ne wɔn mmaranimfoɔ no kɔɔ afiase hɔ baabi a wɔde ntampehoma akyekyere Alma ne Amulek no.

24 Na ɔtɛmmuafoɔ panin no bɛgyinaa wɔn anim, na ɔbɔɔ wɔn bio, na ɔsee wɔn sɛ: Sɛ mo wɔtumi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ a mo nsane mo ho mfiri mpokyerɛ yi mu, na ɛno na yɛbɛgye adi sɛ Awurade bɛsɛe nkurɔfoɔ yi sɛdeɛ mo nsɛm teɛ no.

25 Na ɛbaa sɛ wɔn nyina ara kɔ kɔbobɔɔ wɔn, na wɔkaa saa nsɛm no ara kyerɛɛ wɔn, mpo de kɔsii deɛ ɔtwa toɔ no so; na mmerɛ a deɛ ɔtwa toɔ no kasa kyerɛɛ wɔn wieeɛ no, Onyankopɔn tumi baa Alma ne Amulek so, na wɔsɔre gyinaa wɔn nan so.

26 Na Alma teaa mu sɛ: Yɛnhunu amane kɛseɛ sei nkɔsi dabɛn, O Awurade? O Awurade, ma yɛn ahoɔden te sɛdeɛ yɛn gyedie a ɛwɔ Kristo mu teɛ no, na mpo gye yɛn. Na wɔtetee ntampehoma a wɔde akyekyere wɔn no mu; na mmerɛ a nkurɔfoɔ no hunuu saa no, wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔredwane, ɛfiri sɛ na ɔsɛeɛ ho suro aba wɔn so.

27 Na ɛbaa sɛ wɔn suro no yɛɛ kɛseɛ ara maa wɔhwehwee fam, nti wɔanuru afiase abɔntene pono no ho; na asaase wosoo dendennden, na afasuo a ɛwɔ afiase hɔ no mu paae mmienu, nti ɛmaa ɛdwiri guu fam; na ɔtɛmmuafoɔ panin no, ne mmaranimfoɔ no, ne asɔfoɔ, ne akyerɛkyerɛfoɔ no a wɔbobɔɔ Alma ne Amulek no wuii wɔ afasuo no a adwiri no ase.

28 Na Alma ne Amulek firii afiase pueɛ a wɔampira; ɛfiri sɛ Awurade maa wɔn tumi sɛdeɛ wɔn gyedie a ɛwɔ Kristo mu teɛ no. Na wɔfirii afiase hɔ ntɛm paa ara; na wɔn mpokyerɛ no sanesane firii wɔn ho; na afiase hɔ dwirii guu fam, na nipa biara a na ɔwɔ afiase hɔ no gye sɛ Alma ne Amulek wuii; na wɔfirii hɔ ntɛm pa ara puei na wɔkɔɔ kuropɔn no mu.

29 Afei nkurɔfoɔ no tee dede kɛseɛ no nkurɔfoɔ akuokuo tutuu mmirika baae sɛ wɔrebɛhwɛ deɛ asie; na mmerɛ a wɔhunuu sɛ Alma ne Amulek firi afiase hɔ reba no, na afiase afasuo no nso adwiri agu fam no, ɛhuu kɛseɛ kaa wɔn, maa wɔdwane firii Alma ne Amulek anim sɛdeɛ abirekyie ne ne mma dwane firi gyata mmienu anim no; na sei na wɔdwane firii Alma ne Amulek anim.