Twerɛnsɛm
2 Nifae 15


Ti 15

Awurade bobeturo (Israel) bɛyɛ amanfo na wɔbɛbɔ ne nkurɔfoɔ ahwete—Nomee bɛba wɔn so wɔ wɔn gyedie asehweɛ ne wɔn apetebɔ mu—Awurade bɛma frankaa so na waka Israel aboa ano—Fatoto Yesaia 5 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei na mɛto me dɔfo pa ho dwom a ɛfa ne bobeturo ho. Me dɔfo pa wɔ bobeturo bi wɔ asaasebereɛ pampa bi so.

2 Na ɔgyee ho ban, na ɔsesaa mu aboɔ, na ɔduaa mu bobe pa, na ɔtoo abantentene sii mu, na ɔtuu nsakyii amena nso wɔ mu; na ɔdwenee sɛ ɛbɛso bobe aba, ɛna ɛsoo abuntwerɛ.

3 Na afei, O Yerusalemfoɔ, ne Yuda mmarima, mesrɛ mo, mo mmu me ne me bobeturo nta mu atɛn.

4 Ɛdeɛn na anka ɛsɛ sɛ meyɛ me bobeturo bio a mennyɔɛ? Ɛdeɛn nti na metwɛnn sɛ ɛbɛso bobe aba, na aso abuntwerɛ yi?

5 Na afei hwɛ, merebɛka deɛ medebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo—Mɛyi ɛho ban, na mmoa adi, na mɛbubu ne fasuo, na wɔatiatia so;

6 Na mɛma no atɔ mpan, wɔrentwitwa ho, na wɔrentutu mu, na afu nkukraa ne nkasɛɛ; na mɛhyɛ mununkum nso sɛ wɔntɔ nsuo nngu so.

7 Na Asafo Awurade bobeturo no ne Israel fiefoɔ, na Yuda marima ne n’afuo a n’ani gye ho; na ɔhwehwɛɛ atɛmmuo, na hwɛ nhyɛsoɔ; ɔhwehwɛɛ tenenee, na hwɛ nteamu.

8 Wɔnnue, wɔn a wɔde ɛdan toa ɛdan soɔ, kɔsi sɛ ɛkwan biara nni hɔ bio, na wɔn nko ara tena asaase no soɔ.

9 Asafo Awurade aka agu maso mu sɛ: ampa ara adan bebree bɛdane amanfo, na nkuro akɛseɛ rennya obiara nntena mu.

10 Aane, bobeturo a anantwie mpamho du yɛ mu adwuma no bɛma bobesa twahina baako pɛ, na ɔpɔɔdɔ baako a wɔadua bɛma susukodoɔ baako pɛ.

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpa tutu di nsaden akyiri, wɔn a wɔsiri pɛ na nsa bo wɔn.

12 Na sankutene, ne bɛnta, ne mpintin ne tɛntɛbɛn ne bobesa wɔ wɔn aponotoɔ aseɛ; na Awurade nneyɛɛ deɛ wɔnnhwɛ, na ne nsa ano adwuma nso wɔnnwene ho.

13 Ɛno nti, na me man akɔ nnɔmum mu, wɔn nimdeɛ a wɔnnie nti; na ɛkɔm ade n’animuonyamfoɔ, na nsukɔm ade wɔn nkurɔfokuo.

14 Ɛno nti asamando atrɛ nakɔnnɔ mu, na wahan n’anom bayaa, na wɔn animuonyam ne nkurɔfokuo ne wɔn a wɔn anigyeɛ ne no bɛsane deɛ ɔredi ahurisie.

15 Na nipa a ɔnyɛ titire bɛtɔ fam, na wɔbɛbrɛ ɔbarima kwabranee no ase, na wabrɛ ahantanfoɔ aniwa ase.

16 Na mmom ɔnam atɛmmuo mu bɛma Asafo Awurade so, na ɔnam tenenee so ate Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no ho.

17 Na afei adwammaa bɛdidi sɛdeɛ wɔn adidie teɛ; na ahɔhoɔ bɛdi wɔn a wɔadɔree sradeɛ no amanfo.

18 Wɔnnue, wɔn a wɔde ahuhusɛm homa twe amumuyɛ, na wɔde teaseɛnam ntampehoma twe bɔne;

19 Wɔn a wɔka sɛ: Ma no nyɛ no hare so nyɛ n’adwuma ntɛm na yɛnhunu! Na ma Israel Kronkroni afutuo mmra ma yɛnhunu.

20 Wɔn a wɔfrɛ bɔne papa na wɔfrɛ papa bɔne no wɔnnue, wɔn a wɔde esum yɛ hann, na wɔde hann yɛ esum, wɔde nwononwono yɛ fremfrem, na wɔde fremfrem yɛ nwononwono.

21 Wɔnnue, wɔn a wɔyɛ wɔn ankasa ani so anyansafoɔ, na wɔyɛ wɔn ankasa ani so badwenemma.

22 Wɔnnue, wɔn a wɔwɔ ahoɔden wɔ nsanom mu, ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsaden fra mu.

23 Wɔn a wɔbu atirimuɔdenfoɔ bem gye adanmudeɛ, na wɔgye ɔteneneeni no nsa mu tenenee.

24 Ɛno nti, sɛdeɛ ogya di nkyɛnkyɛma na ogyaframa hye ntɛtɛ no, saa ara nso na wɔn nhini bɛporɔ, na wɔn nhwiren bɛtu akɔ sɛ tutuo, ɛfiri sɛ wɔapo Asafo Awurade mmara, na wɔabu Israel Kronkroni no asɛm animtia.

25 Ɛno nti Awurade abufuo sɔree wɔ ne nkurɔfoɔ so, na wɔatene ne nsa atia wɔn, na wɔabobɔ wɔn, ama apampa ahinhim, na wɔn afunu ayɛ sɛ mmorɔnoso wira dodoɔ. Yei nyina ara mu no n’abufuo nnyaee, na ne nsa mu da so tene.

26 Na ɔbɛma frankaa so ama aman a ɛwɔ akyirikyiri, na wɔabɔ hwerɛma afrɛ ɔman bi afiri asaase ano, na hwɛ, wɔde ahoɔhare bɛba ntɛm; na obiara remmerɛ anaa ɔrensunti wɔ wɔn mu.

27 Obiara rentɔ nko anaa ɔrenna; nanso wɔn asene mu abɔsoɔ rensane, na wɔn mpaboa ahoma nso rente.

28 Wɔn agyan ano yɛ nam, na wɔn tadua nyina ara akuntunukuntunu; na wɔn apɔnkɔ tɔte te sɛ twerɛboɔ, na wɔn teaseɛnam nan te sɛ kyinhyia mframa, wɔn mmobɔmuu te sɛ gyata deɛ.

29 Wɔbobɔm sɛ agyataburuwa, aane, wɔbɛpɔ na wɔkyere hanam de kɔ sɔnn a ɔgyefoɔ biara nnye.

30 Na wɔbɛpɔ ahyɛ wɔn so saa da no sɛ ɛpo a ɛworɔ, na sɛ ɔhwɛ asaase no a, hwɛ, ɛsum ne awerɛhoɔ, na hann reduru wɔn so sum wɔ ɛsoro hɔ.