Twerɛnsɛm
Alma 27


Ti 27

Awurade hyɛ Amon sɛ ɔnni Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ anim nkɔ baabi pa—Ɔhyiaa Alma no, Amon ɛdɛ ma ɔyɛ mmerɛ—Nifaefoɔ de Yesɔn asaase no ma Anti-Nifae-Lihaefoɔ—Wɔfrɛ wɔn Amon nkurɔfoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 90–77 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ mmerɛ a saa Lamanfoɔ no a wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔko atia Nifaefoɔ no hunuu sɛ wɔn mmɔden a wɔbɔɔɛ nyina ara akyiri no wɔrentumi nsɛe wɔn no, wɔsann wɔn akyiri kɔɔ Nifae asaase so bio.

2 Na ɛbaa sɛ Amalɛkaefoɔ no bo fuu yie ɛnam wɔn nkoguo no nti; Na wɔhunuu sɛ wɔrentumi nya werɛtɔ mfiri Nifaefoɔ no hɔ no nti no, wɔhyɛɛ aseɛ kanyan nkurɔfoɔ no ara maa wɔn bo fuu wɔn nuanom, Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ no; ɛno nti wɔhyɛɛ aseɛ bio sɛ wɔresɛe wɔn.

3 Afei saa nkurɔfoɔ yi ampɛ sɛ wɔbɛfa wɔn akodeɛ bio, nti wɔmaa ho atamfoɔ no kwan maa sɛ wɔkumkum wɔn sɛdeɛ wɔn ara pɛ.

4 Afei mmerɛ a Amon ne ne nuanom hunuu saa ɔsɛee adwuma a ɛwɔ wɔn a wɔdɔ wɔn mmorosoɔ, na wɔn nso wɔdɔ wɔn mmorosoɔ no mu no—ɛfiri sɛ wɔfaa wɔn sɛ wɔyɛ abɔfoɔ a Onyankopɔn asoma wɔn sɛ wɔmmɛgye wɔn mfiri ɔsɛee a ɛtehɔ daa mu—ɛno nti mmerɛ a Amon ne ne nuanom hunuu saa ɔsɛee dwumadie kɛseɛ yi no, wɔyɛɛ wɔn mmɔbɔ, na wɔsee ɔhene no sɛ:

5 Momma yɛmmoaboa Awurade nkurɔfoɔ yi ano, na momma yɛnkɔ yɛn nuanom Nifaefoɔ hɔ wɔ Sarahɛmla asaase so, na yɛn nwanne mfiri yɛn atamfo nsa mu, ama wɔansɛe yɛn.

6 Nanso ɔhene no see wɔn sɛ: Hwɛ, Nifaefoɔ no bɛsɛe yɛn, ɛnam awudie bebree ne bɔne a yɛayɛ atia wɔn no nti.

7 Na Amon kaa sɛ: Mɛkɔ akɔbisa Awurade, na sɛ ɔse yɛn sɛ, yɛnkɔ yɛn nuanom no nkyɛn a mobɛkɔ anaa?

8 Na ɔhene no see no sɛ: Aane, sɛ Awurade se yɛn sɛ, monkɔ deɛ a, yɛbɛkɔ yɛn nuanom nkyɛn, na yɛbɛyɛ wɔn nkoa akɔsi sɛ yɛbɛsom de atua awudie ne bɔne bebree a yɛayɛ atia wɔn no ka.

9 Nanso Amon see no sɛ: Ɛtia yɛn nuanom mmara a m’agya hyehyɛ too hɔ sɛ mma wɔnnya nkoa biara wɔ wɔn mu; ɛno nti momma yɛnkɔ hɔ na yɛn mfa yɛn ho nto yɛn nuanom ahummɔborɔ so.

10 Na mmom ɔhene no see no sɛ: Bisa Awurade, na sɛ ɔse yɛn sɛ yɛnkɔ a, yɛbɛkɔ; anyɛ saa a yɛbɛsɛe wɔ asaase no so.

11 Na ɛbaa sɛ Amon kɔ kɔbisaa Awurade, na Awurade see no sɛ:

12 Ma saa nkurɔfoɔ yi mfiri asaase yi so, ama wɔansɛe; ɛfiri sɛ Satan kuta Amalɛkaefoɔ akoma mu dendennden, ama ɛno nti ɔkanyan Lamanfoɔ no ma wɔn bo fu wɔn nuanom no sɛ wɔbɛkumkum wɔn; ɛno nti momfiri asaase yi so; na nhyira aka saa nkurɔfoɔ yi a wɔwɔ saa awoɔntoatoasoɔ yi mu yi, na mɛkora wɔn.

13 Na afei ɛbaa sɛ Amon kɔkaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ no no nyina ara kyerɛɛ ɔhene no.

14 Na wɔboaboaa wɔn nkurɔfoɔ no nyina ara ano, aane, Awurade nkurɔfoɔ nyina ara, na wɔboaboaa wɔn nnwan ne wɔn anantwie nyina ara ano, na wɔfirii asaase no so, na wɔbaa ɛserɛ a ɛtwa Nifae asaase ne Sarahɛmla asaase ntam no so, na wɔbɛbɛnee asaase no hyeɛ so.

15 Na ɛbaa sɛ Amon see wɔn sɛ: Monhwɛ, me ne me nuanom asɛmpatrɛfoɔ no bɛkɔ Sarahɛmla asaase so, na mobɛtwɛn wɔ ha kɔpem sɛ yɛbɛsan; na yɛrekɔhwɛ yɛn nuanom akoma ahwɛ sɛ wɔbɛpɛ sɛ mobɛba wɔn asaase so a.

16 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Amon rekɔ asaase no so no na ɔne ne nuanom hyiaa Alma, wɔ baabi a wɔaka ho asɛm no so; na hwɛ, yei yɛɛ anigyeɛ nhyiam.

17 Afei Amon nyaa ɛdɛ maa ɛboro so mpo; aane, ɔnyaa ɛdɛ ara wɔ ne Nyankopɔn mu ara maa n’ahoɔden saae; maa ɔhwee fam bio.

18 Afei yei nnyɛ ɛdɛ mmorosoɔ anaa? Hwɛ, yei yɛ ɛdɛ a obiara nnya, gye sɛdeɛ ɔnu ne ho nokware mu ne nsakyeraɛ mu ɔde ahobraseɛ hwehwɛ anigyeɛ.

19 Afei ɛdɛ a Alma nyaaɛ mmerɛ a ɔhyiaa ne nuanom no, nokware mu ni, na ɛso, na Aaron nso ɛdɛ saa ara, ne Omna, ne Himnae nso; na mmom hwɛ wɔn ɛdɛ anyɛ deɛ ɛboro wɔn ahoɔden so.

20 Na afei ɛbaa sɛ Alma dii ne nuanom asɛmpatrɛfoɔ no anim ne wɔn san kɔɔ Sarahɛmla asaase so; kɔɔ ɔno ara mpo fie. Na wɔkɔkaa deɛ ɛsii wɔ wɔn ne wɔn nuanom, Lamanfoɔ ntam wɔ Nifae asaase so nyina ara kyerɛɛ ɔtɛmmuafoɔ panin no.

21 Na ɛbaa sɛ ɔtɛmmuafoɔ panin no maa wɔbɔɔ dawuro wɔ asaase no nyina ara so sɛ ɔpɛ sɛ nkurɔfoɔ no kyerɛ wɔn adwene sɛ wɔpene so sɛ wɔnnye wɔn nuanom a wɔyɛ Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ no.

22 Na ɛbaa sɛ nkurɔfoɔ no kyerɛɛ wɔn adwene, sɛ: Hwɛ, yɛde Yɛsɔn asaase a ɛda ɛpo no atɔɛ afam no, deɛ ɛbɔ Dodoɔ asaase no a ɛwɔ Dodoɔ asaase no anaafoɔ no bɛma wɔn; na saa Yɛsɔn asaase yi na yɛde bɛma yɛn nuanom no ama ayɛ wɔn awunyadeɛ.

23 Na hwɛ, yɛde yɛn asraafoɔ bɛtena Yɛsɔn asaase ne Nifae asaase ntam hɔ, ama yɛatumi abɔ yɛn nuanom ho ban wɔ Yɛsɔn asaase so; na yei na yɛbɛyɛ ama yɛn nuanom ɛnam sɛ wɔsuro sɛ wɔbɛfa akodeɛ ako atia wɔn nuanom ama wɔanyɛ bɔne; na wɔnyaa suro kɛseɛ yi ɛnam nsakyeraɛ kɛseɛ a wɔnyaa wɔ wɔn awudie bebree ne wɔn atirimuɔden kɛseɛ no nti.

24 Na afei hwɛ, yei na yɛbɛyɛ ama yɛn nuanom, sɛ wɔbɛfa Yɛsɔn asaase no; na yɛde yɛn asraafoɔ bɛbɔ wɔn ho ban afiri wɔn atamfoɔ nsa mu, sɛ wɔbɛma yɛn wɔn ahodeɛ kakra de aboa yɛn ama yɛatumi de ahwɛ yɛn asraafoɔ no.

25 Afei; ɛbaa sɛ mmerɛ a Amon tee sei no, ɔsann n’akyiri kɔɔ Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ no hɔ, na Alma nso ne no kɔɔ ɛserɛ no so wɔ baabi a wɔasisi wɔn ntomadan, na ɔdaa nneɛma yi nyina ara adi kyerɛɛ wɔn. Na Alma nso kaa ɔne Amon ne Aaron, ne ne nuanom nsakyeraɛ ho asɛm kyerɛɛ wɔn.

26 Na ɛbaa sɛ yei de ɛdɛ kɛseɛ baa wɔn mu. Na wɔkɔɔ Yɛsɔn asaase so, na wɔkɔfaa Yɛsɔn asaase no; na Nifaefoɔ no frɛɛ wɔn Amon nkurɔfoɔ; ɛno nti saa din no hyɛɛ wɔn nso ɛfiri saa da no de rekorɔ.

27 Na wɔbɛkaa Nifae nkurɔfoɔ no ho, na wɔkann wɔn nso fraa nkurɔfoɔ a wɔyɛ Onyankopɔn asɔremma no ho. Na na wɔda nso wɔ Onyankopɔn mmɔdenmɔ ne nnipa nso ho; na wɔdii nokware ara yie na wɔyɛɛ tenenee wɔ nneɛma nyina ara mu; na wɔgyinaa pintinn wɔ gyedie mu wɔ Kristo mu, mpo de kɔɔ awieɛ.

28 Na sɛ wɔbɛka wɔn nuanom mogya agu no yɛɛ akyiwasɛm kɛseɛ wɔ wɔn ani so; na biribi ara antumi amma wɔamfa akodeɛ anko antia wɔn nuanom da; na owuo anyɛ adeɛ a ɛyɛ hu wɔ wɔn ani so, ɛnam wɔn anidasoɔ ne sɛdeɛ wɔte Kristo ne owusɔreɛ ase nti; ɛno nti wɔhunuu sɛ Kristo nkonimdie no amene owuo ama wɔn.

29 Ɛno nti wɔpɛɛ owuo a emu yɛ den na ahoyera wɔ mu, a wɔn nuanom de bɛyɛ wɔn ansa na wɔafa akofena anaa sɛ sekan koaɛ de akum wɔn.

30 Na sei na ɛmaa wɔyɛɛ nkurɔfoɔ a ahokeka wɔ wɔn mu na wɔwɔ dɔ, nkurɔfoɔ a Awurade anigye wɔn ho mmorosoɔ.