Twerɛnsɛm
2 Nifae 8


Ti 8

Awurade bɛkyekyere Sion werɛ na waboa Israel ano wɔ nna a edi akyire no mu—Wɔn a wadi ama wɔn no de ahurusie bɛba Sion—Fatoto Yesaia 51 ɛne 52:1–2 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Montie me, mo a modi tenenee akyiri no. Mo nhwɛ ɔbotan no a wɔpae mo firii ho no, ɛne abura tokuro no a wɔtuu mo firii mu no.

2 Monhwɛ mo agya Abraham, ne Sarah, ɔno a ɔwoo mo, ɛfiri sɛ mefrɛɛ ɔno nko ara, ɛna me hyiraa no.

3 Na Awurade bɛkyekyere Sion werɛ, ɔbɛkyekyere n’amanfoɔ no nyina ara werɛ, na wayɛ ne serɛ so sɛ Eden, na ne serɛ sɛ Awurade turo. Wɔbɛhunu mu ɛdɛ ne anigyeɛ, nnaaseɛ ne dwomtoɔ nne.

4 Me nkurɔfoɔ, montie me, na monyɛ aso mma me, O me man; na mmara bɛfiri me nkyɛn akɔ, na mɛma matɛmmuo atim hɔ ayɛ aman no hann.

5 Me tenenee abɛn, me nkwagyeɛ afiri adi ama nnipa, na m’abasa bɛbu ɛdɔm no atɛn. Me so na nsuano aman ani da, na m’abasa na wɔtwɛn, na mabasa so na wɔde wɔn ho bɛtoɔ.

6 Momma mo ani so nkɔ soro, na monhwɛ asaase fam, na ɔsoro bɛyera sɛ wisie, na asaase ago sɛ ataadeɛ; na wɔn a wɔte mu no bɛwu saa ara. Mmom me nkwagyeɛ bɛtena hɔ afebɔɔ, na me teneneeyɛ remfiri hɔ da.

7 Montie me, mo a monim tenenee, nnipa a matwerɛ me mmara wɔ wɔn akoma mu, mma monsuro nnipa animka, na mma monsuro wɔn ahunahuna.

8 Na nweweboa bɛwe wɔn sɛ ataadeɛ, na abubummabaa awe wɔn sɛ kuntu. Mmom me tenenee bɛwɔ hɔ afebɔɔ, na me nkwagyeɛ afiri awoɔntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔntoatoasoɔ so.

9 Nyane, nyane! Ma woho nyɛ den O Awurade abasa; nyane sɛ tete nna no mu. Ɛnyɛ wo na wotwitwaa Rahab, na wopiraa ɔtweaseɛ no?

10 Ɛnyɛ wo ne deɛ ɔmaa ɛpo weeɛ no, ebunu kɛseɛ mu nsuo no; deɛ ɔmaa ɔkwan daa ɛpo no bunu mu maa wɔn a wagye wɔn no sɛ wɔntwa no?

11 Ɛno nti wɔn a Awurade adi ama wɔn no bɛsane wɔn akyi de nwomtoɔ aba Sion; na ɛdɛ a ɛtehɔ daa ɛne kronkronyɛ bɛtena wɔn atifii; na wɔbɛnya ahosɛpɛ ne ɛdɛ; na awerɛhoɔ ne apinisie adwane akɔ.

12 Me ne ɔno; aane, me ne deɛ ɔkyekyere wo werɛ. Hwɛ, wo ne hwan, a ɛwɔ sɛ wo suro onipa a owuo, ne onipa ba a wɔbɛyɛ no sɛ ɛserɛ?

13 Na wo werɛ afiri Awurade wo yɛfoɔ no, deɛ ɔtrɛɛ ɔsoro mu na ɔtoo asaase fapem, na wo suroo no daadaa nyina ara, ɛnam ɔhodwanfoɔ abufuo nti, sɛdeɛ ɔresiesie ne ho abɛsɛe biribi? Na ɛhene na ɔhodwanfoɔ no abufuo no wɔ?

14 Nnɔmumni no repɛ ntɛm ama wɔasane no, na wanwu wɔ amena no mu, na n’aduane ammɔ no.

15 Nanso me ne Awurade wo Nyankopɔn, a n’asrɔkye hanyan, Asafo ɛdɔm Awurade ne me din.

16 Na mede me nsɛm ahyɛ w’ano mu, na mede me nsa asɛ nwunu akata wo so, na mɛtrɛ ɛsoro na mato asaase fapem, na maka akyerɛ Sion sɛ: Hwɛ, mo yɛ me man.

17 Nyane, nyane, sɔre gyina, O Yerusalem, wo a wanom Awurade nsa mu abufuo kuruwa ano; a wanom ahopopoɔ kuruwa no ahwe mu—

18 Na wanya ne mmammarima a ɔwoo wɔn no nyina ara mu biara ankɔgya no, na wanya ne mmammarima a ɔtetee wɔn nyina ara no mu biara amma no ansɔ ne nsa.

19 Saa mmammarima mmienu yi aba wo so, hwan na ɔbɛgyam woɔ—w’amanfoɔ ne ɔsɛee ne ɔkɔm ne akofena—na ne mu hwan na me ma no nkyekyere wo werɛ?

20 Wo mmammarima atɔ piti, gye sɛ mmienu yi; wɔdeda mmorɔno nyina ara ntweaso; sɛ nantwinini bi a ɔhyɛ atena mu, Awurade abufuhyeɛ ahyɛ wɔn ma, wo Nyankopɔn animka nti.

21 Ɛno nti afei tie yei, wo a wahunu amane, na waboro, na ɛnnyɛ nsaboro.

22 Sei na Awurade seɛ, Awurade wo Nyankopɔn srɛ ma ne man; hwɛ, magye wo nsa mu ahopopoɔ kuruwa no, m’abufuhyeɛ kuruwa ase no; wo rennom bio.

23 Na mmom mede bɛhyɛ wɔn a wɔha wo no nsa; wɔn a wɔaka akyerɛ wo kra sɛ: Bɔ wo mu ase ma yɛmfa wo so—na wo de wo nipadua too hɔ sɛ ɛfam anaa sɛ brɔno maa wɔn a wɔfaasoɔ no.

24 Nyane, nyane, ma wo ho nyɛ den, O Sion; fa wo ntaadeɛ fɛɛfɛɛ hyɛ, O Yerusalem, kuro Kronkron; na mɔmorɔntoni ne deɛ ne ho nteɛ biara remma wo nkyɛn bio.

25 Poroporo wo ho firi mfuturo mu, sɔre, tena ase, O Yerusalem; sane wo kɔn mu nkyehoma, O Sion babaa nnɔmumni.