Twerɛnsɛm
Alma 55


Ti 55

Moronae apene so sɛ ɔbɛsesa nnɛduafoɔ—Wɔde nsa daadaa Lamanfoɔ awɛnfoɔ no ma ɔboro, na wɔyi Nifae nnɛduafoɔ no firi afiase—Wɔfa Gid kuropɔn no mmerɛ a wanka mogya angu. Bɛyɛ mfinhyia 63–62 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a Moronae nsa kaa saa krataa yi no, ne bo fuu yie, ɛfiri sɛ na ɔnim sɛ Amoron nim ne dwirim no ho nimdeɛ yie; aane, na ɔnim sɛ Amoron nim sɛ na ɛnyɛ ne kwan so sɛ ɔko tia Nifae nkurɔfoɔ no.

2 Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, mene Amoron rensesa nnɛduafoɔ gye sɛ ɔtwe ne ho firi ne botaɛ ho sɛdeɛ metwereɛ wɔ me krataa no mu no; na merempene so mma ɔnnya tumi bio mmoro deɛ wanya no so.

3 Hwɛ, menim baabi a Lamanfoɔ no rewɛn me nkurɔfoɔ no a wɔakyere wɔn nnɛdua no wɔ; na ɛnam sɛ Amoron rennyɛ deɛ metwerɛe wɔ mekrataa no mu no nti, mɛyɛ sɛdeɛ maka no pɛpɛɛpɛ; aane, mɛma owuo aba wɔn mu kɔsi sɛ wɔbɛsrɛ sɛ ɔpɛ asomdwoeɛ.

4 Na afei ɛbaa mmerɛ a Moronae kaa saa nsɛm yi wieeɛ no, ɔmaa wɔkɔhwehwɛɛ ne marima no mu sɛ ebia na wahunu nipa bi a ɔyɛ Laman aseni no mu bi wɔ wɔn mu.

5 Na ɛbaa sɛ wɔhunu wɔn mu baako, a ne din de Laman; a na ɔyɛ ɔhene no a Amalikaea kumm no no asomfoɔ no mu baako.

6 Afei Moronae hyɛɛ sɛ Laman ne no marima no mu kakraa bi na ɛnkɔ awɛnfoɔ no a wɔhwɛ Nifaefoɔ so no hɔ.

7 Na afei wɔwɛn Nifaefoɔ no wɔ Gid kuropɔn no mu; ɛno nti, Moronae yii Laman na ɔsee ne marima no mu kakraabi sɛ wɔne no nkɔ.

8 Na anwumerɛ no Laman kɔɔ awɛnfoɔ no a wɔhwɛ Nifaefoɔ so no nkyɛn, na hwɛ ɔhunu sɛ ɔreba no, wɔhoahoaa no; na mmom ɔkakyerɛɛ wɔn sɛ: Mma mo nsuro; monhwɛ, meyɛ Lamanni. Hwɛ, yɛadwane afiri Nifaefoɔ no hɔ, na wɔadeda; na hwɛ yɛafa wɔn bobesa no bi de aba.

9 Afei mmerɛ a Lamanfoɔ no tee saa nsɛm yi no, wɔde ɛdɛ gyee no, na wɔsee no sɛ: Ma yɛn wo bobesa yi bi na yɛnom; ɛyɛ yɛn anika sɛ wode bobesa kaa wo ho ɛfiri sɛ yɛaberɛberɛ.

10 Na mmom Laman see wɔn sɛ: Moma yɛmfa bobesa no nsie nkɔsi sɛ yɛne Nifaefoɔ no bɛkɔ akɔko. Nanso saa asɛm yi mpo maa wɔpɛɛ sɛ wɔbɛnom bobesa no.

11 Na wɔkaa sɛ: Yeaberɛberɛ, ɛno nti ma yɛn bobesa no bi nom, na ɛrenkyɛrɛ na wɔaberɛ yɛn bobesa a ɛbɛma yɛn ahoɔden ama yɛne Nifaefoɔ no akɔko.

12 Na Laman see wɔn sɛ: Mobɛtumi ayɛ deɛ mo pɛ.

13 Na ɛbaa sɛ wɔnomm bobesa no yie; na na ɛyɛ wɔn dɛ, ɛno nti wɔnomm no dodo; na na ano yɛ den, ɛnam sɛ wɔhyɛɛ da yɛɛe maa no yɛɛ den.

14 Na ɛbaa sɛ wɔnomoe, na wɔn anigyeɛ, na nkakrankakra wɔn nyina ara bobroeɛ.

15 Na afei mmerɛ a Laman ne ne marima no hunu sɛ wɔn nyina ara abobro na wɔadeda hatee no, wɔsan kɔɔ Moronae hɔ na wɔkaa deɛ asie nyina ara kyerɛɛ no.

16 Afei na yei yɛ Moronae nhyehyɛeɛ. Na na Moronae asiesie ne marima no wɔ akodeɛ mu; na ɔkɔɔ Gid kuropɔn no mu mmerɛ a Lamanfoɔ no adeda hatee na wɔaboboro no, na wɔtoo akodeɛ de maa nnɛduafoɔ no ara maa wɔn nyina ara nyaa akodeɛ;

17 Aane, wɔmaa maa, no mpo bi, ne wɔn mma no nyina ara nso, ne obiara a ɔbɛtumi de akodeɛ ako na Moronae de akodeɛ yi maa nnɛduafoɔ no nyina ara; na ɔyɛe saa nneɛma yi bɔkɔɔ mu.

18 Na mmom anka Lamanfoɔ no nyanee a, hwɛ na wɔaboboro na anka Nifaefoɔ no bɛtumi akumkum wɔn.

19 Na mmom hwɛ, na ɛnnyɛ yei na Moronae rehwehwɛ; n’ani anye awudie anaa mogya kaguo ho, na mmom deɛ na n’ani gye ho ne sɛ ɔbɛgye ne nkurɔfoɔ afiri ɔsɛee mu; na sɛ ɛbɛyɛ a ɔmfa ntɛnkyea mma ne so, yei nti ɔrento nhyɛ Lamanfoɔ no so na ɔrensɛe wɔn wɔ mmerɛ a wɔaboboro.

20 Mmom wɔanya deɛ ɔrehwehwɛ; ɛfiri sɛ wama Nifaefoɔ nnɛduafoɔ no a wɔwɔ kuropɔn no afasuo no mu akodeɛ, na wama wɔn tumi sɛ wɔde bɛnya ɛfa no a ɛwɔ afasuo no mu no.

21 Na ɔmaa marima no a wɔka ne ho no tee wɔn ntam kakra firii wɔn nkyɛn, na wɔntwa Lamanfoɔ asraafoɔ no ho nhyia.

22 Afei hwɛ, wɔyɛɛ saa adeɛ yi anadwo-berɛ, ama sɛ Lamanfoɔ no nyane anɔpa no, wɔhunu sɛ Nifaefoɔ no atwa wɔn ho ahyia wɔ afasuo no akyiri, na wɔn nnɛduafoɔ no nso kutakuta akodeɛ wɔ afasuo no mu.

23 Na yei maa wɔhunu sɛ Nifaefoɔ no anya tumi wɔ wɔn so; na saa tebea no maa wɔhunu sɛ ɛnnyɛ nyansasɛm sɛ wɔne Nifaefoɔ no bɛko; ɛno nti wɔn sahene mpanimfoɔ no see wɔn sɛ, obiara mfa n’akodeɛ mmerɛ wɔn, na wɔde baae na wɔde guu Nifaefoɔ no nan ase, srɛɛ sɛ wɔnhunu wɔn mmɔbɔ.

24 Afei, hwɛ, na yei yɛ adeɛ a na Moronae rehwehwɛ. Ɔfaa wɔn ɔko mu nnɛduafoɔ, na wɔfaa wɔn kuropɔn no, na ɔmaa wɔgyaee nnɛduafoɔ a na wɔyɛ Nifaefoɔ no nyina ara ama wɔbɛkaa Moronae asraafoɔ no ho, na yei maa n’asraafoɔ no ahoɔden yɛɛ kɛseɛ.

25 Na ɛbaa sɛ ɔsee Lamanfoɔ no a wɔakyere wɔn nnɛdua no sɛ wɔnhyɛaseɛ nyɛ adwuma mfa nye ban a ɛwɔ ahoɔden mfa ntwa Gid kuropɔn no ho nhyia.

26 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a ɔgyee Gid kuropɔn no ho ban no, sɛdeɛ ɔrehwehwɛ wieeɛ no, ɔkaa sɛ wɔmfa ne nnɛduafoɔ no nkɔ Dodoɔ kuropɔn no mu, na ɔmaa asraafoɔ a wɔdɔɔso yie bɔɔ saa kuropɔn no ho ban.

27 Na ɛbaa sɛ Lamanfoɔ no pɔ bɔne a wɔbɔɔɛ no nyina ara amfa wɔn ho, na wɔfaa wɔn nnɛduafoɔ no nyina ara, wɔde wɔn sieɛ na wɔbɔɔ wɔn ho ban, na wɔkoraa nsaase nso a wɔn nsa aka bio no nyina ara yie.

28 Na ɛbaa sɛ Nifaefoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔredi nkonim bio, na wɔresan agye deɛ ɛsɛ wɔn ne deɛ ɛyɛ wɔn mu biara nkoa deɛ.

29 Mmerɛ pii na Lamanfoɔ no pɛɛ sɛ wɔtwa wɔn ho hyia anadwo, na yie maa wɔhweree nnɛduafoɔ bebree.

30 Na mmerɛ pii nso na wɔpɛɛ sɛ wɔma Nifaefoɔ no ma wɔn bobesa nsa no bi, ama wɔde awuduro agu mu anaa wɔama wɔn aboboro na wɔaseɛ wɔn.

31 Na mmom hwɛ, Nifaefoɔ no anyɛ nyaa wɔ wɔn Awurade Nyankopɔn nkaeɛ ho wɔ wɔn amanehunu mmerɛ yi mu. Wɔn mfidie anyi wɔn da; aane, wɔampɛ sɛ wɔnom wɔn bobesa wɔ mmerɛ a wɔn nni kan mfa bi mma Lamanfoɔ nnɛduafoɔ no mu bi.

32 Na wɔhwɛe wɔn ho yie ama wɔn mu biara annom awuduro no, ɛfiri sɛ sɛ wɔn bobesa tumi kum Lamanni a saa ara nso na ɛbɛtumi akum Nifaeni nso na sei na wɔyɛ de sɔɔ wɔn nsa a ano yɛ hyeɛ biara hwɛeɛ.

33 Na afei ɛbaa sɛ ɛho hiaeɛ sɛ Moronae yɛ ahoboa na ɔkɔto hyɛ Morianton kuropɔn no so; na hwɛ, Lamanfoɔ no bɔɔ mmɔden gyee ban de bɔɔ Morianton kuropɔn no ho ara kɔsii sɛ ɛyɛɛ wɔn ahoɔdenbea.

34 Na mmerɛ biara no, na wɔde asraafoɔ foforɔ ba kuropɔn no mu, ne nnuane foforɔ a wɔde sie hia da nso.

35 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie no mfie a ɛtɔ so aduonu nkron wɔ Nifaefoɔ so no baa awieɛ.