Twerɛnsɛm
2 Nifae 21


Ti 21

Yisai dunsini (Kristo) bɛbu atɛn wɔ tenenee mu—Nyankopɔn ho nimdeɛ bɛkata asaase so wɔ mfie apem no mu—Awurade bɛma frankaa so na wɔaka Israel aboa ano—Fatoto Yesaia 11 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na abaa bi bɛfifiri afiri Yisai dunsini no mu, na duban afifiri wɔ ne nhini mu.

2 Na Awurade Honhom no bɛsi ne so; nyansa honhom ne nteaseɛ, afutuo ne ahoɔden honhom, nimdeɛ ne Awurade suro honhom.

3 Na ɛbɛma no anya nteaseɛ wɔ Awurade suro mu ntɛm; na ɛnyɛ deɛ n’ani hunu so na ɔbɛbu so atɛn; na ɛnyɛ deɛ n’aso teɛ nso na ɔde bɛyɛ asotweɛ.

4 Na mmom tenenee na ɔde bɛbu ohianii atɛn, na ɔde atɛntenenee aka asaasesofoɔ a ɔdwoɔ; na ɔde n’ano abaa abɔ asaase, na ɔde n’ano homee akum atirimuɔdenfoɔ.

5 Na nokwaredie bɛyɛ n’asene mu abɔsoɔ, na gyedie ayɛ ne yamu abɔsoɔ.

6 Pataku nso ne adwammaa bɛtena, na ɔsebɔ ne apɔnkye ba bɛda, na nantwie ba ne gyata ba ne aboa a wadɔre bɛtena abɔ mu; na akwadaa ketewa bɛdi wɔn anim.

7 Na n’antwibedeɛ ne sisire bɛbɔ mu adidi na wɔn mma ada faako; na gyata awe wira sɛ nantwinini.

8 Na akɔkoa a ɔnom nufoɔ bɛdi agorɔ wɔ ahuritia amena ano, na akɔkoa a wɔatwa nufoɔ de ne nsa aka ɔkyerebene bɔn ano.

9 Wɔrempira obi, na wɔrensɛe adeɛ wɔ me bepɔ kronkron no nyina ara so, na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asaase so ma, sɛdeɛ nsuo kata ɛpo so no.

10 Na ɛda no Yisai dua nhini a ɛbɛyɛ frankaa ama nnipa no, ɛno na Amanamanmufoɔ bɛhwehwɛ; na n’ahomegyeɛ bɛyɛ animuonyam.

11 Na ɛbɛba sɛ saa da no Awurade bɛtene ne nsa bio ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ nkaeɛ no a wɔaka afiri Asiria ne Misraim ne Patro, ne Kush, ne Elam, ne Sinear ne Hamat ne ɛpo mu nsupɔ mu.

12 Na wama frankaa so ama aman, na wɔaboa Israel asesabɔfoɔ ano, na wɔaboa Yudafoɔ a wɔabɔ ahweteɛ no ano afiri asaase mfannan so abɛhyia.

13 Efraim anibereɛ bɛfiri akɔ, na wɔatwa Yuda ahohiahiafoɔ afiri hɔ, Efraim ani mmerɛ Yuda, ɛna Yuda nso bo mmfu Efraim.

14 Na mmom wɔbɛtu akɔsi Filistifoɔ mmatiri so akyerɛ atɔɛ fa mu; wɔbɛbɔ mu afom apueɛ asadeɛ afa; Edom ne Moab bɛka wɔn nsa; na Amon mma bɛyɛ setie ama wɔn.

15 Na Awurade bɛsɛe Misraim po no tɛkyerɛma korakoraa, na ɔde ne mframa kɛseɛ no bɛwoso ne nsa akyerɛ asubɔntene no so; na ɔbɛbɔ no ama no adane nsuwansuwa nson a wɔde mpaboa bɛfa mu.

16 Na kwan tempɔn bɛda hɔ afiri Asiria ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛ a wɔaka no, sɛdeɛ ɛdaa hɔ maa Israel wɔ ɛda a wɔfiri Misraim asaase so baeɛ no.