Twerɛnsɛm
2 Nifae 10


Ti 10

Yudafoɔ no bɛbɔ wɔn Nyankopɔn asɛnnua mu—Wɔbɛbɔ wɔn apete akɔsi sɛ wɔbɛhyɛ aseɛ agye no adie—Amɛrika bɛyɛ fawohodie asaase, baabi a ɔhene biara renni so—Monsan mfa mo ho mmɔ Nyankopɔn na monya nkwagyeɛ mfiri n’adom mu. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei Me, Yakob, mekasa kyerɛ mo bio, me nuanom adɔfoɔ, ɛfa saa tenenee mman no a maka ho asɛm no.

2 Na monhwɛ, bɔhyɛ a yɛanya no yɛ bɔhyɛ ma yɛn wɔ honam mu; ɛno nti, sɛdeɛ wɔayi akyerɛ me no, yɛn mma dodoɔ no ara bɛsɛe wɔ honam mu ɛnam wɔn akyinnyeɛ nti, nanso Nyankopɔn bɛhunu dodoɔ no ara mmɔbɔ, na ɔbɛsan de yɛn mma no aba bio, na wɔn anya nokware ho nimdeɛ wɔ wɔn Dimafoɔ ho.

3 Ɛno nti, sɛdeɛ meka kyerɛɛ mo no, ɛhia sɛ Kristo—sɛdeɛ anadwo no ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ yei na ɛbɛyɛ ne din no—ɔbɛfiri Yudafoɔ mu aba no, wɔ wɔn a wɔyɛ atirimuɔden a wɔwɔ wiase fa mu baabi no; na wɔbɛbɔ ne asɛnnua mu—na saa na yɛn Nyankopɔn no aka ato hɔ, na ɔman biara nni asaase yi so a wɔbɛbɔ wɔn Nyankopɔn asɛnnua mu.

4 Na sɛ saa nkɔnyaa kɛseɛ yi sii wɔ aman foforɔ bi mu a anka wɔbɛsakyera, na wɔahunu sɛ ɔno ne wɔn Nyankopɔn.

5 Nanso ɛnam asɔfotorɔsɛm ne amumuyɛ nti wɔn a wɔwɔ Yerusalem no bɛyɛ wɔn kɔn nwensee atia no, ama wɔabɔ no asɛnnua mu.

6 Ɛno nti, ɛnam wɔn amumuyɛ nti, ɔsɛee, ɛkɔm, nsaeyareɛ, ne mogyahwieguo bɛba wɔn so; na wɔn a wɔrensɛe wɔn no, wɔbɛbɔ wɔn apete aman nyina ara so.

7 Nanso hwɛ, sei na Awurade Nyankopɔn seɛ: sɛ ɛda no ba na wɔgye me di sɛ Me ne Kristo no a, ɛneɛ na me ne wɔn agyanom afa apam sɛ wɔbɛsan de wɔn aba wɔhonam mu, wɔ ewiase, wɔ wɔn agyapadeɛ nsaase no so.

8 Na ɛbɛba sɛ, wɔbɛboa wɔn ano afiri mmerɛ tentene a wɔbɔɔ ahweteɛ no, firi supɔ no mu ne wiase afanan; na Amanamanmufoɔ aman bɛyɛ kɛseɛ wɔ m’ani so, Nyankopɔn na ɔseɛ, na wɔbɛsoa wɔn akɔ wɔn agyapadeɛ nsaase so.

9 Aane, Amanamanmufoɔ ahemfo bɛyɛ wɔn agyanom ayɛnfoɔ, na wɔn ahemmaa abɛyɛ ɛnanom ayɛnfoɔ; ɛno nti, Awurade bɔhyɛ no yɛ akɛseɛ ma Amanamanmufoɔ, na waka, na hwan na ɔbɛtumi ne no ayiyi?

10 Nanso hwɛ, saa asaase yi, Nyankopɔn na ɔseɛ, ɛbɛyɛ w’agyapadeɛ asaase, na Amanamanmufoɔ no bɛnya nhyira wɔ asaase no so.

11 Na asaase yi bɛyɛ fawohodie asaase ama Amanamanmufoɔ, na nhemfo biara remma asaase no so a ɔrensɔre ntia Amanamanmufoɔ no.

12 Na mɛto fasuo afa asaase yi den atia aman a aka no nyina ara.

13 Na deɛ ɔko tia Sion no bɛsɛe, Onyankopɔn na ɔseɛ.

14 Na deɛ ɔbɛyi ɔhene atia me no bɛyera, ɛfiri sɛ, Me, Awurade, ɔsoro hene no, bɛyɛ wɔn hene, na mɛyɛ kanea afebɔɔ ama wɔn a wotie me nsɛm no.

15 Ɛno nti, ɛnam yei so na m’apam a me ne nnipa mma diiɛ no bɛba mu, sɛdeɛ mɛyɛ ama wɔn wɔ mmerɛ a wɔwɔ honam mu no na ɛbɛhia sɛ mɛsɛe ɛsum mu kokoa mu nwuma a ahinta, ne awudie, ne akyiwasɛm.

16 Ɛno nti, deɛ ɔbɛko atia Sion no, Yudani ne Amanamanmuni, deɛ mmera akyekyere no ne fawohodieni, ɔbarima ne ɔbaa, nyina ara bɛsɛe, ɛfiri sɛ wɔn ne asaase so nyina ara adwamammɔfoɔ na wɔn a wɔnni m’afa no wɔtia me, yɛn Nyankopɔn na ɔseɛ.

17 Na mɛdi me bɔhyɛ a mede ahyɛ nnipa mma no so, ɛno mɛyɛ ama wɔn mmerɛ a wɔte honam mu yi no.

18 Ɛno nti, me nuanom adɔfoɔ sei na yɛn Nyankopɔn seɛ: menam Amanamanmufoɔ nsa so, rebɛma mo asefoɔ ahunu amane, na yeinom nyina ara akyi no, mɛgo amanamanmufoɔ no akoma ama wɔn ayɛ sɛ wɔn agyanom, saa nti ɔbɛhyira Amanamanmufoɔ no na wakan wɔn aka Israel fiefoɔ ho.

19 Ɛno nti, mɛte saa asaase yi ho ama mo asefoɔ, ne wɔn a wɔbɛkan wɔn afra mo asefoɔ no afebɔɔ, sɛ wɔn agyapadeɛ asaase; ɛfiri sɛ ɛyɛ asaase a wɔasa mu ayi afiri nsaase nkaaɛ nyina ara mu, Nyankopɔn na ɔkaa saa kyerɛɛ me. Ɛno nti, mɛpɛ sɛ nnipa a wɔbɛtena saa asaase yi so no nyina ara bɛsom me, Nyankopɔn na ɔseɛ.

20 Na afei, me nuanom adɔfoɔ, seisei a yɛahunu sɛ yɛn ahummɔborɔ Nyankopɔn ama yɛn nimdeɛ kɛseɛ a ɛfa saa nneɛma yi ho yi, momma yɛn nkae no, na yɛnto yɛn bɔne ntwenee, na yɛansi yɛn tiri ase, ɛfiri sɛ wɔnyii yɛn totwene; ɛwɔ mu sɛ, wɔapamo yɛn afiri yɛn agyapadeɛ asaase so deɛ nanso wɔde yɛn aba asaase pa so, na Awurade ama ɛpo ayɛ yɛn kwan, na yɛwɔ nsupɔ no so.

21 Na Awurade bɔhyɛ yɛ akɛseɛ ma wɔn a wɔwɔ nsupɔ no so no; ɛno nti sɛdeɛ ɔkaa sɛ nsupɔ no so no, ɛbɛhia sɛ ebi wɔ hɔ kyɛn sei, na yɛn nuanom nso tete so.

22 Na hwɛ, Awurade Nyankopɔn ayi ebinom mmerɛ ano mmerɛ ano afiri Israel fiefoɔ mu kɔ, sɛdeɛ ne pɛ ne n’anigyeɛ teɛ. Na afei hwɛ, Awurade kae wɔn a wɔate wɔn no nyina ara ɛno nti, ɔkae yɛn nso.

23 Ɛno nti, momma mo akoma ni dɛ, na monkae sɛ mowɔ fawohodie a mo ara mode yɛ mo biribiara—sɛ mo bɛfa owuo kwan a ɛtehɔ daa, anaa nkwa a ɛnniawieɛ kwan no.

24 Ɛno nti, me nuanom adɔfoɔ, mo mfa mo ho mɔ Nyankopɔn pɛ no, na mma mommfa mma ɔbonsam ne honam pɛ; na mo nkae, sɛ mo de mo ho bɔ Nyankopɔn wie a, ɛnam Onyankopɔn so ne n’adom nko ara mu na monya nkwagyeɛ.

25 Ɛno nti, Onyankopɔn mfa owusɔreɛ tumi no so nyane mo mfiri owuo mu, na ɔmfa ne mpata tumi no so nyi mo mfiri owuo a ɛtehɔ daa no mu, na atumi agye mo akɔ Nyankopɔn aheman a ɛnniawieɛ no mu, ama mo nam adom kronkron no so ayi no ayɛ Amen.