Twerɛnsɛm
2 Nifae 11


Ti 11

Yakob hunu ne Dimafoɔ—Mose mmara yɛ Kristo no nsɛnkyerɛnee na ɛkyerɛ sɛ ɔbɛba. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na afei, Yakob kaa nsɛm bebree kyerɛɛ me nkurɔfoɔ wɔ saa mmerɛ no mu; nanso saa nneɛma yi nko ara na mehyɛɛ sɛ wɔtwerɛɛe, na nneɛma a matwerɛ yi ara so me.

2 Na afei me, Nifae, metwerɛ Yesaia nsɛm no pii, ɛfiri sɛ me kra ani gye ne nsɛm ho. Ɛfiri sɛ mede ne nsɛm bɛyɛ mfatoho ama me nkurɔfoɔ, na mede akɔma me mma nyina ara, ɛfiri sɛ, nokware mu, ɔhunu me Dimafoɔ no, sɛdeɛ me nso me hunu no no.

3 Na me nuabarima, Yakob, nso ahunu no sɛdeɛ mahunu no no; ɛno nti, mede wɔn nsɛm bɛkɔ akɔma me mma de akyerɛ wɔn sɛ me nsɛm yɛ nokware. Ɛno nti, Onyankopɔn se menam baasa nsɛm so, bɛma me nsɛm agyina. Nanso Onyankopɔn somaa adansefoɔ bebree, na ɔkyerɛɛ ne nsɛm nyina ara ase.

4 Hwɛ, me kra anigye sɛ merekyerɛ me nkurɔfoɔ ama wɔn ahunu nokware a ɛwɔ Kristo mmaeɛ no mu; ɛnam saa nti wɔde Mose mmara no maaeɛ; na adeɛ biara a Onyankopɔn de ama nnipa fiti wiase ahyɛaseɛ no, yɛ Kristo nsɛnkyerɛnee.

5 Na me kra nso anigye wɔ apam a Awurade ne yɛn agya nom faaeɛ no ho; aane, me kra anigye wɔ n’adom ne n’atɛntenenee, ne tumi, ne mmɔborɔhunu a ɛnam ne nhyehyɛeɛ kɛseɛ no a ɛnniawieɛ no a ɔde bɛyi yɛn afiri owuo mu no ho.

6 Na me kra anigye sɛ merekyerɛ me nkurɔfoɔ ama wɔn ahunu sɛ gye sɛ Kristo ba anyɛ saa, nnipa nyina ara bɛsɛe.

7 Na sɛ Kristo nni hɔ a Nyankopɔn nni hɔ; na sɛ Nyankopɔn nni hɔ a na yɛn nso yɛnni hɔ, ɛfiri sɛ na adebɔ nni hɔ. Nanso Onyankopɔn wɔ hɔ, na ɔno ne Kristo, na ɔreba ɔno ara ne mmerɛ a ɛsɛ mu.

8 Na afei metwerɛ Yesaia nsɛm no bi, na me nkurɔfoɔ no mu biara a ɔbɛhunu saa nsɛm yi no ama n’akoma so na wadi dɛ ama nnipa nyina ara. Afei nsɛm no ne yeinom, na mobɛtumi de atoto mo ho ɛne nnipa nyina ara ho.