Twerɛnsɛm
Alma 4


Ti 4

Alma bɔ nnipa mpempem a wɔasakyera asu—Amumuyɛ ba asɔre no mu, na asɔre no mpontuo brɛ ase—Wɔyi Nifaeha ma ɔbɛyɛ ɔtɛmmuafoɔ panin—Alma, sɛ ɔsɔfo panin, ɔtu ne ho si hɔ ma Ɔsom no. Bɛyɛ mfinhyia 86–83 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ mfie nsia mu wɔ atɛmmuafoɔ ahennie mu no wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so no, na apereapereɛ anaa akokoakoko nni Sarahɛmla asaase no so.

2 Na mmom nkurɔfoɔ no hunuu amane, aane, wɔhunuu amane yie ɛnam wɔn nuanom a wɔwuwuiɛ no, ne wɔn nnwan ne wɔn anantwie a wɔwuwuui no nso, ne wɔn aburofuo a Lamanfoɔ no de wɔn nan tiatiaa so sɛee no wɔ wɔn nan ase no nti.

3 Na wɔn amanehunu no yɛɛ kɛse ara maa ɔkra biara suui; na wɔgye dii sɛ ɛyɛ Onyankopɔn ntɛmmuo na aba wɔn so ɛnam wɔn atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm nti; ɛno nti wɔkanyan wɔn ho maa wɔkaee wɔn dwumadie.

4 Na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekyekyere asɔre no yie; aane, na wɔbɔɔ dodoɔ no ara asu wɔ Sidon nsuwa mu na wɔbɛkaa Onyankopɔn asɔremma no ho; aane; Alma a n’agya Alma hyɛɛ no ɔsɔfo panin wɔ asɔremma no so no na ɔbɔɔ wɔn asu.

5 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ ahennie mu afe a ɛtɔ so nson mu no, akra bɛyɛ sɛ mpem mmiɛnsa ne ahanum a wɔkaa wɔn ho bɔɔ mu wɔ Nyankopɔn asɔre no mu maa wɔbɔɔ wɔn asu. Na sei na afe a ɛtɔ so nson wɔ atɛmmuafoɔ a wɔbɛdii adeɛ wɔ Nifae nkurɔfoɔ so no de baa awieɛ; na asomdwoeɛ baa asaase no so toaaso saa ara mmerɛ no mu.

6 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ ahennie mu afe a ɛtɔ so nwɔtwe mu no, nnipa a na ɛwɔ asɔre no mu no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔreyɛ ahomasoɔ, ɛnam wɔn ahonyadeɛ mmorosoɔ ne wɔn sirikye pa, ne wɔn nwera fɛɛfɛɛ a wɔanwene, wɔn nnwan ne wɔn anantwie bebree, ne wɔn sika kɔkɔɔ ne wɔn dwetɛ, ne nneɛma ahodoɔ a ɛsombo bebree, a wɔnam wɔn dwumadie mu nyaaɛ no nti; na nneɛma yi mu nti na, wɔmemaa wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu wɔ wɔn ara ani so na wɔhyɛɛ aseɛ hyehyɛɛ ntaadeɛ a ne boɔ yɛ den yie.

7 Afei yei na ɛmaa amanehunu kɛseɛ baa Alma so, aane, ne ne nkurɔfoɔ nso a Alma yɛɛ wɔn akyerɛkyerɛfoɔ, ne asɔfoɔ, ne asɔre no mpanimfoɔ no; aane, wɔn mu bebree dii anibereɛ kɛseɛ ara wɔ amumuyɛ a wɔhunuu sɛ ɛrehyɛ aseɛ wɔ nkurɔfoɔ no mu no ho.

8 Na wɔhwɛe na wɔhunuu wɔ awerɛhoɔ kɛseɛ mu sɛ nkurɔfoɔ a wɔwɔ asɔre no mu no ahyɛaseɛ sɛ wɔremema wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu wɔ wɔn aniso, na wɔde wɔn akoma atoto ahonyadeɛ ne wiase mu adehunu so, ama wɔhyɛɛ aseɛ bubuu wɔn ho animtia, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔretaataa wɔn a ɛnam wɔn ankasa wɔn pɛ ne anigyeɛ so nnye nni no.

9 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔ so nwɔtwe no apereapereɛ kɛseɛ hyɛɛ aseɛ wɔ asɔremma no mu; aane anibereɛ, ne akasakasa ne adwene bɔne, ne ɔtaataa, ne ahomasoɔ, a ɛboro wɔn a wɔnni Onyankopɔn asɔre mu mpo deɛ so.

10 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie mu mfie a ɛtɔ so nwɔtwe no baa awieɛ; na asɔre no atirimuɔdensɛm bɛyɛɛ suntidua maa wɔn a wɔnka asɔre no ho no; na yei maa asɔre no mpontuo hyɛɛ aseɛ brɛɛ ase.

11 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so nkron ahyɛaseɛ mu no, Alma hunuu asɔre no atirimuɔdensɛm na ɔsan hunuu nso sɛ asɔre no abrabɔ ahyɛ aseɛ rema wɔn a wɔnnye nni no yɛ amumuyɛ baako a na wɔasan ayɛ bio a yei de ɔsɛɛ bɛba nkurɔfoɔ no so.

12 Aane, ɔhunuu asisie kɛseɛ wɔ nkurɔfoɔ no mu, ebinom amema wɔn ho so wɔ wɔn ahomasoɔ mu rebu ebinom animtia, redane wɔn akyi ama ahiafoɔ ne wɔn a wɔda adagya ne wɔn a na ɔkɔm de wɔn, ne wɔn a nsukɔm de wɔn, ne wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔrehunu amane.

13 Afei yei de abooboo baa nkurɔfoɔ no mu, mmerɛ a ebinom rebrɛ wɔn ho ase, reboaboa wɔn a wɔhia wɔn mmoa no, ebi te sɛ wɔreyiyi wɔn ahodeɛ ama ahiafoɔ ne mmɔborɔwafoɔ, rema wɔn a ɛkɔm de wɔn no aduane, na wɔrehunu amanehunu ahodoɔ nyina ara bi, ɛnam Kristo nti, deɛ nkɔmhyɛ honhom kyerɛ sɛ ɔbɛba no nti;

14 Wɔrehwɛ saa da no kwan no, ama wɔanya bɔnefakyɛ afiri wɔn bɔne ho; na ɛdɛ kɛseɛ hyɛɛ wɔn ma ɛnam wusɔreɛ no nti, sɛdeɛ Yesu Kristo pɛ ne ne tumi ne ne gyeɛ afiri owuo mpokyerɛ mu.

15 Na afei ɛbaa sɛ Alma hunuu Onyankopɔn akyidifoɔ a wɔbrɛ wɔn ho ase amanehunu, ne ɔtaataa a nkurɔfoɔ a wɔaka no de baa wɔn so no, na ɛnam sɛ ɔhunu nyiyimuu a ɛwɔ wɔn mu no nti, ɔhyɛɛ aseɛ dii awerɛhoɔ kɛseɛ yie; nanso Awurade Honhom no anyae sɛ ɛbɛka ne ho.

16 Na ɔyii onyansafoɔ bi a na ɔka asɔre no mu mpanimfoɔ no ho, na ɔmaa no tumi sɛdeɛ nkurɔfoɔ no nne seɛ, ama wanya tumi de ahyɛ mmara sɛdeɛ mmara a wɔde ama wɔn no teɛ, na wɔahwɛ ama ayɛ adwuma sɛdeɛ nkurɔfoɔ no atirimuɔden ne wɔn bɔne teɛ.

17 Afei, na saa ɔbarima yi din de Nifaeha, na wɔyɛɛ no ɔtɛmmuafoɔ panin; na ɔtenaa atɛmmuo-adwa no so de hwɛɛ nkurɔfoɔ no so de buu wɔn atɛn.

18 Afei Alma amfa asɔre no mu ɔsɔfo panin gyinabea amma no, na mmom ɔno ara sane faa ɔsɔfo panin gyinabea no; nanso ɔde atɛmmuo-adwa no maa Nifaeha.

19 Na ɔyɛe sei ama ɔno ara atumi akɔ ne nkurɔfoɔ no mu, anaa sɛ Nifae nkurɔfoɔ no mu, ama wɔatumi aka Onyankopɔn asɛm no akyerɛ wɔn de akanyan wɔn ama wɔakae wɔn asɛdeɛ, na ama ɔde Onyankopɔn asɛm no abrɛ wɔn ahomasoɔ ne wɔn nnaadaa ne apereapereɛ a ɛwɔ nkurɔfoɔ no mu nyina ara ase, na wanhunu ɔkwan biara a ɔbɛfa so de atwe wɔn gye sɛ ɔdi adanseɛ a ɛho da hɔ de tia wɔn.

20 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie mu afe a ɛtɔ so nkron no ahyɛaseɛ yɛɛe wɔ Nifae nkurɔfoɔ no mu, Alma de atɛmmuo-adwa no maa Nifaeha, na ɔde ne ho nyina ara hyɛɛ asɔfodie a ɛyɛ kɛseɛ no dwumadie mu, deɛ ɛyɛ Onyankopɔn nhyehyɛeɛ kronkron no, sɛdeɛ yikyerɛ honhom ne nkɔmhyɛ di asɛm no ho adanseɛ no.