Twerɛnsɛm
2 Nifae 26


Ti 26

Kristo bɛsom Nifaefoɔ no—Nifae hunu ne nkurɔfoɔ sɛeɛ—Wɔbɛkasa afiri mfuturo mu—Amanamanmufoɔ no bɛsisi atorɔ nsɔre ne kokoa mu kuo—Awurade bera nnipa a wɔde asɔfotorɔsɛm no bɛyɛ sika pɛ ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na Kristo sɔre firi awufoɔ mu a ɔbɛda ne ho adi akyerɛ mo, me mma, ne me nuanom adɔfoɔ; na nsɛm a ɔbɛka akyerɛ mo no bɛyɛ mmara a mobɛdi soɔ.

2 Na hwɛ, meka kyerɛ mo sɛ mehunu sɛ abusuasantene bebree bɛtwa mu akɔ, na ako akɛseɛ ne apereapereɛ bɛsi me nkurɔfoɔ mu.

3 Na Mesaia mmaeɛ akyire no wɔbɛyi nsɛnkyerɛnee akyerɛ me nkurɔfoɔ wɔ n’awoɔ ho, ɛne ne wuo ɛne ne wusɔreɛ nso ho; na saa da no bɛyɛ ɛda kɛseɛ ne ɛda a ɛyɛ hu ama atirimuɔdenfoɔ, na wɔbɛsɛe; na wɔbɛsɛe ɛfiri sɛ wɔtoo nkɔmhyɛfoɔ ne ahoteɛfoɔ no twenee na wɔsii wɔn aboɔ, na wɔkum wɔn; ɛno nti ahoteɛfoɔ no mogya no suu no bɛforo afiri asaase so akɔ Nyankopɔn nkyɛn wɔ soro de atia wɔn.

4 Ɛno nti, ahokyerɛfoɔ nyina ara ne wɔn a wɔyɛ atirimuɔdensɛm no, ɛda no a ɛreba no bɛhye wɔn, Asafo Awurade na ɔseɛ, na wɔbɛhye sɛ nkyɛnkyɛma.

5 Na wɔn a wɔkum nkɔmhyɛfoɔ no, ne ahoteɛfoɔ no, asaase no ebunu bɛmene wɔn, Asafo Awurade na ɔseɛ; na mmepɔ bɛkata wɔn so, na mframa kyinhyia bɛfa wɔn akɔ, na adan bɛbubu agu wɔn so, na wɔatete pasa pasa na wɔayam wɔn muhumuhu.

6 Na agradaa, ne ayerɛmoo ne asaase wosoɔ ne ɔsɛeɛ ahodoɔ bɛba wɔn so, na Awurade abufuo gya bɛdɛre wɔn so, na ɔbɛhye wɔn sɛ nkyɛnkyɛma, na ɛda no a ɛreba no bɛmene wɔn, Asafo Awurade na ɔseɛ.

7 O me kra di yea ne anibereɛ de ma me nkurɔfoɔ a mahwere wɔn wɔ ɛwuo no ho no! Na me, Nifae, me hunuui, na ɛkaa kakraa bi maa ɛmenee me koraa wɔ Awurade anim; nanso ɛwɔ sɛ mesu frɛ me Nyankopɔn sɛ: W’akwan tene.

8 Mmom hwɛ, ateneneefoɔ a wɔtie nkɔmhyɛfoɔ nsɛm no, na wɔnsɛe wɔn no, na mmom ɔbɛgyina pintinn twɛn Kristo mmaeɛ ho nsɛnkyerɛnee a wɔbɛma no, ɔtaataa yi nyina ara akyiri no—hwɛ, wɔn ne wɔn a wɔrensɛe.

9 Mmom, Ɔtenenee Babarima no bɛyi ne ho adi akyerɛ wɔn; na ɔbɛsa wɔn yareɛ, na wɔbɛnya asomdwoeɛ wɔ ne nkyɛn, akɔsi sɛ awoɔntoatoasoɔ mmiɛnsa bɛtwa mu akɔ, na awoɔntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan no mu dodoɔ ara nso atwa mu akɔ wɔ ahoteɛ mu.

10 Na mmerɛ a saa nneɛma yi atwa mu akɔ no, ɔsɛeɛ bɛba me nkurɔfoɔ so ntɛntɛm; na me kra yeaa akyi nyina ara no, mahunu; ɛno nti, menim sɛ ɛbɛba mu; na wɔtɔn wɔn ho kwa; na ɛnam wɔn ahokyerɛ ne wɔn nkwaseasɛm nti, wɔbɛtwa ɔsɛeɛ de ayɛ wɔn akatua; na ɛnam sɛ wɔde wɔn ho maa ɔbonsam na ɔfaa ɛsum mu nwuma kyɛn ɛhan nwuma nti, wɔbɛkɔ asamando ase.

11 Na Awurade Honhom ne nnipa deɛ rentena nkɔsi daa. Na mmerɛ a Honhom no bɛgyae sɛ ɔne nnipa bɛtena pɛ no na ɔsɛeɛ ba ntɛm, na yei ma me kra anibereɛ.

12 Na sɛdeɛ mekasa wɔ saa kwan no so sɛ mɛma Yudafoɔ no ahunu sɛ Yesu ne Kristo no ara ankasa, na ɛbɛhia sɛ wɔbɛma Amanamanmufoɔ nso agye adi sɛ Yesu ne Kristo, Ɔnniawieɛ Nyankopɔn no;

13 Na ɔnam Honhom Kronkron tumi no so da ne ho adi kyerɛ wɔn a wɔgye no di no; aane, ɔman biara, abusuakuo biara, kasa hodoɔ biara, ne nnipa biara, na ɔyɛ nkɔnyaa akɛseɛ, nsɛnkyerɛnee, ɛne anwanwadeɛ wɔ nnipa mma mu sɛdeɛ wɔn gyedie teɛ no.

14 Nanso hwɛ, mehyɛ mo nkɔm fa nna a ɛdi akyire yi no ho; ɛfa nna a Awurade Nyankopɔn bɛda saa nneɛma yi adi akyerɛ nnipa mma no.

15 Akyire yi a m’asefoɔ ne me nuanom asefoɔ bɛtɔsini wɔ gyedie mu no, na Amanamanmufoɔ bɛbo wɔn no, aane, akyire no a Awurade Nyankopɔn bɛbɔ wɔn ho nsraban ahyia, na ɔde asraafoɔ atwa wɔn ho kanko, na wɔasisi adaban de atia wɔn; na akyire yi no a wɔabrɛ wɔn ase ahyɛ mfuturo mu ma w antena ase mpo no, ɛno ɔteneneeni no nsɛm no a watwerɛ, na wate agyedifoɔ mpaebɔ, na wɔn a wɔtɔsini wɔ gyedie mu no, wɔn werɛ remfiri wɔn.

16 Na wɔn a wɔbɛsɛe wɔn no bɛkasa afiri fam akyerɛ wɔn, na wɔn nne bɛyɛ bɔkɔɔ afiri mfuturo mu, na wɔn nne bɛyɛ sɛ nsaman deɛ; na Awurade Nyankopɔn bɛma no tumi, na waka asomusɛm afa wɔn ho, te sɛdeɛ ɛfiri ɛfam no; na wɔn nne bɛwese afiri mfuturo mu.

17 Na sei na Awurade Nyankopɔn seɛ: Wɔbɛtwerɛ nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ wɔn mu no, na wɔbɛtwerɛ no wɔ nwoma mu na wɔasi ano, na wɔn a wɔtɔsini wɔ gyedie mu no nsa renka, ɛfiri sɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe Onyankopɔn nneɛma.

18 Ɛno nti, sɛdeɛ wɔn a wasɛe wɔn no, sɛeɛ ntɛntɛm so no; na nkurɔfokuo a wɔn tri mu yɛ den wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ ntɛtɛ a ɛresene akɔ—aane, sei na Awurade Nyankopɔn seɛ: ɛbɛba amono mu, mpofiri mu—

19 Na ɛbɛba mu, sɛ wɔn a wɔatɔsini wɔ gyedie mu no, Amanamanmufoɔ nsa bɛboro wɔn.

20 Na Amanamanmufoɔ no amema wɔn ho so wɔ wɔn ani so, ama wɔahwinti, ɛnam wɔn hwintidua no kɛseɛ nti, ama wɔasisi nsɔrensɔre bebree; nanso wɔde Onyankopɔn tumi ne nkɔnyaa bɛto fam, na wɔka nsɛmpa no ma wɔn ara ankasa wɔn ho, wɔ wɔn nyansa ne nimdeɛ mu ama wɔanya mfasoɔ na wɔde ahiafoɔ anim atwitwiri fam.

21 Na nsɔrensɔre bebree wɔ hɔ a wɔasisi ama ɛde anibereɛ, ne akasakasa, ɛne nitan aba.

22 Na kokoa mu kuo nso wɔ hɔ mpo sɛdeɛ ɛteɛ wɔ tete mmerɛ mu no, sɛdeɛ ɔbonsam afɛkuo teɛ no, na ɔno na ɔde saa nneɛma yi nyina ara wura; aane ɔno na ɔde awudie baae, ɛne ɛsum mu nwuma; aane, na ɔde ahoma sɔ wɔn kɔn twe wɔn di n’akyi kɔsi sɛ ɔde ne ntampehoma no bɛkyekyere wɔn afebɔɔ.

23 Na hwɛ, me nuanom adɔfoɔ, mese mo sɛ Awurade Nyankopɔn nnyɛ adwuma wɔ sum mu.

24 Ɔnnyɛ biribiara gye sɛdeɛ ɛyɛ mfasoɔ de ma wiase; ɛfiri sɛ ɔdɔ wiase, ɛno nti na ɔde ɔno ara ne nkwa too hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛtwe nnipa nyina ara aba ne nkyɛn. Ɛno nti, ɔnnhyɛ obiara sɛ ɔnye ne nkwagyeɛ no.

25 Hwɛ, ɔsu frɛ obi, ka sɛ: Firi me so kɔ? Hwɛ, me se wo sɛ, Daabi; mmom ɔka sɛ: Momfiri mo asaase ano nyina ara mmera me nkyɛn; mommɛtɔ nufusuo ne ɛwoɔ, ɛnyɛ sika na wɔde tɔ, na ɛnni boɔ nso.

26 Hwɛ, wɔahyɛ yɛn mu bi sɛ wɔmfiri nhyiadan no mu mfiri, anaa sɛ adan a wɔsom wɔ mu no? Hwɛ, mese mo sɛ, Daabi.

27 Wahyɛ obi sɛ mma wɔnnya kyɛfa wɔ ne nkwagyeɛ mu anaa? Hwɛ me se mo sɛ, Daabi; mmom ɔde ama nnipa nyina ara kwa; na wɔahyɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔn ntu nnipa nyina ara fo sɛ wɔn nsakyera.

28 Hwɛ, Awurade ahyɛ obi sɛ mma wɔnnya kyɛfa wɔ ne papayɛ mu anaa? Hwɛ, mese mo sɛ, Daabi; mmom nnipa nyina ara wɔ ho kwan sɛdeɛ baako teɛ no saa ara na baako nso teɛ, na wɔnsi obiara kwan

29 Ɔhyɛ sɛ ɛnsɛ sɛ asɔfotorɔsɛm wɔ hɔ; na hwɛ, asɔfotorɔsɛm ne sɛ nnipa ka nsɛm na wɔde wɔn ho si hɔ sɛ wɔn ne hann a ɛwɔ wiase no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛnya mfasoɔ ne nkamfoɔ afiri wiase; mmom wɔnnhwehwɛ Sion yiedie.

30 Hwɛ, Awurade asi saa adeɛ yi ho kwan; ɛno nti, Awurade Nyankopɔn ama mmaransɛm sɛ nnipa nyina ara nya ɔdɔ mapa, saa ɔdɔ mapa yi yɛ ɔdɔ. Na gyesɛ wɔnya ɔdɔ mapa anyɛ saa deɛ a na wɔnsɛ hwee. Ɛno nti, sɛ wɔnya ɔdɔ mapa a wɔrennhwɛ mma Sion dwumayɛni no ɛnnyera.

31 Mmom adwumayɛni a ɔwɔ Sion no bɛyɛ adwuma ama Sion; na sɛ wɔyɛ adwuma de pɛ sika a, ɛnneɛ wɔbɛyera.

32 Na bio, Awurade Nyankopɔn ahyɛ sɛ mma nnipa biara nni awu, mma wɔn nni ntorɔ; mma wɔnn wia; mma wɔmmɔ Awurade wɔn Nyankopɔn din kwa; mma wɔn ani mmere wɔn yɔnko adeɛ; mma wɔnnyɛ nitan, mma wɔn ne wɔn ho nni aprepereɛ; mma wɔmmɔ adwaman; na mma wɔnnyɛ yei mu biara; ɛfiri sɛ obiara a ɔyɛ yeinom no bɛyera.

33 Na amumuyɛsɛm yi mu biara mfiri Awurade; na ɔyɛ deɛ ɛyɛ wɔ nnipa mma mu; na biribiara a ɔbɛyɛ ama nnipa mma no ɛyɛ pefee; na ɔto nsa frɛ wɔn nyina ara sɛ wɔmmera ne nkyɛn mmɛnya kyɛfa wɔ ne papayɛ no mu; na ɔmpo obiara a ɔba ne nkyɛn, nnipa tuntum ne fitaa, akoa ne fawohodieni, ɔbarima ne ɔbaa; na ɔkae abosomsomfoɔ; na wɔn nyina ara yɛ ade korɔ ma Onyankopɔn, Yudafoɔ ne Amanamanmufoɔ nyina ara.