Twerɛnsɛm
2 Nifae 2


Ti 2

Dima firi Mesaia Kronkron no mu—Ɔkwan a nipa wɔ a ɔtumi de yɛ deɛ ɔpɛ a ɛho hia yie wɔ asetena ne mpontuo mu—Adam hwee ase maa nnipa asetena—Nnipa wɔ ho kwan sɛ ɔfa fawohodie ne nkwa a ɛnniawieɛ. Bɛyɛ mfinhyia 588–570 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, Yakob, mekasa kyerɛ wo: wo ne m’abakan wɔ m’amanehunu ne mawerɛhoɔ kɛseɛ nna mu wɔ ɛserɛ no so. Na hwɛ, wahunu amane wɔ wo mmɔfrabrɛ mu na wadi awerɛhoɔ pii, ɛnam ebuo a wo nuanom ɛnnie nti.

2 Nanso, Yakob, m’abakan wɔ ɛserɛ yi so, wonim Onyankopɔn kɛseyɔ; na ɔde w’amanehunu nhyira no bɛyɛ wo mfasoɔ.

3 Ɛno nti, wɔbɛhyira wo kra na wo ne wo nua Nifae bɛtena asomdweɛ mu; na wode wo nkwa nna nyina ara bɛsom wo Nyankopɔn. Ɛno nti, menim sɛ wadi ama wo, ɛnam wo Dimafoɔ teneneeyɛ nti; na wahunu sɛ mmerɛ no wie duru a ɔde nkwagyeɛ bɛbrɛ nnipa.

4 Na mpo mmerantebrɛ mu na wahunu n’animuonyam; ɛno nti wɔahyira wo mpo te sɛ wɔn nso a ɔbɛkɔ akɔsra wɔn no wɔ honam mu no; na Honhom no te saa ara, ɛnora, ɛnnɛ, ne afebɔɔ. Na wɔasiesie ɔkwan no fiti mmerɛ a nnipa hwee ase no, na nkwagyeɛ yɛ kwa.

5 Na nnipa anya nkyerɛkyerɛ yie ama wɔahunu papa ne bɔne. Na wɔde mmara no ama nnipa. Na ɛnam mmara no nti honam biara renni bem; anaa sɛ, ɛnam mmara no nti, wɔatwa nnipa atwene. Aane, ɛnam honam mu mmara nti, wɔtwaa wɔn twenee; na ebio, wɔnam honhom mmara so sɛe firii deɛ ɛyɛ ho, na wɔbɛyɛ mmɔbɔ afebɔɔ.

6 Ɛno nti, dima bɛfiri Mesaia Kronkron no mu aba; ɛfiri sɛ adom ne nokware ahyɛ no ma.

7 Hwɛ, ɔde ne ho bɔ afɔreɛ ma bɔne de ma mmara no ba mu, ama wɔn a wɔn akoma abubu ne honhom abotoɔ; na obi ara nni hɔ a ɔbɛtumi ama mmara no aba mu.

8 Ɛno nti ɛho hia kɛse sɛ wɔda saa nneɛma yi adi kyerɛ wɔn a wɔte asaase yi so no ama wɔahunu sɛ honamdua biara rentumi nntena Onyankopɔn anim, gye sɛ ɛnam Mesaia Kronkron no nneyɛɛpa, ne n’ahummɔborɔ ne n’adom so, ɔno a ɔnam honam mu de ne nkwa to hɔ, na ɔnam Honhom tumi so san fa bio, sɛ ɔbɛma awufoɔ wusɔreɛ, na ɔno ara nso na ɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu kanee.

9 Ɛno nti; ɔne Onyankopɔn abakan, mmerɛ dodoɔ a ɔbɛdi ama nnipa mma nyina ara no; na wɔn a wɔgye no di no wɔbɛgye wɔn nkwa.

10 Na ɛnam sɛ ɔdi ma obi ara nti no, nnipa nyina ara ba Onyankopɔn hɔ; ɛno nti, wɔgyina n’anim sɛ ɔmmu wɔn atɛn sɛdeɛ nokware ne kronkronyɛ a ɛwɔ ne mu no teɛ. Ɛno nti, mmara no awieɛ no a ɛyɛ deɛ Kronkroni no de ama no, sɛ wɔde bɛma asotweɛ a ɛbata ho no, na saa asotweɛ a ɛbata ho no ko tia anigyeɛ a ɛbata ho no de ama mpata no awieɛ—

11 Na ehia sɛ biribi ara nya deɛ ɛko etia no, sɛ anyɛ saa a, m’abakan wɔ ɛserɛ so, anka teneneeyɛ remma mu, ɛna atirimuɔdensɛm, nso, ɛna kronkronyɛ, anaa mɔborɔyɛ ɛna papa anaa deɛ ɛnyɛ. Anka adeɛ nyina ara bɛbɔ mu ayɛ baako. Na, sɛ ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipadua baako a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ sɛdeɛ owuo a enni nkwa anaa owuo, anaa porɔɛ, anaa deɛ ɛnporɔ, anigyeɛ anaa mɔborɔyɛ, nyansa anaa gyimii.

12 Ɛno nti adebɔ bɛyɛ adeɛ a ɛnyɛ hwee; ɛno nti anka botaee biara remma adebɔ yi awieɛ no ho. Ɛno nti na ehia sɛ saa adeɛ yi sɛe Nyankopɔn nyansa ɛne ne ɛnniawieɛ botaee, ɛne ne tumi nso, ɛne n’ahummɔborɔ, ne Nyankopɔn atɛntenenee no nso.

13 Na sɛ mobɛka sɛ mmara nni hɔ a, mobɛka nso sɛ bɔne nni hɔ. Sɛ mobɛka sɛ bɔne nni hɔ a, mo bɛka nso sɛ teneneeyɛ nni hɔ. Na sɛ teneneeyɛ nni hɔ a, anigyeɛ nso nni hɔ. Na sɛ teneneeyɛ anaa anigyeɛ nni hɔ a, na asotweɛ ne mɔborɔyɛ nso nni hɔ. Na sɛ saa nneɛma yi nyina ara nni hɔ a, Onyankopɔn nni hɔ, na sɛ Onyankopɔn nni hɔ a na yɛn nso yɛnni hɔ, na asaase nso saa ara; ɛneɛ na adebɔ biara bi remma, anaa biribi renyɛ anaa biribi rennyɛ biribi; ɛno nti, na nneɛma nyina ara ayera.

14 Na afei, me mmammarima me ka saa nneɛma yi kyerɛ mo ama mo asua na mo anya ho mfasoɔ; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno na wabɔ adeɛ nyina ara, ɛne nneɛma a ɛwɔ ɛsoro ne asaase mu nyina ara, nneɛma a ɛyɛ biribi ne nneɛma a wɔgyina so yɛ biribi.

15 Na sɛ ɔde ne botaee a ɛnniawieɛ no bɛba wɔ nnipa awieɛ mu no, mmerɛ a ɔbɔɔ yɛn awofoɔ a wɔdi kan no, ne ewuram mmoa, ne ewiemu nnomaa, yɛtwa ne tiawa a, wawie nneɛma nyina ara bɔ no, ɛbɛhia sɛ biribi bɛko ma atia, dua a wabra sɛ ɛmma wonni no, mpo sɛ ɛbɛko atia nkwadua no; baako yɛ dɛ na baako no yɛ nwono.

16 Ɛno nti, Awurade Nyankopɔn maa nnipa kwan sɛ ɔno ara nyɛ deɛ ɔpɛ. Nanso, nnipa anntumi annyɛ deɛ ɔpɛ, agye sɛ adeɛ baako bi daadaa no, anaa sɛ foforɔ bi.

17 Na me, Lihae, ɛnam deɛ makenkan no, a ɛho hia no, deɛ wɔatwerɛ no mu no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn bɔfoɔ firi soro bɛhwee ase; ɛno nti wabɛyɛ ɔbonsam, ɛnam sɛ ɔpɛɛ sɛ ɔyɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn anim.

18 Na ɛnam sɛ ɔfiri ɛsoro abɛhwe ase, na wayɛ mmɔbɔ afebɔɔ no nti, ɔrehwehwɛ adasamma nyina ara nso mmɔborɔyɛ. Ɛno nti, ɔka kyerɛɛ Hawa, aane, mpo ɔwɔ dada no, deɛ ɔyɛ ɔbonsam no, a ɔyɛ atorɔ nyina ara agya no, na ɔkaa sɛ: Di aduaba a wɔabra wo sɛ nni no, na worennwu, mmom wobɛyɛ sɛ Onyankopɔn, na wobɛhunu papa ne bɔne.

19 Na Adam ne Hawa dii aduaba a wɔabra wɔn sɛ mma wɔn nni no, Onyankopɔn pamoo wɔn firi Eden turo no mu sɛ wɔn kɔdɔ asaase no so.

20 Na wɔn awo mma, aane mpo abusuakuo a ɛwɔ asaase yi so nyina ara.

21 Na nnipa mma nna waree, sɛdeɛ Onyankopɔn pɛ teɛ, ama wɔatumi asakyera afiri bɔne ho mmerɛ a wɔte ase wɔ honam mu yi; ɛno nti, wɔn tebea bɛyɛɛ nsɔhwɛ mmerɛ tebea, na wɔn nkwa nna yɛɛ tentene, sɛdeɛ Awurade Nyankopɔn mmaransɛm a ɔde maa nnipa mma no teɛ; ɛnam sɛ ɔmaa wɔn mmaransɛm sɛ nnipa nyina ara nsakyera; ɛnam sɛ ɔdaa no adi kyerɛɛ nnipa nyina ara sɛ wɔayera, ɛnam wɔn awofoɔ mmaratoɔ nti.

22 Na afei, hwɛ, sɛ Adam anto mmara a anka ɔrenhwe ase, na anka ɔdaso te Eden turo no mu. Na anka nneɛma a wɔbɔɔɛ nyina ara daso te sɛdeɛ ɛteɛ wɔ mmerɛ a wɔbɔɔɛ no; na anka wɔbɛtena hɔ afebɔɔ, na wɔnnya awieɛ.

23 Na anka wɔrennya mma, ɛno nti anka wɔbɛtena ase wɔ tebea bi mu a anka wɔnnim hwee, wɔnni ɛdɛ, ɛfiri sɛ wɔnnim mmɔborɔyɛ; wɔnnyɛ papa, ɛfiri sɛ wɔnnim bɔne.

24 Mmom hwɛ, wayɛ adeɛ nyina ara wɔ deɛ onim adeɛ nyina ara no nyansa mu.

25 Adam hwee ase sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nnipa bɛtena ase; na nnipa te ase, sɛ ɔbɛnya ɛdɛ.

26 Na mmerɛ no wie duru a, Mesaia no bɛba abɛdi ama nnipa mma afiri asehweɛ no mu. Na ɛnam sɛ wadi ama wɔn afiri asehweɛ mu nti no, wɔn anya fawohodie afebɔɔ a wɔtumi hunu papa ne bɔne; wɔdwene ma wɔn ankasa wɔn ho na nnyɛ sɛ obi dwene ma wɔn, gye sɛ ɛnam mmara asotweɛ so wɔ ɛda kɛseɛ a ɛdi awieɛ no mu, sɛdeɛ mmaransɛm a Onyankopɔn de ama no teɛ.

27 Ɛno nti, nnipa anya fawohodie wɔ honam afa mu; na biribiara a ehia ma nnipa no Onyankopɔn de ama wɔn. Na wɔn wɔ ho kwan sɛ wɔfa fawohodie ne nkwa a ɛnniawieɛ a ɛnam nnipa nyina ara Ntamgyinafoɔ kɛseɛ no so, anaa wɔfa nnɔmum ne owuo sɛdeɛ ɔbonsam nnɔmumfa tumi no teɛ; ɛfiri sɛ ɔhwehwɛ sɛ nnipa nyina ara bɛyɛ mmɔbɔ sɛdeɛ ɔno ara teɛ no.

28 Na afei, me mmammarima, mepɛ sɛ mohwɛ saa Ntamgyinafoɔ kɛseɛ no, na motie ne mmaransɛm kɛseɛ no, na ama mo adi nokware wɔ ne nsɛm ho, na moafa nkwa a ɛnniawieɛ, sɛdeɛ Honhom Kronkron no pɛ teɛ.

29 Na mepɛ sɛ mommfa owuo a ɛnniawieɛ, sɛdeɛ honam pɛ ne bɔne a ɛte ne mu no teɛ; deɛ ɛma ɔbonsam honhom no tumi ma ɔfa wɔn nnɔmum de wɔn kɔ asamando no, na ama wɔadi wɔn so hene wɔ ɔno ara naheman mu.

30 Maka saa nsɛm kakra yi akyerɛ mo nyina ara me mmammarima, wɔ nna a edi akyire wɔ me nsɔhwɛ nna yi mu; na mafa deɛ ɛyɛ, sɛdeɛ nkɔmhyɛni no nsɛm teɛ. Na menni botae biara gye sɛ mo akra yiedie a ɛtehɔ daa nko ara. Amen.