Twerɛnsɛm
2 Nifae 32


Ti 32

Abɔfoɔ nam Honhom Kronkron tumi so kasa—Ɛwɔ sɛ nnipa bɔ mpaeɛ na ɔnam Honhom Kronkron no so nya nimdeɛ de ma wɔn ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, monhwɛ, me nuanom adɔfoɔ, mehunu sɛ moredwendwene biribi wɔ mo akoma mu wɔ deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ mmerɛ a ekuum ɛkwan no so awura mu. Mmom, monhwɛ, adɛn nti na moredwendwene saa nneɛma yi ho wɔ mo akoma mu?

2 Monkae sɛ maka akyerɛ mo sɛ mo nsa ka Honhom Kronkron no wie a mobɛtumi de abɔfoɔ tɛkyerɛma akasa? Na afei, mobɛyɛ dɛn de abɔfoɔ tɛkyerɛma akasa gye sɛ ɛfiri Honhom Kronkron no?

3 Abɔfoɔ nam Honhom Kronkron tumi so na ɛkasa; ɛno nti; wɔka Kristo nsɛm. Ɛno nti, meka kyerɛɛ mo sɛ, mo nidi wɔ Kristo nsɛm mu, na hwɛ, Kristo nsɛm no bɛka nneɛma no nyina ara a ɛsɛ sɛ mo yɛ.

4 Ɛno nti, afei a maka saa nsɛm yi akyerɛ mo akyire yi no sɛ moantumi ante aseɛ a na ɛbɛyɛ sɛ moammisa ɛna moammɔ mu, ɛno nti, wɔamfa mo amma ɛhan mu, nti ɛtwa sɛ moyera wɔ ɛsum mu.

5 Na monhwɛ, mese mo bio sɛ sɛ mo bewura ɛkwan no mu, na mo nsa ka Honhom Kronkron no a, ɛbɛkyerɛ mo nneɛma nyina ara a ɛsɛ sɛ mo yɛ.

6 Hwɛ, yei ne Kristo nkyerɛkyerɛ no; na nkyerɛkyerɛ biara nni hɔ bio a wɔde bɛma akɔsi sɛ ɔbɛda ne ho adi akyerɛ mo akyire yi wɔ honam mu. Na mmerɛ a ɔbɛda ne ho adi akyerɛ mo wɔ honam mu no, deɛ ɛbɛka akyerɛ mo biara no, mommɔ mmɔden sɛ mo bɛyɛ.

7 Na afei Me, Nifae, ntumi nka bio; Honhom no si me kwan sɛ mɛkasa, na ɛsu na mɛtumi asu ɛnam akyinnyeɛ ɛne atirimuɔdensɛm, ɛne nim a wɔnnim, ɛne nnipa kɔn seneɛ; ɛfiri sɛ wɔn nhwehwɛ nimdeɛ ɛna wɔn nte nimdeɛ kɛseɛ ase, mmerɛ a wɔde bɛma wɔn wɔ pefee mu, mpo sɛdeɛ asɛm no pefee yɛ teɛ.

8 Na afei, me nuanom adɔfoɔ, metumi hunu sɛ mo da so dwendwene wɔ mo akoma mu; na ɛyɛ m’anibereɛ sɛ ɛwɔ sɛ mekasa wɔ saa adeɛ yi ho. Na sɛ mobɛtie Honhom no a ɛkyerɛkyerɛ nnipa sɛ ɔmɔ mpaeɛ no a anka mobɛhunu sɛ ɛwɔ sɛ mobɔ mpaeɛ; na ɔbonsam honhom no nkyerɛkyerɛ nnipa biara sɛ ɔmɔ mpaeɛ, mmom ɛkyerɛkyerɛ no sɛ ɛnsɛ sɛ ɔbɔ mpaeɛ.

9 Mmom hwɛ, mese mo sɛ ɛsɛ sɛ mobɔ mpaeɛ mmerɛ nyina ara, na ɛmma mo ntotɔ piti; na ɛmma monnyɛ biribiara mma Awurade gye sɛ mo adi kan abɔ mpaeɛ ama Agya no wɔ Kristo din mu, ama wɔate wo nneyɛe ho ama mo, ama wo nneyɛɛ ayɛ mfasoɔ ama wo kra yiedie.