Twerɛnsɛm
2 Nifae 25


Ti 25

Nifae di dɛ wɔ pefeeyɛ mu—Wɔbɛte Yesaia nkɔmhyɛ no ase wɔ nna a ɛdi akyire no mu–Yudafoɔ no bɛfiri Babilon asan aba, abɔ Mesaia asɛnnua mu, na wɔbɛbɔ wɔn apete na wɔatwe wɔn aso—Sɛ wɔgye Mesaia, no di a, wɔbɛsan agye wɔn—Ɔbɛdi kan aba mfinhyia ahansia akyiri Lihae firii Yerusalem—Nifaefoɔ no di Mose mmara so gye Kristo a ɔyɛ Israel Kronkroni no di. Bɛyɛ mfinhyia 559–545 ansa na wɔrebɛwo Kristo.

1 Afei me, Nifae, meka biribi fa deɛ matwerɛ no ho, deɛ Yesaia de n’ano kaeɛ no. Na hwɛ, Yesaia kaa nneɛma bebree a ɛyɛ den ma me nkurɔfoɔ no mu bebree, sɛ wɔbɛte aseɛ; ɛfiri sɛ wɔnnim ɛkwan a wɔfa so hyɛ nkɔm wɔ Yudafoɔ mu.

2 Na me, Nifae, menkyerɛe wɔn nneɛma pii a ɛfa Yudafoɔ ho; na wɔn nwuma yɛ ɛsum mu nwuma, na wɔn dwumadie yɛ akyiwasɛm.

3 Ɛno nti, metwerɛ me nkurɔfoɔ, ɛne wɔn a wɔn nsa bɛka saa nneɛma a matwerɛ no akyire yi, ama wahuhu Onyankopɔn ntɛmmuo no, ama wɔaba aman nyina ara so, sɛdeɛ ne nsɛm a wɔaka no teɛ.

4 Ɛno nti, montie, O me nkurɔfoɔ, mo a moyɛ Israel fiefoɔ, na monyɛ aso mma me nsɛm; Ɛwɔ mu sɛ Yesaia nsɛm no nnyɛ pefee mma mo deɛ, nanso ɛyɛ pefee ma wɔn a nkɔmhyɛ honhom ahyɛ wɔn ma no. Mmom mehyɛ mo nkɔm sɛdeɛ honhom a ɛwɔ me mu teɛ; ɛno nti mɛhyɛ mo nkɔm sɛdeɛ me pefee yɛ teɛ firi mmerɛ a me ne m’agya firii Yerusalem baae no; na hwɛ, me kra ani gye sɛ ɔbɛyɛ pefee de ama me nkurɔfoɔ, sɛ wɔbɛsua.

5 Aane, na me kra ani gye wɔ Yesaia nsɛm ho, ɛfiri sɛ me firii Yerusalem na ɛbaeɛ, na m’ani ahunu Yudafoɔ nneɛma, na menim sɛ Yudafoɔ te nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm ase, na nnipa biara nni hɔ a wɔte nsɛm a wɔka kyerɛɛ Yudafoɔ no ase sɛdeɛ wɔte aseɛ no, gye sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔhunu no te sɛ Yudafoɔ nneɛma ho.

6 Na hwɛ, me Nifae, me nkyerɛkyerɛɛ me mma sɛdeɛ Yudafoɔ akwan teɛ; mmom hwɛ, me, ara ankasa, matena Yerusalem pɛn, ɛno nti menim wɔn mantam nyina ara mu; na m’aka deɛ ɛfa Oyankopɔn ntɛmmuo a asi Yudafoɔ so pɛn no akyerɛ me mma, sɛdeɛ Yesaia aka ho asɛm nyina ara, na mentwerɛ ne nyina ara.

7 Na hwɛ, merebɛhyɛ me ara me nkɔmhyɛ ase, sɛdeɛ me nsɛm pefee yɛ teɛ a menim sɛ ɔdasani biara remfom wɔ mu; yeinom nyina ara akyire yi no, nna a Yasaia nkɔmhyɛ bɛba mu no, nnipa bɛhunu no pefee wɔ mmerɛ a yei nyina ara bɛba mu no.

8 Ɛno nti ɛsombo, ma nnipa mma, na wɔn a wɔsusu sɛ ɛnsombo no, wɔn nom titriw na merebɛkasa akyerɛ, na mede nsɛm no bɛma me nkurɔfoɔ nko ara; ɛfiri sɛ menim sɛ ɛbɛsombo ama wɔn nna a ɛdi akyire mu; sɛ saa da no mu na wɔbɛte aseɛ; ɛno nti, wɔn yiedie na matwerɛ yeinom.

9 Na sɛdeɛ wɔasɛe awoɔntoatoasoɔ baako wɔ Yudafoɔ mu no ɛnam amumuyɛ nti, saa ara nso na wasɛe wɔn firi awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so, sɛdeɛ wɔn amumuyɛ teɛ; na wɔn mu biara nni hɔ a wɔsɛe wɔn, gye sɛdeɛ Awurade nkɔmhyɛfoɔ hyɛɛ ho nkɔm no.

10 Ɛno nti, ɔkaa ɔsɛeɛ a ɛbɛba wɔn so no ho nsɛm kyerɛɛ wɔn, ansa na m’agya rebɛfiri Yerusalem; nanso wɔkɔɔ so yɛɛ wɔn akoma den; na sɛdeɛ me nkɔmhyɛ teɛ no, wɔasɛe wɔn, gye sɛ wɔn a wɔasoa wɔn akɔ nnɔmum mu wɔ Babilon no nko ara.

11 Na afei sei na mesee ɛnam honhom a ɛwɔ me mu no nti. Na ɛmfa ho sɛ wɔde wɔn akɔ, wɔbɛsan wɔn akyiri aba bio, na wɔabɛfa Yerusalem asaase no; ɛno nti, wɔde wɔn bɛsan aba wɔn agyapadeɛ asaase no so bio.

12 Na, hwɛ, wɔbɛnya ako, na wɔbɛte akokoakoko nka, na sɛ ɛda no duru sɛ Agya no Ba a ɔwoo no korɔ no, aane ɔsoro ne asaase Agya no bɛda ne ho adi akyerɛ wɔn wɔ honam mu, hwɛ, wɔbɛpo no, nam wɔn amumuyɛ nti, ne wɔn akoma den, ne wɔn kɔn a asene nti.

13 Hwɛ, wɔbɛbɔ no asɛnnua mu, na akyire yi no a wɔde no ato nna mu nansa no, ɔbɛsɔre afiri awufoɔ mu a, ayaresa wɔ ne ntaban mu; na wɔn a wɔbɛgye ne din adi no, wɔbɛgye wɔn nkwa wɔ Onyankopɔn aheman mu. Eno nti, me kra ani gye sɛ mehyɛ ne ho nkɔm, na mahunu ne da no, na makoma yi ne din kronkron no ayɛ.

14 Na hwɛ ɛbɛba sɛ Mesaia no asɔre afiri awufoɔ mu akyire yi no, na wada ne ho adi akyerɛ ne nkurɔfoɔ no, ɛne dodoɔ biara a wɔbɛgye ne din adi no, hwɛ, wɔbɛsɛe Yerusalem bio; sɛ nnomee nka wɔn a wɔko tia Onyankopɔn ne n’asɔre mma no.

15 Ɛno nti, wɔbɛbobɔ Yudafoɔ apete aman nyina ara mu; aane, na Babilɔn nso wɔbɛsɛe no; ɛno nti, aman foforɔ bɛbɔ Yudafoɔ apete.

16 Na wabɔ wɔn apete awieɛ no, na Awurade Nyankopɔn ama aman ahodoɔ atwe wɔn awoɔntoatoasoɔ aso wɔ mmerɛ bebree mu no, aane, mpo ɛfiri awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so, kɔsi sɛ wɔbɛsakyera wɔn ama wɔagye Kristo Onyankopɔn ba no adi, ɛne mpata no a ɛnsa da a ɛwɔ hɔ ma adasamma nyina ara no—na sɛ ɛda no duru na sɛ wɔbɛgye Kristo di, na wɔsom Agya no wɔ ne din mu, wɔ akoma a efii biara nni ho ne nsa a ɛho teɛ, na wɔanhwehwɛ sɛ wɔbɛnya Mesaia foforɔ bi akyiri kwan a, saa mmerɛ no ɛda no bɛba a ɛbɛhia sɛ wɔgye saa nsɛm yi di.

17 Na Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de atwe ne nkurɔfoɔ afiri wɔn yera ne wɔn ahweaseɛ mu. Ɛno nti, ɔbɛkɔ so adi dwuma a ɛyɛ hu na ɛyɛ nnwanwa wɔ nnipa mma mu.

18 Ɛno nti, ɔde ne nsɛm no bɛbrɛ wɔn, saa nsɛm a ɛbɛbu wɔn atɛn wɔ ɛda a ɛdi akyire no mu, na wɔde bɛma wɔn ama wɔde adane wɔn adwene akɔ Mesaia nokwarefoɔ no so, ɔno a wɔpoo no no, na ama wɔate aseɛ sɛ ɛnnhia sɛ wɔde wɔn ani bɛto Mesaia foforɔ biara so a ɔreba bio, gye sɛ Mesaia torofoɔ no a ɔbɛdaadaa nkurɔfoɔ no; na obiara nni hɔ gye sɛ Mesaia koro pɛ no a nkɔmhyɛfoɔ no kaa ne ho asɛm no, na saa Mesaia no ne deɛ Yudafoɔ bɛpo no no.

19 Na nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm kyerɛ sɛ, Mesaia no bɛba mmerɛ a m’agya firii Yerusalem no mfinhyia ahansia akyiri, na wɔbɛfrɛ ne din Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no, sɛdeɛ nkɔmhyɛfoɔ no nsɛm ne Onyankopɔn bɔfoɔ no asɛm kyerɛ no.

20 Na afei, me nuanom, maka no pen akyerɛ mo a morentumi mfom. Na sɛdeɛ Awurade Nyankopɔn a oyii Israelfoɔ firii Misraim asaase so te ase yi, na ɔmaa Mose tumi sɛ ɔmfa nsa aman no yadeɛ mmerɛ a mmoatea a ɛborɔ wɔ wɔn ano mu no kekaa wɔn no, na ɔsee wɔn sɛ, sɛ wɔma wɔn ani so hwɛ aboateaa no a wama so asɛn soro de asi wɔn anim no, na ɔmaa no tumi nso sɛ ɔmfa ne poma mmɔ ɔbotan na nsuo bɛfiri mu aba no; aane hwɛ mese mo sɛ, sɛdeɛ saa nneɛma yi nyina ara yɛ nokware no, na sɛ Awurade Onyankopɔn te ase yi, edin biara nni ɔsoro gye sɛ saa Yesu Kristo yi, ɔno a maka ne ho nsɛm akyerɛ mo no, na wɔnam ne so bɛgye nnipa nkwa.

21 Ɛno nti, ɛnam yei so na Awurade Nyankopɔn ahyɛ me bɔ sɛ saa nneɛma a meretwerɛ yi wɔde bɛsie na wakora no, na wɔde ama m’asefoɔ, fiti awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so, ama bɔhyɛ no ahyɛ ma de ama Yosef, sɛ n’ase rennsɛe ara da wɔ mmerɛ tentene a asaase bɛda so awɔ hɔ yi.

22 Ɛno nti, saa nneɛma yi bɛkɔ firi awoɔntoatoasoɔ so dekɔsi awoɔntoatoasoɔ so mmerɛ tentene a asaase bɛkɔ so awɔ hɔ yi, na ɛbɛkɔ so wɔ Onyankopɔn pɛ ne n’anigyeɛ so, na aman a wɔn nsa bɛka saa nneɛma yi no, wɔde bɛbu wɔn atɛn wɔ nsɛm a watwerɛ yi.

23 Na yɛbɔ mmɔden twerɛ, de adanedane yɛn mma, ne yɛn nuanom nso, ma wɔagye Kristo adi, na wɔaka wɔn ne Onyankopɔn abɔ mu; na yɛnim sɛdeɛ yɛbɛ tumi ayɛ nyina ara akyire no wɔnam adom so na wɔbɛgye yɛn nkwa, sɛ yɛyɛ deɛ yɛbɛtumi ayɛ no a.

24 Na gye a yɛgye Kristo di nyina ara akyiri no, yɛdi Mose mmara so, na yɛde yɛn ani ato Kristo so dendennden akɔsi sɛ mmara no bɛhyɛ ma.

25 Na ɛnam yei ho nti na wɔde mmara no maae; ɛno nti mmara no awu ama yɛn, na ɛnam yɛn gyedie nti wɔayɛ yɛn ateasefoɔ wɔ Kristo mu; yei nyina ara akyire yi no, yɛdi mmara no so ɛnam mmaransɛm no nti.

26 Na yɛka Kristo ho asɛm, yɛdi dɛ wɔ Kristo mu, yɛbɔ Kristo nsɛmpa no ho dawuro, yɛhyɛ Kristo ho nkɔm, na yɛtwerɛ sɛdeɛ yɛn nkɔmhyɛ teɛ no, ama yɛn mma ahunu baabi korɔ a ɛsɛ sɛ wɔkɔhwehwɛ bɔnefakyɛ.

27 Ɛno nti, yɛka deɛ ɛfa mmara no ho ama yɛn mma ahunu sɛdeɛ mmara no wuo teɛ, na sɛ wɔhunu sɛdeɛ mmera no wuo no teɛ no a, wɔbɛhwɛ nkwa a ɛwɔ Kristo mu no anim kwan, na wɔahunu deɛ ɛnam so maa wɔde mmara no maae, Na akyire yi a mmara no ahyɛ ma wɔ Kristo mu no, ɛna wɔbɛhunu sɛ ɛnhia sɛ wɔbɛyɛ wɔn akoma den atia no, mmerɛ a ɛwɔ sɛ ɔde mmara no kɔ awieɛ.

28 Na afei hwɛ, me nkurɔfoɔ, mo yɛ ɛkɔnseneɛfoɔ; ɛno nti na makasa akyerɛ mo pefee sɛ mo bɛte aseɛ. Na nsɛm a maka no bɛgyina hɔ ayɛ adanseɛ de atia mo; na ɛdɔɔso sɛ ɛbɛkyerɛ nnipa biara kwan pa no; na ɛkwan pa no ne sɛ mo bɛgye Kristo adi na mo rempo no; na sɛ mo po no a, na mo apo nkɔmhyɛfoɔ no ne mmara no nso.

29 Na afei hwɛ, mese mo sɛ ɛkwan pa no ne sɛ mo bɛgye Kristo adi, na morempo no; na Kristo ne Israel Kronkroni no; ɛno nti ɛwɔ sɛ mobɔ mo mu ase wɔ n’anim, na mode mo tumi nyina ara, mo adwen, mo ahoɔden, ne mo kra nyina ara som no; na sɛ mo yɛ yei a ɛkwan biara nni hɔ sɛ Onyankopɔn bɛtwa mo atwene.

30 Na, mmerɛ dodoɔ a ɛho bɛhia no, monkɔ so nyɛ Onyankopɔn ayɛdeɛ nkɔsi sɛ mmara no a ɔde maa Mose no bɛhyɛ ma.