Twerɛnsɛm
Alma 63


Ti 63

Siblon ɛna akyire yi nso Hɛlaman na twerɛtohɔsɛm kronkron no bɛdi wɔn nsa mu. Nifaefoɔ bebree tu kwan kɔ asaase a ɛda atifii no so—Hegat pam ahyɛn, a ɛkɔ ɛpo a ɛda atɔɛ afa mu no so—Moronaeha di Lamanfoɔ so nkonim wɔ ɛko mu. Bɛyɛ mfinhyia 56–52 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ ahennie wɔ Nifae nkurɔfoɔ so wɔ afe aduasa nsia ahyɛaseɛ mu no, na Siblon faa saa nneɛma kronkron a Alma de maa Hɛlaman no.

2 Na na ɔyɛ nipa a ɔka nokware, na ɔnantee teneneeɛ mu wɔ Onyankopɔn anim; na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛyɛ dabiara, sɛ ɔbɛdi Awurade Nyankopɔn mmaransɛm no so; na saa ara nso na ne nua barima no nso yɛɛe.

3 Na ɛbaa sɛ Moronae nso wuui. Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie wɔ afe aduasa nsia no baa awieɛ.

4 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie wɔ afe aduasa nson mu no, marima kuo bebree a wɔbɛyɛ sɛ mpem num ahanan ne wɔn yerenom ne wɔn mma firii Sarahɛmla asaase so kɔɔ asaase a ɛda atifii afa mu no so.

5 Na ɛbaa sɛ Hagat, ɛnam sɛ ɔyɛ ɔbarima bi a ɔpɛ sɛ ɔhunu biribiara mu nti no, ɛmaa no kɔpamm ɛhyɛn a ɛso yie wɔ Dodoɔ asaase no hyeɛ so, wɔ baabi a ɛbɛn Amanfo asaase no, na ɔpia sii ɛpo a ɛda atɔeɛ afa mu no so, ɔkwan teatea bi a ɛde kɔ atifii afa mu no hɔ.

6 Na hwɛ, Nifaefoɔ no mu dodoɔ no ara na wɔkɔɔ mu na wɔfaa nnuane, ne mmaa nso ne nkwadaa bebree; na wɔde wɔn ani kyerɛɛ atifii afa mu. Na sei na afe aduasa nson no baa awieɛ.

7 Na afe aduasa nwɔtwe mu no, saa barima yi pamm ahyɛn foforɔ. Na ɛhyɛn no a ɔdii kan pamaɛ no nso sann baae, na nkurɔfoɔ bebree san kɔɔ mu; na wɔn nso wɔfaa nnuane pii; na wɔsii mu kɔɔ asaase a ɛda atifii afa mu no so bio.

8 Na ɛbaa sɛ obiara ante wɔn nka bio. Na yɛsusu sɛ ebia na ɛpo no bunu no na afa wɔn. Na ɛbaa sɛ ɛhyɛn foforɔ nso kɔɔe; na baabi a ɛkɔɔe deɛ obiara nnim

9 Na ɛbaa sɛ saa afe yi mu no, nkurɔfoɔ bebree na ɛkɔɔ asaase a ɛda atifii afa mu hɔ no so. Na sei na afe aduaso nwɔtwe no baa awieɛ

10 Na ɛbaa sɛ atɛmmuafoɔ no ahennie no afe a ɛtɔ so aduasa nkron no mu no, Siblon nso wuui, na Korianton de ɛhyɛn kɔ asaase a ɛda atifii fa mu no so sɛ ɔde nnuane rekɔma nkurɔfoɔ a wɔkɔɔ saa asaase no so no.

11 Ɛno nti ɛho hiaa sɛ Siblon de saa nneɛma kronkron yi ma Hɛlaman ba barima no a wɔfrɛ no Hɛlaman no, deɛ wɔde n’agya din too no no, ma ɔde siee, ansaana ɔrewu.

12 Afei hwɛ, saa nkrukyire a na ɛwɔ Hɛlaman hɔ no wɔtwerɛtwerɛe pii de kɔmemaa nnipa mma wɔ asaase no so nyina ara, gye sɛ saa baabi no a Alma kaa sɛ ɛmma wɔmma ɛmpue no nko ara.

13 Nanso, ɛwɔ sɛ wɔsie saa nneɛma yi wɔ kronkron mu, na wɔde firi abusuasantene koro so de kɔsi abusuasantene koro so, ɛno nti, wɔde maa Hɛlaman afe yi mu ansaana Siblon rebɛwu.

14 Na ɛbaa nso sɛ afe yi mu na atuatefoɔ binom kɔkaa Lamanfoɔ no ho; na wɔkanyann wɔn maa wɔn bo fuu Nifaefoɔ no bio.

15 Na saa afe yi mu ara nso no, wɔde asraafoɔ bebree baa bio sɛ wɔne Moronaeha nkurɔfoɔ no rebɛko, anaa sɛ wɔbaa Moronaeha asraafoɔ no so, na ɔko no mu no, wɔdii wɔn so nkonim, na wɔpamoo wɔn maa wɔkɔɔ wɔn ankasa nsaase so bio, na wɔn mu dodoɔ no ara na ɛwuwuiɛ.

16 Na sei na atɛmmuafo no ahennie wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so no afe a ɛtɔ so aduasa nkron no baa awieɛ.

17 Na sei na deɛ ɛfa Alma, ne Hɛlaman a ɔyɛ ne babarima, ne Siblon nso a ɔyɛ ne babarima no ho asɛm baa awieɛ.