Twerɛnsɛm
2 Nifae 16


Ti 16

Yesaia hunu Awurade—Wɔde Yesaia bɔne kyɛ no—Wɔfrɛ no sɛ ɔnhyɛ nkɔm—ɔhyɛ Kristo nkyerɛkyerɛ a Yudafoɔ no bɛpo no ho nkɔm—Nkaeɛ bi bɛsan aba—Fatoto Yesaia 6 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afe a ɔhene Usia wuiiɛ mu no, me hunu Awurade nso sɛ ɔte adwa a ɛkorɔn a wɔama soɔ so, na n’ataadeɛ fam ayɛ tɛmpol no ma.

2 Serafim gyinagyina ne soro, wɔn mu biara wɔ ntaban nsia nsia; ɔde mmienu akatakata n’anim, na ɔde mmienu akatakata ne nan ho, na ɔde mmienu nso tu.

3 Na baako teaa mu kyerɛɛ baako sɛ: Kronkron, kronkron, kronkron, ne Asafo Awurade; n’animuonyam ahyɛ asaase nyina ara ma.

4 Na n’apondwa wosoe, ɛnam deɛ ɔteaa mu no nne no nti, na nwisie yɛɛ ɛdan no ma.

5 Ɛna me kaa sɛ: Mennue! na m’awie; ɛfiri sɛ me yɛ nnipa a m’ano ho nteɛ, na mete ɔman a wɔn ano ho nteɛ mu; na m’ani ahunu ɔhene no, Asafo Awurade no.

6 Ɛna Serafim no mu baako tu baa me nkyɛn, na ɔkura gya sramma wɔ ne nsa mu a ɔde daban kɔyii no afɔreɛ bokyia no soɔ.

7 Na ɔde kaa m’ano, kaa sɛ: Hwɛ, yei aka w’ano, na wɔayi w’amumuyɛ kɔ, na wapepa wo ho bɔne.

8 Na metee Awurade nne nso sɛ ɛreka sɛ: Hwan na mensoma no, na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn? Ɛna me kaa sɛ: Me ni; soma me.

9 Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔka kyerɛ ɔman yi sɛ—Tie ara na motie, nanso wɔnte aseɛ, na hunu ara na mohunu, nanso wɔnhunu mu.

10 Ma ɔman yi akoma mpirim, na wɔn aso mu nyɛ duru, na muamua wɔn ani—na wɔamfa wɔn ani anhunu, na wɔamfa wɔn aso ante, na wɔamfa wɔn akoma ante aseɛ, na wɔansakyera, na wɔansa wɔn yareɛ.

11 Ɛna me kaa sɛ: Awurade ɛnkɔsi da bɛn? Na ɔse: Ɛnkɔsi sɛ nkuro pɔn bɛdane amanfo a obi nte mu, na nnipa nni afie mu, na asaase no ada hɔ pann.

12 Na Awurade aka nnipa akɔ akyirikyiri, ɛfiri sɛ amanfo bɛdɔɔso wɔ asaase no so.

13 Na ɛbɛka nkyemuu du mu baako na, wɔbɛsane aba, na wɔbɛfa wɔn adi, sɛ dupɔn ne odum a ne dunsini si hɔ, mmerɛ a n’ahaban aporeɛ no, saa ara nso na n’asefoɔ kronkron no yɛ ne dunsini.