Twerɛnsɛm
Alma 48


Ti 48

Amalikaea hyɛ Lamanfoɔ no takrawɔgyam ma wɔtia Nifaefoɔ—Moronae siesie ne nkurɔfoɔ ma wɔbɔ deɛ ɛma wɔyɛ Kristofoɔ no ho ban—Ɔdi dɛ wɔ ahotɔ ne fawohodie mu na ɔyɛ Onyankopɔn ɔbarima ahoɔdenfoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 72 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Amalikaea nyaa aheman no ara na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekanyan Lamanfoɔ no akoma atia Nifae nkurɔfoɔ no; aane, ɔyii marima maa wɔkɔgyinaa wɔn abantentene no so kasa kyerɛɛ Lamanfoɔ no de tiaa Nifaefoɔ no.

2 Na yei maa ɔkanyann wɔn akoma tiaa Nifaefoɔ no ara maa atɛmmuafoɔ no ahennie no afe a ɛtɔ so dunkron no awieɛ no mu no, mmerɛ a ne nhyehyɛeɛ no dii mu ara yie no, aane, ɛnam sɛ wɔyɛɛ no ɔhene wɔ Lamanfoɔ so nti no, ɔhwehwɛɛ nso sɛ ɔbɛdi asaase no nyina ara so, aane, ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no so nyina ara no, Nifaefoɔ ne Lamanfoɔ nso so.

3 Ɛno nti ne nhyehyɛeɛ no adi mu ama no, ɛfiri sɛ ɔpirimm n’akoma na wɔfiraa wɔn adwene, na ɔkanyann wɔn maa wɔn bo fuu yie maa ɔboaboaa asraafoɔ bebree ano sɛ wɔne Nifaefoɔ no rekɔko.

4 Na ɔwetaa so, ɛnam ne nkurɔfoɔ no dodoɔ nti, sɛ ɔde Nifaefoɔ bɛhyɛ ne tumi ase na ɔde wɔn aba nkoasom mu.

5 Na yei maa ɔyɛe Soramfoɔ no mu bi asahene mpanimfoɔ, ɛfiri sɛ wɔn na na wɔnim sɛdeɛ Nifaefoɔ no ahoɔden teɛ ne wɔn ahintabea ne wɔn nkuropɔn no mu baabi a ɛhɔ ahoɔden sua; ɛno nti ɔyɛe wɔn asahene mpanimfoɔ wɔ n ’asraafoɔ no so.

6 Na ɛbaa sɛ wɔfaa wɔn nsraban, na wɔsii so de faa ɛserɛ no so sɛ wɔrekɔ Sarahɛmla asaase so.

7 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Amalikaea nam nkontompo ne naadaa so de regye tumi no, na Moronae nso deɛ ɔresiesie nkurɔfoɔ no adwene ama wɔadi nokware ama Awurade wɔn Nyankopɔn.

8 Aane, na ɔrehyɛ Nifaefoɔ asraafoɔ no nkuran, na ɔresisi aban nketewa, anaa huntabea; wɔde nɛteɛ too aban de twaa n ’asraafoɔ ho de bɔɔ wɔn ho ban na ɔde aboɔ nso too afasuo twaa wɔn ho, ne wɔn nkuropɔn ne wɔn nsaase ahyeɛ, aane, ɔde twaa asaase no ho nyina ara hyiaae.

9 Na wɔn baabi a ɛbanbɔ no nnyɛ den no, ɔde marima bebree kɔguu hɔ; na sei na ɔyɛ maa ahoɔden ne banbɔ baa asaase a na ɛwɔ Nifaefoɔ nsa mu no.

10 Na sei na na ɔreyɛ de ayɛ ahoboa de abɔ wɔn fawohodie, wɔn nsaase, wɔn yerenom, ne wɔn mma, ne wɔn asomdwoeɛ ho ban, ama wɔatumi atena ase ama Awurade wɔn Nyankopɔn, na ama wɔatumi akora deɛ nti ma wɔn atamfoɔ frɛɛ wɔn Kristofoɔ no yie.

11 Na Moronae yɛ nipa kokoroko a ne ho yɛ den; na ɔyɛ nnipa a ɔwɔ nteaseɛ a ɛwie pɛ yɛ; aane, nipa a n’ani nnye mogya hwieguo ho; nipa a ne kra di dɛ wɔ ne man ahotɔ ne fawohodie ho, na ɔdwene sɛdeɛ ne nuanom bɛfiri nkoasom ne nkoayɛ mu;

12 Aane, nipa a aseda ahyɛ n’akoma mu ma ma ɔde ma Onyankopɔn wɔ ɛkwan ne nhyira bebree a ɔhwie gu ne nkurɔfoɔ so; nnipa a ɔbɔɔ mmɔden dii dwuma maa ne nkurɔfoɔ yiedie ne wɔn ahobanbɔ.

13 Aane, na ɔyɛ nnipa a ɔgyina pintinn wɔ Kristo gyedie mu, na waka ntam adi nse sɛ ɔbɛbɔ ne nkurɔfoɔ, ne deɛ ɛyɛ ne dea, ne man, ne ne som ho ban, mpo sɛ ɔbɛhwie ne mogya agu.

14 Afei wɔakyerɛkyerɛ Nifaefoɔ no sɛ wɔmmɔ wɔn ho ban wɔ wɔn atamfo ho, sɛ ɛho hia mpo sɛ wɔka mogya gu mpo a; na wɔakyerɛ wɔn nso sɛ mma wɔn bo mfu obiara, aane, na mma wɔntwe akofena wɔ obiara so gye sɛ wɔn atamfoɔ nko ara, gye sɛ wɔde rebɔ wɔn nkwa ho ban.

15 Na na wɔn gyedie nie, sɛ wɔyɛ saa a Onyankopɔn bɛma wɔnayɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so, anaa sɛ yɛbɛka no sɛ, sɛ wɔdi Onyankopɔn mmaransɛm no so nokware mu a, ɔbɛma wɔayɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so, aane, ɔbɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔn nwane, anaa sɛ wɔn moaboa wɔn ho nkɔko, sɛdeɛ ɛho mmusuo teɛ;

16 Na afei nso Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ wɔn baabi a wɔn nkɔko mfa mmɔ wɔn ho ban ntia wɔn atamfo no, na sɛ wɔyɛ sei a, Awurade bɛgye wɔn, na sei na na Moronae gyedie teɛ, na n’akoma dii ahurisie wɔ yei mu, nnyɛ mogya hwieguo ho, na mmom wɔ papayɛ ho, sɛ ɔrebɔ ne nkurɔfoɔ ho ban, aane, sɛ ɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so, aane, na ɔbɛgyina amumuyɛ ano.

17 Aane, nokware, nokware, mese mo sɛ, sɛ nnipa nyina ara ayɛ, na wɔyɛ, anaa anka dabi wɔbɛyɛ sɛ Moronae a, hwɛ, anka asamando tumi nyina ara bɛwoso afebɔɔ; aane anka ɔbonsam rennya tumi wɔ nnipa mma akoma so da.

18 Hwɛ, na ɔyɛ obi a ɔte sɛ Mosaya babarima Amon ara pɛpɛɛpɛ, aane, ne Mosaya mmammarima no nso, aane, sɛ Alma ne ne mmammarima no nso, ɛfiri sɛ na wɔn nyina ara yɛ Onyankopɔn nnipa.

19 Afei hwɛ, na Hɛlaman ne ne nuanom nso ho wɔ mfasoɔ ma nkurɔfoɔ no te sɛ Moronae ara pɛpɛɛpɛ; ɛfiri sɛ wɔkaa Onyankopɔn asɛm no, na nnipa biara a ɔtiee wɔn nsɛm no, wɔbɔɔ wɔn asu kɔɔ nsakyeraɛ mu.

20 Na sei na wɔkɔɔ so, na ɛnam wɔn nsɛm no nti nkurɔfoɔ no brɛɛ wɔn ho ase ara maa Awurade anigyee wɔn ho, na yei maa akokoakoko ne apereapereɛ ansi wɔn wɔn mu bio, aane, bɛyɛ mfie nan ntam mpo.

21 Mmom, sɛdeɛ mekaae no, afe dunkron mu no, aane, asomdwoeɛ a ɛbaa wɔn mu no nyina ara akyiri no, na ɛnnyɛ wɔn pɛ sɛ wɔne wɔn nuanom Lamanfoɔ no kɔko nso wɔn ne wɔn kɔ kooe.

22 Aane, ne tia mu no, wɔne Lamanfoɔ ko no kɔɔ so mfie bebree, a na ɛwɔ mu sɛ wɔmpɛ no saa.

23 Afei ɛyɛɛ wɔn ya sɛ wɔfaa akodeɛ na wɔne Lamanfoɔ no kooe, ɛfiri sɛ na wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛka mogya agu; aane, na nyɛ ne nyina ara nie—ɛyɛɛ wɔn ya sɛ ɛnam wɔn so na wɔn nuanom mu bebree afiri wiase yi mu kɔ wiase a ɛnniawieɛ mu a wɔnnyɛ ahoboa sɛ wɔne wɔn Nyankopɔn bɛhyia.

24 Yeinom nyina ara akyiri no, wɔamma wɔn ho kwan sɛ wɔde wɔn nkwa bɛto hɔ ama saa awudifoɔ atirimuɔden yi a na anka wɔyɛ wɔn nuanom no; aane, na wɔate atua afiri wɔn asɔre mu, na wɔagya wɔn hɔ na wɔakɔka Lamanfoɔ no ho na wɔrebɛsɛe wɔn na wɔakumkum wɔn yerenom ne wɔn mma.

25 Aane, wɔampene amma wɔn nuanom anni dɛ wɔ Nifaefoɔ mogya so, wɔ mmerɛ tentene a ebinom wɔ hɔ a wɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so, ɛfiri sɛ Awurade bɔhyɛ ne sɛ, sɛ wɔbɛdi ne mmaransɛm so a, wɔbɛyɛ frɔmfrɔm wɔ asaase no so.