Twerɛnsɛm
Alma 21


Sei na Aaron, ne Muloki, ne wɔn nuanom kaa nsɛmpa no kyerɛɛ Lamanfoɔ no.

Ne nyina ara wɔ ti 21 de kɔsi 26 mu.

Ti 21

Aaron ka Kristo ne ne mpata no ho asɛm kyerɛ Amalɛkaefoɔ—Wɔde Aaron ne ne nuanom to afiase wɔ Midonae—Wɔyii wɔn firii afiase akyire yi no wɔkyerɛkyerɛ wɔ nhyiadan mu na wɔsakyera akra bebree—Lamonae de ɔsom ho fawohodie ma nkurɔfoɔ a wɔwɔ Ismael asaase so no. Bɛyɛ mfinhyia 90–77 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei mmerɛ a Amon ne ne nuanom dii mpaepaemu wɔ Lamanfoɔ asaase no hyeɛso hɔ no, hwɛ Aaron sii mu sɛ ɔrekɔ asaase a Lamanfoɔ frɛ hɔ Yerusalem no a wɔde too asaase no a wɔwoo wɔn agyanom wɔ so no; na ɛne Mormon hyeɛso bɔ mu wɔ akyiri kakra.

2 Afei Lamanfoɔ ne Amalɛkaefoɔ ne nkurɔfoɔ a wɔwɔ Amulɔn akyekyere kuropɔn kɛseɛ, a wɔfrɛ no Yerusalem.

3 Afei Lamanfoɔ no ankasa yɛ nkurɔfoɔ a wɔn aso yɛ den ara yie deɛ, nanso na Amalɛkaefoɔ no ne Amulɔnfoɔ no yɛ asoɔdenfoɔ kyɛn wɔn; ɛno nti wɔhyɛɛ Lamanfoɔ no nso sɛ wɔbɛyɛ wɔn akoma den ama wɔanyini wɔ atirimuɔdensɛm ne wɔn akyiwasɛm mu.

4 Na ɛbaa sɛ Aaron baa Yerusalem kuropɔn no mu, na ɔdii kan sɛ ɔreka nsɛmpa no akyerɛ Amalɛkaefoɔ no. Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔreka nsɛmpa no akyerɛ wɔn wɔ wɔn nhyiadan no mu, ɛfiri sɛ wɔasisi nhyiadan sɛdeɛ Nehor kuo no nhyehyɛeɛ teɛ, ɛfiri sɛ na Amalɛkaefoɔ ne Amulɔnfoɔ no mu dodoɔ no ara ka Nehor kuo no nhyehyɛeɛ ho.

5 Ɛno nti, mmerɛ a Aaron kɔɔ nkurɔfoɔ no nhyiadan baako mu sɛ ɔrekɔka nsɛmpa no akyerɛ wɔn, na mmerɛ a ɔgu so rekasa akyerɛ wɔn no, hwɛ Amalɛkaeni bi a ɔwɔ hɔ sɔree na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔne no represo, kaa sɛ: ɛdeɛn na wadi ho adanseɛ yi? Wahunu ɔsoro bɔfoɔ anaa? Adɛn nti na yɛn deɛ abɔfoɔ nnyi wɔn ho adi nkyerɛ yɛn yi? Hwɛ nti saa nkurɔfoɔ yi nnyɛ apapafoɔ te sɛ wo nkurɔfoɔ yi anaa?

6 Woreka nso sɛ, gye sɛ yɛsakyerae anyɛ saa yɛbɛyera. Ɛyɛɛ dɛn na wo hunuu yɛn adwene ne yɛn akoma mu nsusuɛ? Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ ɛwɔ sɛ yɛsakyera? Ɛyɛɛ dɛn na wohunuu sɛ yɛnnyɛ ateneneefoɔ? Hwɛ, yɛasisi kronkronbea, na yɛka yɛn ho bɔ mu hyia mu som Onyankopɔn. Yɛgyedi sɛ Onyankopɔn bɛgye nnipa nyina ara nkwa.

7 Afei Aaron see no sɛ: Wo gyedi sɛ Onyankopɔn Ba no bɛba abɛdi ama adasamma wɔ wɔn bɔne ho anaa?

8 Na ɔbarima no see no sɛ: Yɛnnye nni sɛ wonim adeɛ a ɛte sei. Yɛnnye saa nkwasea amamerɛ yi nni. Yɛnnye nni sɛ wonim nneɛma a ɛbɛba, ɛna yɛnnye nni nso sɛ mo agyanom ne yɛn agyanom nso nim biribi a ɛfa nneɛma a wɔkaa sɛ ɛbɛba no ho nsɛm.

9 Afei Aaron hyɛɛ aseɛ sɛ ɔrebuebue twerɛsɛm no ani so akyerɛ wɔn, wɔ nneɛma a ɛfa Kristo mmaeɛ ho, ne deɛ ɛfa awufoɔ wusɔreɛ nso ho, na biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi adi ama adasamma gye sɛ ɛnam Kristo wuo, n’amanehunu, ne ne mogya mpata so.

10 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ saa nneɛma yi mu akyerɛ wɔn no, wɔn bo fuu no; na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔregoro ne ho; na wɔantie nsɛm a na ɔreka no.

11 Ɛno nti, mmerɛ a ɔhunuu sɛ wɔrentie ne nsɛm no, ɔfirii wɔn hyiadan no mu, na ɔbaa akuraa bi wɔfrɛ hɔ Ani-Anti, na ɛhɔ na ɔhunuu sɛ Muloki reka nsɛmpa no akyerɛ wɔn; ne Ama ne ne nuanom nso. Na wɔne dodoɔ no ara peree so wɔ asɛm no ho.

12 Na ɛbaa sɛ wɔhunuu sɛ nkurɔfoɔ no bɛyɛ wɔn akoma den, ɛno nti wɔfirii hɔ baa Midonae asaase so. Na ɔkaa nsɛmpa no kyerɛɛ dodoɔ no ara, na kakraabi na ɛgyee nsɛm a wɔkyerɛkyerɛɛe wɔn no diiɛ.

13 Nanso, wɔde Aaron ne ne nuanom no mu binom too efiase, na wɔn a wɔkaae no dwane firii Midonae asaase so kɔɔ amantam a atwa hɔ ahyia no.

14 Na wɔn a wɔde wɔn too afiase no hunuu amane bebree, na Lamonae ne Amon bɛgyee wɔn, na wɔmaa wɔn aduane dii na wɔfiraa wɔn ntama.

15 Na wɔsan kɔɔ bio sɛ wɔrekɔka nsɛmpa no, na saa na wɔde yii wɔn firii afiase sɛdeɛ ɛdi kan no; na yei maa wɔhunuu amane.

16 Na wɔkɔɔ baabiara a Awurade Honhom no de wɔn kɔɔɛ, maa wɔkɔkaa Onyankopɔn asɛm no wɔ Amalɛkaefoɔ hyiadan biara mu, anaa sɛ wɔ baabi a Lamanfoɔ hyia mu biara a wɔgye wɔn no.

17 Na ɛbaa sɛ Awurade hyɛɛ aseɛ hyiraa wɔn ara maa wɔmaa dodoɔ no ara bɛhunuu nokware no ho nimdeɛ; aane, wɔmaa dodoɔ no ara gyaee wɔn bɔne, ne wɔn agyanom amammerɛ a na ɛnnyɛ nokware no mu.

18 Na ɛbaa sɛ Amon ne Lamonae sann wɔn akyiri firii Midonae asaase so baa Ismael asaase so, deɛ ɛyɛ wɔn ankasa agyapadeɛ asaase no.

19 Na ɔhene Lamonae amma kwan sɛ Amon nsom no, anaa sɛ ɔbɛyɛ ne somfoɔ.

20 Mmom ɔmaa wɔsisii nhyiadan wɔ Ismael asaase so; na ɔmaa ne nkurɔfoɔ, anaasɛ wɔn a ɔdi wɔn so no boaboaa wɔn ano hyiaa mu.

21 Na wɔn nti ɔdii ahurisie, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma bebree. Na ɔsan nso kakyerɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔhyɛ n’ase na wɔyɛ nkurɔfoɔ a wɔde wɔn fawohodie ama wɔn, na wɔayi wɔn afiri n’agya a ɔyɛ ɔhene no nhyɛ ase; ɛfiri sɛ n’agya ama no kwan sɛ ɔni hene wɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Ismael asaase ne asaase a atwa ho ahyia no nyina ara so.

22 Na ɔsan nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔwɔ fawohodie sɛ wɔsom Awurade wɔn Nyankopɔn wɔ wɔn pɛ so, wɔ baabiara a wɔwɔ, sɛ ɛyɛ nsaase a ɛhyɛ ɔhene Lamonae ahennie ase mpo.

23 Na Amon kaa nsɛmpa no kyerɛɛ ɔhene Lamonae nkurɔfoɔ no; na ɛbaa sɛ ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma a ɛfa tenenee ho nyina ara. Na ɔtuu wɔn fo aniberɛso da biara; na wɔtiee n’asɛm, na wɔpenee so sɛ wɔbɛdi Onyankopɔn mmaransɛm so.