Twerɛnsɛm
2 Nifae 14


Ti 14

Wɔbɛdi ama Sion ne ne mmammaa na wɔate wɔn ho wɔ mfie apem no mu—Fatoto Yesaia 4 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛda no mmaa nson bɛsosɔ ɔbarima koro mu aka sɛ: Yɛbɛdi yɛn ara yɛn aduane, na yɛahyɛ yɛn ara yɛn ataadeɛ, ma wɔmfa wo din nto yɛn so, na yi yɛn aniwuo firi yɛn so.

2 Ɛda no na Awurade mman bɛyɛ fɛfɛɛfɛ animuonyam mu; asaase so aba bɛsɔ ani na ayɛ akɔnɔ ama Israelfoɔ a wɔanya nkwa no.

3 Na ɛbɛba sɛ, wɔn a wɔgyaa wɔn wɔ Sion a wɔkaa Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, obiara a wɔatwerɛ ne din afra ateasefoɔ mu wɔ Yerusalem no.

4 Mmerɛ a Awurade de atɛmmuo honhom ne ɛhyeɛ honhom bɛhohoro Sion mmammaa ho fii na wayi Yerusalem mogya nso afiri mu no.

5 Na Awurade bɛyɛ mununkum ne wisie awia ne ogyaframa ahyerɛn anadwo, akata Sion bepɔ so tenabea nyina ara ne ne nkurɔfoɔ a wɔahyia hɔ no so, ɛfiri sɛ Sion animuonyam nyina ara so bɛnya ahobanbɔ.

6 Na ɛbɛyɛ sesee nwunu apata awiaberɛm, ahuhuro mu, awɔ berɛ mu ne dwanekɔbea, ne huntabea wɔ ahum ne nsutɔ berɛ mu.