Twerɛnsɛm
Alma 12


Ti 12

Alma ne Seesrom di apereapereɛ—Wɔn a wɔyɛ agyedifoɔ no nko ara na wɔbɛnya Onyankopɔn asumasɛm—Deɛ nnipa dwene, ne wɔn gyedie, wɔn nsɛm, ne wɔn nwuma na wɔbɛgyina so abu wɔn atɛn—Atirimuɔdenfoɔ bɛwu honhom mu wuo—Saa honamdua wuo asetena a yɛwɔ mu yi yɛ nsɔhwɛ mmerɛ tebea—Dima ho nhyehyɛeɛ no ma owusɔreɛ ba mu na ɛnam gyedie so na bɔnefakyɛ ba—Ɛnam ɔba a ɔwo no korɔ no so bɛhunu wɔn a wɔasakyera no mmɔbɔ. Bɛyɛ mfinhyia 82 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei Alma hunuu sɛ Amulek nsɛm no ama Seesrom ayɛ komm, ɛnam sɛ ɔhunuu sɛ Amulek akyere no sɛ ɔredi atorɔ na wadaadaa no sɛ ɔbɛ sɛe no, na ɔhunuu saa no, n’afɔdie hyɛɛ ne so maa ne ho hyɛɛ aseɛ popooe, ɔbuee n’ano na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekasa akyerɛ no, de asi Amulek nsɛm no pi, na wakyerɛkyerɛ nneɛma mu akɔ akyire, anaa sɛ wada twerɛsɛm no adi ama no atera deɛ Amulek aka no.

2 Afei nsɛm a Alma ka kyerɛɛ Seesrom no, nkurɔfoɔ a wɔwɔ hɔ no nyina ara teeɛ; na nkurɔfokuo no so, na sei na ɔkasaɛ:

3 Afei Seesrom woahunu sɛ wakye wo wɔ atorɔ ne wo naadaa no mu, na wonnii atorɔ nkyerɛɛ nnipa nko ara na mmom wadi atorɔ akyerɛ Onyankopɔn; na hwɛ ɔnim w’adwene nyina ara, na wahunu sɛ Honhom no ama yahunu w’adwene;

4 Na wahunu sɛ yɛnim sɛ nhyehyɛeɛ no yɛ ɛsum ase nhyehyɛeɛ, te sɛ ɔbonsam aniteɛ, na sɛ wobɛdi atorɔ na wadaadaa nkurɔfoɔ yi ama wɔatia yɛn, na wɔayɛ yɛn, na wɔayi yɛn mu—

5 Afei yei yɛ w’atamfo nhyehyɛeɛ, na wada ne tumi adi wɔ wo mu. Afei mepɛ sɛ wo kae sɛdeɛ maka akyerɛ wo yi no, meka kyerɛ obiara.

6 Na monhwɛ Mese mo nyina ara sɛ yei yɛ ɔtamfo no afidie a wasum de rebɛyi nkurɔfoɔ, ama ɔde mo abɛhyɛ n’ase, ama ɔde ne nkɔnsɔnkɔnsɔn atwa mo ho ahyia, ama wakyekyere mo ato hɔ de akɔ ɔsɛee a ɛtehɔ daa mu, sɛdeɛ ne nnɔmum mu tumi teɛ no.

7 Afei mmerɛ a Alma kaa saa nsɛm yi no, Seesrom ho hyɛɛ aseɛ sɛ ɛrepopo mmorosoɔ, ɛfiri sɛ ɔgyee Onyankopɔn tumi no dii yie ara; na ɔgye dii nso sɛ Alma ne Amulek nim ne ho nsɛm, ɛfiri sɛ ɔhunu sɛ wɔnim n’akoma mu ne ne tiri mu nsɛm nyina ara; ɛfiri sɛ wɔnyaa tumi maa wɔnam nkɔmhyɛ honhom so hunuu saa nneɛma yi.

8 Na Seesrom hyɛɛ aseɛ bisabisaa nsɛm yi aniberɛso, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhunu Onyankopɔn aheman no ho nsɛm pii. Na ɔsee Alma sɛ: Na deɛ Amulek kaae a ɛfa awufoɔ wusɔreɛ ho no kyerɛ sɛn, sɛ obiara bɛsɔre afiri owuo mu, wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛba ama wɔabɛgyina Nyankopɔn anim ama wɔabu wɔn atɛn sɛdeɛ wɔn nwuma teɛ?

9 Na afei Alma hyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ nneɛma yi ase akyerɛ no sɛ: Wɔama dodoɔ no kwan sɛ wɔbɛhunu Nyankopɔn asumasɛm; nanso wɔhyɛ wɔn dendennden sɛ mma wɔnna n’adi nkyerɛ obiara gye sɛ n’asɛm no mu kakraa bi a ɔhwɛ wɔn setie ne wɔn mmɔdenmɔ a, ɔma ho kwan ma wɔde ma nnipa mma.

10 Na ɛno nti, deɛ ɔbɛyɛ n’akoma den no, saa nnipa korɔ no ara na ɔnya asɛm no mu ketewa bi; na deɛ ɔnnyɛ n’akoma den no, ɔno na ɔnya asɛm no mu kɛseɛ, kɔpem sɛ wɔma no kwan ma ɔhunu Onyankopɔn asumasɛm no de kɔsi tire.

11 Na wɔn a wɔbɛyɛ wɔn akoma den no, wɔn na wɔma wɔn asɛm no mu ketewa bi kɔpem sɛ wɔnhunu biribiara a ɛfa n’asumasɛm no ho; na afei ɔbonsam bɛfa wɔn nnɔmum, na ɔnam ne pɛ so de wɔn akɔ ɔsɛee mu. Afei sei na asamando nkɔnsɔnkɔnsɔn no teɛ.

12 Na Amulek akasa pefee afa owuo ho, ne sɛ wɔbɛnyane nnipa afiri honamdua a ɛwuo yi mu de wɔn aba honamdua a ɛnwuo tebea mu, na wɔde wɔn abɛgyina Onyankopɔn asɛnibea anim, ama wabu yɛn atɛn sɛdeɛ yɛn nwuma teɛ.

13 Na sɛ yɛn akoma ayɛ den a, aane, na sɛ yayɛ yɛn akoma den wɔ ne nsɛm ho ara ma wɔnhunu no wɔ yɛn mu a, ɛnneɛ na yɛn gyinabea bɛyɛ hu, ɛfiri sɛ na ɔbɛbu yɛn fɔ.

14 Na yɛn nsɛm bɛbu yɛn fɔ, aane, yɛn nwuma nyina ara bɛbu yɛn fɔ; wɔbɛhunu sɛ yɛn ho yɛ nkekaawa; na yɛn adwene nso bɛbua yɛn fɔ; na gyinabea huhuu a ɛte sei yi mu no, yɛrentumi mma yɛn tiri so nhwɛ yɛn Nyankopɔn; na sɛ yɛtumi hyɛ abotan ne mmepɔ sɛ wɔntutu mɛhwehwe yɛn so mfa yɛn nsie mfiri Onyankopɔn anim a anka yɛn ani bɛgye.

15 Na yei ntumi mma no saa; na ɛwɔ sɛ yɛba bɛgyina n’anim wɔ n’animuonyam mu, ne ne tumi mu, ne n’ahoɔden mu ne n’ahensɛm mu, ne ne nhyɛsoɔ mu, na yɛagye yɛn aniwuo a ɛtehɔ daa ato mu sɛ ne ntɛmmuo nyina ara yɛ pɛpɛɛpɛ; na ɔdi nokware wɔ ne nwuma nyina ara mu, na ɔwɔ ahummɔborɔ ma nnipa mma, na ɔwɔ tumi biara sɛ ɔgye nnipa biara a ɔgye ne din di na ɔso nsakyeraɛ aba no nkwa.

16 Na afei monhwɛ, Mese mo sɛ ɛrenkyɛre na owuo aba, mpo owuo a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ honhom mu wuo, saa mmerɛ no na obiara a ɔwu honam mu wuo wɔ ne bɔne mu bɛwu wɔ honhom mu nso; aane, ɔbɛwu owuo a ɛfa nneɛma a ɛyɛ tenenee ho.

17 Na saa mmerɛ yi mu na wɔn amanehunu bɛyɛ sɛ ogya ne sɔfe tadeɛ, a ne gyamframa foro kɔ soro dɛre afebɔɔ; na afei na na mmerɛ no aduru sɛ wɔde mpokyerɛ bɛkyekyere wɔn de ama ɔsɛeɛ a ɛtehɔ daa sɛdeɛ ɔbonsam tumi ne ne nnɔmum teɛ, deɛ ɔnam ne pɛ so de twe wɔn ma wɔbɛhyɛ n’ase.

18 Afei mese mo sɛ: wɔbɛyɛ sɛdeɛ obiara nni mmaa wɔn; ɛfiri sɛ, sɛdeɛ Onyankopɔn atɛntenenee teɛ no nti wɔrentumi nni mma wɔn; na wɔrentumi nwu nso, ɛfiri sɛ ɔsɛeɛ biara nni hɔ bio.

19 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Alma wiee saa nsɛm yi ka no, nkurɔfoɔ no ho hyɛɛ aseɛ dwirii wɔn;

20 Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Antionah a ɔyɛ ɔhwɛsofoɔ panin wɔ wɔn mu, ɔno na ɔsɔre ka kyerɛɛ no sɛ: ɛdeɛn asɛm na waka yi, sɛ nnipa bɛsɔre afiri awufoɔ mu na wasesa afiri saa honamdua a ɛwuo yi mu akɔ honam dua a ɛnwuo tebea mu, na ɔkra no ntumi nwu da anaa?

21 Na twerɛsɛm no kyerɛ sɛn, deɛ ɛka sɛ Onyankopɔn de Kerubim ne ogyaframa afena bɛsii Eden turo no anim apueɛ fam, ama yɛn awofoɔ a wɔdii kan no amfa mu ankɔdi nkwadua no aba no, na wɔantena ase afebɔɔ anaa? Na yei ma yɛhunu sɛ ɔkwan biara nni hɔ a wɔbɛtumi afa so atena ase afebɔɔ.

22 Afei Alma see no sɛ: Yei ne adeɛ anka merebɛkyerɛkyerɛ mu no. Afei yɛhunu sɛ Adam hwee ase ɛfiri sɛ ɔdii aba no a wɔbraa sɛ mma onni no, sɛdeɛ Onyankopɔn asɛm no teɛ no; na yei ma yɛhunu sɛ n’asehweɛ no nti, adasamma nyina ara bɛyɛɛ nkurɔfoɔ a wɔayera na wɔahwe ase.

23 Na afei monhwɛ, Mese mo sɛ, sɛ anka Adam tumi dii nkwadua no aba no saa mmerɛ no a, anka owuo amma, anka asɛm no yɛɛ kwa, maa Onyankopɔn bɛyɛɛ ɔtorofoɔ, ɛfiri sɛ ɔkaa sɛ: Sɛ modi a ɔkwan biara so no mobɛwu.

24 Na yɛhunu sɛ owuo baa adasamma so, aane, owuo no a Amulek kaa sɛ ɛyɛ honam mu wuo no; nanso wɔama nnipa mmerɛ a ɔbɛtumi de asakyera; ɛno nti saa tebea yi bɛyɛɛ nsɔhwɛ mmerɛ tebea; mmerɛ a yɛde yɛ ahoboa hyia Onyankopɔn kwan; mmerɛ a yɛde yɛ ahoboa twɛn saa tebea no a ɛnni awieɛ no a yɛaka ho asɛm no a ɛwɔ awufoɔ wusɔreɛ akyiri no.

25 Afei, sɛ nnyɛ dima ho nhyehyɛeɛ no a wɔahyehyɛ ato hɔ fiti mmerɛ a wɔtoo wiase fapem no a, anka awufoɔ wusɔreɛ nni hɔ; na mmom wɔayɛ dima ho nhyehyɛeɛ ato hɔ, deɛ ɛbɛma awufoɔ wusɔreɛ no a yɛaka ho asɛm no aba mu.

26 Na afei monhwɛ, sɛ yɛn awofoɔ a wɔdii kan no tumi dii nkwadua no aba no bi a anka wɔbɛyɛ mmɔbɔ afebɔɔ, ɛfiri sɛ anka wɔrennya mmerɛ mfa nsiesie wɔn ho; na anka dima no nhyehyɛeɛ no bɛyɛ basaa, na anka Onyankopɔn asɛm no yɛɛ kwa, anka mfasoɔ biara amma so.

27 Mmom monhwɛ, ɛnte saa; na mmom wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ ɛtwa sɛ nnipa wu; na owuo no akyire no, ɛwɔ sɛ wɔba atɛmmuo ase, saa atɛmmuo no mpo a yɛaka ho asɛm no, deɛ ɛyɛ awieɛ no.

28 Na Onyankopɔn hyehyɛɛ saa nneɛma yi maa nnipa wieeɛ no, hwɛ, afei ɔhunuuɛ sɛ ɛyɛ sɛ nnipa bɛhunu nneɛma a wɔahyɛ ato hɔ ama wɔn no;

29 Ɛno nti ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔne wɔn bɛtwetwee nkɔmmɔ, na wɔmaa nnipa hunuu n’animuonyam.

30 Na wɔhyɛɛ aseɛ firii saa mmerɛ no sɛ wɔrebɔ ne din; ɛno nti Onyankopɔn ne nnipa dii nkɔmmɔ, na ɔmaa wɔhunuu di a ɔbɛdi ama wɔn no ho nhyehyɛeɛ no a wasiesie fiti wiase fapem no; na ɔdaa yei adi kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ wɔn gyedie ne nsakyeraɛ ne wɔn nwuma kronkron teɛ.

31 Ɛno nti, ɔmaa nnipa mmaransɛm, ɛfiri sɛ na wɔadi kan ato mmaransɛm a ɛdi kan no a ɛfa nneɛma a ɛwɔ honam afa mu no, ama wɔahunu papa ne bɔne, wɔde wɔn agyina gyinabea a ɛbɛma wɔayɛ wɔn apɛdeɛ ne deɛ wɔn anigye ho, sɛ wɔbɛyɛ bɔne anaa sɛ wɔbɛyɛ papa—

32 Ɛno nti Onyankopɔn maa wɔn mmaransɛm, mmerɛ a ɔdaa dima no ho nhyehyɛeɛ adi kyerɛɛ wɔn akyire no, sɛ mma wɔnyɛ bɔne, na asotweɛ a ɛwɔ hɔ ne owuo a ɛtɔ so mmienu, deɛ ɛyɛ owuo a ɛtehɔ daa wɔ nneɛma a ɛfa tenenee ho no; ɛfiri sɛ ɛfa saa adeɛ yi ho deɛ, dima ho nhyehyɛeɛ no nni tumi wɔ so, ɛfiri sɛ wɔrentumi nsɛe atɛntenenee nwuma no a ɛfa sɛdeɛ Onyankopɔn kokoroko ne ne papayɛ te no.

33 Mmom Onyankopɔn frɛɛ nnipa wɔ ne Ba no din mu, (yei ne dima ho nhyehyɛeɛ a wayɛ ato hɔ no) see sɛ: Sɛ mobɛsakyera na mo anyɛ mo akoma den a, ɛnneɛ mɛhunu mo mmɔbɔ wɔ me Ba no a me woo no korɔ no mu;

34 Ɛno nti, obiara a ɔsakyera no, na wɔannyɛ n’akoma den no, wɔbɛtumi anya ahummɔborɔ afiri me Ba no a me woo no korɔ no mu; na wanya bɔnefakyɛ afiri ne bɔne ho; na yeinom na wɔbɛba m’ahomegyeɛ mu.

35 Na obiara a ɔbɛyɛ n’akoma den na wayɛ amumuyɛ no, hwɛ, mɛka ntam wɔ m’abufuhyeɛ mu sɛ ɔremma m’ahomegyeɛ mu.

36 Na afei me nuanom, monhwɛ mese mo sɛ, sɛ mo yɛ mo akoma den a, moremma Awurade ahomegyeɛ mu; ɛno nti mo amumuyɛ hyɛ n’abufuo ma, ma ɔde n’abufuhyeɛ ba mo so sɛdeɛ mohyɛɛ no abufuo a ɛdi kan no, aane, sɛdeɛ n’asɛm teɛ wɔ mmerɛ a wɔhyɛɛ no abufuo a etwa toɔ no, saa ara nso na abufuo a ɛdi kan no teɛ, sɛ mo akra a ɛsɛe bɛtena hɔ daa; ɛno nti, sɛdeɛ n’asɛm teɛ wɔ owuo a ɛtwa toɔ ho no, saa ara nso na ɛteɛ wɔ deɛ ɛdi kan no nso ho.

37 Na afei, me nuanom, moahunu sɛ yɛnim saa nneɛma yi, na ne nyina ara yɛ nokware no, ɛnneɛ momma yɛn nsakyeraɛ, na mo mma yɛn nnyɛ yɛn akoma den, amma yɛanhyɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abufuo ama n’abufuhyeɛ amma yɛn so wɔ ne mmaransɛm a ɛtɔ so mmienu no a ɔde ama yɛn yi ho; na mmom momma yɛn mmera Onyankopɔn ahomegyeɛ no a wasiesie ato hɔ no mu sɛdeɛ n’asɛm teɛ no.