Twerɛnsɛm
Alma 35


Ti 35

Asɛm pa no ka no sɛe Soramfoɔ nwuma bɔne no—Wɔpamo wɔn a wɔasakyera no, na ɛma wɔkɔka Amon nkurɔfoɔ no ho wɔ Yɛsɔn—Ɛnam nkurɔfoɔ no atirimuɔden nti no Alma di awerɛhoɔ. Bɛyɛ mfinhyia 74 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei ɛbaa sɛ Amulek kaa saa nsɛm yi wiee no, wɔtwee wɔn ho firii nkurɔfokuo no ho, na wɔbaa Yɛsɔn asaase no so.

2 Aane, na anuanom nkaeɛ no nso no, mmerɛ a wɔkaa asɛm no kyerɛɛ Soramfoɔ no wieeɛ no, wɔn nso baa Yɛsɔn asaase so bi.

3 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a Soramfoɔ no mu atitire bebree boaa wɔn ano sɛ wɔredwendwene nsɛm a wɔaka akyerɛ wɔn no ho no, na wɔn bo fuui wɔ nsɛm no nti, ɛfiri sɛ ɛsɛee wɔn nwuma bɔne no; ɛno nti wɔampɛ sɛ wɔtie nsɛm no.

4 Na wɔsoma maa wɔkɔboaboaa nkurɔfoɔ a wɔwɔ asaase no nyina ara ano, na wɔne wɔn dwendwenee nsɛm a wɔaka akyerɛ wɔn no ho.

5 Afei wɔn a wɔdi wɔn so no ne wɔn asɔfoɔ ne wɔn akyerɛkyerɛfoɔ amma nkurɔfoɔ no anhunu deɛ wɔrehwehwɛ; ɛno nti wɔnam kokoa mu hwehwɛɛ nkurɔfoɔ no nyina ara adwene.

6 Na ɛbaa sɛ mmerɛ a wɔhunu nkurɔfoɔ no nyina ara adwene no, wɔpamoo wɔn a wɔpenee Alma ne ne nuanom nsɛm no so firii asaase no so; na na wɔdɔɔso; na wɔn nso baa Yɛsɔn asaase no so bi.

7 Na ɛbaa sɛ Alma ne ne nuanom somm wɔn.

8 Afei Soramfoɔ no bo fuu Amon nkurɔfoɔ no a wɔwɔ Yɛsɔn no, na Soramfoɔ hwɛsofoɔ panin no a ɔyɛ atirimuɔdenni no, soma maa wɔkɔɔ Amon nkurɔfoɔ hɔ kɔsee wɔn sɛ wɔmpamo wɔn a wɔfirii wɔn mu baa wɔn asaase so no mfiri wɔn asaase no so.

9 Na ɔbɔɔ wɔn ntrɛnee bebree. Na afei Amon nkurɔfoɔ no ansuro wɔn nsɛm no, ɛno nti wɔampamo wɔn, na mmom wɔgyee Soramfoɔ ahiafoɔ no nyina ara a wɔbaa wɔn nkyɛn no; na wɔmaa wɔn ntoma, na wɔmaa wɔn nsaase maa ɛbɛyɛɛ wɔn agyapadeɛ; na wɔsomm wɔn sɛdeɛ wɔpɛ

10 Afei yei maa Soramfoɔ no bo fuu Amon nkurɔfoɔ no, na wɔhyɛɛ aseɛ sɛ wɔne Lamanfoɔ no redi afra de akanyan wɔn ama wɔn nso wɔn bo afu wɔn.

11 Na yie maa Soramfoɔ ne Lamanfoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔresiesie wɔn ho ne Amon nkurɔfoɔ no akɔko, ne Nifaefoɔ nso.

12 Na sei na atɛmmuafoɔ no ahennie no afe a ɛtɔ so dunson no baa awieɛ wɔ Nifae nkurɔfoɔ no so.

13 Na Amon nkurɔfoɔ no firii Yɛsɔn asaase no so, na wɔbaa Melek asaase no so, na wɔmaa Nifaefoɔ asraafoɔ no baabi maa wɔsoe, ama wɔne Lamanfoɔ asraafoɔ ne Soramfoɔ asraafoɔ no apere so; na sei na ɛko hyɛɛ aseɛ wɔ Lamanfoɔ ne Nifaefoɔ mu wɔ afe a ɛtɔso dunwɔtwe wɔ atɛmmuafoɔ no ahennie mu; na ɔbɛka wɔn ako koakokoo no ho asɛm akyire yi.

14 Na Alma, ne Amon, ne wɔn nuanom asɛmpatrɛfoɔ no, ne Alma mmammarima mmienu no nso sann kɔɔ Sarahɛmla asaase so, mmerɛ a Onyankopɔn de wɔn yɛɛ adwendidadeɛ wɔ ne nsam de twee Soramfoɔ bebree maa wɔsakyeraae; na dodoɔ no ara a wɔsakyeraae no, wɔpamoo wɔn firii wɔn asaase so; na mmom wɔanya Yɛsɔn nsaase de ayɛ wɔn agyapadeɛ, na wɔfaa akodeɛ sɛ wɔderebɔ wɔn, ne wɔn yerenom, ne wɔn mma, ne wɔn nsaase ho ban.

15 Afei Alma anibereɛ ɛnam ne nkurɔfoɔ no amumuyɛ nti, aane, akokoakoko no, ne mogya hwieguo no, ne apereapereɛ a ɛwɔ wɔn mu no; na mmerɛ a ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔka asɛm no, anaa sɛ wɔrekɔbɔ asɛm no ho dawuro wɔ nkurɔfoɔ no nyina ara mu wɔ kuropɔn biara mu no; na ɔhunu sɛ nkurɔfoɔ nso akoma hyɛɛ aseɛ yɛɛ den, na asɛm no mu den nti no wɔhyɛɛ aseɛ maa wɔn bo fuui, ɛno nti, n’akoma dii awerɛhoɔ yie.

16 Ɛno nti, ɔkaa sɛ ne mmammarima mmoa wɔn ano, ama ɔde obiara dwumadie ahyɛ ne nsa, wɔ nneɛma a ɛfa tenenee ho no. Na yɛwɔ ne mmaransɛm a ɔde maa wɔn no abakɔsɛm sɛdeɛ twerɛtohɔsɛm no teɛ.