Twerɛnsɛm
2 Nifae 17


Ti 17

Efraim ne Siria tu Yuda so sa—Ɔbabunu bi na ɔbɛwo Kristo—Fatoto Yesaia 7 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na ɛbaa sɛ Usia ba barima Yotam ba barima Ahas a ɔyɛ Yuda hene mmerɛ so no, Siria hene Resin ne Israel hene Peka a ɔyɛ Remalia ba kɔɔ Yerusalem sɛ ɔne no rekɔ di ako, na wɔantumi no.

2 Na wɔbɛka kyerɛɛ Dawid fie sɛ: Siria abɛbɔ Efraim mu. Na n’akoma ne ne man akoma wosoe, sɛdeɛ kwaeɛ mu nnua wosoɔ wɔ mframa anim no.

3 Ɛna Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ: kɔ seisei ara kɔhyia Ahas, wone wo ba barima Sear-yasub, wɔ atifi tadeɛ suka no ano a ɛkyerɛ ntomasifoɔ tempɔn soɔ no,

4 Na ka kyerɛ no sɛ: Hwɛ yie, na yɛ komm, ɛnsuro, na mma w’akoma nntu wɔ gyentia mmienu a ɛfiri nwisie yi ho, Resin ne Siria ɛne Remalia ba barima no abufuhyeɛ no nti.

5 Ɛnam sɛ Siria ne Efraim ne Remalia ba barima no afa wo ho adwene bɔne sɛ:

6 Moma yɛnkɔ Yuda so na yɛnkɔ ha no, na yɛmmubu mu mfa, aane, na yɛnsi Tabeel ba barima no hene wɔ mu.

7 Sei na Awurade Nyankopɔn seɛ: Ɛrenyina na ɛremma mu nso.

8 Na Siria tiri ne Damasko, ɛna Damasko tiri ne Resin; na ɛnuru mfinhyia aduosia nsia mu no na wɔabubu Efraim na anyɛ ɔman bio.

9 Na Efraim tiri ne Samaria, ɛna Samaria tiri ne Remalia ba barima no: sɛ morennye nni a, mo rennyina.

10 Na Awurade kɔɔ so san ka kyerɛɛ Ahas sɛ:

11 Bisa Awurade wo Nyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnee; bisa firi ɛbunu mu, anaa de ɛkorɔn kɔsi ɛsoro.

12 Na Ahas se: Meremmisa, ɛna merennsɔ Awurade menhwɛ.

13 Ɛna ɔse: O Dawid fie, afei montie ɛ; na ɛyɛ ade ketewa ma mo sɛ moha nnipa, na mobɛha me Nyankopɔn nso yi?

14 Ɛno nti, Awurade no ara bɛma mo nsɛnkyerɛnee: Hwɛ, ɔbaabunu bi bɛnyinsɛn, na ɔbɛwo ɔbabarima, na wɔato ne din Emmanuel.

15 Nufusuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ na ɔbɛdie, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔbɛhunu sɛ ɔtwe ne ho firi bɔne ho na wɔfa papa no.

16 Na ansaa na abɔfra no bɛtumi apo ade bɔne na wafa papa no, wɔbɛgya asaase no a wo kyiri no kɔkɔ no ahemfo baanu no nyina ara.

17 Awurade de nna bi bɛba wone wo nkurɔfoɔ, ne w’agya fie so, nna a ɛmmaa da firi mmerɛ a Efraim tu firii Yuda no a ɔyɛ Asiria hene no.

18 Na ɛbɛba sɛ ɛda no Awurade bɛbɔ hwerɛma afrɛ nnwansena a ɔwɔ Misraim asaase akyiri nyina ara, ɛne wowa a ɛwɔ Asiria asaase soɔ no.

19 Na wɔn nyina ara aba abɛsisi mmomhwa a ɛda pann, ɛne abotan mpaepaee mu, ne nsɔeɛ nyina ara so ne ɛserɛ nyina ara so.

20 Ɛda no na Awurade de yiwan a wɔabɔ no paa asuogya hɔnom a, ɛne Asiria hene no bɛyi etire ne nan ho nwii, na ayi abɔdwesɛ nso.

21 Na ɛbɛba sɛ ɛda no obi bɛyɛn nantwiburuwa ne nnwan mmienu bi.

22 Na ɛbɛba sɛ, na nufusuo a ɔbɛnya no dodoɔ nti, ɔbɛdi nufusuo ani sradeɛ; na nufusuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ara na wɔn a wɔbɛka asaase no soɔ no nyina ara bɛdie.

23 Na ɛbɛba sɛ saa da no mu, baabi ara a bobe apem a ɛdi dwetɛbena apem wɔ no, bɛdane hwerɛmo ne nsɔeɛ.

24 Agyan ne tadua na nnipa de bɛba hɔ, ɛfiri sɛ asaase no nyina ara ayɛ hwerɛmo ne nsɔeɛ nko ara.

25 Na apampa a anka wɔde asɔ dɔ soɔ nyina ara no, hwerɛmo ne nsoɔeɛ ho hu nti wɔrenkɔ hɔ bio, na ɔbɛgyae anantwie akɔ so, ɛne adwan ne mirekyire atiatia so.