Twerɛnsɛm
Alma 33


Ti 33

Senos kyerɛkyerɛɛ sɛ ɛsɛ sɛ nnipa bɔ mpaeɛ na ɔsom wɔ baabiara, na ɛnam ɔba no nti wayi ntɛmmuo afiri hɔ—Sɛnɔk kyerɛkyerɛ sɛ ɛnam Ɔba no nti wɔde ahummɔborɔ dom nnipa—Mose ama ɔba no sɛso so wɔ ɛserɛ no so. Bɛyɛ mfinhyia 74 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei mmerɛ a Alma kaa saa nsɛm yi akyire no, wɔsoma maa wɔkɔɔ ne hɔ kɔsee no sɛ wɔpɛ sɛ wɔhunu sɛ wɔnye Nyankopɔn koro pɛ no nni na ama wɔn nsa aka saa aduaba yi a waka ho asɛm no, anaa sɛ sɛn na wɔnua aba no anaa asɛm no a waka ho asɛm no, a ɔkaa sɛ ɛwɔ sɛ wɔdua wɔ wɔn akoma mu no; anaa sɛ ɛkwan bɛn so na wɔmfa wɔn gyedie ni dwuma.

2 Na Alma see wɔn sɛ: Hwɛ, moaka sɛ morentumi nsom mo Nyankopɔn ɛfiri sɛ wɔapamo mo afiri mo nhyiadan mu. Na mmom hwɛ, mese mo sɛ, sɛ mo susu sɛ montumi nsom Onyankopɔn a, na moyɛ mfomsoɔ kɛseɛ paa, na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ twerɛsɛm no mu yie; sɛ mosusu sɛ, wɔakyerɛkyerɛ mo yei a, na monte aseɛ.

3 Mokae sɛ moakenkan deɛ Senos, tete nkɔmhyɛni no kaae a ɛfa mpaebɔ anaa sɛ ɔsom ho no?

4 Na ɔkaa sɛ: Woyɛ mmɔborɔhunufoɔ, O Onyankopɔn, ɛfiri sɛ watie me mpaebɔ, mmerɛ a na me wɔ ɛserɛ no so mpo; aane, wohunuu me mmɔbɔ mmerɛ a mebɔɔ mpaeɛ wɔ wɔn a wɔyɛ m’atamfo ho no, na wodanee wɔn maa me.

5 Aane, O Onyankopɔn, na wohunuu me mmɔbɔ mmerɛ a mesu frɛɛ wo wɔ m’afuo mu no; mmerɛ a mesu frɛɛ wo wɔ me mpaebɔ mu no, na wotiee me.

6 Na bio, O Onyankopɔn, mmerɛ a mesann m’akyiri kɔɔ me fie no, wotiee me mpaebɔ.

7 Na mmerɛ a mesann m’akyiri kɔɔ me pie mu no, O Awurade, na me bɔɔ mpaeɛ kyerɛɛ wo no, wo tiee me.

8 Aane, wo na wohunu wo mma mmɔbɔ, sɛ wɔsu frɛ wo a, wo na wo bɛtie wɔn na nnyɛ nnipa, na wo na wo bɛtie wɔn.

9 Aane, O Onyankopɔn, woahu me mmɔbɔ, na watie me sufrɛ wɔ w’asafo mu.

10 Aane, na watie me wɔ mmerɛ a wɔtoo me tweneɛ na m’atamfo amfa me anyɛ hwee; aane, wotiee me su, na wobo fuu m’atamfo, na wode abufuo sɛe wo ntɛmmuo.

11 Na wotiee me ɛnam m’amanehunu ne nokwaredie nti; na ɛnam wo Ba no nti na wahunu me mmɔbɔ saa no, ɛno nti mɛsu afrɛ wo wɔ m’amanehunu nyina ara mu, na wo mu na medɛ wɔ; na wayi w’atɛmmuo afiri me so, ɛnam wo Ba no nti.

12 Na afei Alma see wɔn sɛ: Mogye twerɛsɛm no a tetefoɔ no atwerɛ no di anaa?

13 Hwɛ, sɛ mogye di a, ɛneɛ na ɛwɔ sɛ mogye deɛ Senos kaeɛ no di; na hwɛ ɔkaa sɛ: Wayi wo ntɛmmuo no afiri me so ɛnam wo Ba no nti.

14 Afei hwɛ, me nuanom, mepɛ sɛ mebisa mo sɛ mo akenkan twerɛsɛm no? Sɛ moakenkan a, ɛneɛ adɛn na monnye Onyankopɔn Ba no nni?

15 Na wɔantwerɛ sɛ Senos nko ara na ɔkaa saa nneɛma yi ho asɛm, na mmom Sɛnɔk nso kaa saa nneɛma yi ho asɛm—

16 Na hwɛ, ɔkaa sɛ: O Awurade, wo bo afu nkurɔfoɔ yi, ɛfiri sɛ wɔnte w’ahummɔborɔ a ɛnam wo Ba no nti wo de adom wɔn no ase.

17 Na afei, me nuanom, moahunu sɛ tete nkɔmhyɛni a ɔtɔ so mmienu no nso dii Onyankopɔn Ba no ho adanseɛ, na ɛnam sɛ nkurɔfoɔ no ante ne nsɛm no ase nti no wɔsii no aboɔ kum no.

18 Na mmom monhwɛ, nnyɛ ne nyina ara nie; nnyɛ yeinom nko ara na aka nsɛm a ɛfa Onyankopɔn ne Ba no ho no.

19 Monhwɛ, Mose kaa ne ho asɛm; aane, na monhwɛ wɔmaa ne sɛso so sii hɔ wɔ ɛserɛ no so sɛ, obiara a ɔbɛhwɛ no ɔbɛnya nkwa. Na dodoɔ no ara hwɛɛe na wɔnyaa nkwa.

20 Na mmom wɔn mu kakra ara bi na ɛtee saa nneɛma no ase, ɛnam wɔn akoma den nti: Mmom dodoɔ ara wɔ hɔ a wɔn akoma yɛɛ den ara maa wɔanhwɛ, ɛno nti wɔyerae. Afei deɛ nti a wɔnnhwɛ ne sɛ wɔanye anni sɛ ɛbɛsa wɔn yareɛ.

21 O me nuanom, sɛ mo ma mo ani so kwa na sɛ mobɛnya mo ayaresa a, adɛn nti na monnhwɛ no ntɛm, anaa mopɛ sɛ mobɛgye akyinnyeɛ ayɛ mo akoma den, na moayɛ akwadworɔ, ama ɛno nti momma mo ani so nnhwɛ, ama moanyera?

22 Sɛ saa deɛ a, nnomee bɛba mo so; na mmom sɛ ɛnte saa nso a ɛnneɛ moma mo aniso na monhyɛaseɛ nye Onyankopɔn Ba no ni, ama wabɛdi ama ne nkurɔfoɔ, na ama wabɛhunu amane na wawu de ayɛ mpata ama wɔn bɔne; na ama wasɔre bio afiri owuo mu ama owusɔreɛ aba mu, ama nnipa nyina ara abɛgyina n’anim ama wɔabu wɔn atɛn wɔ atɛmmuda ne ɛda ɛdi akyire no mu, sɛdeɛ wɔn nwuma teɛ ho.

23 Na afei, me nuanom, mepɛ sɛ modua saa asɛm yi wɔ mo akoma mu, na sɛ ɛhyɛ aseɛ sɛ ɛrehono a momfa mo gyedie nhwɛ so yie. Na hwɛ, ɛbɛyɛ dua, a, ɛbɛnyini wɔ mo mu de akɔ nkwa a ɛtehɔ daa mu. Na ɛno na Onyankopɔn nam ne Ba no ɛdɛ so ma mo nnesoa mu nyɛ hare. Na sɛ mopɛ a mo bɛtumi mpo ayɛ yei nyina ara. Amen.