Twerɛnsɛm
2 Nifae 12


Ti 12

Yesaia hunu tɛmpol no wɔ nna a ɛdi akyire no, Israel anoboaboa, ne mfie apem atɛmmuo ne asomdwoeɛ—Wɔbɛbrɛ wɔn a wɔyɛ ahomasoɔ ne atirimuɔdenfoɔ ase wɔ Awurade Mmaeɛ a ɛtɔ so Mmienu no mu—Fatoto Yesaia 2 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Asɛm no a Amos ba barima Yesaia hunu faa Yuda ne Yerusalem ho nie:

2 Na ɛbɛba sɛ nna a ɛdi akyire no mu no a wɔde Awurade fie bepɔ no bɛtim hɔ wɔ mmepɔ atifii no, na wɔbɛma so ama atra esie nyina ara, na aman nyina ara bɛtene aba hɔ.

3 Na nnipa bebree bɛkɔ akɔ ka sɛ, mo mmra ma yɛnkɔ Awurade bɛpɔ no so, yɛnkɔ Yakob Nyankopɔn fie; na ɔbɛkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛbɛnante n’anamɔn so, na Sion mu na mmara no bɛfiri aba, na Awurade asɛm afiri Yerusalem.

4 Na ɔbɛbu aman mu atɛn, na wɔaka nnipa bebree anim; na wɔde wɔn akofena abobɔ nsɔ, na wɔde wɔn mpeaa abobɔ nsɔsɔ—ɔman remma akofena so ntia ɔman foforɔ, na wɔrensua ako bio.

5 O Yakob fiefoɔ, momra ma yɛnnante Awurade kanea mu; aane, momra, na mo nyina ara afom kwan, wɔ obiara atirimuɔden akwan so.

6 Ɛno nti, O Awurade, wapa wo nkurɔfoɔ, Yakob fiefoɔ, ɛfiri sɛ apueɛ neyɛɛ ahyɛ wɔn mma, na wɔnyɛ aso ma ntafoayifoɔ tesɛ Filistifoɔ anaasɛ na wɔne ananafoɔ mma di nsawosoɔ.

7 Dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ahyɛ wɔn asaase no so ma, na wɔn akotaadeɛ nso nni ano. Apɔnkɔ ahyɛ wɔn asaase no so ma, na wɔn nteaseɛnam nso nni ano.

8 Ahonini nso ahyɛ wɔn asaase no so ma, na wɔsom wɔn ankasa nsa ano adwuma, adeɛ a wɔn nsatea ayɛ.

9 Na nnipa a ɔnyɛ titire no mmɔ ne mu ase, na ɔbrempɔn nni ahobraseɛ ɛno nti, mfa mfiri wɔn.

10 O mo atirimuɔdenfoɔ, Awurade ho hu ɛne ne kɛseyɛ animuonyam bɛhwe mo nti hyɛ ɔbotan no mu, na fa wo ho sie mfuturo mu.

11 Na ɛbɛba sɛ, nipa ahantan hwɛbea ani bɛbrɛ ase, na nnipa ahomasoɔ bɛhwe fam, na Awurade nko ara na wɔbɛma no so ɛda no.

12 Na Asafo Awurade da bi reba seisei ara wɔ aman nyina ara so, aane, nnipa nyina ara so; aane, anii atra anintɔn ne deɛ ɛkorɔn so, ne ahomasoɔni biara so, na ɔbɛbrɛ no ase.

13 Aane, na Awurade da no bɛba Lebanon ntweneduro nyina ara so, ɛfiri sɛ wɔ woware na wɔkorɔn wɔ Basan nnuapɔn nyina ara so;

14 Ɛna mmepɔ atentene nyina ara, ne nkoko atentene nyina ara, ne aman a wɔama soɔ nyina ara so, ne nnipa biara so.

15 Ne abantentene biara, ne afasuo a wɔato ho biara so.

16 Ne ahyɛn a ɛwɔ ɛpo so no nyina ara, ne Tarsis ahyɛn nyina ara, ne mfonini a ɛyɛ fɛ nyina ara so.

17 Na wɔbɛbrɛ nnipa korɔnyɛ ase, na nnipa ahomasoɔ aba fam, na Awurade nko ara na wɔbɛma no so ɛda no.

18 Na ɔbɛtwa ahonini mu koraa.

19 Na wɔbɛkɔ abotan ntokuro ne asaase so abodan mu, ɛfiri sɛ Awurade ho hu bɛba wɔn so, na ne kɛseyɛ n’animuonyam bɛhwe wɔn mpre, mmerɛ a ɔbɛsɔre awoso asaase kiti kiti no.

20 Ɛda no, nipa bɛto ne dwetɛ ahonini ɛne ne sikakɔkɔɔ ahonini a wayɛ ama ɔno ara ne ho, na ɔresom no atwene ama nkusie ne mpane;

21 Ama wɔakɔhyehyɛ abotan ntokuro ne abotan mpompomatwerɛdɛ atifii so, ɛfiri sɛ Awurade ho hu bɛba wɔn so na ne tumidie animuonyam bɛhwe wɔn mpre, mmerɛ a ɔbɛsɔre awoso asaase kiti kiti no.

22 Montwe mo ho mfiri nnipa a n’ahome wɔ ne hwene mu no ho; na wɔbu no deɛn koraa?