Twerɛnsɛm
3 Nifae 6


Ti 6

Nifaefoɔ no yɛ frɔmfrɔm—Ahomasoɔ, ahonyadeɛ, na nyiyimu sɔre wɔ wɔn mu—Akyinnyeɛ de mpaepaemuu ba Asɔre no mu—Satan di nkurɔfoɔ no anim ma wɔte atua—Nkɔmhyɛfoɔ bebree bɔ nsakyeraɛ ho dawuro—Wɔn a wɔdii wɔn awu no bɔ pɔ sɛ wɔbɛtu aban no agu. Bɛyɛ mfinhyia 26–30 wɔ Kristo awoɔ akyiri.

1 Na afei ɛbaa sɛ Nifae nkurɔfoɔ no nyina ara san baa wɔn ankasa wɔn nsaase so wɔ afe a ɛtɔ so aduonu nsia no mu, ɔbarima biara ne n’abusua, n’adwan, ne n’anantwie, ne apɔnkɔ ne n’ayɛnmoa, ne biribiara a ɛyɛ wɔn deɛ.

2 Na ɛbaa sɛ na wɔnnii wɔn nnuane nyina ara nwieeɛ, ɛno nti wɔfaa deɛ wɔanni no nyina ara, wɔn aburo abusua no ahodoɔ biara; ne wɔn sika kɔkɔɔ ne wɔn dwetɛ, ne wɔn nneɛma a ɛsombo nyina ara, na wɔsan kɔɔ wɔn ankasa wɔn nsaase so ne deɛ ɛyɛ wɔn ankasa deɛ, wɔ atifii ne anaafoɔ nyina ara, wɔ asaase a ɛwɔ atifii afa mu ne asaase a ɛwɔ anaafoɔ afa mu nyina ara.

3 Na wɔmaa saa adwotwafoɔ no a wɔne wɔn afa apam no sɛ wɔbɛma asomdwoeɛ aba asaase no so no, ne wɔn nso a wɔpɛ sɛ wɔda so yɛ Lamanfoɔ no nsaase, sɛdeɛ wɔn dodoɔ teɛ ne deɛ wɔbɛyɛ so adwuma de adidi; na saa na wɔyɛ maa asomdwoeɛ baa asaase no so.

4 Na wɔhyɛɛ aseɛ bio sɛ wɔreyɛ frɔmfrɔm na wɔyɛɛ atitire; na mfie aduonu nsia ne nson twaa mu kɔɔe, na biribiara yɛɛ pɛpɛɛpɛ wɔ asaase no so; na wɔhyehyɛɛ wɔn mmara sɛdeɛ pɛpɛɛpɛyɛ ne atɛntenenee teɛ.

5 Na afei na biribiara nni asaase no so a ɛsi nkurɔfoɔ no frɔmfrɔmyɛ ho kwan mmerɛ nyina ara, gye sɛ wɔhwe ase wɔ mmaratoɔ mu.

6 Na afei Gidgidonae, ne Lakɔneus, ɔtɛmmuafoɔ ne wɔn a wɔayi wɔn sɛ wɔnyɛ mpaninfoɔ no na ɛmaa asomdwoeɛ kɛseɛ yi baa asaase no soɔ.

7 Na ɛbaa sɛ wɔkyekyeree nkuropɔn no bebree afoforɔ, na nkuropɔn adada no bebree nso wɔ hɔ a wɔsiesiee.

8 Na wɔyiyii akwantempɔn bebree ne akwan bebree, a wɔde firi kuropɔn koro so de kɔ koro so, na wɔde firii asaase koro so kɔ asaase koro so, na wɔde firii bea koro de kɔ bea koro.

9 Na sei na afe a ɛtɔ so aduonu nwɔtwe no twaa mu kɔɔɛ, na nkurɔfoɔ no nyaa asomdwoeɛ mmerɛ nyina ara.

10 Na mmom ɛbaa sɛ mfie aduonu nkron no mu no mansoo hyɛɛ aseɛ baa nkurɔfoɔ no mu; na wɔn mu bi maa wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu ne ntuho mu ɛnam wɔn ahonyadeɛ a wɔanya ama no aboro so no nti, aane, maa wɔtaataa ebinom nso yie.

11 Ɛfiri sɛ na adwadifoɔ bebree wɔ asaase no so, ne mmaranimfoɔ bebree, ne ɔman adwumayɛfoɔ bebree.

12 Na nkurɔfoɔ no hyɛɛ aseɛ sɛ wɔrekyekyɛ wɔn mu sɛdeɛ obiara dibea teɛ, sɛdeɛ wɔn ahonyadeɛ teɛ, wɔn nwomanim kwan so; aane, na ebinom nnim hwee ɛnam wɔn hia nti, na ebinom nso nyaa kwan sua adeɛ yie, ɛnam wɔn ahonyadeɛ nti.

13 Ebinom memaa wɔn ho so wɔ ahomasoɔ mu, na ebinom nso brɛɛ wɔn ho ase yie; ebinom kasatiaa wɔn a wɔkasatiaa wɔn yaayaaya no, na ebinom tee asɛm yeayea ne nsɛm a ɛyɛ ataataa, ne amanehunu ahodoɔ nyina ara, nso wɔn amfa bɔne antua bɔne ka, na mmom wɔbrɛɛ wɔn ho ase na wɔsakyera wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim.

14 Na sei anma wɔn nyina ara anyɛ pɛ wɔ asaase no so, ara maa asɔre no mu hyɛɛ aseɛ tetee; aane, ara maa asɔre no mu tetee wɔ afe a ɛtɔ so aduasa no mu wɔ asaase no so nyina ara maa ɛkaa Lamanfoɔ no kakra ara bi a wɔadane wɔn aba nokware gyedie no ho; na wɔrentwe wɔn mfiri ho, ɛfiri sɛ na wɔatintim, wɔgyina pintinn a wɔnhinhim, sɛ wɔbɛbɔ mmɔden biara adi Awurade mmaransɛm no so.

15 Afei deɛ ɛmaa nkurɔfoɔ no yɛɛ saa amumuyɛ yi no nie—Satan nyaa tumi kɛseɛ, a ɔde kanyan nkurɔfoɔ no ma wɔyɛ amumuyɛ ahodoɔ nyina ara, na ɛma wɔyɛ ahantan wɔ ahomasoɔ mu, sɔhwɛ wɔn ma wɔhwehwɛ tumi ne akwanya, ne ahonyadeɛ, ne wiase nneɛma hunu.

16 Na sei na Satan twee nkurɔfoɔ no akoma maa wɔyɛɛ amumuyɛsɛm ahodoɔ nyina ara bi; ɛno nti wɔn asomdwoeɛ wɔn mfie kakra ara bi.

17 Na sei na afe a ɛtɔ so aduasa no mfitiaseɛ no—Wɔ gyae nkurɔfoɔ no mu mmerɛ tentene mu maa ɔbonsam de ne nsɔhwɛ de wɔn kɔɔ baabi a ɔpɛ biara, maa wɔyɛɛ amumuyɛsɛm biara a ɔpɛ sɛ wɔyɛ—na sei na saa mfie aduasa no mfitiaseɛ yi mu no na wɔwɔ atirimuɔden a ɛyɛ hu tebea mu no.

18 Afei wɔnanyɛ bɔne biara a na wɔnnim sɛ ɛyɛ bɔne, ɛfiri sɛ na wɔnim Onyankopɔn pɛ, deɛ ɛfa wɔn ho no, ɛfiri sɛ na wɔakyerɛ wɔn; ɛno nti wɔn ani da hɔ na wɔtee Nyankopɔn so atua.

19 Na afei Lakɔneus babarima Lakɔneus na ɔtenaa n’agya akonwa no so hwɛɛ nkurɔfoɔ no so saa afe no mu.

20 Na marima bi a na wɔanya nkanyan firi soro na wɔasoma wɔn no bɛgyinaa nkurɔfoɔ no mu wɔ asaase no so nyina ara so reka nsɛmpa no na wɔredi adanseɛ akokoɔduro mu wɔ nkurɔfoɔ no bɔne ne wɔn amumuyɛ ho, na wɔdii adanseɛ wɔ edi a Awurade rebɛdi ama ne nkurɔfoɔ no ho, anaa sɛ yɛbɛka no sɛ, Kristo wusɔreɛ no; na wɔdii adanseɛ akokoɔduro so wɔ ne wuo ne n’amanehunu ho.

21 Na afei na nkurɔfoɔ no mu bebree wɔ hɔ a wɔn bo fuu yie, ɛnam wɔn a wɔdii adanseɛ wɔ saa nneɛma yi ho no nti; na wɔn a wɔn bo fuu kɛseɛ no ne atɛmmuafoɔ mpanimfoɔ no, ne wɔn a wɔayɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ ne mmaranimfoɔ pɛn no; aane, wɔn a na wɔyɛ mmaranimfoɔ no nyina ara bo fuu wɔn a wɔdii saa nneɛma yi ho adanseɛ no.

22 Afei na mmeranimfoɔ anaa ɔtɛmmuafoɔ anaa sɛ ɔsɔfo panin biara nni tumi sɛ ɔbua obi kumfoɔ, gye sɛ asaase no so amrado de ne nsa hyɛ wɔn afɔdie no ase ansa.

23 Afei wɔn a wɔdii adanseɛ wɔ Kristo ho akokoɔduro mu no mu bebree wɔ hɔ a atɛmmuafoɔ no nam esum ase faa wɔn kɔkumm wɔn a na asaase no so amrado no nnim wɔn wuo no ho hwee kɔsi wɔn wuo no akyire ansa.

24 Afei mo nhwɛ, yei ne asaase no so mmara no bɔ abira sɛ, asaana wɔbɛkum obi no, ɛwɔ sɛ wɔnya tumi firi asaase no so amrado hɔ—

25 Ɛno nti wɔkɔka kyerɛɛ amrado no a ɔwɔ Sarahɛmla asaase so no sɛ atɛmmuafoɔ no abua Awurade nkɔmhyɛfoɔ no kumfoɔ a etia mmara.

26 Afei ɛbaa sɛ wɔfaa wɔn de wɔn baa atɛmmuafoɔ no anim sɛ ɔmu wɔn atɛn wɔ deɛ wɔayɛ no ho, sɛdeɛ mmara a nkurɔfoɔ no ahyehyɛ ato hɔ no teɛ.

27 Afei ɛbaa sɛ na saa atɛmmuafoɔ no wɔ ayɔnkofoɔ ne abusuafoɔ bebree; na wɔn a wɔaka no, aane, mmaranimfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no dodoɔ no ara nso mpo boaa wɔn ano na wɔkɔkaa saa atɛmmuafoɔ no a wɔrebɛdi wɔn asɛm wɔ mmara kwan so no mmusuafoɔ ho.

28 Na wɔne wɔn ho wɔn ho faa apam, aane, apam a ɔde maae wɔ tete mmerɛ mu no, ɛyɛ apam a ɔbonsam de maae na ɔde dii dwuma no, sɛ wɔrebɛka abɔ mu ako atia teneneeɛ no.

29 Ɛno nti wɔkabɔɔ mu sɔre tiaa Awurade nkurɔfoɔ no, na wɔfaa apam sɛ wɔbɛsɛe wɔn, na wɔagye wɔn a na wɔadi fɔ wɔ awudie ho no afiri atɛntenenee nsa mu, deɛ wɔde rebɛbu wɔn sɛdeɛ mmara no teɛ no.

30 Na wɔyɛɛ asoɔden maa mmara no ne kwan a ɔman no wɔ; na wɔne wɔn ho fefaa apam sɛ ɔbɛsɛe amrado no, na wɔasi ɔhene wɔ asaase no so, ama asaase no anya ne ahogyeɛ bio, na mmom wabɛhyɛ ahemfo ase.