Twerɛnsɛm
Alma 34


Ti 34

Amulek di adanseɛ sɛ asɛm no wɔ Kristo mu de kɔ nkwagyeɛ mu—Sɛ mpata amma a adasamma nyina ara bɛyera—Mose mmara no nyina ara kyerɛ Onyankopɔn Ba no afɔrebɔ no—Na dima ho nhyehyɛeɛ a ɛnniawieɛ no gyina gyedie ne nsakyeraɛ honam mu ne honhom mu nhyira—Saa abrabɔ yi mu na ɛwɔ sɛ nnipa siesie ne ho de hyia Onyankopɔn—Fa suro yɛ wo nkwagyeɛ ho adwuma wɔ Onyankopɔn anim. Bɛyɛ mfinhyia 74 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei ɛbaa sɛ Alma kaa saa nsɛm yi kyerɛɛ wɔn akyire yi wieeɛ no, ɔtenaa ase wɔ fam, na Amulek sɔree na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔrekyerɛkyerɛ wɔn, ɔkaa sɛ:

2 Me nuanom, medwene sɛ nsɛm a wɔaka a ɛfa Kristo mmaeɛ ho yi yɛ nsɛm a monntumi nka sɛ monnim, deɛ yɛakyerɛ mu akyerɛ mo sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba no; aane, Menim sɛ wɔkyerɛkyerɛɛ saa nneɛma yi mu yie kyerɛɛ mo ansa na morete atua afiri yɛn mu.

3 Na ɛnam sɛ mopɛ sɛ me nua dɔfo yi kyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ, ɛnam mo amane hunu nti; na waka biribi akyerɛ mo de asiesie mo adwene; aane, na watu mo fo sɛ monya gyedie ne abotare—

4 Aane, ama moanya gyedie mpo a ɛso ara yie ama mode adua asɛm no wɔ mo akoma mu, ama mo asɔ ahwɛ sɛ ɛyɛ.

5 Na yɛahunu no sɛ asɛmbisa kɛseɛ a ɛwɔ mo adwene mu ne sɛ asɛm no wɔ Onyankopɔn Ba no mu, anaa sɛ Kristo biara nni hɔ.

6 Na mo nso mo ahunu sɛ me nua no afa nneɛma bebree so ada no adi akyerɛ mo sɛ asɛm no wɔ Kristo mu de kɔ nkwagyeɛ mu.

7 Me nua no aka Senos nsɛm no, sɛ dima firi Onyankopɔn Ba no mu, na Sɛnɔk nsɛm no nso no waka; na ɔde Mose nso deɛ aka ho de ayɛ mfatoho akyerɛ mo ama moahunu sɛ saa nneɛma yi yɛ nokware.

8 Na afei, hwɛ, mɛdi adanseɛ akyerɛ mo afa me ara me ho sɛ saa nneɛma yi yɛ nokware. Hwɛ mese mo sɛ, menim sɛ Kristo bɛba nnipa mma mu, na wabɛfa ne nkurɔfoɔ mmeratoɔ ato ne so, na ɔde ne ho ayɛ mpata ama wiase bɔne; na Awurade Nyankopɔn na aka.

9 Na ɛho hia sɛ obi yɛ saa mpata yi; ɛfiri sɛ sɛdeɛ Ɔnniawieɛ Nyankopɔn nhyehyɛeɛ kɛseɛ no teɛ no, ɛwɔ sɛ obi de ne ho yɛ mpata, anyɛ saa a sɛ ɛteɛ biara no, adasamma nyina ara bɛyera; aane, wɔn nyina ara ayɛ asoɔden, na wɔn nyina ara ahwe ase na wɔayera, na ɛsɛ sɛ wɔyera gye sɛ wɔnam saa mpata yi a ɛhia sɛ wɔde ma yi so.

10 Na ɛho bɛhia sɛ wɔbɔ saa afɔreɛ kɛseɛ a etwatoɔ yi; aane, nyɛ nipa afɔrebɔ, ɛna ɛnyɛ aboa, ɛna ɛnyɛ ntakraboa ahodoɔ no mu biara nso; ɛfiri sɛ ɛnyɛ nipa afɔrebɔ; na mmom ɛwɔ sɛ ɛyɛ afɔrebɔ a ɛnsa da na ɛnniawieɛ.

11 Afei nipa biara nni hɔ a ɔbɛtumi de ɔno ara ne mogya abɔ afɔreɛ de ayɛ mpata ama obi bɔne. Afei, sɛ nipa bi di awu a, monhwɛ yɛn mmara a ɛtene no bɛtumi ama kwan ama wɔde ne nua bi nkwa atua ka? Mese mo sɛ Daabi.

12 Mmom mmara no hwehwɛ, deɛ odi awuo no nkwa; ɛno nti biribiara nni hɔ a ɛtɔ sini wɔ saa mpata a ɛnsa da a ɛtumi tua wiase bɔne yi ho ka no.

13 Ɛno nti, ɛho hia sɛ afɔrebɔ kɛseɛ bi a ɛtwa toɔ no ba na saa mmerɛ no na ɛbɛma anaa sɛ ɛbɛhia sɛ wɔbɛgyae mogya kaguo no; na saa Mose mmara no bɛba mu; aane, ne nyina ara bɛhyɛ ma, atwerɛdeɛ ketewa biara ne nsensaneɛ biara, na emu biara rentwa mu nkɔ.

14 Na monhwɛ, mmara no nyina ara nkyerɛaseɛ nie, ne mu ketewa biara kyerɛ saa afɔrebɔ kɛseɛ a ɛtwa toɔ no; na saa afɔrebɔ kɛseɛ ne afɔrebɔ a ɛtwa toɔ no bɛyɛ Onyankopɔn Ba no, aane, deɛ ɛnsa da na ɛnniawieɛ.

15 Na sei na ɔde nkwagyeɛ bɛbrɛ wɔn a wɔbɛgye ne din adi no nyina ara; na yei ne afɔrebɔ a ɛtwa toɔ no asekyerɛ, sɛ ɛbɛma ne yamadeɛ ahummɔborɔ a ɛtumi di teneneeɛ so no aba, na ɛde biribi brɛ nnipa sɛ wɔbɛnya gyedie a ɛbɛma wɔanya nsakyeraɛ.

16 Na sei na ɛbɛma ahummɔborɔ atumi asɔ deɛ teneneeɛ rehwehwɛ no ani, na atwa wɔn ho ahyia wɔ ahobanbɔ abasa mu, mmerɛ a deɛ ɔnni gyedie a ɛkɔ nsakyeraɛ mu no, wɔbɛgyae no ahyɛ mmara no a ɛrehwehwɛ deɛ teneneeɛ rehwehwɛ no nsa; ɛno nti deɛ ɔwɔ gyedie a ɛkɔ nsakyeraɛ mu no nko ara na ɔbɛnya dima kɛseɛ a ɛnniawieɛ yi ho nhyehyɛeɛ no.

17 Ɛno nti me nuanom, Onyankopɔn ma monhyɛ aseɛ nya gyedie a ɛkɔ nsakyeraɛ mu, ama moahyɛ aseɛ abɔ ne din kronkron no, ama wahu mo mmɔbɔ;

18 Aane, monsu mfrɛ no na ɔhunu mo mmɔbɔ; ɛfiri sɛ ɔyɛ ɔtumfoɔ a ɔbɛgye mo nkwa.

19 Aane, mo mmerɛ mo ho ase, na monkɔso mmɔ mpaeɛ mfrɛ no.

20 Monsu mfrɛ no mmerɛ a mowɔ mo mfuo mu, aane, mfa mma mo nwammaa nyina ara.

21 Monsu mfrɛ no wɔ mo afiefie mu, aane, ma mo fiefoɔ nyina ara, anɔpa, awia, ne anwumerɛ.

22 Aane, monsu mfrɛ no mfa ntia moatamfo tumi.

23 Aane, monsu mfrɛ no mfa ntia ɔbonsam no a ɔyɛ ɔtamfoɔ ma deɛ ɛtene nyina ara no.

24 Monsu mfrɛ no mfa mo nnɔbaɛ a ɛwɔ mo mfuo mu no, moayɛ frɔmfrɔm.

25 Monsu ma nnwan a wɔwɔ momfuo mu, ama wɔn ase atrɛ.

26 Mmom nnyɛ ne nyina ara nie; ɛwɔ sɛ mohwie mo akra gu wɔ mo apie mu, ne mo kokoam, ne mo serɛ so.

27 Aane, na sɛ moansu amfrɛ Awurade no, mo ma mpaebɔ nhyɛ mo akoma mu ma daa nyina ara wɔ mo yiedie ho, ne wɔn a wɔatwa mo ho ahyia nso yiedie ho.

28 Na afei hwɛ, me nuanom adɔfo, mese mo sɛ mma monwene sɛ ne nyina ara nie; ɛfiri sɛ moyɛ saa nneɛma yi nyina ara wie, na sɛ modane mo akyiri kyerɛ mmɔborɔwa ne wɔn a wɔda adagya, na moansera ayarefoɔ ne amanehunufoɔ, na sɛ mowɔ ahodeɛ na sɛ moamfa bi amma wɔn a wɔhia a—mese mo sɛ, sɛ moanyɛ saa nneɛma yi mu biara a, hwɛ, mo mpaebɔ yɛ kwa, na monnya biribiara mfiri mu, na mo te sɛ nyaatwomfoɔ a wɔapo gyedie no.

29 Ɛno nti, sɛ moankae anyɛ ayamuyɛ a, mo te sɛdeɛ dwumfoɔ ato agu, (ɛnam sɛ ɛho nni mfasoɔ nti) na nnipa tiatia so wɔ ne nan ase.

30 Na afei, me nuanom, mɛpɛ sɛ, mmerɛ a moanya adansefoɔ bebree na moahunu sɛ twerɛsɛm kronkron no di saa nneɛma yi ho adanseɛ yi, momra mɛso aduaba a ɛkɔ nsakyeraɛ mu.

31 Aane, mɛpɛ sɛ mobɛba na mo nnyɛ mo akoma den bio; ɛfiri sɛ, afei na mo mmerɛ ne nkwagyeɛ da no aduru so, na ɛno nti, sɛ mo bɛsakyera na mo anyɛ mo akoma den a, wɔde dima ho nhyehyɛeɛ kɛseɛ no bɛma mo ntɛmntɛm.

32 Na monhwɛ, saa abrabɔ yi mu ne mmerɛ a ɛwɔ sɛ nnipa yɛ ahoboa de hyia Onyankopɔn; aane, hwɛ saa mmerɛ wɔ nnipa abrabɔ mu ne mmerɛ a ɛwɔ sɛ nnipa de yɛ n’adwuma.

33 Na afei, sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo dada no, sɛ moanya adanseɛ bebree no nti, mesrɛ mo sɛ mma montu ɛda a mobɛsakyera no nhyɛ da nkɔpem awieɛ; ɛfiri sɛ saa abrabɔ da yi akyire yi na wɔde ama yɛn sɛ yɛmfa nsiesie yɛn ho ntwɛn mmerɛsanten, monhwɛ, sɛ yɛamfa yɛn mmerɛ anyɛ biribi pa wɔ saa abrabɔ yi mu na ɛsum ba anadwo a yɛrentumi nni dwumadie biara.

34 Monntumi nka sɛ, mmerɛ a mo aba saa basabasa a ɛyɛ hu no mu, no na mɛsakyera, na mɛsan akɔ me Nyankopɔn nkyɛn. Daabi, monntumi nka saa; ɛfiri sɛ saa honhom no a na mo honamdua no yɛ ne deɛ mmerɛ a na mo refiri saa abrabɔ yi mu no, saa honhom no ara na ɛbɛnya tumi afa mo honamdua ho wɔ saa wiase a ɛnniawieɛ no mu.

35 Na hwɛ, sɛ moatu mo nsakyeraɛ da no ahyɛ da mpo de kɔsi owuo mu a, hwɛ, moabɛyɛ ɔbonsam no honhom deɛ, na ɔde mo sɔ ano; ɛno nti, na Awurade honhom no atwe ne ho afiri mo ho, na ɔnni tenabea wɔ mo mu, na ɔbonsam no a nya tumi nyina ara wɔ mo so; na sei na atirimuɔdenfoɔ no awieɛ bɛyɛ.

36 Na menim yei, ɛfiri sɛ Awurade aka sɛ ɔrentena tɛmpol a ɛmu ɛnnyɛ kronkron, na mmom ateneneefoɔ akoma mu na ɔtena; aane, na waka nso sɛ ateneneefoɔ bɛtena n’aheman mu, na wɔremfiri adi bio; na mmom wɔbɛsi wɔn ntadeɛ ama no ayɛ fitaa wɔ Adwammaa no mogya no mu.

37 Na afei, me nuanom adɔfoɔ mɛpɛ sɛ mokae saa nneɛma yi, na mode suro yɛ mo nkwagyeɛ ho adwuma wɔ Onyankopɔn anim, na monnye Kristo mmaeɛ no ho akyinnyeɛ bio;

38 Sɛ mo ne Honhom Kronkron no nni apereapereɛ bio, na mmom mobɛgye no, na mo de Kristo din ato mo so; na moabrɛ mo ho ase mpo de akɔ nnɛteɛ mu, na moasom Onyankopɔn, wɔ baabiara a mo wɔ, wɔ honhom mu ne nokware mu; na ama moada no ase daa nyina ara wɔ ahummɔborɔ ne nhyira pii a ɔde dom mo nti.

39 Aane, na metu mo fo, nso, me nuanom, sɛ mo nwɛn na momɔ mpaeɛ mmerɛ nyina ara, na ɔbonsam amfa mo ankɔ nsɔhwɛ mu antwe mo ankɔ, amma wɔantumi anya tumi wɔ mo so, na moamɛhyɛ n’ase ɛda a edi akyire no; na hwɛ, ɔremfa ade pa biara ntua mo ka.

40 Na afei me nuanom adɔfoɔ, metu mo fo sɛ monya abotare, na monsi apenee wɔ amanehunu nyina ara mu; ama moanka asɛm bɔne biara antia wɔn a ɛnam mo hia buruburo nti wɔto mo twene, amma moamɛyɛ adebɔneyɛfoɔ te sɛ wɔn;

41 Na mmom monya abotare, na monsi apenee wɔ saa amanehunu no mu, na mo nya anidasoɔ sɛ da koro bi mobɛgye mo ahome wɔ amanehunu nyina ara mu.