Twerɛnsɛm
Alma 25


Ti 25

Lamanfoɔ atirimuɔdensɛm trɛ—Noa asefoɔ asɔfoɔ no yera sɛdeɛ Abinadae hyɛ ho nkɔm no—Lamanfoɔ bebree sakyera na wɔkɔka Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ no ho—Wɔgye Kristo di na wɔdi Mose mmara so. Bɛyɛ mfinhyia 90–77 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na hwɛ afei ɛbaa sɛ saa Lamanfoɔ no bo fuu mmorosoɔ ɛfiri sɛ wɔakumkum wɔn nuanom; ɛno nti wɔkaa ntam sɛ wɔbɛyɛ Nifaefoɔ no bi ahyɛ anan mu; na wɔankum Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ no wɔ saa mmerɛ no mu bio.

2 Mmom wɔfaa wɔn asraafoɔ na wɔkɔɔ Sarahɛmla asaase no ahyeɛso, na wɔkɔɔ nkurɔfoɔ a wɔwɔ Amonaeha asaase so no so na wɔsɛee wɔn.

3 Na ɛno akyiri no, wɔne Nifaefoɔ no kɔɔ ako bebree, na ɛno mu na wɔpamoo wɔn na wɔkumm wɔn.

4 Na ɛreyɛ akɔyɛ sɛ Lamanfoɔ no a wɔkum wɔn no mu dodoɔ no ara yɛ Amulɔn ne ne nuanom asefoɔ, a wɔyɛ Noa asɔfoɔ, na wɔwuwuui wɔ Nifaefoɔ nsa ano.

5 Na nkaeɛ no dwane kɔɔ ɛserɛ no apueɛ fam, wɔn na wɔnyaa tumi ne akwanya wɔ Lamanfoɔ no so, na wɔmaa wɔde ogya hyee Lamanfoɔ no mu dodoɔ no ara ɛnam wɔn gyedie nti—

6 Na wɔn mu dodoɔ no ara hweree wɔn nkurɔfoɔ bebree na wɔhunu amane pii akyire no, wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekanyan wɔn ama wɔakae nsɛm a Aaron ne ne nuanom kakyerɛɛ wɔn wɔ wɔn asaase no so no; ɛno nti wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrennye wɔn agyanom amammerɛ nni, na wɔbɛgye Awurade adi, na ɔno na ɔde tumi kɛseɛ maa Nifaefoɔ no; na yei maa wɔn mu dodoɔ no ara sakyeraae wɔ ɛserɛ no so.

7 Na ɛbaa sɛ ahwɛsofoɔ no a wɔyɛ Amulɔn mma no nkaaɛ no hyɛɛ mmara sɛ wɔnkum wɔn a wɔgye saa nneɛma yi di no nyina ara.

8 Afei saa mogyadansesɛm yi maa wɔn nuanom no mu dodoɔ no ara bo fuuɛ; na apereapereɛ hyɛɛ aseɛ wɔ ɛserɛ no so; na Lamanfoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrehwehwɛ Amulɔn ne ne nuanom asefoɔ no akyiri kwan, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekumkum wɔn; na wɔdwane kɔɔ ɛserɛ no apueɛ.

9 Na hwɛ Lamanfoɔ no gu so rehwehwɛ wɔn de bɛsi nnɛda yi. Yei ama Abinadae nsɛm no aba mu, deɛ ɔkaaɛ a ɛfa asɔfoɔ no a wɔmaa wɔde ogya hyee no ne wɔn asefoɔ ho no.

10 Ɛfiri sɛ ɔsee wɔn sɛ: Deɛ mo de bɛyɛ me yi bɛyɛ nneɛma bi a ɛbɛsi dabi.

11 Na afei Abinadae ne deɛ ɔdii kan a wɔde egya hyee no ɛnam ne gyedie a ɛwɔ Nyankopɔn mu nti; afei yei ne deɛ na ɔrekyerɛ, sɛ dodoɔ no ara na wɔde egya bɛhye wɔn akum wɔn, te sɛdeɛ wɔde yɛɛ no no.

12 Na ɔka kyerɛɛ Noa asɔfoɔ no asefoɔ no sɛ wɔn asefoɔ no bɛma wɔakumkum nnipa bebree, sɛdeɛ wɔdeyɛɛ no no, na ama wɔabɔ wɔn apete amannɔne na wɔakumkum wɔn, te sɛ nnwan a wɔnni hwɛfoɔ a mmoa akɛseɛ repamo wɔn na wɔrekumkum wɔn mpo; na afei hwɛ, saa nsɛm yi aba mu pefee, ɛfiri sɛ Lamanfoɔ no apamo wɔn ahwehwɛ wɔn na wɔakum wɔn.

13 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Lamanfoɔ no hunuu sɛ wɔrentumi nni Nifaefoɔ so nkonim no, wɔsan wɔn akyi baa wɔn ara ankasa asaase so bio; na wɔn mu dodoɔ no ara bɛtenaa Ismael asaase ne Nifae asaase so, na wɔde wɔn ho kɔbɔɔ Onyankopɔn nkurɔfoɔ a wɔyɛ Anti-Nifae-Lihae nkurɔfoɔ no ho.

14 Na wɔn nso siee wɔn akodeɛ a wɔde kɔ ako sɛdeɛ wɔn nuanom no yɛɛe no, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔreyɛ ateneneefoɔ; na wɔnantee Awurade akwan so, na ɔhwɛɛ sɛ wɔbɛdi ne mmaransɛm ne ne nhyehyɛeɛ so.

15 Aane, na wɔdii Mose mmara so; na na ɛhohia sɛ wɔdi Mose mmara so saa mmerɛ no, ɛfiri sɛ nnyɛ ne nyina ara na ɛbaa mu. Nanso Mose mmara no nyina ara akyiri no, wɔhwɛɛ Kristo mmaeɛ no nso kwan, wɔfaa no sɛ Mose mmara no yɛ ne mmaeɛ no ho bi, na wɔgye dii sɛ ɛwɔ sɛ wɔdi saa adeyɛ no a ɛda adi wɔ abɔntene no so kɔpem mmerɛ a wɔbɛda no adi akyerɛ wɔn.

16 Afei wɔansusu sɛ nkwagyeɛ nam Mose mmara so na ɛbaaeɛ; mmom Mose mmara no na ɛhyɛ wɔn gyedie den wɔ Kristo mu; na yei maa wɔnam gyedie so nyaa anidasoɔ, de kɔɔ nkwagyeɛ a ɛnniawieɛ mu, wɔde wɔnho tweree honhom nkɔmhyɛ a ɛkaa nneɛma a ɛbɛba ho asɛm kyerɛɛ no.

17 Na afei hwɛ, Amon, ne Aaron, ne Omna, ne Himnae, ne wɔn nuanom anigyeɛ mmorosoɔ; ɛnam nkonim a wɔnyaa wɔ Lamanfoɔ no mu nti, na wɔhunuu sɛ Awurade ayɛ deɛ wɔbɔɔ ho mpaeɛ no ama wɔn, na wada n’asɛm nso adi wɔ wɔn mu wɔ akwan nyina ara mu.