Twerɛnsɛm
2 Nifae 22


Ti 22

Nnipa nyina ara bɛyi Awurade ayɛ wɔ mfie apem no mu—Ɔbɛtena wɔn mu—Fatoto Yesaia 12 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na saa da no wobɛka sɛ: O Awurade, mɛyi wayɛ, ɛwɔ mu sɛ wobo fuu me deɛ, nso w’abufuo no agyae na wakyekyere me werɛ.

2 Hwɛ, Nyankopɔn ne me nkwagyeɛ; mɛgye no adi, na merensuro; na Awurade Yehowa ne m’ahoɔden ne me dwom; na wɔasan abɛyɛ me nkwagyeɛ.

3 Ɛno nti, ɛdɛ na mo de bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ abura no mu.

4 Na ɛda no na mobɛka sɛ: Monyi Awurade ayɛ, momɔ ne din, momɔ ne nwuma ho dawuro wɔ nkurɔfoɔ no mu, monka sɛ wɔama ne din so.

5 Monto dwom mma Awurade, na wayɛ nneɛma a ɛboroso; ewiase nyina ara nim yei.

6 Keka mu na bɔ se, wo a wote Sion; na Israel Kronkroni a ɔte wo mu no so.