Twerɛnsɛm
2 Nifae 13


Ti 13

Wɔbɛtwe Yuda ne Yerusalem aso wɔ wɔn asoɔden ho—Awurade srɛ ma ne nkurɔfoɔ na ɔbu ne nkurɔfoɔ atɛn—Wɔadome Sion mmammaa na wɔateetee wɔn, ɛnam wɔn wiase ahopɛ nti—Fatoto Yesaia 3 ho. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Na hwɛ, Awurade, ɛdɔm Awurade, tutu nkyidua ne poma firi Yerusalem ne Yuda mu, paanoo poma nyina ara ɛne nsuo nkyidua nyina ara.

2 Nipa kwabranee, ɛne ɔsabarima, ɔtɛmmuani, ɛne nkɔmhyɛni ne ɔhwɛyiefoɔ ne ɔteteni;

3 Aduonum so sahene, ɛne animuonyamfoɔ, ne fotufoɔ, ne adwumfoɔ mu nyansafoɔ, ne anoteɛfoɔ.

4 Na mede nkwadaa bɛma wɔn ayɛ wɔn ahenmaa, na nkokoaa adi wɔn so.

5 Na nnipa no bɛhyɛ wɔn so, yei debɛyɛ yei, obiara ne ne yɔnko aberantewaa bɛkyerɛ ne ho teteni so, na kwahweakwaa nso, animuonyamfoɔ so.

6 Sɛ obi sɔ ne nua barima a ɔwɔ n’agya fie mu sɛ: Wowɔ ataadeɛ, bɛyɛ yɛn panin, na mma ɔsɛee yi mma wo nsa ase—

7 Ɔbɛdi nse da no sɛ: Merenyɛ ɔyaresafoɔ; ɛfiri sɛ aduane anaa ataadeɛ nni me fie, mma monnyɛ me ɔman no so panin.

8 Na Yerusalem adwiri, na Yuda hwease, ɛfiri sɛ wɔn tɛkyerɛma ne wɔn nneyɛɛ ne Awurade di asie, sɛ wɔbɛte nanimuonyam anim atua.

9 Wɔn anim su di adanseɛ tia wɔn, na wɔka wɔn bɔne sɛ Sodomfoɔ, na wɔntumi mfa nsie. Wɔn akra nnue, ɛfiri sɛ wɔde bɔne atua wɔn ho ka!

10 Mo nka nkyerɛ ateneneefoɔ no sɛ, asi wɔn yie, ɛfiri sɛ wɔbɛdi wɔn nneyɛɛ so aba.

11 Atirimuɔdenfoɔ nnue, ɛfiri sɛ wɔbɛsɛe, ɛfiri sɛ wɔn nsa ano akatua na ɛbɛba wɔn so!

12 Na me man deɛ, mmɔfra na ɛhyɛ wɔn soɔ, na mmaa di wɔn so. O me man, w’akwankyerɛfoɔ no ama woafom, na wɔsɛe w’anamɔn kwan no.

13 Awurade sɔre gyinaa hɔ sɛ ɔresrɛ, na ɔbɛgyina hɔ abu ɔman no atɛn.

14 Awurade reba abɛbu ne nkurɔfoɔ atetefoɔ ne n’ahenema atɛn, ɛfiri sɛ mo na moadi bobeturo no, ahiafoɔ asɛedeɛ wɔ mo afiefie mu.

15 Aseɛ ne sɛn nti na mopɛkyɛ me man? Na moyam mmɔbrɔwafoɔ anim, Asafo Awurade Nyankopɔn na ɔseɛ.

16 Ebio Awurade se: ɛnam sɛ Sion mmammaa yɛ ahantan na wɔtoto abamkɔn nante pepa wɔn ani akyi, wɔde anamɔn ntiatia nenam, ma wɔn nan ase nkawa gyegye.

17 Ɛno nti Awurade bɛma tirimkuro agu Sion mmammaa apampam, na Awurade bɛyi wɔn adagya so.

18 Ɛda no Awurade bɛyi wɔn ahokadeɛ fɛɛfɛɛ a ɛwoso no, ne etire atena ne abɔtire adeɛ krukruwa a ɛte sɛ bosome no;

19 Kɔnmuadeɛ ne abakɔnkawa ne nkyekyerekɔn.

20 ɛkyɛ, ne nan ntam ntweaban, ne abɔtire, ne aduhwam ntoa ne asomuadeɛ;

21 Mpɛtea ne hwenemuadeɛ;

22 Ntadeɛ nsakyeraɛho ne nwusoɔ ntadeɛ, ne nkatakɔmu, ɛne tirinwii akoroteaa.

23 Nhwehwɛ, ne tampa ne mmɔtire, ɛne nkatanim.

24 Na ɛbɛba sɛ kankan bɛsi ohwam anan mu, na ataadeɛ a ateteɛ asi abɔsoɔ anan mu, na atipa bɛhyɛ tirinwii a wɔasiesie no fɛɛfɛɛfɛ anan mu, na ayitoma asi abɔyamu anan mu, na akoa asi ahoɔfɛ anan mu.

25 Wo marima bɛtotɔ afena ano, na wo akwabranee nso atotɔ wɔ ɔsa mu.

26 Na n’aboboano bɛdi abooboo na suu, na ɔbɛda mpan na watena fam.