Twerɛnsɛm
2 Nifae 6


Ti 6

Yakob san ka Yudafoɔ ho abakɔsɛm: Wɔn nnɔmum mu kɔ wɔ Babilon ne wɔn mmaeɛ mu; Israel Kronkroni no som adwuma no, ɛne ne asenuamu bɔ; mmoa a ɔnya firii Amanamanmufoɔ hɔ; ne sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yudafoɔ no bɛgye Mesaia no adi ama, nna a edi akyire no, wɔasi wɔn dada mu. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Yakob, Nifae nua barima nsɛm a ɔkakyerɛɛ Nifae nkurɔfoɔ no.

2 Monhwɛ, me nuanom adɔfoɔ, me, Yakob, a Onyankopɔn afrɛ me na wɔahyɛ me ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ne nhyehyɛeɛ kronkron teɛ no, na me nua barima Nifae ahyira me, deɛ mo ani da ne so sɛ mo hene anaa sɛ mo banbɔfoɔ, ɔno a mo dan no wɔ mo ahobanbɔ ho, monhwɛ, ɛwɔ mu sɛ makasa bebree akyerɛ mo wɔ nneɛma bebree ho.

3 Nanso, mekasa kyerɛ mo bio; ɛfiri sɛ mepɛ mo akra yiedie. Aane m’adwendwene a ɛwɔ mo ho dɔɔso; na mo ara ankasa monim sɛ ɛte saa dada. Na me de mmɔdenmɔ atu mo fo; na mede m’agya nsɛm akyerɛkyerɛ mo, na maka deɛ ɛfa nsɛm a wɔatwerɛ firi wiase mfitiaseɛ akyerɛ mo no.

4 Na afei, monhwɛ, merebɛka nneɛma a ɛwɔ hɔ, ne deɛ ɛreba ho nsɛm akyerɛ mo, ɛno nti, merebɛkenkan Yesaia nsɛm akyerɛ mo. Na ɛno ne nsɛm a me nua barima pɛ sɛ meka kyerɛ mo. Na meka kyerɛ mo wɔ mo ara ankasa mo yiedie nti, sɛ mo bɛsua na moahyɛ mo Nyankopɔn din no animuonyam.

5 Na afei nsɛm a mɛkenkan yi yɛ nsɛm a Yesaia kaae a ɛfa Israel fiefoɔ nyina ara ho; ɛno nti, wɔde bɛtoto mo ho, ɛfiri sɛ mo yɛ Israel fiefoɔ. Na nneɛma bebree wɔ hɔ a Yesaia aka a wɔde bɛtoto mo ho, ɛfiri sɛ mo yɛ Israel fiefoɔ.

6 Na afei nsɛm no nie: Sei na Awurade Nyankopɔn seɛ: Hwɛ mɛma me nsa so ama Amanamanmufoɔ, na mede m’asusudɛe asi hɔ ama nkurɔfoɔ no, na wɔde mo mmammarima bɛba wɔ wɔn abasa mu, na wɔbɛsoa mo mmammaa wɔ wɔn abatiri so.

7 Na ahemfo bɛyɛ mo agyanom a wɔbɛtete mo, na wɔn ahemmaa ayɛ mo nanom a wɔtete mo; na wɔbɛbɔ wɔn mu ase wɔ w’anim de wɔn anim akyerɛ fam, na wɔatafere mo nan ase mfuturo; na mobɛhunu sɛ me ne Awurade; na wɔn a wɔtwɛn me no anim rengu ase.

8 Na afei me, Yakob, mɛpɛ sɛ mɛkasa fa saa nsɛm yi ho. Na monhwɛ, Awurade ayi akyerɛ me sɛ wɔn a wɔwɔ Yerusalem, baabi a yɛfiri baaɛ no, wɔaku wɔn na wɔde wɔn kɔ nnɔmum mu.

9 Nanso, Awurade ayi akyerɛ me sɛ wɔbɛsan wɔn akyiri aba bio. Na wɔayi akyerɛ me bio nso sɛ, Awurade Nyankopɔn, Israel Kronkroni no, bɛda ne ho adi akyerɛ wɔn wɔ honam mu, na wada neho adi akyerɛ akyire yi no, wɔbɛhwe no na wɔabɔ no mmremudua mu, sɛdeɛ nsɛm a ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me no teɛ.

10 Na sɛ wɔpirim wɔn akoma den na wɔyɛ wɔn kɔn nwinsenn tia Israel Kronkroni no a, hwɛ, Israel Kronkroni no ntɛmmuo bɛba wɔn so. Na ɛda no reba a wɔbɛhwe wɔn na wɔahunu amane.

11 Ɛno nti, wɔadi wɔn akɔneaba wieeɛ no, na sei na ɔbɔfoɔ no seɛ, wɔn mu dodoɔ no ara bɛhunu amane wɔ honam mu, na wɔremma kwan mma wɔrennsɛe, ɛnam agyedifoɔ mpaebɔ nti, wɔbɛbɔ wɔn apete na wɔaha wɔn na wɔatan wɔn; nanso, Awurade bɛhunu wɔn mmɔbɔ, sɛ wɔnya wɔn Dimafoɔ no ho nimdeɛ a, wɔbɛboaboa wɔn ano bio de wɔn akɔ wɔn agyapadeɛ nsaase no so.

12 Na nhyira ne Amanamanmufoɔ, wɔn a nkɔmhyɛni no atwerɛ wɔn ho nsɛm; na hwɛ, sɛ ɛba sɛ wɔbɛsakyera na wɔrɛnko ntia Sion, na wɔremfa wɔn ho mmɔ asɔre kɛseɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no ho a, wɔbɛgye wɔn nkwa; ɛfiri sɛ Awurade Nyankopɔn bɛma apam a ɔne ne mma faaɛ no ahyɛ ma, na ɛnam yei nti na nkɔmhyɛni no atwerɛ saa nsɛm yi.

13 Ɛno nti wɔn a ɔko tiaa Sion ne Awurade apam nkurɔfoɔ no, wɔbɛtafere wɔn nan ase mfuturo; na Awurade nkurɔfoɔ no deɛ wɔn anim renngu ase da. Ɛfiri sɛ Awurade nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔtwɛn no; ɛfiri sɛ wɔda ho twɛn Mesaia no mmaɛ no.

14 Na hwɛ, sɛdeɛ nkɔmhyɛni no nsɛm no teɛ, Mesaia no bɛyi ne ho asi hɔ bio ne mprɛnu so de agye wɔn; ɛno nti ɔbɛda ne ho adi wɔ tumi ne animuonyam kɛseɛ mu, de aseɛ wɔn atamfo mmerɛ a saa da no bɛba a wɔbɛgye no adi; na wɔn a wɔbɛgye no adie no, ɔrensɛe wɔn mu baako mpo.

15 Na wɔn a wɔnnye no nni no wɔbɛsɛe wɔn, wɔde ogya, ne ahum, ne asaase wosoɔ, ɛne mogya hwieguo, ne nsaeyareɛ, ne ɔkɔm. Na wɔbɛhunu sɛ Awurade ne Onyankopɔn, Israel Kronkroni no.

16 Na wɔbɛgye deɛ ɛkuta akwabranee no nsa mu no, anaa sɛ wɔbɛgyae deɛ mmsra afa no nnɔmum no anaa?

17 Mmom sei na Awurade seɛ: Nnɔmumfoɔ no mpo wɔbɛgye wɔn afiri akwabranee no hɔ, na wɔbɛgye deɛ ɛkuta deɛ ne ho yɛ hu no nsa mu; ɛfiri sɛ Onyankopɔn Tumfoɔ no bɛgye n’apam nkurɔfoɔ no. Na saa na Awurade seɛ: mene wɔn a wɔne wo ham no bɛham—

18 Na mɛma wɔn a wɔteetee wo no adi wɔn ara wɔn nam, na wɔn mogya aboro wɔn sɛ nsamono, na honam nyina ara ahunu sɛ me Awurade me ne w’agyenkwa ne wo Dimafoɔ, Yakob Tumfoɔ no.